Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nnipa a Wɔn Nyankopɔn Ne Yehowa”

“Nnipa a Wɔn Nyankopɔn Ne Yehowa”

“Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”DWOM 144:15.

1. Adwene bɛn na ebinom wɔ wɔ Onyankopɔn som ho?

ƐNNƐ nnipa pii ka sɛ asɔre akɛse akɛse a agye din no nyɛɛ biribi titiriw biara mmoaa adesamma. Ebinom susu sɛ ɔsom a ɛte saa nkyerɛ asɔremma no Onyankopɔn ho nokwasɛm na mpo wɔyɛ abofonode. Eyi nti wɔsusu sɛ Onyankopɔn nnye wɔn ntom. Nanso ɛyɛ wɔn sɛ, sɛ obi yɛ nea ɛteɛ a, Onyankopɔn bɛgye no atom; ɔsom biara a ɔwom mfa ho. Eyi yɛ nokware anaa? Anaasɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn a wɔsom no no yɛ soronko wɔ atoro som ho? Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea Bible ka fa Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no ho.

ONYANKOPƆN NE NE NKURƆFO YƐƐ APAM

2. Henanom na wɔbɛyɛɛ Yehowa nkurɔfo? Dɛn na ɛhyɛɛ wɔn agyirae sɛ nnipa a Yehowa din da wɔn so? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Bɛyɛ mfe 4,000 ni na Yehowa nyaa nnipa bi wɔ asase so de ne din too wɔn so. Bible ka Abraham ho asɛm  sɛ ‘wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa agya.’ Na n’abusua sõ efisɛ na ɔwɔ nkoa pii. (Romafo 4:11; Genesis 14:14) Bere a ɔwɔ Kanaan no, na nkurɔfo bu no sɛ “Onyankopɔn nipa titiriw.” (Genesis 21:22; 23:6) Yehowa ne Abraham ne n’asefo yɛɛ apam. (Genesis 17:1, 2, 19) Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Apam a me ne mo ayɛ a wo ne w’asefo nyinaa bedi so no ni: Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.” Ɔde kaa ho sɛ: “Muntwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.” (Genesis 17:10, 11) Enti Abraham ne mmarima a wɔwɔ ne fie nyinaa twaa twetia. (Genesis 17:24-27) Twetiatwa na ɛhyɛɛ Abraham ne n’asefo agyirae sɛ nnipa a Yehowa din da wɔn so.

3. Ɛyɛɛ dɛn na Abraham asefo trɛw bɛyɛɛ bebree?

3 Ná Abraham banana Yakob anaa Israel wɔ mma mmarima 12. (Genesis 35:10, 22b-26) Akyiri yi ne mma no na na wɔda Israel mmusuakuw 12 no ano. (Asomafo Nnwuma 7:8) Yakob ba Yosef kɔpuee Egypt, na akyiri yi Farao maa no tumi kɛse. Bere bi ɔkɔm kɛse bi bae, na Yakob ne n’abusua buu wɔn kɛtɛ mu kɔɔ Egypt. Saa bere no na Yosef na ɔhwɛ aduan so wɔ hɔ. (Genesis 41:39-41; 42:6) Yakob asefo yɛɛ bebree; nokwasɛm ni na wɔyɛ “aman asafodɔm.”Genesis 48:4; monkenkan Asomafo Nnwuma 7:17.

YEHOWA GYEE NE NKURƆFO

4. Mfiase no, na Egyptfo ne Yakob asefo ntam te sɛn?

4 Yakob asefo tenaa Egypt fã baabi a ɛde Gosen bɛboro mfe 200. (Genesis 45:9, 10) Farao ankasa na ɔkae sɛ Israelfo mmɛtena Egypt, efisɛ na ɔnim Yosef na na obu no. (Genesis 47:1-6) Na Israelfo tete nkurow nketewa mu yɛn mmoa. Na Egyptfo kyi nguanhwɛfo, nanso Farao ankasa na aka sɛ wɔntena hɔ, ɛbɛyɛ dɛn na obi aka sɛ ɔmpene so? Enti bɛyɛ mfe 100 deɛ Egyptfo no ne Israelfo tenaa asomdwoe mu.Genesis 46:31-34.

5, 6. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo tebea sesae wɔ Egypt? (b) Adɛn nti na wɔankum Mose? Dɛn na Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo?

5 Bere bi akyi no, tebea no sesae koraa. Bible ka sɛ: “Akyiri yi ɔhene foforo bedii ade wɔ Egypt a na onnim  Yosef. Na ɔka kyerɛɛ ne manfo sɛ: ‘Hwɛ! Israelfo yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sen yɛn.’” Enti Egyptfo hyɛɛ Israelfo de wɔn yɛɛ nkoa. Wɔma wɔyɛɛ birikisi ne afumdwuma ne nkoadwuma biara bi. Nokwasɛm ni, wɔdii Israelfo no ani paa.Exodus 1:8, 9, 13, 14.

6 Farao foforo yi hyɛɛ mmara sɛ, sɛ Israelni bea wo na abofra no yɛ ɔbarima a, wɔnkum no. (Exodus 1:15, 16) Saa bere no, Israelni bea bi a wɔfrɛ no Yokebed woo Mose. Bere a abofra no dii abosome mmiɛnsa no, ne maame de no kɔsiee wura bi mu wɔ Nil Asubɔnten ho. Farao babea kɔhuu Mose, na ɔfaa no de no yɛɛ ne ba. Ewiee ase no, Mose bɛdii ne maame nsam, na ɔhwɛɛ no kɔsii sɛ ɔnyinii. Mose nyin bɛyɛɛ Yehowa somfo mapa. (Exodus 2:1-10; Hebrifo 11:23-25) Yehowa huu sɛ ne nkurɔfo rehu amane wɔ Egypt, enti ɔyɛe sɛ ɔbɛma Mose akɔgye wɔn. (Exodus 2:24, 25; 3:9, 10) Yehowa nam saa kwan yi so “gyee” Israelfo no.Exodus 15:13; monkenkan Deuteronomium 15:15.

ONYANKOPƆN NKURƆFO BƐYƐƐ ƆMAN

7, 8. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa nkurɔfo bɛyɛɛ ɔman kronkron?

7 Ɛwom sɛ na Yehowa nnya nyɛɛ Israelfo no ɔman mmaa wɔn mmara ne asɔfo, nanso na wɔyɛ ne nkurɔfo ara. Ɛno nti na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ Farao sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa se, ‘Ma me nkurɔfo nkɔhyɛ fã mma me wɔ sare so.’”Exodus 5:1.

8 Nanso na Farao mpɛ sɛ ɔma Israelfo no kɔ. Enti Yehowa de ɔhaw du baa Egyptfo so, na awiei koraa no ɔsɛe Farao ne n’asraafo wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Yehowa yɛɛ saa de gyee ne nkurɔfo. (Exodus 15:1-4) Ɛno akyi no, annu abosome mmiɛnsa mpo na Yehowa ne Israelfo yɛɛ apam wɔ Bepɔw Sinai ho. Ɔkae sɛ: “Sɛ mutie m’asɛm na mudi m’apam so a, ɛnde mɛtew mo afi aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapade titiriw.” Ná Israelfo bɛyɛ “ɔman kronkron.”Exodus 19:5, 6.

9, 10. (a) Sɛnea Deuteronomium 4:5-8 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Mmara no maa Israelfo yɛɛ soronko wɔ aman a aka ho? (b) Dɛn na na Israelfo no de bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ ‘ɔman kronkron ma Yehowa’?

9 Ɛfi tete nyinaa, na abusua panyin biara di n’abusua so. Bio, na ɔyɛ abusua no temmufo ne ne sɔfo. Bere a Israelfo wɔ Egypt a wɔnnya mmɛyɛɛ nkoa no, na saa dwuma no ara na abusua panyin biara di. (Genesis 8:20; 18:19; Hiob 1:4, 5) Nanso bere a Yehowa gyee Israelfo fii nkoasom mu no, ɔmaa wɔn mmara, na ɛma wɔyɛɛ soronko wɔ aman a aka nyinaa ho. (Monkenkan Deuteronomium 4:5-8; Dwom 147:19, 20) Mmara no ma wɔnyaa abusua pɔtee bi a wɔde asɔfodwuma bɛhyɛ wɔn nsa. Afei nso Mmara no kae sɛ “mpanyimfo” a wɔwɔ nimdeɛ ne nyansa bɛbu  atɛn. (Deuteronomium 25:7, 8) Mmara no maa nkurɔfo no huu ɔkwan a wɔbɛfa so asom Yehowa na wɔabɔ wɔn bra.

Yehowa maa Israelfo mmara, na ɛma wɔyɛɛ soronko wɔ aman a aka nyinaa ho

10 Aka kakraa bi ma Israelfo no ahyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa san tĩĩ mmara no mu. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nso ama woaka nnɛ sɛ wobɛyɛ ne man, n’agyapade titiriw, sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so. Na ɔbɛma wo so asen aman a wabɔ nyinaa, na ɛde ayeyi abrɛ no, na ama ne din so, na ahyɛ no anuonyam. Na wobɛyɛ ɔman kronkron ama Yehowa wo Nyankopɔn.”Deuteronomium 26:18, 19.

NA AHƆHO BƐTUMI NE ONYANKOPƆN NKURƆFO ASOM

11-13. (a) Henanom na wɔde wɔn ho bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo? (b) Sɛ ɔhɔho bi pɛ sɛ ɔsom Yehowa a, dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

11 Ɛwom, na Israelfo no yɛ ɔman a Yehowa apaw wɔn wɔ asase so, nanso ɔmaa ahɔho kwan ma wɔne ne nkurɔfo tenae. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Onyankopɔn yii Israelfo fii Egypt no, Bible ka sɛ “firamanfiramanfo bebree” kaa wɔn ho kɔe; na Egyptfo bi mpo ka ho. (Exodus 12:38) Bere a Yehowa de ɔhaw a ɛto so nson baa Egypt no, na Farao nkoa bi suro Yehowa, na wɔtiee Mose asɛm. Enti yɛbɛtumi aka sɛ ebia na wɔka wɔn a wɔne Israelfo kɔe no ho.Exodus 9:20.

Sɛ ɔhɔho bi pɛ sɛ ɔsom Yehowa a, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bɔ nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so no

12 Bere a Israelfo no rebɛtwa Yordan Asubɔnten akɔ Kanaan no, Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔdɔ ahɔho a wɔka wɔn ho no. (Deuteronomium 10:17-19) Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ, sɛ ahɔho pene so sɛ wɔbɛdi ahyɛde te sɛ Mmara Nsɛm Du no so a, wɔnnye wɔn ne wɔn ntena. (Leviticus 24:22) Ahɔho no bi mpo som Yehowa. Ɛho nhwɛso ne Rut. Na ɔyɛ Moabni a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa. Rut ka kyerɛɛ Israelni Naomi sɛ: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:16) Na saa ahɔho yi asakra ne Israelfo no resom Yehowa, na wɔtwaa mmarima a wɔka wɔn ho no twetia. (Exodus 12:48, 49) Na Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma ahɔho yi abɛka ne nkurɔfo a wɔapaw wɔn no ho.Numeri 15:14, 15.

Na Israelfo dɔ ahɔho a wɔafi wɔn man mu abɛsoɛ wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 11-13)

13 Mpae bi a Solomon bɔe nso ma yɛhu sɛ Yehowa gyee ahɔho toom wɔ Israel. Bere a Solomon rehyira asɔrefie no so no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Ɔhɔho a omfi wo man Israel mu mpo, sɛ wo din kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woateɛ mu nti ofi akyirikyiri asase so ba, na ɔde n’ani kyerɛ ofie yi bɔ mpae a, ɛnde wo ara fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde to w’anim nyinaa ma no, na ama asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo sɛnea wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da ofie a masi yi so.” (2 Beresosɛm 6:32, 33) Yesu bere so mpo, sɛ  ɔhɔho bi pɛ sɛ ɔsom Yehowa a, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bɔ nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so no.Yohane 12:20; Asomafo Nnwuma 8:27.

ƆMAN A ƐBƐDI YEHOWA HO ADANSE

14-16. (a) Ɔkwan bɛn so na na Israelfo no bɛyɛ ɔman a wɔbɛdi Yehowa ho adanse? (b) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ nnɛ?

14 Na Israelfo no som Yehowa Nyankopɔn, nanso aman a aka no deɛ na wɔsom wɔn anyame. Enti na ɛhia sɛ wɔnya asɛmmisa bi ho mmuae: Hena ne nokware Nyankopɔn no? Yesaia bere so no, Yehowa kyerɛɛ nea ɛbɛyɛ na nnipa anya asɛmmisa yi ho mmuae. Ɔde wiase no tebea totoo asɛm a wɔredi wɔ asɛnnibea ho. Ɔkae sɛ, sɛ amanaman no anyame wɔ hɔ ampa a, ɛnde wɔn ankasa mfa adansefo mmɛgyina wɔn akyi. Nea ɔkae ni: “Wɔmfa wɔn adansefo mmra na wommu wɔn bem, anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokware!’”Yesaia 43:9.

15 Amanaman no anyame antumi amfa adanse biara amma sɛ wɔwɔ tumi. Ná wɔyɛ ahoni kɛkɛ a wɔntumi nkasa na wɔntumi nkeka wɔn ho; sɛ ɔkwabran ansoa wɔn a, wɔtim nea wɔtim. (Yesaia 46:5-7) Nanso Yehowa ka kyerɛɛ ne man Israel sɛ: “Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no, na ama moahu agye me adi, na moahu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim, na m’akyi nso, obi nni hɔ. Me ara mene  Yehowa, na m’akyi no, ogyefo biara nni hɔ. . . . Enti mone m’adansefo, na mene Onyankopɔn.”Yesaia 43:10-12.

16 Sɛnea nkurɔfo di adanse wɔ asɛnnibea no, na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nso di adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. Yehowa kae sɛ wɔyɛ ‘ɔman a wanwene wɔn afa sɛ wɔnka n’ayeyi nkyerɛ.’ (Yesaia 43:21) Na wɔnim wɔn sɛ nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so. Yehowa na na wagye Israelfo afi Egypt, enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ aso tie no na wɔgye tom sɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni na wɔhyɛ no anuonyam. Ɛnnɛ nso, Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ saa ara. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne odiyifo Mika yɛ adwene na wɔtumi ka sɛ: “Aman no mu biara bɛnantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.”Mika 4:5.

ƆMAN ATUATEWFO

17. Adɛn nti na na Yehowa bu Israel sɛ bobe a mfaso biara nni so?

17 Awerɛhosɛm ne sɛ Israel anni Yehowa nokware. Wɔsuasuaa amanaman no na wɔsom ahoni a wɔde nnua ne abo ayɛ. Nokwasɛm ni, wɔyeyɛɛ afɔremuka pii maa atoro anyame. Bɛyɛ mfe 2,800 ni, odiyifo Hosea kae sɛ Israel te sɛ bobe a ɛnsow aba pa bio. Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔn koma yɛ nyaatwom, enti wobebu wɔn fɔ.” (Hosea 10:1, 2) Bɛyɛ mfe 150 akyi, Yeremia nso de Israel atuatewfo no totoo bobe ho. Yehowa de n’asɛm hyɛɛ Yeremia ano, na ɔkaa atuatewfo no ho asɛm sɛ: “Miduaa wo sɛ bobe kɔkɔɔ a eye; ná ne nyinaa yɛ aba pa. Na ɛyɛɛ dɛn na woadan ananafo bobe bɔne ama me yi? Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he? Sɛ wobetumi agye mo wɔ mo amanehunu bere mu a, momma wɔnsɔre.” Afei ɔtoaa so sɛ: “Me man de, wɔn werɛ afi me.”Yeremia 2:21, 28, 32.

Wɔn a Onyankopɔn ne wɔn yɛɛ “apam foforo” no bɛyɛɛ ɔman foforo

18, 19. (a) Dɛn na Yehowa kae a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛpaw nnipa foforo wɔ asase so de ne din ato wɔn so? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

18 Sɛ́ anka Israelfo bɛsom Yehowa na wɔasow aba pa no, wɔmaa ahonisom sɛee wɔn. Afei deɛ na wɔnyɛ Yehowa adansefo bio. Enti Yesu ka kyerɛɛ Yudafo akannifo nyaatwomfo no sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mateo 21:43) Ɔman foforo bɛn ho asɛm na na Yesu reka? Ɛyɛ ɔman a Yehowa ankasa bɛpaw emufo ne wɔn ayɛ “apam foforo.” Eyi ne honhom fam Israel. Yehowa kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”Yeremia 31:31-33.

19 Bere a Israel tew atua no, Yehowa paw honhom fam Israel de ne din too wɔn so wɔ asomafo no bere so. Ɛnnɛ nso ɛ, henanom na wɔyɛ ne nkurɔfo? Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no ahu n’asomfo mapa? Yɛbɛhu eyi wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.