Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Tie na Te Aseɛ’

‘Tie na Te Aseɛ’

“Mo nyinaa, montie me, na monte aseɛ.”MARKO 7:14.

1, 2. Adɛn nti na nnipa pii ante Yesu nsɛm no ase?

SƐ OBI ne yɛn rekasa a, yɛbɛte ne nne na ebia yɛbɛhu sɛ n’ani agye, ɔredi awerɛhoɔ, anaa n’ani abere. Nanso sɛ yɛnte nsɛmfua a ɔde redi dwuma no ase a, nea ɔreka nyinaa renkɔsi hwee. (1 Korintofoɔ 14:9) Yesu kasa kyerɛɛ nnipa mpempem wɔ wɔn kurom kasa mu, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtee n’asɛm no ase. Enti Yesu kaa sɛ: “Mo nyinaa, montie me, na monte aseɛ.”Marko 7:14.

2 Adɛn nti na nnipa pii ante Yesu asɛm no ase? Na wɔn mu binom anya adwene bi dada, na na ebinom nso nkura adwempa. Yesu kaa sɛ nnipa a wɔte saa afa ‘aniteɛ kwan so de Onyankopɔn mmara ato nkyɛn sɛdeɛ wɔbɛkora wɔn atetesɛm so.’ (Marko 7:9) Wɔanha wɔn ho koraa sɛ wɔbɛte Yesu nsɛm no ase. Ná wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsesa wɔn akwan ne wɔn nsusuiiɛ. Wɔwɔ aso a ɛte asɛm, nanso wɔn akoma nte aseɛ. (Monkenkan Mateo 13:13-15.) Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn abue yɛn akoma mu na yɛate Yesu nkyerɛkyerɛ ase?

NEA ƐBƐYƐ NA YƐANYA YESU NKYERƐKYERƐ SO MFASOƆ

3. Adɛn nti na asuafoɔ no tee Yesu nsɛm no ase?

3 Ɛsɛ sɛ yɛsuasua Yesu asuafoɔ no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Anigyeɛ ne mo ani sɛ ɛhunu adeɛ, ne mo aso  sɛ ɛte asɛm.” (Mateo 13:16) Ɛyɛɛ dɛn na asuafoɔ no tee Yesu asɛm no ase na afoforɔ ante aseɛ? Nneɛma mmiɛnsa bi na ɛboaa wɔn. Nea ɛdi kan, wɔbisabisaa Yesu nsɛm de huu adwene a ɛwɔ ne nsɛm no akyi. (Mateo 13:36; Marko 7:17) Nea ɛtɔ so mmienu, na wɔabue wɔn akoma mu sɛ wɔbɛsua nneɛma foforɔ aka nea wɔnim dada ho. (Monkenkan Mateo 13:11, 12.) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, na wɔayɛ krado sɛ wɔde nea wɔresua no bɛyɛ adwuma na wɔde aboa afoforɔ.Mateo 13:51, 52.

4. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɛhia na yɛate Yesu mfatoho ahodoɔ no ase?

4 Sɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛte Yesu mfatoho ahodoɔ no ase a, ɛsɛ sɛ yɛsuasua asuafoɔ no. Nneɛma mmiɛnsa a ɛboaa wɔn no bɛtumi aboa yɛn nso. Nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛgye berɛ sua Yesu nsɛm no na yɛdwendwene ho, yɛyɛ nhwehwɛmu, na yɛbisa nsɛm de te nneɛma ase. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya nimdeɛ. (Mmebusɛm 2:4, 5) Nea ɛtɔ so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛhu sɛnea nimdeɛ a yɛanya no ne nea yɛnim dada no hyia ne ɔkwan a saa nimdeɛ no bɛtumi aboa yɛn. Ɛno ne nteaseɛ. (Mmebusɛm 2:2, 3) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛasua no yɛ adwuma na yɛde bɔ yɛn bra. Wei ne nyansa.Mmebusɛm 2:6, 7.

Nyansa bɛtumi agye yɛn nkwa!

5. Fa mfatoho bi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛwɔ nimdeɛ, nteaseɛ, ne nyansa mu.

5 Nsonsonoeɛ bɛn na ɛwɔ nimdeɛ, nteaseɛ, ne nyansa mu? Momma yɛnyɛ mfatoho bi nkyerɛkyerɛ mu. Fa no sɛ wogyina kwan mfimfini na wohuu sɛ kar bi reba. Nea ɛdi kan, wohu sɛ kar na ɛreba; wei yɛ nimdeɛ. Afei wohu sɛ, sɛ wokɔ so gyina hɔ a, kar no bɛba abɛbɔ wo. Wei yɛ nteaseɛ! Enti wobɛtwe wo ho afi hɔ ntɛm; wei yɛ nyansa! Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnkora nyansa ne adwempa,’ efisɛ ɛbɛtumi agye yɛn nkwa!Mmebusɛm 3:21, 22; 1 Timoteo 4:16.

6. Nsɛmmisa nnan bɛn na yɛde bɛpɛɛpɛɛ Yesu mfatoho nson bi mu? (Hwɛ  adaka no.)

6 Adesua yi ne nea ɛdi so mu no, yɛbɛhwɛ mfatoho nson bi a Yesu de dii dwuma. Yɛbɛbisa nsɛm a ɛdidi so yi: Dɛn na mfatoho no kyerɛ? (Wei bɛboa yɛn ma yɛanya nimdeɛ.) Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho yi? (Wei bɛboa yɛn ma yɛate aseɛ.) Yɛbɛyɛ dɛn de asɛm no ayɛ adwuma na yɛde aboa afoforɔ nso? (Wei yɛ nyansa.) Afei, dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

SINAPI ABA

7. Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa sinapi aba ho no kyerɛ?

7 Monkenkan Mateo 13:31, 32. Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa sinapi aba ho no kyerɛ? Sinapi aba no gyina hɔ ma Ahenni asɛm a yɛka no ne Kristofoɔ asafo no. Berɛ a Kristofoɔ asafo no hyɛɛ aseɛ afe 33 Y.B. no, na ɛyɛ ketewaa bi. Yɛbɛka a, na ɛte sɛ “aba nyinaa mu deɛ ɛsua koraa.” Nanso Ahennie asɛmpaka adwuma  no nti, asafo no fii ase nyinii ntɛmntɛm. Ná nnipa pii nhwɛ kwan sɛ ɛbɛnyini ntɛmntɛm saa. (Kolosefoɔ 1:23) Yesu kaa sɛ “ewiem nnomaa” bɛnya baabi ‘atena wɔ ne mman so.’ Wei kyerɛ sɛ berɛ a Kristofoɔ asafo no reyɛ kɛse no, nnipa a wɔwɔ akoma pa bɛnya honhom fam aduane, onwunu, ne ahobammɔ wɔ asafo no mu.—Fa toto Hesekiel 17:23 ho.

Kristofoɔ asafo no anyini ma ɛyɛ nwanwa paa

8. Adɛn nti na Yesu de sinapi aba yɛɛ mfatoho?

8 Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho yi? Sinapi aba nyini ntɛmntɛm, na Yesu de totoo Onyankopɔn Ahennie ho, efisɛ ɛno nso nyini ntɛmntɛm. Bio, ɔde kyerɛɛ sɛnea ɛbɔ nkurɔfoɔ ho ban, na ɛtumi di akwansideɛ biara so. Ɛfi 1914 reba no, Kristofoɔ asafo no anyini ma ɛyɛ nwanwa paa. (Yesaia 60:22) Daa wɔnya akwankyerɛ a ɛfata, na wei boa wɔn ma wɔde wɔn ho bɔ Yehowa papee. (Mmebusɛm 2:7; Yesaia 32:1, 2) Biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi asi asafo no nkɔsoɔ kwan.Yesaia 54:17.

9. (a) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi sinapi aba mfatoho no mu? (b) Dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

9 Dɛn na yɛbɛtumi asua afi sinapi aba ho mfatoho no mu? Ebia baabi a yɛte no Adansefoɔ pii nni hɔ, na yɛnhu nso sɛ asɛnka adwuma no renya nkɔsoɔ papa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Ahennie no bɛtumi adi akwansideɛ biara so. Sɛ yɛhu no  saa a, yɛbɛnya ahoɔden ayɛ adwuma no. Ɛho nhwɛsoɔ nie. Berɛ a Onua Edwin Skinner kɔduu India 1926 no, na Adansefoɔ a wɔwɔ hɔ nnu ahe biara. Mfiaseɛ no, na wonhu nkɔsoɔ biara, enti na adwuma no ayɛ den. Nanso ɔkɔɔ so kaa asɛm no, na ɔhuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi asi Ahennie asɛm no kwan. Ɛnnɛ, Adansefoɔ bɛboro 37,000 na wɔwɔ India, na nnipa bɛboro 108,000 na wɔbaa 2013 Nkaedie no. Afe a Onua Skinner kɔɔ India no, saa afe no ara na asɛmpaka adwuma no hyɛɛ ase wɔ Zambia. Yɛrekasa yi, Adansefoɔ bɛboro 170,000 na wɔwɔ Zambia, na nnipa 763,915 na wɔbaa 2013 Nkaedie no. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛyi Zambiafoɔ 18 biara si hɔ a, emu 1 baa Nkaedie no bi. Sɛ wei nkyerɛ sɛ Ahennie adwuma no renya nkɔsoɔ a, dɛn bio na ɛbɛkyerɛ?

MMƆREKA

10. Mmɔreka ho mfatoho no kyerɛ sɛn?

10 Monkenkan Mateo 13:33. Mmɔreka ho mfatoho no kyerɛ sɛn? Mfatoho yi fa Ahennie asɛm no ho, na ɛkyerɛ sɛnea ɛtumi sesa nkurɔfoɔ. Esiam no “nyinaa” gyina hɔ ma aman nyinaa. Sɛnea mmɔre tumi ka nkakrankakra no, saa ara na asɛmpaka adwuma no ma Ahennie asɛm no trɛ kɔ baabiara. Sɛ sinapi aba renyini a wohu no ntɛm ara, nanso sɛ mmɔre reka a, wonhu no ntɛm. Berɛ bi akyi ansa na wobɛhu.

11. Adɛn nti na Yesu de mmɔreka yɛɛ mfatoho?

11 Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho yi? Yesu maa no daa adi sɛ Ahennie asɛm no tumi trɛ kɔ “asase ano nohoa,” na ɛtumi wurawura nnipa mu ma wɔyɛ nsakrae pii. (Asomafoɔ Nnwuma 1:8) Mfiaseɛ no ebia yɛrenhu nsakrae no, nanso na ɛrekɔ so ara. Nnipa pii retie Ahenni asɛm no wɔ baabiara na tumi a ɛwom no boa wɔn ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetena mu.Romafoɔ 12:2; Efesofoɔ 4:22, 23.

12, 13. Ma nhwɛsoɔ fa kyerɛ sɛnea asɛnka adwuma no renya nkɔsoɔ sɛnea mmɔreka ho mfatoho no kyerɛ no?

12 Sɛ nkurɔfoɔ te Ahennie asɛm no a, ebia mfie pii bɛtwam ansa na yɛahu sɛ ɛreso aba. Ɛho nhwɛsoɔ nie: Afe 1982 no, na Franz ne ne yere Margit som wɔ Brazil Betel, na wɔkɔkaa asɛm no wɔ kuro ketewa bi mu. Na wɔne nnipa pii sua Bible, na na maame bi ne ne mma nnan ka ho. Saa bere no na maame no ba barima panin adi mfe 12. Na abarimaa no fɛre adeɛ paa; sɛ awarefoɔ yi kɔ sɛ wɔne wɔn rekɔsua adeɛ a, na wakɔpɛ baabi atɛ. Franz ne Margit nyaa dwumadie foforɔ,  enti wɔantumi antoa adesua no so. Mfie 25 akyi no, wɔsan kɔɔ kuro no so kɔsraa wɔn. Na asafo aba kurom hɔ ma wɔanya Ahennie Asa foforɔ mpo. Ná wɔwɔ adawurubɔfoɔ 69; emu 13 yɛ akwampaefoɔ. Abarimaa a na ɔfɛre adeɛ no nso ɛ? Seesei wanyin ayɛ panin mua, na ɔsom sɛ mpanimfoɔ ntam nkitahodifoɔ! Awarefoɔ yi huu sɛ Ahennie asɛm no atrɛ na asesa nkurɔfoɔ te sɛ mmɔreka a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no. Wo deɛ hwɛ sɛnea onua yi ne ne yere ani bɛgye afa!

