Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Seesei Moyɛ Onyankopɔn Man”

“Seesei Moyɛ Onyankopɔn Man”

“Kan no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man.”1 PETRO 2:10.

1, 2. Nsakrae bɛn na Yehowa yɛe Pentekoste afe 33? Henanom na wɔbɛyɛɛ Yehowa man foforo no mufo? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

PENTEKOSTE afe 33 no, Yehowa yɛɛ nsakrae titiriw bi. Ɔde ɔman foforo bi sii hɔ a na wɔfrɛ no “Onyankopɔn Israel” anaa honhom fam Israel. (Galatifo 6:16) Yehowa nam ne honhom kronkron so na ɛpaw ɔman foforo yi mufo. Paulo kyerɛw sɛ ɛnhia sɛ ɔman foforo yi mufo twa twetia sɛnea na Abraham asefo yɛ no. Mmom wɔn ‘twetiatwa yɛ komam de denam honhom kronkron so.’Romafo 2:29.

2 Hefo na wɔdii kan bɛyɛɛ Onyankopɔn man foforo no mufo? Ɛyɛ asomafo no ne Kristo asuafo foforo bɛboro ɔha a na wɔahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem no. (Asomafo Nnwuma 1:12-15) Onyankopɔn hwiee ne honhom kronkron guu wɔn so na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma. (Romafo 8:15, 16; 2 Korintofo 1:21) Na ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa agye Kristo afɔrebɔ no atom na ɔde apam foforo bi asi Mmara apam no ananmu. (Luka 22:20; monkenkan Hebrifo 9:15.) Asuafo a Yehowa de ne honhom kronkron asra wɔn yi bɛyɛɛ Yehowa man  foforo, kyerɛ sɛ nkurɔfo a ne din da wɔn so. Honhom kronkron ma wɔtumi kaa kasa horow pii na wɔkyerɛkyerɛɛ “Onyankopɔn nneɛma akɛse” mu maa nkurɔfo tee ase.Asomafo Nnwuma 2:1-11.

ONYANKOPƆN MAN FOFORO

3-5. (a) Pentekoste da no, dɛn na Petro ka kyerɛɛ Yudafo no? (b) Ɔkwan bɛn so na nkakrankakra ɔman foforo no nyinii?

3 Yehowa nam ɔsomafo Petro so bɔɔ kwan bi maa Yudafo ne ahɔho a wɔde wɔn ho abɛbɔ Yudafo no. Ɔde wɔn fii ɔman foforo no ase, kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn asafo no. Pentekoste da no, Petro de akokoduru ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ wɔn na wɔkum Yesu, na seesei ɛhia sɛ wɔgye no tom sɛ wɔn “Awurade ne Kristo.” Afei nnipa a wɔahyia no bisaa Petro ne asomafo no nea wɔnyɛ. Ɛnna Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu wɔ Yesu Kristo din mu na moanya bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa no.” (Asomafo Nnwuma 2:22, 23, 36-38) Saa da no nnipa bɛboro 3,000 bɛkaa ɔman foforo no anaa honhom fam Israel ho. (Asomafo Nnwuma 2:41) Ɛno akyi no asomafo no maa wɔn homene so kaa asɛm no denneennen, na nnipa bebree bɛgyee nokware no. (Asomafo Nnwuma 6:7) Enti na nyin ara na ɔman foforo no renyin.

4 Akyiri yi Yesu asuafo no fii ase kaa asɛm no kyerɛɛ Samariafo. Wɔn mu pii gyee nokware no na wɔbɔɔ  wɔn asu, nanso wɔannya honhom kronkron. Akwankyerɛ kuw a ɛwɔ Yerusalem no maa Petro ne Yohane kɔsraa Samariafo a na wɔabɛgye nokware no. Asomafo mmienu yi de wɔn nsa guu Samariafo yi so “na wofii ase nyaa honhom kronkron.” (Asomafo Nnwuma 8:5, 6, 14-17) Enti wɔsraa Samariafo yi nso ma wɔbɛyɛɛ honhom fam Israelfo.

