Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | MPAEBƆ ƐHO HIA ANAA?

Adɛn Nti na Yɛbɔ Mpae?

Adɛn Nti na Yɛbɔ Mpae?

“Ná meto kyakya mma obi nto bi, na na me mpaebɔ ara ne sɛ mɛdi anya me ho tam. Nanso, manni bi da.”—Samuel, * Kenya.

“Mewɔ sukuu no, wɔkyerɛɛ yɛn mpaebɔ bi a daa ɛno nko ara na na yɛbɔ.”—Teresa, Philippines.

“Sɛ asɛm bi to me a, mebɔ mpae. Afei ɛyɛ a mebɔ mpae srɛ bɔne fafiri, na na mebɔ mpae nso srɛ mmoa na matumi ayɛ Kristoni papa.”—Magdalene, Ghana.

Nsɛm a Samuel, Teresa, ne Magdalene kae no ma yɛhu sɛ mpaebɔ gu ahorow; mpaebɔ no bi yɛ papa sene bi. Ɛnyɛ mpae a nkurɔfo bɔ nyinaa na ɛfiri komam. Ebinom wɔ hɔ a, wɔrekɔkyerɛw sɔhwɛ a na wɔbɔ mpae. Ebinom deɛ, sɛ agodie kuo a wɔtaa akyi rekɔsi akan a, na wɔbɔ mpae. Ebi nso bɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn mmusua. Nneɛma foforo pii na ɛma nkurɔfo bɔ mpae. Weinom nyinaa kyerɛ sɛ, nnipa mpempem pii hu sɛ mpaebɔ ho hia. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔn a wɔnni ɔsom biara mu no mpo taa bɔ mpae.

Ɛyɛ a wobɔ mpae? Dɛn na ɛyɛ a wobɔ ho mpae? Wobɔ mpae oo, wommɔ mpae oo, ebia wobɛbisa sɛ: ‘Enti mpaebɔ ho hia? Mebɔ mpae a, obi wɔ hɔ a ɔtie anaa?’ Ɔkyerɛwfo bi ka mpaebɔ ho asɛm sɛ, ɛyɛ biribi a ɛma obi yi n’adwene fi ne haw so bere tiaa bi. Dɔkotafo bi nso kyerɛ sɛ, “mpaebɔ yɛ aduro.” Mpaebɔ yɛ beresɛe anaa? Anaasɛ ɛyɛ biribi a ɛma obi yi n’adwene fi ne haw so bere tiaa bi?

Dabi. Mmom, Bible ma yɛhu sɛ obi wɔ hɔ a ɔtie mpaebɔ, na ɛnyɛ biribi a ɛma obi yi n’adwene fi ne haw so bere tiaa bi. Enti sɛ wofa kwampa so bɔ mpae na nea worebisa no fata a, mpaebɔ tiefo no bɛtie. Ɛyɛ ampa sɛ ɔbɛtie? Ma yɛnhwɛ.

^ nky. 3 Wɔasesa edin ahorow no bi.