Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN BU AKODIE SƐN?

Tete no, na Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Tete no, na Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Tete no, na Onyankopɔn wɔ nkurɔfo bi a wɔfrɛ wɔn Israelfo na wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Egypt. Egyptfo no maa asetena fonoo wɔn, enti wɔsu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnye wɔn, nanso wɔannya ɔgyeɛ biara saa bere no. (Exodus 1:13, 14) Israelfo no de mfe pii bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmɛgye wɔn mfiri Egyptfo atirimɔdenfo no nsam. Afei deɛ, Onyankopɔn bere soe maa ɔkekaa ne ho. (Exodus 3:7-10) Bible bɔ amanneɛ sɛ Onyankopɔn ankasa ne Egyptfo no de sii ani. Ɔde ɔhaw du baa Egyptfo no so, na akyiri yi ɔkunkum Egypt asraafo ne wɔn hene wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. (Dwom 136:15) Yehowa Nyankopɔn ko maa ne nkurɔfo de kyerɛɛ sɛ ɔyɛ “ɛko mu dɔmmarima.”Exodus 15:3, 4.

Sɛ Onyankopɔn mpene akodie biara so a, anka ɔne Egyptfo no anko. Mmere bi nso, ɔmaa Israelfo no tuu nkurɔfo so sa. Kanaanfo sei, na wɔyɛ amumɔyɛfo paa, enti Onyankopɔn maa Israelfo no tuu wɔn so sa. (Deuteronomium 9:5; 20:17, 18) Ná Filistifo nso yɛ atirimɔdenfo, enti Onyankopɔn maa Israel hene Dawid ne wɔn koe. Onyankopɔn mpo na ɔkyerɛɛ Dawid sɛnea ɔnkɔ wɔn so na ama wadi nkonim.2 Samuel 5:17-25.

Bible mu kyerɛwtohɔ yi ma yɛhu sɛ sɛ ɔman bi yɛ Israelfo no ayakayakade teetee wɔn a, na Onyankopɔn ma Israelfo no ne saa ɔman no ko. Ná ɔyɛ saa de bɔ Israelfo no ho ban na atamfo no ansɛe nokware som. Nanso, ɔko a Onyankopɔn nsa wom no, nneɛma mmiɛnsa bi wɔ ho a ɛsɛ sɛ yɛhu.

  1. ONYANKOPƆN NA NA ƆMA OBI KWAN ANSA NA WATUMI AKƆ ƆKO. Bere bi a Israelfo ne nkurɔfo bi rekɔko no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ mo na mobɛko.” Adɛn nti na Onyankopɔn kaa saa? Efisɛ na ɔno ara bɛko ama wɔn. (2 Berɛsosɛm 20:17; 32:7, 8) Ɛnyɛ wei ne bere a ɛdi kan a Onyankopɔn ko maa Israelfo no; yɛadi kan aka ebi ho asɛm dada. Mmere foforo nso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne man Israel sɛ wɔne aman foforo nkɔko mfa nnye Bɔhyɛ Asase no, na wɔmmɔ ho ban.Deuteronomium 7:1, 2; Yosua 10:40.

  2. ONYANKOPƆN NA NA ƆKYERƐ BERE A ƐSƐ SƐ WƆKƆ ƆKO. Sɛ nkurɔfo yɛ Onyankopɔn asomfo ayakayakade teetee wɔn a, wɔnni hokwan sɛ wɔn ara de wɔn pɛ bɛkɔ ɔko. Ná ɛsɛ sɛ wɔtwɛn ma Onyankopɔn kyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔtu wɔn atamfo so sa. Sɛ wɔyɛ asoɔden kɔ a, na Onyankopɔn mmoa wɔn. Bible ma yɛhu sɛ bere biara a Israelfo no bɛdi wɔn koko so asɛm ne ɔman bi akɔko no, na wɔdi nkoguo pɔtɔɔ. *

  3. Onyankopɔn tuu Kanaanfo no so sa deɛ, nanso ɔgyee ebinom te sɛ Rahab ne n’abusua nkwa

    APAPAFOƆ NE ABƆNEFOƆ NYINAA WUO NYƐ ONYANKOPƆN FƐ. Yehowa Nyankopɔn ne Nkwamafo; ɔno na ɔbɔɔ nnipa. (Dwom 36:9) Enti ɔmpɛ sɛ nnipa bɛwu. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nnipabɔnefo hyɛ da di wɔn yɔnko nnipa ani kunkum wɔn. (Dwom 37:12, 14) Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn asi nsɛmmɔnedi a ɛte saa ano no, tete no ɔmaa Israelfo tuu nnipabɔnefo so sa. Nanso, bere a na ɔma Israelfo ne wɔn atamfo ko mpo no, na ɔma atamfo no hu sɛ ɔyɛ “mmɔborɔhunufoɔ” na ‘ne bo kyɛre fu.’ (Dwom 86:15) Nhwɛso bi ni, Onyankopɔn hyɛɛ mmara sɛ ansa na Israelfo bɛto ahyɛ kuro bi so no, ɛsɛ sɛ wɔdi kan “bɔ dawuro ma [kuro no hunu] deɛ ɛbɛtumi ama asomdwoeɛ aba.” Sɛ wɔyɛ saa a, ɛma kurom hɔfo nya kwan sesa wɔn abrabɔ, na ɛma asomdwoe ba. (Deuteronomium 20:10-13) Mmara a Onyankopɔn hyɛe no kyerɛɛ sɛ n’ani “nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsan afiri ne kwan so na wanya nkwa.”Hesekiel 33:11, 14-16. *

Nea yɛaka yi nyinaa ma yɛhu sɛnea tete no, na Onyankopɔn bu akodie. Sɛ nkurɔfo di atirimɔdensɛm teetee wɔn yɔnko nnipa a, ɔko ne ade a na Onyankopɔn de yi atirimɔdensɛm no fi hɔ. Nanso Onyankopɔn nko ara na na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ɔko no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔkɔ; ɛnyɛ onipa biara. Wohwɛ a, mogyahwiegu na ɛyɛ Onyankopɔn dɛ nti na ɔmaa wɔkɔɔ ɔko no anaa? Ɛnte saa koraa. Onyankopɔn kyi awudisɛm. (Dwom 11:5) Bere a Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, na Onyankopɔn bu akodie sɛn?

^ nky. 7 Bere bi Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne Amalekfo ne Kanaanfo kɔko, nanso wɔantie. Wɔkɔe no, wɔdii nkoguo. (Numeri 14:41-45) Mfe bi akyi no, Ɔhempa Yosia nso dii ne koko so asɛm kɔɔ ɔko bi a na Onyankopɔn nsomaa no, na ɔkɔhyiaa ne wuo.—2 Berɛsosɛm 35:20-24.

^ nky. 8 Israelfo no anni kan ne Kanaanfo no anka asomdwoesɛm ansa na wɔreto ahyɛ wɔn so. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn maa Kanaanfo no mfe pɔrepɔre 400 sɛ wɔmfa nsesa wɔn akwammɔne no, nanso wɔansakra. Bere a Israelfo no ne wɔn rekɔko no, na Kanaanfo no bra asɛe pɔtɔɔ. (Genesis 15:13-16) Ɛno nti, na ɛfata sɛ wɔhye wɔn ase dwerɛbee. Nanso Kanaanfo bi a wɔsesaa wɔn akwan deɛ, wɔnyaa wɔn ti didii mu.—Yosua 6: 25; 9:3-27.