13 Aman bi wɔ hɔ a aban no abara asɛnka adwuma no, nanso ɛhɔ mpo Ahennie asɛm no tumi sesa nkurɔfoɔ. Sɛ yɛhu sɛnea asɛm no atrɛ wɔ aman a ɛte saa so a, na yɛn ho adwiri yɛn. Yɛmfa Cuba nyɛ nhwɛsoɔ. Ahennie asɛm no duu hɔ 1910, na Onua Russell kɔɔ hɔ 1913. Mfiaseɛ no, na ɛyɛ den sɛ obi bɛhu sɛ nkɔsoɔ bɛba. Nanso dɛn na yɛhu wɔ Cuba nnɛ? Adawurubɔfoɔ bɛboro 96,000 na wɔreka asɛmpa no wɔ hɔ, na nnipa 229,726 na wɔbaa 2013 Nkaedie no. Sɛ woyi ɔman no mu nnipa 48 si hɔ a, emu 1 baa Nkaedie no. Baabi wɔ hɔ a aban no mmaraa yɛn adwuma no, nanso ebia Adansefoɔ a wɔwɔ hɔ anna anso ho daeɛ da sɛ asɛnka adwuma no bɛtumi adu ɔman no afa bi. * (Hwɛ aseɛ hɔ asɛm.)Ɔsɛnkafoɔ 8:7; 11:5.

Momma yɛnkae sɛ biribiara nso Yehowa yɛ

14, 15. (a) Dɛn na yɛn mu biara bɛtumi asua afi mmɔreka ho mfatoho no mu? (b) Dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

14 Dɛn na yɛbɛtumi asua afi Yesu mfatoho a ɛfa mmɔreka ho no mu? Nnipa mpempem pii ntee Ahenni asɛm no, enti ebia yɛbɛbisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa yi nyinaa ate asɛm no?’ Nanso sɛ yɛsusu Yesu mfatoho no ho te aseɛ a, yɛbɛhu sɛ ɛnhia sɛ yɛdwene ho ha yɛn ho dodo. Momma yɛnkae sɛ biribiara nso Yehowa yɛ. Ɛnneɛ, yɛn afã ne sɛn? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfiri ho kɔsi anwummerɛ, ɛfiri sɛ wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie; yei anaa yei, anaasɛ mmienu no nyinaa bɛbom ayɛ yie.” (Ɔsɛnkafoɔ 11:6) Ampa, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa na wahyira asɛnka adwuma no so, ɛnkanka baabi a aban no abara yɛn adwuma no.Efesofoɔ 6:18-20.

15 Afei nso sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no na mfiaseɛ no yɛnhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɛreso aba a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Mommma yɛmmmu “nneɛma nketewa da” anaa ne mfiaseɛ animtia. (Sakaria 4:10) Ɛbɛwie aseɛ no, ebia nea yɛnsoo ho daeɛ koraa na ɛbɛfi mu aba!Dwom 40:5; Sakaria 4:7.

 ODWADINI BI A ƆTUU KWAN NE ADEMUDEƐ A WƆDE AHUNTA

16. Odwadini bi a ɔtuu kwan ne ademudeɛ a wɔde ahunta ho mfatoho no kyerɛ sɛn?

16 Monkenkan Mateo 13:44-46. Odwadini bi a ɔtuu kwan ne ademudeɛ a wɔde ahunta ho mfatoho no kyerɛ sɛn? Yesu berɛ so no, na adwadifoɔ tu kwan kɔ akyirikyiri kɔhwehwɛ nhwene pa tɔ. Yesu kaa wɔ ne mfatoho no mu sɛ odwadini bi huu “ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den.” Ahweneɛ no gyina hɔ ma nokorɛ a ɛfa Ahenni no ho; wei yɛ biribi a ɛsom bo paa. Odwadini a ɔwɔ mfatoho no mu nso gyina hɔ ma nkurɔfoɔ a wɔwɔ akoma pa a wɔduedue mu hwehwɛ nokorɛ no. Berɛ a odwadini no huu ahweneɛ no, “ntɛm ara” ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔeɛ, efisɛ na ɛsom bo ma no. Yesu yɛɛ mfatoho foforɔ, na ɔkaa sɛ na ɔbarima bi reyɛ adwuma wɔ wuram na ɔhuu ademudeɛ bi a “wɔde ahunta.” Ɔbarima yi deɛ na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔrekyini ahwehwɛ ademudeɛ te sɛ odwadini no; mmom ɔkɔpuee so. Nanso berɛ a ɔhuu sɛ ɛsom bo no, ɔkɔtɔn ‘deɛ ɔwɔ nyinaa’ sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka.

17. Adɛn nti na Yesu de odwadini bi ne ademudeɛ a wɔde ahunta yɛɛ mfatoho?

17 Adɛn nti na Yesu yɛɛ mfatoho mmienu yi? Yesu yɛɛ saa de kyerɛɛ sɛ nkurɔfoɔ nam akwan pii so na ɛhu nokorɛ no. Ebinom hyɛ da hwehwɛ nokorɛ no na wɔde nneɛma pii bɔ afɔreɛ na wɔatumi ahu. Ebinom nso anhyɛ da sɛ wɔrehwehwɛ nokorɛ no nanso wɔahu; ebia obi na ɛkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Nnipa mmienu a wɔwɔ mfatoho no mu no huu sɛ ahweneɛ no som bo paa, enti na wɔayɛ krado sɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔreɛ biara, wɔde bɛbɔ na wɔn nsa aka.

Si w’adwene pi sɛ wode nokorɛ no bɛdi kan wɔ biribiara mu

18. (a) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mfatoho mmienu yi mu? (b) Dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ne Yesu ho?

18 Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mfatoho mmienu yi mu? (Mateo 6:19-21) Bisa wo ho sɛ: ‘Adwene a na mmarima no wɔ wɔ ahweneɛ no ho no, ɛno ara bi na mewɔ wɔ nokorɛ no ho? Mebu nokorɛ no sɛ ademudeɛ a ɛsom bo? Masi me bo sɛ mede nneɛma bɛbɔ afɔreɛ na me nsa aka, anaa mema asetenam nneɛma twetwe m’adwene?’ (Mateo 6:22-24, 33; Luka 5:27, 28; Filipifoɔ 3:8) Sɛ nokorɛ no da yɛn koma so paa a, yɛbɛsi yɛn adwene pi sɛ yɛde bɛdi kan wɔ biribiara mu.

19. Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

19 Momma yɛnkyerɛ sɛ yɛatie mfatoho no agu aso pa mu na yɛate aseɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛnim nea mfatoho no kyerɛ mpo a, ɛno ara nnɔɔso. Ɛhia sɛ yɛde nea yɛasua no bɔ yɛn bra. Adesua a ɛdi hɔ no, yɛbɛsusu mfatoho foforɔ mmiɛnsa ho na yɛahwɛ nea yɛbɛtumi asua afi mu.

^ nky. 13 Wobɛtumi akenkan osuahu a ɛte saa afi nwoma a ɛdidi so yi mu: Argentina (2001 Yearbook, kratafa 186); East Germany (1999 Yearbook, kratafa 83); Papua New Guinea (2005 Yearbook, kratafa  63); ne Robinson Crusoe Island (Ɔwɛn-Aban, June 15, 2000, kratafa 9).