Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

Obi Biribi Wu a, Wobɛyɛ Dɛn Akyekye Ne Werɛ?

Obi Biribi Wu a, Wobɛyɛ Dɛn Akyekye Ne Werɛ?

Hwɛ sɛ ɔmannifo bi regyam ne dɔfo bi a wawu. Wopɛ sɛ woma ohu sɛ wudwen ne ho na wopɛ sɛ woboa no, nanso wunhu nea wonyɛ anaa wonka. Enti ekowiee ase no woantumi amma no yaakɔ anaa due mpo. Asɛm a ɛte saa bi ato wo pɛn anaa? Ɛnde, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa.

Mpɛn pii no, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛkɔ onipa a ade atɔ n’ani no nkyɛn. Afei wubetumi aka akyerɛ no sɛ “kosɛ anaa due.” Mmeae bi wɔ hɔ a, nea nkurɔfo yɛ ne sɛ wɔbɛbam onipa a ɔredi awerɛhow no anaa wɔde wɔn nsa bɛto ne mmati anaasɛ ne kɔn mu de akyerɛ sɛ wodwen ne ho. Sɛ nea ade ato n’ani no pɛ sɛ ɔka asɛm bi a, yɛ aso tie no yiye. Abusua bi biribi wu na woyɛ nneɛma bi ma wɔn a, wɔn ani tumi gye paa. Ebia wubetumi anoa aduan ama wɔn, ahwɛ wɔn mma ama wɔn, anaa aboa ama wɔayɛ ayi no ho ntotoe. Woyɛ nneɛma a ɛtete saa de boa wɔn a, na woakum wɔn koraa.

Afei, ɛwom ara a wubetumi aka asɛm bi afa nea wawu no ho. Ebia wubetumi aka ne suban pa anaa biribi a ɔyɛe a wokae. Nea ɔredi awerɛhow no te nsɛm bi a ɛte saa a, ɛma n’ani gye. Yentie asɛm a Pam kae yi, ne kunu Ian wui no, ɛbɛyɛ mfe nsia ni. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a nkurɔfo ka adepa a na Ian yɛ a na minnim no ho asɛm. Mete nsɛm a ɛte saa a, ɛma m’ani gye.”

Nea ebinom ayɛ nhwehwɛmu ahu ne sɛ, ade tɔ obi ani a, ahyɛase no nnipa pii tumi kɔkyekye ne werɛ. Nanso enni gyina koraa na wɔn a wɔrekyekye ne werɛ no ayi ne baako ahyɛ ne nsa. Enti ade tɔ w’adamfo bi ani a, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bedi nkitaho bere nyinaa. * Nkitahodi a ɛte saa tumi boa wɔn a wɔredi awerɛhow no mu pii ma wonya awerɛkyekye.

Kaori yɛ ababaa bi a ofi Japan. Ne maame wui yayaayaw, nanso anso hɔ ara, bosome 15 akyi pɛ na ne nuabea panyin nso wui. Ɔno de, ne nnamfonom annyi ne baako anhyɛ ne nsa. Bere a ɔbea panyin bi a wɔfrɛ no Ritsuko bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Kaori bɛyɛ ne yɔnko berɛbo no, Kaori kae sɛ: “Mɛka nokware a, nea Ritsuko yɛe no anyɛ me dɛ, efisɛ na mempɛ sɛ mede obiara bɛyɛ me maame. Nanso, sɛnea na Mama Ritsuko ne me te no nti, eduu baabi no na mframa mfa yɛn ntam koraa. Nnawɔtwe biara na yebom kɔ asɛnka na na yebom kɔ Kristofo nhyiam nso. Mpɛn pii no, ná ɔfrɛ me ma yɛkɔnom tii, ɔnoa aduan brɛ me, na ɔkyerɛw me lɛtɛ. Nea mama Ritsuko yɛe no hyɛɛ me den paa.”

Kaori maame wui no, mfe 12 atwam na ɔne ne kunu baanu nyinaa de bere pii reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Kaori ka sɛ: “Ɛde besi nnɛ nyinaa, Mama Ritsuko dwen me ho. Bere biara a mɛkɔ fie anaa me kurom no, mekɔsra no na ɔhyɛ me nkuran.”

Poli nso yɛ Yehowa Dansefo a ofi Cyprus, na bere a ɔno nso kunu wui no, onyaa awerɛkyekye. Nea ɛwom ne sɛ, na ne kunu a wɔfrɛ no Sozos no yɛ asafo mu panyin a ne yam ye. Ná Sozos taa frɛ nnyanka anaa nyisaa ne akunafo ba wɔn fie bedidi gye wɔn ani. (Yakobo 1:27) Nanso Sozos dii mfe 53 no, biribi honoo ne tirim ma owui yayaayaw. Poli ka sɛ: “Yɛwaree mfe 33, nanso owu dɛɛfo gyee me dɔfo no fii me nsam.”

Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyekye nkurɔfo werɛ?

Bere a wɔyɛɛ Poli kunu ayi wiei no, Poli ne ne ba ketewa Daniel a wadi mfe 15 no tu kɔtenaa Canada. Wɔkɔɔ hɔ no, wɔne Yehowa Adansefo asafo bi kɔbɔe, na wɔboaa wɔn paa. Poli ka sɛ: “Ná asafo no mufo no nnim nea na ato yɛn no ho hwee, nanso wɔannyaw yɛn mu. Na wɔba yɛn nkyɛn bɛka nkuranhyɛsɛm kyerɛ yɛn. Nea wɔyɛe no boaa Daniel paa efisɛ saa bere no na na ohia ne papa. Asafo mu mpanyimfo no maa wɔn ani kɔɔ Daniel ho. Mpanyimfo no baako mpo de, bere biara a ɔne ne nnamfo bepue akogye wɔn ani anaa akɔbɔ bɔɔl no, na ɔde Daniel ka ne ho.” Ɛnnɛ a yɛrekasa yi Poli ne ne ba no nyinaa anya awerɛkyekye. Ampa, awerɛkyekye fi onipa hɔ, na onipa nua ne nipa.

Nea yɛaka yi kyerɛ sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de akyekye obi a ne biribi awu werɛ. Bible nso ka anidaso nwonwaso bi ho asɛm a ɛno nso betumi akyekye yɛn werɛ.

^ nky. 6 Ebinom mpo de, wɔhyɛ bere a onipa no fii mu no nsow, efisɛ saa bere no, adɔfo no bi taa di awerɛhow enti sɛ da no rebɛn anaa ɛso a, wɔkyekye nea ade ato n’ani no werɛ.