Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WO DƆFO BI WU A DƐN NA WOBƐYƐ?

Awufo Bɛsɔre!

Awufo Bɛsɔre!

Yɛaka Gail ho asɛm dedaw; yehui sɛ ne kunu Rob wu no yɛɛ no yaw paa, na na onnye nni sɛ ɛho asɛm betumi afi ne tirim da. Nanso ɔwɔ anidaso sɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, obehu ne kunu no bio. Ɔka sɛ: “Kyerɛwsɛm a ɛda me koma so paa ne Adiyisɛm 21:3, 4.” Ɛka sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

Gail ka sɛ: “Saa bɔhyɛ yi yɛ awerɛkyekyesɛm. Mehwɛ wɔn a wɔn biribi awu a wonni anidaso biara no a, na wɔn asɛm yɛ me mmɔbɔ paa.” Gail de nea wɔasua no rebɔ ne bra, na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ bere bi bɛba a “owu nni hɔ bio” no, ɔde ne bere pii reka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo.

Ná Hiob gye di paa sɛ ɔbɛtena ase bio

Anhwɛ a, asɛm yi bɛyɛ wo nwonwa, nanso wo de ma yɛnhwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiob asɛm no. Ɔyare bi a emu yɛ den bɔɔ no. (Hiob 2:7) Ɛwom, na Hiob nyae a anka wawu, nanso na ɔwɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu sɛ, sɛ owu a, obetumi anyan no aba asase so bio. Enti ɔde ahotoso kae sɛ: “O sɛ wode me resie Adamoa mu ɛ . . . Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” (Hiob 14:13, 15) Ná Hiob gye di paa sɛ ne Nyankopɔn no bɛkae no na ɔde no aba nkwa mu bio.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn benyan Hiob ne nnipa mpempem pii a wɔawuwu no aba asase a adan paradise so. (Luka 23:42, 43) Wokenkan Asomafo Nnwuma 24:15 a, wubehu sɛ Bible ka sɛ bere bi bɛba a nnipa “bɛsɔre afi awufo mu.” Yesu nso kae sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Hiob de n’ani behu sɛ saa bɔhyɛ yi aba mu, na obenya ne “mmeranteberem ahoɔden” bio ama ne honam ayɛ ‘frɔmfrɔm asen mmofra de.’ (Hiob 33:24, 25) Owusɔre a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti ɔde bɛba no, obiara a obenya mu gyidi no benya so mfaso.

Sɛ obi a wodɔ no paa awu ama woredi awerɛhow a, nea yɛaka wɔ ha yi remma awerɛhow no ntu nyera prɛko pɛ. Nanso, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, sɛ wodwinnwen ho a, ɛbɛma woanya anidaso na ahyɛ wo den.—1 Tesalonikafo 4:13.

Wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a ebetumi ama woanya awerɛkyekye? Anaa wowɔ asɛmmisa bi te sɛ, “Adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma bɔne ne amanehunu rekɔ so?” Ɛnde kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org na wubenya Bible ho mmuae a ɛtɔ asom na ebetumi akyekye wo werɛ.