Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnyɛ Kronkron Yɛn Nneyɛe Nyinaa Mu

Momma Yɛnyɛ Kronkron Yɛn Nneyɛe Nyinaa Mu

“Monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.”1 PETRO 1:15.

1, 2. (a) Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛbɛsusu ho?

YEHOWA de ne honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔtwee nsɛm bi fii Leviticus nhoma no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ kronkron sɛnea na ɛhia sɛ Israelfo yɛ kronkron no. (Monkenkan 1 Petro 1:14-16.) Yehowa ne “Ɔkronkronni” no, na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no bɛyɛ nea wɔbɛtumi biara ama wɔn nneyɛe nyinaa ayɛ kronn.Yohane 10:16.

2 Yɛbɛhwehwɛ Leviticus nhoma no mu nsɛm foforo mu, na eyi bɛboa yɛn ma yɛahu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ na yɛayɛ kronn wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu. Bio nso yɛbɛsusu nsɛmmisa yi ho: Sɛ obi pɛ sɛ yɛgow Yehowa mmara mu a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɔkwan bɛn so na Leviticus nhoma no boa ma yɛgye Yehowa tumidi tom? Dɛn na yɛbɛtumi asua afi afɔre ahorow a Israelfo bɔe no mu?

HWƐ NA WOANGOW YEHOWA MMARA MU

3, 4. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo gow Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde mu? (b) Sɛ obi yɛ biribi tia yɛn a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bi tua ka anaa yɛnya ne ho menasepɔw?

3 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛdi ne mmara ne n’ahyɛde nyinaa so. Ɛnsɛ sɛ yɛtoto emu biara ase  ma yɛn ho gu fĩ. Ɛnnɛ, yɛnni Mose Mmara no ase, nanso Mmara no boa yɛn ma yɛhu nea Yehowa ani gye ho ne nea n’ani nnye ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Mene Yehowa.”Leviticus 19:18.

4 Sɛ obi yɛ biribi tia yɛn a, Yehowa mpɛ sɛ yɛyɛ bi tua no ka anaa yɛnya ne ho menasepɔw. (Romafo 12:19) Sɛ yɛbu yɛn ani gu Onyankopɔn mmara anaa n’ahyɛde so a, Ɔbonsam na n’ani gye, na ɛde ahohorabɔ ba Onyankopɔn din ho. Sɛ obi hyɛ da yɛ biribi tia yɛn mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma abufuw gye agua wɔ yɛn mu. Bible ma yɛhu sɛ yɛte sɛ “anwenne” a ademude anaa agyapade bi gu mu. Saa ademude no ne ɔsom adwuma no. (2 Korintofo 4:1, 7) Menasepɔw te sɛ awuduru, enti sɛ yɛnya afoforo ho menasepɔw a, na ɛte sɛ nea yɛde awuduru no aka ademude no ho agu anwenne koro mu. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛte saa.

5. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi Aaron ne ne mma no asɛm no mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Asɛm bi wɔ Leviticus 10:1-11 a yɛbɛtumi asua nneɛma pii afi mu. Yɛhu biribi a ɛmaa Aaron abusua no dii yaw paa. Yehowa maa ogya fii soro bɛhyew Aaron mma Nadab ne Abihu. Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Aaron ne n’abusua sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribiara de kyerɛ sɛ wɔredi awerɛhow. Ná eyi gye gyidi paa. Wo nso ɛ? Sɛ wɔtu wo busuani bi a, wobɛkwati fekubɔ a ɛwɔ mo ntam no na woakɔ so ayɛ kronn?Monkenkan 1 Korintofo 5:11.

6, 7. (a) Sɛ obi to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra ayeforo bi a n’asɔre bɛhwɛ so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsusu ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn abusuafo ahu nea enti a yɛremfa yɛn ho nhyɛ asɔre bi ayeforohyia mu?

