Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

YEHOWA DANSENI BI NE OBI BƆ NKƆMMƆ

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkae Yesu Wuo No?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkae Yesu Wuo No?

Nkɔmmɔ a ɛdi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdanseni bi a wɔfrɛ no Maggie akɔsra ɔbaa bi a wɔfrɛ no Sara wɔ ne fie.

“MONKƆ SO NYƐ YEI MFA NKAE ME”

Maggie: Sara, wo ho te sɛn? M’ani gyee paa sɛ mehunuu wo wɔ Yesu Kristo wuo Nkaedi no ase. * Wohunuu no sɛn?

Sara: M’ani gyee nea ɛkɔɔ so no ho paa. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, mante nea wɔkae no pii ase. Menim sɛ Yesu awoda ho hia nnipa pii enti wɔdi Buronya de kae sen sɛ wɔbɛkae ne wuo no. Mesrɛ wo, wobɛtumi asan akyerɛ me nea enti a ɛho hia sɛ yɛkae Yesu wuo no?

Maggie: Ɛwom, Buronya agye din wɔ wiase baabiara. Nanso Yehowa Adansefo gye di sɛ Yesu wuo no na ɛsɛ sɛ yɛkae. Sɛ wowɔ bere kakra a, anka m’ani bɛgye ho sɛ mɛsan ne wo abɔ ho nkɔmmɔ na ama woahu nea enti a ɛte saa.

Sara: Oh, mewɔ bere kakra.

Maggie: Nea enti a Yehowa Adansefo kae Yesu wuo no ne sɛ, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ saa. Wo deɛ, ma yɛnhwɛ nea esii anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no. Wokae aduane titiriw bi a ɔne n’akyidifo anokwafo no dii no?

Sara: Woreka Awurade Adidi no anaa?

Maggie: Aane. Wɔsan frɛ no Awurade Anwummeduane. Bere a Yesu ne n’akyidifo no redidi no, ɔmaa wɔn ahyɛde bi. Wɔaka ho asɛm wɔ Luka 22:19, mesrɛ wo wobɛkenkan?

Sara: OK. Ɛkenkan sɛ: “Afei nso, ɔfaa paanoo daa ase, bubuu mu de maa wɔn kaa sɛ: ‘Yei gyina hɔ ma me nipadua a mo nti wɔde bɛma. Monkɔ so nyɛ yei mfa nkae me.’”

Maggie: Medaase. Hwɛ asɛm a Yesu ka de twaa tow no, ɔse “monkɔ so nyɛ yei mfa nkae me.” Ansa na Yesu de ahyɛde no rema n’akyidifo sɛ wɔnkae no no, ɔmaa wɔhunuu ade pɔtee a ɔpɛ sɛ wɔkae. Ɔkaa sɛ ɔde ne kra bɛto hɔ ama n’akyidifo. Yesu kaa saa asɛm koro no ara wɔ Mateo 20:28. Ɛhɔ ka sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔrebɛsom de ne kra ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree.” Sɛ yɛbɛka no tiawa a, ɛno nti na Yehowa Adansefo hyiam afe biara hyɛ Yesu wuo no ho fã no. Yɛyɛ de kae agyede a Yesu de mae no. Ne wuo no bɛtumi ama nnipa asoɔmmerɛwfo nyinaa anya nkwa.

DƐN NTI NA NA AGYEDE NO HO HIA?

Sara: Mete sɛ nkurɔfo ka sɛ Yesu wui sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya nkwa. Nanso nokwasɛm ni, medwene ho ara mente ase.

Maggie: Sara, ɛnyɛ wo nko ara na wonte ase. Yesu agyede afɔrebɔ no yɛ nkyerɛkyerɛ a emu dɔ yie. Nanso, ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ anigye paa. Mepa wo kyɛw oo, wo bere no te sɛn?

Sara: Yɛbɛtumi atoa so, mewɔ bere kakra.

Maggie: Ɛyɛ paa. Ná merekenkan agyede no koraa ho asɛm, na ma menkyerɛkyerɛ mu tiawa nkyerɛ wo.

Sara: OK, mate.

Maggie: Sɛ yɛbɛte agyede no ase a, ɛsɛ sɛ yɛdi kan te nea bɔne a Adam ne Hawa yɛe wɔ Eden turom de bae no ase. Wo deɛ ma yɛnkenkan Romafoɔ 6:23 na ama yɛate asɛm yi ase yie. Mesrɛ wo, wobɛkenkan anaa?

Sara: Mɛkenkan dodo. Ɛhɔ kan sɛ: “Bɔne akatua ne owuo, na akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu soɔ.”

Maggie: Medaase. Wo deɛ ma yɛnsusu kyerɛwsɛm yi ho kakra. Ma yɛnni kan nhwɛ asɛm a wɔde fii ase no. Ɛka sɛ: “Bɔne akatua ne owuo.” Wei yɛ mmara tiawa a Onyankopɔn hyɛe wɔ adasamma mfiase pɛɛ; bɔne akatua, anaa ɛho asotwe ne owuo. Mfiase no, na obiara nyɛ ɔbɔnefo. Wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, na bɔne biara nni wɔn ho; na wɔyɛ pɛ, na na mma a wɔbɛwo wɔn nyinaa nso bɛyɛ pɛ a bɔne biara nni wɔn ho. Anka biribiara nni hɔ a ɛbɛma obi awu. Ná Adam ne Hawa asefo nyinaa wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa ama wɔn ani agye. Nanso, sɛnea yɛnim no, amma no saa. Meboa?

Sara: Dabi. Adam ne Hawa dii aduaba a na wɔabara wɔn no.

Maggie: Saa pɛpɛɛpɛ. Nea Adam ne Hawa yɛe no yɛ bɔne; wɔhyɛɛ da na wɔdii aduaba no de yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Enti yɛbɛtumi aka sɛ wɔn ara na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo. Saa gyinae a Adam ne Hawa sii no, ɛnyɛ wɔn nko ara na na wɔbɛhunu amane, mmom, na ɛde ɔhaw kɛse bɛba wɔn asefo nyinaa so.

Sara: Dɛn na worepɛ akyerɛ?

Maggie: Wo deɛ, ma memma wo mfatoho bi. Sɛ́ wonim sɛnea yɛtõ paanoo?

Sara: Ɛno deɛ menim paa!

Maggie: Yɛmfa no sɛ woabɔ kyɛnsee fɛfɛɛfɛ sɛ wode bɛtõ paanoo. Nanso bere a wode rebɛtõ paanoo no na ɛgyee wo nsam bɔɔ fam maa ɛho moae. Enti wohwɛ a dɛn na paanoo biara a wode kyɛnsee yi bɛtõ no ho bɛyɛ? Wonnye nni sɛ paanoo no ho bɛmoa?

Sara: Ɛno deɛ, ɛyɛ nokware paa.

Maggie: Saa ara nso na bere a Adam ne Hawa hyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, ɛkɔbae. Bɔne ne sintɔ ma wɔbɛyɛɛ te sɛ kyɛnsee a amoa anaa ɛho atɔ kyima. Esiane sɛ wɔyɛɛ bɔne ansa na wɔrewo mma nti, na wɔn mma a wɔbɛwo wɔn nyinaa nso ho “bɛmoa;” ná wɔde bɔne bɛwo wɔn nyinaa. Sɛ Bible ka “bɔne” a, ɛnkyerɛ adebɔne a obi yɛ nko, ɛtumi nso kyerɛ bɔne anaa sintɔ a wɔde woo yɛn. Ɛwom sɛ bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, na wɔnwoo me ne wo mpo na kampɛsɛ yɛayɛ bɔne no bi deɛ, nanso wɔtɔn wɔn asefo nyinaa ne yɛn asefo nyinaa kɔɔ bɔne ne sintɔ mu, na ɛde owuo na abɛsoeɛ yɛn so. Enti bere a yɛkenkanee Romafoɔ 6:23 no, yɛbɛhunuu sɛ bɔne akatua ne owuo.

Sara: Wei deɛ ntease nnim. Adɛn nti na Adam ne Hawa bɔne nti, ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa hu amane saa?

Maggie: Ɛwom, ɛte sɛ nea ntease nnim. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee nti, ɔyɛɛ biribi; ɔmaa Adam ne Hawa wui wɔ bɔne a wɔyɛe no ho, na afei ɔmaa yɛn a yɛyɛ n’asefo no nyaa anidaso. Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe bi a ɔde bɛgye yɛn afi saa ɔhaw no mu. Ɛno na ɛmaa Yesu agyede afɔrebɔ no ho bɛhiaeɛ. Wo deɛ, ma yɛnsan nhwɛ Romafoɔ 6:23 hɔ bio. Bere a ɛkaa sɛ “bɔne akatua ne owuo” akyi no, ɛsan toaa so sɛ: “Akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo soɔ.” Enti Yesu wuo no na abue kwan a ɛbɛma yɛanya yɛn ho atete afi bɔne ne owuo ho. *

AGYEDE NO YƐ ONYANKOPƆN AKYƐDE A ƐSEN BIARA

Maggie: Asɛm foforo bi wɔ baabi a wokenkanee no a mepɛ sɛ wohyɛ no nsow.

Sara: Asɛm bɛn?

