Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Dɛn nti na yɛyɛ bɔne?

Hwan na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yesu ayɛ bɔne?—Mateo 4:8-10

Onipa biara pɛ sɛ ɔne afoforo tena asomdwoe mu, ɔdi nokware, na ɔyi ne yam boa afoforo. Ɛnde, dɛn nti na awudisɛm, nsisi ne atirimɔdensɛm abu so saa? Nsɛm a ani yɛ nyan sisi daa. Adɛn, obi na ɔrepiapia nkurɔfo ma wɔreyɛ nneɛma bɔne saa anaa?—Kenkan 1 Yohane 5:19.

Onyankopɔn de bɔne bɔɔ nnipa anaa? Dabi, Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so, enti na wɔbɛtumi asuasua Onyankopɔn dɔ no. (Genesis 1:27; Hiob 34:10) Nanso Onyankopɔn dii yɛn ni, na ɔmaa yɛn hokwan sɛ yɛmpaw nea yɛpɛ. Bere a yɛn awofo a wɔdi kan no de hokwan a wɔwɔ no yɛɛ bɔne no, wɔansuasua Onyankopɔn enti wɔbɛyɛɛ abɔnefo. Wɔde bɔne no woo yɛn, ɛno nti na yɛyɛ bɔne.—Kenkan Deuteronomium 32:4, 5.

Enti yɛbɛkɔ so ara ayɛ abɔnefo?

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛko tia bɔne. (Mmebusɛm 27:11) Enti ɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛtwe yɛn ho afiri bɔne ho, ne nea yɛyɛ a yɛbɛnya anigye ankasa. Nanso seesei deɛ, yɛrentumi nsuasua Onyankopɔn dɔ no pɛpɛɛpɛ.—Kenkan Dwom 32:8.

Ɛwom sɛ ɛnnɛ bɔne abu so deɛ, nanso nea enti a Onyankopɔn ama ho kwan bere tiaa bi mu ne sɛ, ɔpɛ sɛ obiara hu awerɛhosɛm a bɔne akɔfa aba no. (2 Petro 3:7-9) Ɛrenkyɛ koraa nnipa a wɔwɔ anigye a wɔtie Onyankopɔn asɛm nko ara na wɔbɛhyɛ asase so mã.—Kenkan Dwom 37:9-11.