6 Ebia yɛrenhyia sɔhwɛ a Aaron ne ne mma hyiae no bi. Nanso fa no sɛ yɛn busuani a ɔnni asafo no mu reyɛ ayeforo na n’asɔre na ɛbɛhwɛ so. Obusuani no ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmra mmɛboa dwumadi no. Dɛn na yɛbɛyɛ? Mmara biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ yɛrentumi nkɔ, nanso nsɛm bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi agyina so asi gyinae. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

7 Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ kronn wɔ Yehowa anim nti, ebia yɛbɛsi gyinae bi a yɛn abusuafo ani rennye ho. (1 Petro 4: 3, 4) Yɛmpɛ sɛ yɛbu wɔn animtiaa, enti ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase ne wɔn kasa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛm wadawada; ɛsɛ sɛ yɛma wɔhu yɛn adwene. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a ɛsɛ sɛ yɛne wɔn susu asɛm no ho ansa na ayeforohyia no adu so koraa. Yɛbɛtumi ada wɔn ase sɛ wɔato nsa afrɛ yɛn. Afei yɛbɛtumi aka akyerɛ wɔn sɛ yɛnim sɛ da no yɛ da titiriw na yɛpɛ sɛ wɔn ani gye; nanso sɛ yɛba hɔ na yɛamfa yɛn ho anhyɛ asɔre no amane ahorow mu a, ebia ɛbɛhaw wɔne ahɔho a wɔato nsa afrɛ wɔn no. Eyi yɛ ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so akwati biribiara a ɛne yɛn gyidi nhyia.

GYE YEHOWA TUMIDI TOM

8. Ɔkwan bɛn so na Leviticus nhoma no ma yɛhu sɛ Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni no?

8 Leviticus nhoma no si so dua sɛ Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni no. Leviticus nhoma no ka no bɛboro mpɛn 30 sɛ mmara a ɛwom nyinaa fi Yehowa hɔ. Ná Mose nim saa nokwasɛm yi, enti nea Yehowa kae sɛ ɔnyɛ no, ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. (Leviticus 8:4, 5) Ɛsɛ sɛ yɛsuasua Mose na yɛyɛ biribiara a yɛn Hene Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ no. Onyankopɔn ahyehyɛde no bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa. Nanso ɛtɔ da a, bere a yɛn nkutoo wɔ hɔ na biribi bɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ. Saa ara na ɛtoo Yesu wɔ sare no so. (Luka 4:1-13) Sɛ yɛde yɛn were hyɛ Onyankopɔn mu na yɛgye tom sɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni no a, obiara rentumi nnaadaa yɛn mma yɛngow yɛn gyidi mu. Yɛremma nnipa ho suro nsum yɛn afiri.Mmebusɛm 29:25.

Ɛsɛ sɛ yɛsuasua Mose na yɛyɛ biribiara a yɛn Hene Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ no

9. Adɛn nti na nkurɔfo tan Yehowa asomfo wɔ wiase afanan nyinaa?

9 Wiase afanan nyinaa nkurɔfo tan Yehowa asomfo. Nanso eyi nyɛ yɛn nwonwa, efisɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Nkurɔfo beyi mo ama ahohia na wɔakum mo, na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Ampa, nkurɔfo tan yɛn, nanso yɛkura asɛnka adwuma no mu denneennen, na yɛhwɛ sɛ yɛbɛma yɛn abrabɔ akɔ so ara ayɛ kronn. Yɛdi nokware, yɛdi yɛn ho ni, na yɛbɔ bra pa. Bio nso yɛdi ɔman mmara so. Ɛnde adɛn nti na nkurɔfo tan yɛn saa? (Romafo 13:1-7) Asɛm no ara ne sɛ yɛgye Yehowa tom sɛ Otumfoɔ Pumpuni, na “ɔno nkutoo” na yɛtie no na yɛsom no. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛtia ne mmara ne n’ahyɛde.Mateo 4:10.

10. Dɛn na ɛtoo onua bi a ɔgoo ne gyidi mu?

10 ‘Yɛnyɛ wiase no fã,’ enti yɛmfa yɛn ho nnyigye wiase akodi ne n’amanyɔsɛm mu. (Monkenkan Yohane 15:18-21; Yesaia 2:4.) Kristofo bi a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn goo wɔn gyidi mu, na wɔde wɔn ho gyigyee wiase nsɛm mu. Wɔn mu pii nuu wɔn ho na wɔsan baa Yehowa nkyɛn. (Dwom 51:17) Nanso wɔn mu kakra bi annu wɔn ho. Ɛho nhwɛso ne nea ɛkɔɔ so wɔ Hungary wɔ Wiase Ko II no mu. Wɔkyeree yɛn nuanom pii guu afiase bere a wɔn ho nni asɛm biara. Aban mpanyimfo boaboaa wɔn mu 160 a wɔnnya nnii mfe 45 ano wɔ kurow baako so na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ sraadi mu. Wɔn mu pii amfa wɔn ho anhyɛ mu, nanso wɔn mu nkron kaa asraafo ntam na wɔgyee asraafo atade hyɛe.  Mfe mmienu akyi no, wɔde tuo hyɛɛ wɔn a wɔanni nokware no baako nsa sɛ ɔnkum Adansefo a wɔkuraa wɔn gyidi mu no. Wonim, na ɔno ankasa ne nua ka Adansefo a ɔrebekum wɔn no ho! Nanso biribi nti atumfoɔ no ankum Adansefo anokwafo no.

FA NEA ƐSƐ YEHOWA MA NO

11, 12. Sɛ yɛhwɛ afɔre a na tete Israelfo no bɔ a, dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu?

11 Mose Mmara no kyerɛɛ afɔre ahorow a na ɛsɛ sɛ Israelfo no bɔ. (Leviticus 9:1-4, 15-21) Na ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba afɔre no ho, efisɛ na ne nyinaa twe adwene si Yesu afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no so. Afei nso na afɔre biara ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ no. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Leviticus 12:6 ma yɛhu afɔre a na ɛsɛ sɛ ɔbea a wawo foforo bɔ. Ɛka sɛ: “Sɛ ɔwo ɔbabarima anaa ɔbabea na n’ahotew nna no sa a, ɔde odwennini kumaa a wadi afe bɛbrɛ ɔsɔfo no ma ɔde abɔ ɔhyew afɔre ama no, na ɔde aborɔnoma ba anaa aburuburuw nso bɛba ma ɔde abɔ bɔne ho afɔre; ɔde eyinom nyinaa bɛbrɛ no wɔ ahyiae ntamadan no ano.” Yehowa ahyɛde mu da hɔ fann, nanso Mmara no ma yɛhu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne ntease. Sɛ ɛba sɛ ɔbea no ho nsõ oguan so a, na ɔbɛtumi de mmuruburuw mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu aba. (Leviticus 12:8) Ɛwom sɛ ahia no, nanso na Yehowa dɔ no na ɔsom bo wɔ n’ani so te sɛ wɔn a wɔtumi de nneɛma akɛse bɛbɔɔ afɔre no ara. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi asɛm yi mu?

Mmara no ma yɛhu sɛ Onyankopɔn wɔ ɔdɔ ne ntease

12 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔmmɔ “Onyankopɔn ayeyi afɔre” daa. (Hebrifo 13:15) Sɛ yɛbɔ Yehowa din ho dawuru a, na yɛrebɔ ayeyi afɔre. Yɛn nuanom a wɔyɛ mum no de mum kasa yi Onyankopɔn ayɛ. Kristofo a wɔaka dan mu kyerɛw nkrataa de di adanse anaa wɔdi adanse wɔ tɛlɛfon so. Afei wɔka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔba fie bɛsra wɔn no. Eyi nyinaa yɛ ayeyi afɔre. Yɛn ahoɔden na ɛbɛkyerɛ dodow a yɛbɛtumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ, nanso nea yɛbɛtumi ayɛ biara, ɛsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛdi mu.Romafo 12:1; 2 Timoteo 2:15.

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no ho kyerɛwtohɔ?