Petro kaa asɛm no kyerɛɛ Kornelio ne n’abusuafo ne ne nnamfo (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5 Afe 36 no, Yehowa san faa Petro so frɛɛ nnipa foforo bɛkaa honhom fam Israel man no ho. Eyi sii bere a Petro kaa asɛm no kyerɛɛ Roma sraani panyin Kornelio ne n’abusuafo ne ne nnamfo no. (Asomafo Nnwuma 10:22, 24, 34, 35) Bible ka sɛ bere a Petro gu so rekasa no, honhom kronkron baa Amanaman Mufo a na wɔretie asɛm no so. Ɛyɛɛ gyidifo a wɔatwa wɔn twetia a wɔne Petro bae no nwonwa, efisɛ “wohwiee honhom kronkron dom akyɛde a wɔde ma kwa no guu amanaman mufo nso so.” (Asomafo Nnwuma 10:44, 45) Afei deɛ na kwan abue ama Amanaman Mufo a wɔntwaa twetia sɛ wɔbɛyɛ honhom fam Israelfo.

NNIPA A NE DIN DA WƆN SO

6, 7. Dɛn na ɔman foforo yi mufo yɛ de kyerɛe sɛ Yehowa din da wɔn so?

6 Afe 49 no, akwankyerɛ kuw no yɛɛ nhyiam bi, na osuani Yakobo de too gua sɛ: “Simeon [Petro] aka sɛnea Onyankopɔn dan n’ani baa amanaman no so nea edi kan yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din no ho asɛm fann.” (Asomafo Nnwuma 15:14) Na Yudafo ne Amanaman Mufo Kristofo nyinaa wɔ ɔman a Onyankopɔn din da wɔn so no mu. (Romafo 11:25, 26a) Akyiri yi Petro kyerɛw sɛ: “Kan no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man.” Petro kyerɛɛ nea enti a Onyankopɔn paw ɔman foforo yi, na ɔkae sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’” (1 Petro 2:9, 10) Na ɛsɛ sɛ wɔde akokoduru di Yehowa ho adanse na wɔma obiara hu sɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni no.

7 Afei deɛ na Yehowa de honhom fam Israel na ɛreyɛ adwuma, enti ɔfrɛɛ wɔn ‘ɔman a wanwene wɔn afa sɛ wɔnka n’ayeyi nkyerɛ.’ (Yesaia 43:21) Tete Kristofo yi de akokoduru ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn na nneɛma foforo a nkurɔfo som nyinaa yɛ atoro anyame. (1 Tesalonikafo 1:9) Wɔdii Yehowa ne Yesu ho adanse ‘wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de kɔɔ asase ano nohoa.’Asomafo Nnwuma 1:8; Kolosefo 1:23.

Sɛnea na tete Kristofo no yɛ Yehowa adansefo no, saa ara na “ahenni mma no” a wɔwɔ hɔ nnɛ nso te

8. Asɛm bɛn na ɔsomafo Paulo de bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔ wɔ asomafo no bere so?

8 Onipa baako a na ɔnsuro sɛ ɔbɛdi Yehowa ho adanse ne Paulo. Ɔmaa abosonsomfo nyansapɛfo bi huu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Ɔkae sɛ Yehowa na “ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” na ɔno ne “ɔsoro ne asase Wura.” (Asomafo Nnwuma 17:18, 23-25) Afei nso Paulo bɔɔ asafo no kɔkɔ sɛ: “Minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Ɛduu bere a asomafo no  nyinaa wuwui no, na awaefo agye ntini paa.1 Yohane 2:18, 19.

9. Asomafo no wu akyi no, dɛn na ɛtoo Onyankopɔn nkurɔfo?

9 Asomafo no wu akyi no, awaefo trɛw wɔn ntaban mu, na eyi nyinaa na ɛkɔfaa Kristoman asɔre ahorow no bae. Enti ɔkwan biara nni hɔ a na Kristofo atorofo yi bɛka sɛ Onyankopɔn din da wɔn so, mmom wɔyii edin no mpo fii wɔn Bible ahorow mu. Bio, wɔayɛ nneɛma pii de agu Onyankopɔn din ho fĩ. Wɔde abosonsom afrafra wɔn som mu na wɔn nkyerɛkyerɛ mfi Bible mu. Wɔde wɔn ho ahyɛ akodi pii mu susu sɛ wɔreko ama Onyankopɔn, na wɔn bra nso nye koraa. Enti ɔwae no akyi bere tenten bi no, na Yehowa asomfo anokwafo kakraa bi na wɔwɔ asase so, na na nnipakuw pɔtee bi nni hɔ a Onyankopɔn din da wɔn so.

ONYANKOPƆN NKURƆFO NNƐ

10, 11. (a) Dɛn na Yesu ka faa “awi” anaa ayuo ne “nwura bɔne” no ho? (b) Ɛyɛɛ dɛn na Yesu mfatoho no nyaa mmamu wɔ 1914 akyi?

10 Yesu maa mfatoho bi a ɛfa awi anaa ayuo ne nwura bɔne ho. Ɔde saa mfatoho no kyerɛe sɛ awaefo bɛma ayɛ den paa sɛ nkurɔfo bɛhu nokware som. Onipa Ba no kɔduaa ayuo wɔ n’afuw mu, na “bere a nnipa adeda no,” Ɔbonsam kɔduaa nwura bɔne wɔ ayuo no mu. Ná ayuo ne nwura bɔne no nyinaa bɛbom anyin akɔsi “wiase nhyehyɛe no awiei.” Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “aba pa no” gyina hɔ ma “ahenni mma no” na “nwura bɔne no” gyina hɔ ma “ɔbɔnefo no mma.” Sɛ ɛdu awiei bere no a, onipa Ba no bɛsoma abɔfo ma wɔakɔyiyi nwura bɔne no afi ayuo no mu. Afei abɔfo no bɛboaboa Ahenni mma no ano. (Mateo 13:24-30, 36-43) Eyi baa mu sɛn? Ɔkwan bɛn so na eyi maa Onyankopɔn nyaa nnipa foforo de ne din too wɔn so wɔ asase so?

11 “Wiase nhyehyɛe no awiei” fii ase 1914. Saa bere no, na Kristofo a wɔasra wɔn bɛyɛ 5,000 pɛ na wɔwɔ asase so. Saa afe no na wiase ko a ɛdi kan pae gui, na na “ahenni mma no,” kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no nnya nnee wɔn ho mfii Babilon Kɛse ho koraa. Nanso 1919 mu no, Yehowa ma wɔdee wɔn ho, na afei nsonsonoe a ɛda nokware Kristofo ne Kristofo atorofo ntam no bɛdaa adi pefee. Yehowa boaboaa “ahenni mma no” ano de ne din too wɔn so. Enti afei deɛ na ɔwɔ nnipakuw pɔtee bi wɔ asase so a ɔbɛtumi afrɛ wɔn ne nkurɔfo. Yesaia hyɛɛ eyi ho nkɔm. Ɔkae sɛ: “So wobetumi akyem awo asase da koro? Anaasɛ wobetumi awo ɔman prɛko pɛ? Nanso awo kaa Sion pɛ na ɔwoo  ne mma.” (Yesaia 66:8) Ɛha yi, Sion gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde a abɔfo wom no. Sion ‘woe’ bere a Onyankopɔn boaboaa ne mma a wɔasra wɔn no ano wɔ asase so de ne din too wɔn so no.

12. Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no ayɛ de akyerɛ sɛ Yehowa din da wɔn so?

12 Sɛnea na tete Kristofo no yɛ Yehowa adansefo no, saa ara na “ahenni mma no” a wɔwɔ hɔ nnɛ nso te. (Monkenkan Yesaia 43:1, 10, 11.) Ade a ɛma wɔda nsow ne wɔn abrabɔ ne Ahenni no ho asɛmpa a wɔka de di “amanaman nyinaa adanse” no. (Mateo 24:14; Filipifo 2:15) Eyi ama wɔatumi aboa nnipa mpempem pii ma wɔaka abɛn Yehowa.Monkenkan Daniel 12:3.

“YƐNE MO BƐKƆ”

13, 14. Sɛ obi pɛ sɛ Yehowa gye ne som tom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ɔkwan bɛn so na Bible kaa ho asɛm too hɔ?

