Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Kronkron

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Kronkron

“Monyɛ kronkron.”LEVITICUS 11:45.

1. Ɔkwan bɛn so na Leviticus nhoma no bɛboa yɛn?

YEHOWA pɛ sɛ n’asomfo nyinaa yɛ kronkron. Asɛmfua kronkron pue mpɛn pii wɔ Leviticus nhoma no mu sen nhoma foforo biara wɔ Bible mu. Sɛ yɛgye bere susu Leviticus nhoma no mu nsɛm ho na yɛte ase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ kronkron.

2. Nneɛma bɛn saa na ɛwɔ Leviticus nhoma no mu?

2 Mose na ɔkyerɛw Leviticus nhoma no. Nhoma yi ka “Kyerɛwnsɛm no nyinaa” ho, na “eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” (2 Timoteo 3:16) Sɛ wohwɛ Leviticus nhoma no a, Yehowa din no pue bɛyɛ mpɛn du wɔ eti biara mu. Sɛ yɛte Leviticus nhoma no ase a, ɛbɛhyɛ yɛn den na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛgu Onyankopɔn din ho fĩ. (Leviticus 22:32) Asɛm “Me Yehowa” anaa “Mene Yehowa” no pue mpɛn pii wɔ nhoma no mu. Eyi kae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn. Adesua yi ne nea ɛdi hɔ no bɛma yɛanya nsɛntitiriw pii wɔ Leviticus nhoma no mu, na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ kronkron wɔ yɛn som mu.

YEHOWA HWEHWƐ SƐ YƐYƐ KRONKRON

3, 4. Aaron ne ne mma a Mose hohoroo wɔn ho no gyina hɔ ma dɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Monkenkan Leviticus 8:5, 6. Yehowa paw Aaron sɛ  ɔnyɛ ɔsɔfo panyin wɔ Israel na ne mma nso nyɛ asɔfo mma ɔman no. Aaron gyina hɔ ma Yesu, na Aaron mma no nso gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no. Nsu a wɔde hohoro Aaron ho no nso ɛ? Ɛkyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔtew Yesu ho anaa? Dabi. Na bɔne anaa “dɛm” biara nni Yesu ho. (Hebrifo 7:26; 9:14) Nanso bere a wɔhohoroo Aaron ho wiei no, na wɔbɛtumi de no agyina hɔ ama Yesu, efisɛ Yesu ho tew na ɔteɛ. Mose hohoroo Aaron mma no nso ho. Ɛno nso gyina hɔ ma dɛn?

4 Ɛgyina hɔ ma wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔyɛ asɔfo wɔ soro no a wɔtew wɔn ho. Ɛyɛ wɔn asubɔ na ɛtew wɔn ho anaa? Dabi, efisɛ asubɔ nhohoro bɔne. Mmom asubɔ yɛ biribi a obi yɛ de kyerɛ sɛ wahyira ne ho so ama Onyankopɔn. Ɛnde, dɛn na wɔde tew wɔn a wɔasra wɔn no ho? Kristo ‘nam asɛm no so’ na ɔtew wɔn ho, enti ɛsɛ sɛ wɔde Kristo nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra yiye. (Efesofo 5:25-27) Eyi nti wɔyɛ kronkron na wɔn ho tew. “Nguan foforo” no nso ɛ?Yohane 10:16.

Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nyinaa ho tew na wɔyɛ baako

5. Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn Asɛm no tew nguan foforo no ho?

5 Aaron mma no nnyina hɔ mma nnipakuw kɛse no anaa nguan foforo no. (Adiyisɛm 7:9) Nanso wɔnam Onyankopɔn Asɛm no so tew nguan foforo no nso ho ma wɔyɛ kronkron. Sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no hu nea Bible ka fa Yesu afɔrebɔ no ho a, wɔgye di, na ɛka wɔn ma wɔsom Yehowa “awia ne anadwo.” (Adiyisɛm 7:13-15) Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no ahotew kɔ so daa. Enti wɔn abrabɔ ho tew bere nyinaa. (1 Petro 2:12) Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nyinaa ho tew na wɔyɛ baako, na wɔtie no, na wɔdi wɔn Guanhwɛfo Yesu akyi.

6. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn mu daa?

 6 Yɛahu sɛ na ɛsɛ sɛ Israel asɔfo no ho tew. Dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn nnɛ? Nnipa a yɛne wɔn sua Bible no pii ahu sɛ yɛdi yɛn ho ni na yɛsiesie yɛn ho kama, na baabi a yɛhyiam som nso, yɛdi hɔ ni. Nanso ade foforo bi ho hia: Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa no ma ne ‘komam nso tew.’ (Monkenkan Dwom 24:3, 4; Yesaia 2:2, 3) Enti sɛ yɛbɛtumi asom Yehowa ma asɔ n’ani a, ɛsɛ sɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu tew na yɛdi yɛn ho ni. Ɛhia sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn ho mu daa, na sɛ yɛhu sɛ nsakrae bi ho hia a, momma yɛnyɛ no ntɛm na yɛayɛ kronn. (2 Korintofo 13:5) Yɛmfa no sɛ obi a wabɔ asu hyɛ da hwɛ ponografi. Ɛsɛ sɛ ɔbisa ne ho sɛ, ‘Enti mɛtumi aka paa sɛ me ho tew anaa meyɛ kronn?’ Ɛhia sɛ ɔhwehwɛ mmoa na ɔgyae saa afide no.Yakobo 5:14.

YƐ OSETIE NA YƐ KRONN

7. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe a ɛne Leviticus 8:22-24 no hyia?

7 Bere a Mose hyɛɛ Aaron ne ne mma asɔfo wɔ Israel no, ɔde odwennini mogya yɛɛ Ɔsɔfo Panyin Aaron ne ne mma asõ nifa ne wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho. (Monkenkan Leviticus 8:22-24.) Mogya a Mose de yɛɛ asɔfo yi ho no kyerɛ sɛ na wɔbɛyɛ osetie na wɔayɛ asɔfodwuma no sɛnea Yehowa hwehwɛ. Ɔsɔfo Panyin Yesu nso yɛɛ osetie, na eyi yɛ nhwɛso fɛfɛ ma wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no. Ɔyɛɛ aso tiee Onyankopɔn akwankyerɛ. Bio, Yesu yɛɛ Yehowa apɛde, na ɔhwɛe sɛ biribiara a ɔbɛyɛ biara yɛ kronn.Yohane 4:31-34.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ?

8 Yesu dii Onyankopɔn nokware kɔsii ase, na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa suasua no. Momma yɛnyɛ aso ntie Onyankopɔn akwankyerɛ biara a ɛwɔ Bible mu no. Yɛyɛ saa a ‘yɛrenhow Onyankopɔn honhom kronkron werɛ.’ (Efesofo 4:30) Si wo bo sɛ ‘wobɛma w’anammɔn kwan ayɛ tẽẽ.’Hebrifo 12:13.

Momma yɛnyɛ aso ntie Onyankopɔn akwankyerɛ biara a ɛwɔ Bible mu no. Yɛyɛ saa a ‘yɛrenhow Onyankopɔn honhom kronkron werɛ’

9. Dɛn na anuanom mmiɛnsa bi a wɔne Akwankyerɛ Kuw no mufo ayɛ adwuma wɔ ka? Ɔkwan bɛn so na wɔn nsɛm no bɛtumi aboa wo ma woayɛ kronn?

9 Anuanom mmiɛnsa bi ne Akwankyerɛ Kuw no mufo ayɛ adwuma mfe pii. Momma yɛntie wɔn anom asɛm. Wɔn mu baako kae sɛ: “Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ me ne akwankyerɛ kuw no mufo reyɛ adwuma. Ɛwom sɛ wɔde honhom kronkron asra wɔn deɛ nanso wo ne wɔn bɔ a, wohu sɛ wɔn nso tɔ sin. Nanso ade baako a ɛsi m’ani so ne sɛ mɛyɛ osetie ama anuanom a wɔdi ahyehyɛde no anim no.” Onua a ɔto so mmienu no kae sɛ: “Daa mema asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 10:5 no tena m’adwenem. Ɛhɔ ka sɛ yɛnyɛ ‘osetie mma Kristo.’ Eyi aboa me ma mahu sɛ ɛsɛ  sɛ metie wɔn a wɔdi nneɛma anim no na mebrɛ me ho ase ma wɔn. Eyi yɛ osetie a ɛfi me komam.” Onua a ɔto so mmiɛnsa no nso kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ medɔ nea Yehowa dɔ na mekyi nea ɔkyi, na mehwehwɛ n’akwankyerɛ daa na meyɛ nea ɛsɔ n’ani. Sɛ mɛtumi ayɛ eyi nyinaa a, ɛsɛ sɛ meyɛ osetie ma n’ahyehyɛde no na mebrɛ me ho ase ma wɔn a ɔde wɔn redi dwuma ama n’atirimpɔw abam wɔ asase so no.” Onua yi kae Nathan Knorr nhwɛso. Afe 1925 mu no, Ɔwɛn-Aban bi de asɛm bi too gua a wɔato din “Ɔman no Awo.” Ebinom annye nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu no antom. Nanso Onua Knorr a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no gye toom. Onua no kae sɛ osetie a ɛte saa kaa no paa. Sɛ wogye bere susu nsɛm a anuanom mmiɛnsa yi aka ho a, ɛbɛboa wo ma woayɛ osetie ama Onyankopɔn na woakɔ so ayɛ kronn.

YƐNTIE ONYANKOPƆN MMARA A ƐFA MOGYA HO NO

10. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛtie Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no?

10 Monkenkan Leviticus 17:10. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi “mogya biara.” Bible ka kyerɛ Kristofo nso sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nnipa ne mmoa mogya ho. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛma Onyankopɔn apo yɛn na wayi yɛn afi n’asafo mu. Yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛtie no. Ɛtɔ da a wɔn a wɔnsom Yehowa pɛ sɛ yɛbu Yehowa mmara so, nanso owu mu oo, nkwa mu oo, yɛrentie wɔn. Yɛnim sɛ, sɛ yɛannye mogya a, nkurɔfo bɛdi yɛn ho fɛw, nanso yɛpɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom. (Yuda 17, 18) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasi yɛn adwene pi na yɛanni mogya anaa yɛannye amfa yɛn ntini mu?Deuteronomium 12:23.

Yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛtie no

11. Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ na Mpata Da no nyɛ amanne bi kɛkɛ?

11 Tete Israel no, afe biara ɛdu Mpata Da no a, na ɔsɔfo panyin no de mogya yɛ biribi titiriw bi. Eyi boa yɛn ma yɛhu sɛnea Onyankopɔn bu mogya. Na wɔde mogya pata ma Israelfo bɔne na ama Yehowa de wɔn bɔne akyɛ wɔn. Eyi ma asomdwoe ba wɔne Onyankopɔn ntam. Ná wɔde nantwinini ne abirekyi mogya petepete apam adaka no mmuaso anim. (Leviticus 16:14, 15, 19) Na Onyankopɔn nam saa mogya no so de Israelfo bɔne bɛkyɛ wɔn. Yehowa san kae sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔkum aboa bi we a, ɛsɛ sɛ ɔhwie ne mogya no gu de dɔte kata so efisɛ “ɔhonam biara kra ne ne mogya.” (Leviticus 17:11-14) Ná eyi nyɛ amanne biara kɛkɛ. Nokwasɛm ni, Noa bere so tɔnn na Onyankopɔn baraa Noa ne n’asefo sɛ mma wɔnni mogya. (Genesis 9:3-6) Dɛn na eyi kyerɛ ma Kristofo?

12. Dɛn na Paulo ka faa mogya ne bɔne fafiri ho?

12 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ mogya tumi tew nnipa ho. Ɔkae sɛ: “Sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya tew nneɛma  nyinaa ho, na sɛ mogya angu a, fafiri ntumi mma.” (Hebrifo 9:22) Ɛwom, na mmoa afɔrebɔ no di dwuma bi, nanso na ɛbɛtwam daakye. Paulo kyerɛe sɛ afɔrebɔ a ɛte saa no kaee Israelfo sɛ wɔyɛ abɔnefo na wɔhia afɔrebɔ a ɛsõ sen mmoa deɛ na ayi wɔn bɔne afi hɔ korakora. Na Mmara no yɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsuma na ɛnyɛ nneɛma no adeban ankasa.” (Hebrifo 10:1-4) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa atumi anya bɔne fafiri?

13. Yesu afɔrebɔ akyi no, ɔkɔyii ne ho adi Yehowa anim. Dɛn na eyi kyerɛ ma wo?

13 Monkenkan Efesofo 1:7. Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa nnipa nyinaa, na wɔn a wɔdɔ Yesu ne n’Agya deɛ, ɛkyerɛ nneɛma pii. (Galatifo 2:20) Nanso nea Yesu yɛe wɔ ne wusɔre akyi na ɛgye yɛn fi bɔne mu. Eyi na na Mpata Da no gyina hɔ ma. Ɛdu saa da no a, ɔsɔfo panyin no de mmoa a wɔde abɔ afɔre no mogya kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ kɔma Onyankopɔn. Ná ɛte sɛ nea wakɔ Onyankopɔn anim. (Leviticus 16:11-15) Yesu wusɔre akyi no, ɔkɔɔ soro kɔyii ne ho adi Onyankopɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma bɛnya n’afɔre no so mfaso. (Hebrifo 9:6, 7, 11-14, 24-28) Yɛgye di sɛ Yesu de ne mogya abɔ afɔre ama yɛn, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ  eyi nti yɛbɛtumi anya bɔne fafiri ne ahonim pa!

14, 15. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛhu mogya ho mmara a Yehowa ahyɛ no yiye na yɛdi so?

14 Ebia seesei paa na woahu nea enti a Yehowa aka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛdi mogya biara no. (Leviticus 17:10) Ɛnde, adɛn nti na Onyankopɔn bu mogya sɛ ɛyɛ kronkron? Asɛm no ara ne sɛ mogya gyina hɔ ma nkwa. (Genesis 9:4) Wonnye ntom sɛ ɛsɛ sɛ yɛbu mogya sɛnea Onyankopɔn bu no na yɛtwe yɛn ho fi ho? Yɛyɛ saa a, na yɛreyɛ osetie ama yɛn soro Agya no. Ɔkwan baako pɛ a yɛbɛfa so ama asomdwoe atena yɛne Onyankopɔn ntam ne sɛ yɛbɛgye Yesu agyede afɔre no adi na yɛahu sɛ mogya som bo ma Ɔbɔadeɛ no.Kolosefo 1:19, 20.

Woasi wo bo sɛ wobɛtie Yehowa mmara a ɛfa mogya ho no? (Hwɛ nkyekyɛm 14, 15)

15 Ɛbɛtumi aba sɛ mpofirim ara mogyasɛm bi bɛsɔre. Yɛbɛgye mogya anaa mogya mu nneɛma nketenkete anaa yɛrennye? Anaa yɛbɛma wɔafa kwan foforo bi so de mogya asa yɛn yare? Ɛhia sɛ wobɔ Yehowa mpae, na woyɛ nhwehwɛmu, na wosi w’adwene pi ansa na asɛnnennen bi asi. Woyɛ saa a, wobɛnya ahotoso atwe wo ho afi mogya ho. Nokwasɛm ne sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛgye biribi a Onyankopɔn Asɛm abara na yɛma ne werɛ how. Ɛnnɛ, adɔkotafo ne afoforo pii bɔ dawuru sɛ nkurɔfo ntwe wɔn mogya na wɔmfa nnye nnipa nkwa. Nanso Yehowa nkurɔfo yɛ kronn na wɔnim sɛ wɔn Bɔfo no na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea nnipa mfa mogya nyɛ. Yehowa bu “mogya biara” sɛ ɛyɛ kronkron. Enti ɛsɛ sɛ yɛsi nketekrakye sɛ yɛbɛtie ne mmara a ɛfa mogya ho no. Bio, sɛ yɛma yɛn abrabɔ yɛ kronn a, na yɛreka akyerɛ Yehowa sɛ yɛbu Yesu mogya a ɔde bɔɔ afɔre no sɛ ɛsom bo. Yesu mogya nkutoo na ɛbɛma yɛanya bɔne fafiri ne daa nkwa.Yohane 3:16.

Ɛsɛ sɛ yɛsi nketekrakye sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no

NEA ENTI A YEHOWA PƐ SƐ YƐYƐ KRONKRON

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ kronkron?

16 Bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt nkoasom mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene Yehowa a odii mo anim fii Egypt asase so de kyerɛe sɛ mene mo Nyankopɔn no. Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” (Leviticus 11:45) Ná Yehowa pɛ sɛ Israelfo no yɛ kronkron efisɛ ɔyɛ kronkron. Yehowa pɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ kronkron. Leviticus nhoma no ma eyi mu da hɔ pefee.

17. Seesei sɛn na wohu Leviticus nhoma no?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ Leviticus nhoma no mu nsɛm kakra a yɛasusu ho no aboa wo. Eyi ama woahu sɛ Leviticus nhoma no som bo na woahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ kronkron. Dɛn bio na yɛbɛtumi asua afi Leviticus nhoma no mu? Ɔkwan bɛn so na Leviticus nhoma no bɛtumi aboa yɛn ma yɛde ɔsom kronn ama Onyankopɔn? Yɛbɛsusu eyi ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.