Maggie: Hyɛ no nsow sɛ, kyerɛwsɛm no san ka sɛ: “Akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu soɔ.” Afei ma memmisa wo, sɛ Yesu na ɔhunuu amane na owui de ne nkwa too hɔ maa yɛn a, adɛn nti na Bible ka sɛ agyede no yɛ “akyɛde a Onyankopɔn de ma,” na ɛnyɛ “akyɛde a Yesu de ma”? *

Sara: Hmm. Ɛno deɛ mennim.

Maggie: Asɛm no ara ne sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ Adam ne Hawa, enti bere a wɔyɛɛ asoɔden wɔ Eden turom hɔ no, Onyankopɔn na wɔyɛɛ no bɔne. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a nnipa mmienu a Yehowa dii kan bɔɔ wɔn no tew ne so atua no, ɛyɛɛ no yaw paa. Nanso Yehowa amma mframa amfa so koraa na ɔkyerɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi asɛm no ho dwuma. * Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ne honhom mu abɔde no mu baako aba asase so abɛtena ase sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na ɔde ne nkwa abɔ afɔre sɛ agyede. Enti agyede no ho biribiara yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn. Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛma agyede no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn. Woadwene sɛnea Onyankopɔn tee nka bere a wɔkum Yesu no ho pɛn?

Sara: Dabi, mennwenee ho da.

Maggie: Mehunu nneɛma pii a mmofra de di agorɔ wɔ ha. Mehwɛ a wowɔ mmofra.

Sara: Aane, mewɔ mmofra mmienu; ɔbaa baako, barima baako.

Maggie: Woyɛ ɔwofo yi deɛ, megye di sɛ wobɛte Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Yesu soro Agya no ase yie. Ɛda a wɔkum Yesu no, wo hwɛ a n’Agya no tee nka sɛn? Nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, wohwɛ a sɛn na ɔtee nka bere a ɔhunuu sɛ wɔakyere ne Ba a ɔdɔ no no, wɔredi ne ho fɛw, na wɔrebobɔ no akuturuku no? Wogye di sɛ Agya no san tee nka sɛn bere a wɔde nnadewa bobɔɔ ne Ba no fam dua ho, na wɔgyaa no hɔ sɛ ɔnwu owu yaayaw no?

Sara: Mehwɛ a ɔdii yaw paa. Mensusuu ho saa da!

Maggie: Ɛwom, yɛrentumi nkyerɛ sɛnea Onyankopɔn dii yaw ankasa saa da no deɛ, nanso yɛnim sɛ ɔwɔ atenka. Na yɛnim nea enti a ɔmaa kwan maa saa nneɛma yi nyinaa too no no nso. Wɔakyerɛkyerɛ mu kama wɔ Yohane 3:16. Ɛyɛ kyerɛwsɛm a yɛnim no yie paa. Mesrɛ wo, wobɛkenkan ama me?

Sara: Aane. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔkyerɛ ne mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”

Agyede afɔre no yɛ ɔkwan a Onyankopɔn afa so ada ɔdɔ a ɛsen biara adi akyerɛ yɛn

Maggie: Medaase. Wo deɛ ma yɛnsan nhwɛ kyerɛwsɛm no fã a ɛdi kan no. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase.” Enti ɔdɔ ne asɛm no pɔw ankasa. Ɔdɔ na ɛkaa Onyankopɔn ma ɔsomaa ne Ba no baa asase so bɛwu maa yɛn. Nokwasɛm ni, agyede afɔre no ne ade kɛse paa a Onyankopɔn ayɛ ama nnipa de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛno na afe biara Yehowa Adansefo hyiam hyɛ ho fã de kae Yesu wuo no. Wohunu nkyerɛkyerɛmu kakra a mede ama yi sɛn?

Sara: Emu ada hɔ paa ama me. Medaase sɛ woasan akyerɛkyerɛ me mu.

Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yie? Sɛ saa a, bere biara a wobɛhyia Yehowa Danseni bi no, mma no nnha wo sɛ wobɛbisa no. N’ani bɛgye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa asɛm no ho nkɔmmɔ.

^ nky. 5 Afe biara sɛ edu bere a Yesu wui no a, Yehowa Adansefo hyiam kae n’afɔrebɔ wuo no. Afe yi wɔbɛkae ne wuo no Fida, April 3.

^ nky. 32 Ɔwɛn-Aban foforo bɛba abɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yesu agyede afɔre no boa yɛn ma yɛtete yɛn ho fi bɔne ho, ne nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛanya agyede no so mfaso mu.

^ nky. 36 Bible ma yɛhunu sɛ ɛsono Onyankopɔn, ɛnna ɛsono Yesu. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 4. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ.