Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra?

Wopɛ sɛ wohu Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ no ho nsɛm pii anaa?

Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɛwɔ soro. Nea enti a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ ɛmmra ne sɛ, ɛno na ɛbɛma adetrenee ne asomdwoe asan aba asase so. Aban biara nni wiase a ɛbɛtumi ayi awudisɛm, ntɛnkyea, anaa yare afi hɔ koraa. Onyankopɔn Ahenni nko ara na ɛbɛtumi ayɛ saa, na ɛbɛyɛ nso. Onyankopɔn ayi ne Ba Yesu sɛ ɔnni Ahenni no so hene. Afei nso Yehowa ayi Yesu akyidifo bi aka Yesu ho sɛ wɔne no nni ade.Kenkan Luka 11:2; 22:28-30.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛyi wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi nyinaa afi hɔ. Enti sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na yɛresrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa n’aban mmɛsi nnipa de anan.Kenkan Daniel 7:13, 14; Adiyisɛm 11:15, 18.

Dɛn na ɛma yɛhu sɛ nnipa bɛnya Onyankopɔn Ahenni so mfaso?

Yesu fata sɛ ɔyɛ Ahenni no so hene, efisɛ nnipa asɛm yɛ no mmɔbɔ. Afei nso ɔyɛ Onyankopɔn Ba, enti ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wɔn a wɔsu frɛ Onyankopɔn nyinaa.Kenkan Dwom 72:8, 12-14.

Nnipa a wɔyi wɔn yam bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra, na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, sɛ Ahenni no ba a, wɔn nyinaa bɛnya nhyira. Nea Bible ka fa Onyankopɔn Ahenni ho no, sɛ wosua ho ade a, wo nsa rensi fam da.Kenkan Luka 18:16, 17; Yohane 4:23.