Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Enti berɛ bi bɛba a wiase nyinaa bɛnya aban baako?

Ɛbɛyɛ Dɛn na Wiase Ahennie Atumi Aka Nnipa a Wɔfiri Aman Nyinaa so Abom? Yesaia 32:1, 17; 54:13

Sɛ aban baako na ɛdi wiase nyinaa so a, hwɛ sɛnea anka nnipa bɛnya ahotɔ. Ɛnnɛ ebinom di yie paa, nanso nnipa pii na ohia nti, wɔrehunu amane. Nanso aban a ɛdwene ne manfoɔ ho deɛ, ɛbɛtumi ama obiara nsa aka nea ɔhia. Wohwɛ a nnipa bɛtumi de aban a ɛte saa aba asase so?Kenkan Yeremia 10:23.

Ɛfiri tete nyinaa, nnipa aban adi nkoguo. Wɔntumi mmaa wɔn a wɔdi wɔn so no nsa nkaa nea wɔhia; wɔn a wɔn ho taa ka mu paa ne ahiafoɔ. Aban no bi di atirimɔdensɛm. (Ɔsɛnkafoɔ 4:1; 8:9) Nanso adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛma aban bi abɛsi aban a ɛwɔ wiase nyinaa ananmu. Nea ɔbɛdi saa aban no so no bɛhwɛ ne manfoɔ yie paa.Kenkan Yesaia 11:4; Daniel 2:44.

Dɛn na Onyankopɔn Ahennie bɛyɛ?

Yehowa Nyankopɔn ayi obi a ɔfata paa sɛ ɔnni wiase so hene. Ne Ba Yesu ne saa Ɔhene no. (Luka 1:31-33) Berɛ a Yesu wɔ asase so no, na ɔtaa boa nkurɔfoɔ. Sɛ ɔbɛdi asase so hene a, ɔbɛka nnipa a wɔfiri aman nyinaa so abom, na ɔbɛyi amanehunu nyinaa afiri wɔn so.Kenkan Dwom 72:8, 12-14.

Nnipa nyinaa na wɔbɛgye Yesu atom sɛ Ɔhene anaa? Dabi. Nanso, Yehowa wɔ aboterɛ. (2 Petro 3:9) Wama nnipa anya hokwan a wɔde bɛgye Yesu atom sɛ Ɔhene. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛyi nnipa abɔnefoɔ afiri asase so, na ɔbɛma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa anya asomdwoeɛ ne akomatɔyam.Kenkan Mika 4:3, 4.