13 Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti, yɛn ankasa fi yɛn pɛ mu bɔ ayeyi afɔre ma no. (Mateo 22:37, 38) Ɛnde, sɛ wɔka sɛ yɛmfa yɛn asɛnka adwuma no ho kyerɛwtohɔ mmra bosome biara a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho? Ɛsɛ sɛ yɛde ba efisɛ ɛfa yɛn som ho. (2 Petro 1:7) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi hyɛ ne ho ketee yɛ asɛnka adwuma no na watumi anya dɔnhwerew pii aba. Sɛ yare anaa mpanyinyɛ nti, ɔdawurubɔfo bi ntumi nyɛ pii wɔ asɛnka mu a, sɛ simma 15 pɛ mpo na ɔde yɛe a, ɔbɛtumi abu ho akontaa. Esiane sɛ nea n’ahoɔden bɛtumi nyinaa na ɔyɛe nti, Yehowa ani sɔ. Yehowa nim nso sɛ yɛn nuanom dɔ no, na wɔpɛ paa sɛ wɔyɛ n’Adansefo. Yɛahu sɛ tete no na Israelfo a wɔyɛ ahiafo tumi bɔ afɔre ma Onyankopɔn. Ɛnnɛ nso sɛ yare anaa mpanyinyɛ nti obi ntumi nyɛ pii a, kakra biara a ɔbɛyɛ no ɔbɛtumi abu ho akontaa ma ne koma atɔ ne yam. Asafo no de yɛn asɛnka akontaabu no ka wiase nyinaa deɛ ho, na eyi boa ahyehyɛde no ma wɔhu ntotoe a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma  asɛnka adwuma no. Eyi nti na yɛkɔ asɛnka a, yɛbu ho akontaa no.

YƐN ADESUA NE YƐN AYEYI AFƆRE

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ yɛn adesua te sɛn?

14 Yɛanya asuade pii afi Leviticus nhoma no mu. Ebia nea woreka ne sɛ, ‘Afei paa na mahu nea enti a Leviticus nhoma no ka Onyankopɔn Asɛm a ɛfi honhom mu no ho.’ (2 Timoteo 3:16) Sɛ saa a, woasi wo bo sɛ wobɛyɛ kronkron? Yehowa pɛ sɛ yɛfi yɛn koma nyinaa mu som no; ɛno na ɛfata no. Ade foforo nso a wobɛtumi ayɛ ne sɛ wobɛyere wo ho asua Bible mũ no nyinaa; yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ wodɔ mu asukɔ. (Monkenkan Mmebusɛm 2:1-5.) Enti bɔ mpae na pɛɛpɛɛ wo mu hwɛ sɛ w’adesua te sɛn. Bisa wo ho sɛ: ‘Nea m’ahoɔden bɛtumi nyinaa na mede rema Yehowa? Anaa mama TV so dwumadi, video so agodie, bɔɔl anaa anigyede anaa agodie foforo agye me bere ma enti mennya nkɔso wɔ asafo no mu?’ Sɛ saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛgye bere adwinnwen nea Paulo kae wɔ Hebrifo nhoma no mu ho.

Bible adesua ne abusua som ho hia wo paa? (Hwɛ nkyekyɛm 14)

15, 16. Bere a Paulo kyerɛw Hebrifo Kristofo no, adɛn nti na ɔde nsɛm sisii wɔn anim pen saa?

15 Bere a Paulo kyerɛw Hebrifo Kristofo no, ɔma wɔhuu sɛ wɔwɔ ɔhaw; wamfa asɛm no anwonwan. (Monkenkan Hebrifo 5:7, 11-14.) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ nyaa wɔ asɛm tie ho.” Adɛn nti na Paulo de nsɛm sii wɔn anim pen saa? Na Paulo nim sɛ Yehowa dɔ wɔn, na na ɔno nso dɔ wɔn; enti na wɔn ho asɛm hia no. Nanso ɔhuu sɛ na wɔnyere wɔn ho sɛ wɔbɛnya Bible mu nimdeɛ a emu dɔ. Na wɔayɛ sɛ nkokoaa a nufusu nko ara na wɔnom. Ɛwom, ɛho  hia sɛ yɛnya Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ, nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya nkɔso wɔ nokware no mu a, yɛhia “aduan a ɛyɛ den,” kyerɛ sɛ, Bible mu nkyerɛkyerɛ a emu dɔ.

16 Anka ɛsɛ sɛ Hebrifo no tumi kyerɛkyerɛ afoforo, nanso wɔn mmom na na ɛhia sɛ obi kyerɛkyerɛ wɔn. Adɛn ntia? Efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔdi “aduan a ɛyɛ den.” Enti bisa wo ho sɛ: ‘Me kɔn dɔ sɛ mɛnya Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ? Mede nsi ne ahokeka sua? Anaa mempɛ sɛ mesua nneɛma a emu dɔ? Mpae nso ɛ, ne bɔ yɛ me den anaa? Sɛ saa a, dɛn ne ɔhaw no?’ Wobɛhwɛ no, ebia na wonni nhyehyɛe pa biara a wode sua ade. Ɛnyɛ asɛm no nko ara na ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn na wɔbɛyɛ Yesu asuafo.Mateo 28:19, 20.

