Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO

Abusua Ho Dadwene

Abusua Ho Dadwene

Janet ka sɛ: “Me papa wui no, ankyɛ koraa na me kunu ka kyerɛɛ me sɛ wahu ɔbaa foforo. Ɔkaa saa no, anni nnanu anni nnansa na ofii ase hyehyɛɛ ne nneɛma nyinaa; ogyaw me ne yɛn mma mmienu hɔ a wankra yɛn mpo.” Janet nyaa adwuma nanso na akatua a ɔgye no nso hwee wɔ fie. Ɛnyɛ sikasɛm nko na na ɛyɛ ne haw. Ɔka sɛ, “Sɛ medwene asɛyɛde foforo pii a na abɛgu me so no ho a, na ɛgyaw me kɔdaanna. Ná mentumi nhwɛ me mma sɛnea awofo foforo yɛ no, enti na ɛhaw me. Seesei mpo, ɛyɛ a metaa dwene sɛnea afoforo hu me ne me mma no ho. Mesusu sɛ ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ manyɛ m’ade sɛ ɔbaa warefo nti na m’aware asɛe no.”

Janet

Mpaebɔ boa Janet ma ɔtumi hyɛ ne ho so, na ɛboa no nso ma ɔhyɛ ɔne Onyankopɔn adamfofa mu den. Ɔka sɛ, “Sɛ ɛdu anadwo a ewim atɛm dinn no a, na ato me ne adwendwene. Sɛ mebɔ mpae kenkan Bible a, ɛma metumi da. Bible mu asɛm a ɛyɛ me dɛ paa ne nea ɛwɔ Filipifoɔ 4:6, 7 no. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Monnnwennwene biribiara nnha mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.’ Mpɛn pii no mebɔ mpae anadwo, na mahu sɛ Yehowa asomdwoe akyekye me werɛ.”

Mpaebɔ a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne Bepɔ so Asɛnka mu no yɛ awerɛkyekyesɛm a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn haw nyinaa so. Ɔkaa sɛ: “Mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ɛhia mo koraa ansa na moabisa no.” (Mateo 6:8) Na ɛho hia sɛ yɛbisa no. Mpaebɔ yɛ ɔkwan titiriw a yɛbɛtumi afa so ‘abɛn Onyankopɔn.’ Sɛ woyɛ saa a, dɛn na ɛbɛfiri mu aba? ‘Ɔbɛbɛn wo.’—Yakobo 4:8.

Nokware mu no, sɛ yɛbɔ mpae ka nea ɛhaw yɛn kyerɛ Onyankopɔn a, ɛnyɛ akomatɔyam nko na yɛnya. Yehowa, “mpaebɔ Tiefoɔ” no nso di boa obiara a ɔde gyidi ba ne nkyɛn no. (Dwom 65:2) Ɛno nti, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔmmɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba.’ (Luka 18:1) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bisa Onyankopɔn hwehwɛ n’akwankyerɛ ne ne mmoa, na yɛnya ahotoso sɛ ɔbɛtua yɛn ka wɔ gyidi a yɛda no adi no ho. Na ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene da sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔbɛdi ama yɛn. Sɛ ‘yɛannnyae mpaebɔ da’ a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ankasa.—1 Tesalonikafoɔ 5:17.

NEA ƐKYERƐ ANKASA SƐ OBI WƆ GYIDI

Sɛ yɛka gyidi koraa a, ɛkyerɛ dɛn? Gyidi kyerɛ sɛ ‘wobɛhu’ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa. (Yohane 17:3) Sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn a, nea ɛdi kan koraa no ɛsɛ sɛ yɛsua Bible no hu n’adwene. Bible ma yɛhu sɛ Onyankopɔn hu yɛn mu biara na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Nanso sɛ yɛka gyidi paa a, ɛnkyerɛ sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn ho nsɛm kɛkɛ. Ɛkyerɛ nso sɛ yɛbɛfa Onyankopɔn adamfo na yɛanya obu kɛse ama no. Sɛnea yɛrentumi ne obi mfa adamfo prɛko pɛ no, saa ara na ɛte wɔ yɛne Onyankopɔn adamfofa mu. Bere a yɛgu so resua ne ho ade na yɛyɛ “deɛ ɛsɔ n’ani daa,” na afei yɛhu sɛnea ɔreboa yɛn no, na yɛn gyidi nso ‘renya nkɔsoɔ.’ (2 Korintofoɔ 10:15; Yohane 8:29) Saa gyidi no na aboa Janet ma watumi agyina dadwene ahorow ano.

Janet ka sɛ: “Nea aboa ama me gyidi ayɛ den ne sɛ, mahu sɛ Yehowa nsa wɔ nea meyɛ biara so. Mpɛn pii no afoforo ne yɛn nni no yie, na ɛte sɛ nea yɛntumi nyɛ ho hwee. Sɛ ɛba saa a yɛkɔ so bɔ mpae na bere nyinaa Yehowa ma kwan bɛda ho, na metumi di ho dwuma ma ɛyɛ me nwonwa. Sɛ meda no ase a, ɛma mekae nneɛma pii a wayɛ ama me no. Bere nyinaa ɔtwitwa gye yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu; mpɛn pii no bere a yɛhia no paa mu. Afei nso wama manya Kristofo mmaa ne mmarima anokwafo a wɔyɛ nnamfo pa. Wɔboa me bere nyinaa na wɔn nhwɛso pa no hyɛ me mma no nkuran.” *

“Mahu nea enti a Yehowa ka wɔ Malaki 2:16 sɛ, ‘ɔkyiri awaregyaeɛ’ no. Sɛ wo hokafo de wo si mu a, ɛyɛ yaw paa. Me kunu dwane gyaa yɛn no, mfe kakra atwam, nanso ɛtɔ mmere bi a mete nka sɛ mayɛ ankonam na me so nni mfaso. Sɛ ɛba saa a, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nneɛma aboa afoforo, na bere biara a mɛyɛ saa no ɛboa me nso.” Janet de Bible mu asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛte yɛn ho fi afoforo ho no bɔ ne bra na aboa no ma ne dadwene so atew. *Mmebusɛm 18:1.

Onyankopɔn yɛ “nnyanka agya ne akunafoɔ temmufoɔ.”—Dwom 68:5

Janet ka sɛ: “Mabɛhu sɛ Onyankopɔn yɛ ‘nnyanka agya ne akunafoɔ temmufoɔ’ anaa bammɔfoɔ, na ɛno akyekye me werɛ paa. Ɔrennyaw yɛn akwantemfi sɛnea me kunu yɛe no.” (Dwom 68:5) Janet nim sɛ Onyankopɔn “mfa nnebɔne” nsɔ yɛn nhwɛ. Mmom no “ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa” nyansa, na ɔma yɛn “tumi a ɛboro onipa deɛ” so na aboa ama yɛagyina yɛn dadwene ahorow ano.—Yakobo 1:5, 13; 2 Korintofoɔ 4:7.

Nanso sɛ yɛn nkwa a ɛda asiane mu nti na ama dadwene ahyɛ yɛn so nso ɛ?

^ nky. 10 Sɛ wopɛ nsɛm foforo a ɛbɛboa wo ma woagyina dadwene ano a, hwɛ asɛm, “Woma W’abam Bu Ntɛm?” a ɛwɔ July 2015 Nyan! mu no. Ɛwɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw.