Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐHO HIA SƐ WOSUA BIBLE?

Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible

Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Sua Bible

Nnipa pii nim Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma wɔ baabiara. Nanso w’ankasa wonim sɛ yɛsan ne nkurɔfo yɛ nhyehyɛe sua Bible?

Afe 2014 mu no, Adansefo bɛboro 8,000,000 a wɔwɔ nsase 240 so ne nnipa bɛyɛ 9,500,000 suaa Bible no bosome biara. * Aman bɛyɛ 140 bi wɔ hɔ a, nnipa a wɔwɔ saa aman no mu biara mu no dodow nnu nnipa dodow a yɛne wɔn sua Bible no.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo atumi ne nkurɔfo asua Bible no, afe biara wɔtintim Bible, nwoma, nsɛmma nwoma, ne nneɛma foforo a wɔde sua Bible bɛyɛ ɔpepepem baako ne fã wɔ kasa bɛyɛ 700 mu! Nwoma dodow a yɛtintim yi ma nkurɔfo tumi sua Bible wɔ kasa a wɔpɛ mu.

NSƐM A EBINOM TAA BISA FA BIBLE ADESUA A YƐNE NKURƆFO YƐ NO HO NE ƐHO MMUAEƐ

Moyɛ adesua no sɛn?

Yɛpaw Bible mu asɛm bi a, na yɛde Bible no akyerɛkyerɛ mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ma yɛnya nsɛmmisa bi te sɛ nea ɛdidi so yi ho mmuaeɛ: Hena ne Onyankopɔn? Ɔte sɛn? Enti ɔwɔ din? Ɛhefa na ɔte? Yɛbɛtumi abɛn no ama ayɛ yie? Mmuaeɛ no wɔ Bible mu, nanso, asɛm no ne sɛ, Bible mu hefa na ɛwɔ?

Enti nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo anya nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ no, yɛtaa ne wɔn sua nwoma bi a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * Saa nwoma yi kura nkratafa 224. Nea enti a wɔyɛɛ nwoma yi ne sɛ ɛbɛboa nkurɔfo ama wɔate Bible mu mfiase nkyerɛkyerɛ bi ase. Nkyerɛkyerɛ no bi fa Onyankopɔn, Yesu Kristo, nnipa amanehunu, owusɔre, mpaebɔ, ne nsɛm afoforo pii ho.

Bere bɛn na moyɛ adesua no, na ɛhefa?

Yɛbɛtumi ne wo ayɛ adesua no wɔ bere ne baabi a ɛyɛ ma wo.

Adesua biara di nnɔnhwerew sɛn?

Nnipa binom ayi dɔnhwerew baako anaa nea ɛboro saa asi hɔ a nnawɔtwe biara wɔde sua Bible. Nanso yɛtumi yɛ nsakrae wɔ bere tenten a yɛde yɛ adesua no mu. Bere tenten a wopɛ no na yɛne wo bɛsua. Ebinom de simma 10 anaa 15 pɛ na esua ade nnawɔtwe biara.

Sika sɛn na obi tua na watumi de ne ho ahyem?

Yɛnnye sika biara, na nwoma biara a yɛne wo de bɛyɛ adesua no nso yɛnntɔn. Wei ne akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo no hyia. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyaa no kwa, momfa mma kwa.”Mateo 10:8.

Obi de nna sɛn na ɛbɛsua ade no awie?

Bere tenten a yɛne wo bɛsua deɛ, ɛgyina wo ara wo so. Adesua nsɛm 19 na ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma no mu. Yɛbɛtumi ne wo asua eti no mu biara anaa nwoma no nyinaa awie bere tenten biara a wopɛ.

Sɛ mede me ho hyɛ adesua no mu a, ɛsɛ sɛ mebɛyɛ Yehowa Danseni anaa?

Dabi. Yɛnim paa sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw ɔsom a ɔpɛ. Nanso sɛ nkurɔfo nya Bible mu nimdeɛ kakra a, ɛtumi boa wɔn ma wɔpaw ɔsom a ɛfata.

Ɛhe na mɛtumi anya adesua no ho nsɛm pii?

Wobɛhunu Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn nnwuma ho nsɛm wɔ Intanɛt so wɔ jw.org/tw.

Sɛ mepɛ sɛ obi ne me bɛsua Bible a, dɛn na menyɛ?

  • Fa w’abisade no fa Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw.

  •  
  • Hwehwɛ Yehowa Adansefo wɔ wo mpɔtam. Sɛ mowɔ nwoma a wɔahyehyɛ tɛlɛfon nɔma wom wɔ mo mpɔtam hɔ nso a, wobɛtumi ahwɛ asɛm “Yehowa Adansefo,” na wobɛhunu wɔn a wɔbɛn wo.

^ nky. 4 Yɛtumi ne ankorankoro anaa kuw nketewa sua Bible no.

^ nky. 9 Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ. Wɔatintim nwoma yi bɛboro ɔpepem 230 wɔ kasa bɛboro 260 mu.