17, 18. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdi “aduan a ɛyɛ den” daa? (b) Yɛbu nsa a obi bɛnom ansa na wakɔ asafo nhyiam no sɛn?

17 Yehowa mpɛ sɛ ɔbɛma yɛn ahonim atwa yɛn mmaa ma yɛasua ade. Yɛn mu pii wɔ hɔ a ebia ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn sɛ yɛbɛsua Bible. Nanso sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara di “aduan a ɛyɛ den.” Sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛyɛ kronkron daa a, ɛnde ɛho hia sɛ yɛkɔ so sua ade.

18 Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ kronkron ne sɛ yɛbɛpɛɛpɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu na yɛayɛ nea Onyankopɔn bɛka biara. Yɛnhwɛ Aaron mma Nadab ne Abihu. Wɔde “ogya foforo bi a Yehowa mmaa ho kwan” kɔbɔɔ afɔre, enti Yehowa kum wɔn. Sɛ wohwɛ asɛm no a, ɛbɛyɛ sɛ nsã na ɛmaa wɔyɛɛ saa. (Leviticus 10:1, 2) Afei hwɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Aaron wɔ Leviticus 10:8-11. (Monkenkan.) Ɛnde, kyerɛwnsɛm yi kyerɛ sɛ, sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam a ɛnsɛ sɛ yɛnom nsã biara anaa? Susu eyi ho hwɛ: Yɛnni Mmara no ase. (Romafo 10:4) Aman bi so no, yɛn nuanom nom nsa kakra bere a wɔredidi ansa na wɔakɔ asafo nhyiam. Sɛ Yudafo redi Twam no a, na wɔde nkuruwa nnan a nsã wom na ɛdi. Bere a Yesu de Nkaedi no sii hɔ no, ɔde nsã maa n’asomafo no nomee. Na nsã no gyina hɔ ma ne mogya. (Mateo 26:27) Bible kasa tia asanom bebrebe ne asabow. (1 Korintofo 6:10; 1 Timoteo 3:8) Kristofo pii wɔ hɔ a, sɛ wɔreyɛ biribi a ɛfa Yehowa som ho a, wɔn ahonim nti wɔmpɛ sɛ nsa ketekete sei bɛka wɔn ano. Nanso ɛsono ɔman biara ne emu nsɛm. Ne nyinaa mu no, ade a ɛho hia paa ne sɛ Kristofo bɛhu “nsonsonoe a ɛwɔ akronkronne ne nea ɛho agu fĩ ntam.” Eyi bɛma wɔayɛ kronkron na wɔanya Yehowa anim dom.

19. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn abusua som anaa yɛn ankasa adesua atu mpɔn? (b) Dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ woasi wo bo sɛ wobɛyɛ kronkron?

19 Sɛ yɛto yɛn bo ase hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu kɔ akyiri a, yɛbɛnya afotusɛm pii. Sɛ woreyɛ abusua som anaa w’ankasa woresua ade a, fa nneɛma ahorow a yɛde yɛ nhwehwɛmu di dwuma na adesua no atu mpɔn. Nya Yehowa ho nimdeɛ pii na hu n’atirimpɔw yiye. Afei twe bɛn no. (Yakobo 4:8) Bɔ Onyankopɔn mpae sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔkae sɛ: “Bue m’aniwa, na menhwɛ wo mmara mu anwonwade.” (Dwom 119:18) Mmara ne ahyɛde a ɛwɔ Bible mu no, hwɛ na wɔantoto no ase. Yi wo yam di “Ɔkronkronni,” Yehowa, mmara so, na fa nsi ne ahokeka yɛ “Onyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron” no. (1 Petro 1:15; Romafo 15:16) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ kronkron wɔ wiase bɔne yi nna a ɛdi akyiri mu. Momma yɛn nyinaa nyɛ kronkron yɛn nneyɛe mu na yɛnnye Yehowa tumidi ntom.

^ nky. 6 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ May 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no mu.