13 Adesua a ɛdi eyi anim no, yɛhuu sɛ tete Israel no, sɛ ahɔho pɛ sɛ wɔsom Yehowa a, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho bɔ ne nkurɔfo na wagye wɔn som atom. (1 Ahene 8:41-43) Ɛnnɛ nso sɛ obi pɛ sɛ ɔsom Yehowa a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bɔ Adansefo a wɔasra wɔn no, na ɔne wɔn som Yehowa.

14 Tete no, adiyifo bi kae sɛ, sɛ ɛdu awiei bere mu a, nnipa pii de wɔn ho bɛbɔ Yehowa nkurɔfo ne wɔn asom. Yesaia kae sɛ: “Aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: ‘Mommra mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.’ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.” (Yesaia 2:2, 3) Sakaria nso ka too hɔ sɛ: “Amanaman mu nnipa ne aman akɛse bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan wɔ Yerusalem na wɔakotow asrɛ Yehowa.” Nnipa yi fi ‘amanaman nyinaa’ mu na “wɔka kasa horow.” Wɔde wɔn ntama bɛbɔ honhom fam Israel deɛ ano na wɔaka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”Sakaria 8:20-23.

15. Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no ne honhom fam Israel ‘kɔ’?

15 Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no ne honhom fam Israel ‘kɔ’? Wɔyɛ saa bere a wɔne wɔn bom ka Ahenni ho asɛmpa no. (Marko 13:10) Enti wɔabɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔne wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa ayɛ ‘kuw baako’ wɔ “oguanhwɛfo pa” Kristo Yesu ase.Monkenkan Yohane 10:14-16.

HWEHWƐ AHOBAMMƆ WƆ YEHOWA NKURƆFO MU

16. Dɛn na Yehowa bɛyɛ ma Harmagedon ko no aba?

16 Babilon Kɛse sɛe akyi no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛhyia ɔtaa a emu yɛ den. Saa bere no du a, yɛbɛhia Yehowa ahobammɔ na yɛanya yɛn ti adidi mu. Yehowa ankasa bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛdannan nneɛma, na ɛbɛka n’atamfo ma watow ahyɛ ne nkurɔfo  so. Eyi na ɛbɛkɔ akɔfa Harmagedon ko no aba; eyi ne “ahohiahia kɛse” no fã a ɛtwa to no. (Mateo 24:21; Hesekiel 38:2-4) Enti Gog bɛtow ahyɛ “nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman mu” no so. (Hesekiel 38:10-12) Sɛ ɛba saa a, Yehowa de ne ho bɛgye mu ntɛm ara na wasɛe Gog ne ne dɔm pasaa. Yehowa bɛkyerɛ ne tumi na watew ne din ho, efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: “Mɛhyɛ me ho anuonyam na matew me din ho, na mɛda me ho adi wɔ aman pii anim ma wɔahu sɛ mene Yehowa.”Hesekiel 38:18-23.

“Ahohiahia kɛse” no mu no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ yɛn asafo denneennen (Hwɛ nkyekyɛm 16-18)

17, 18. (a) Sɛ Gog tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, akwankyerɛ bɛn na Yehowa de bɛma wɔn? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa bɔ yɛn ho ban a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Sɛ Gog tow hyɛ Yehowa nkoa so a, Yehowa bɛka akyerɛ wɔn sɛ: “Me man, monkɔ mo mpia mu na monto mu. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yesaia 26:20) Saa bere no, Yehowa bɛma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛbɔ yɛn ho ban. Ɛbɛyɛ sɛ “mpia” no fa yɛn asafo ahorow ho.

18 Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn bɔ yɛn ho ban wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ Onyankopɔn wɔ nkurɔfo wɔ asase so, na wɔahyehyɛ wɔn ayɛ wɔn asafo ahorow. Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa nkurɔfo bɔ na yɛbata yɛn asafo ho denneennen. Ɛnde, momma yɛmfi yɛn koma nyinaa mu nka asɛm a odwontofo no kae yi bi: “Nkwagye yɛ Yehowa dea. Wo nhyira wɔ wo man so.”Dwom 3:8.