Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Ná hena ne Yosef papa?

Ná Yosef, duadwumfo a ofi Nasaret no ne Yesu papa a ɔtetee no. Ɛnde na hena ne Yosef papa? Yesu anato a ɛwɔ Mateo Asɛmpa no mu no bɔ Yakob bi din sɛ ɔno ne ne papa, nanso Luka ka sɛ na Yosef yɛ “Heli ba.” Adɛn nti na ɛte sɛ nea nsonsonoe wɔ nea Nsɛmpa mmienu no ka no mu?—Luka 3:23; Mateo 1:16.

Mateo kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yakob woo Yosef.” Hela asɛmfua a ɔde dii dwuma no ma ɛda adi pefee sɛ na Yosef papa ankasa ne Yakob. Enti na Mateo reka Yosef anato a ɛne Dawid ahene abusua no ho asɛm. Abusua yi na ɛma Yesu, Yosef ba a ɔtetee no no fata sɛ odi ade.

Nanso, Luka kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yosef [yɛ] Heli ba.” Asɛm “Heli ba” betumi akyerɛ sɛ na Heli “asebarima” ne Yosef. Asɛm koro no ara bi wɔ Luka 3:27. Ɛka Sealtiel a ne papa ankasa ne Yekonia no ho asɛm sɛ ɔyɛ “Neri ba.” (1 Beresosɛm 3:17; Mateo 1:12) Ɛbɛyɛ sɛ na Sealtiel aware Neri mmabea no baako, enti ɔbɛyɛɛ ne ba anaa n’ase. Saa ara nso na na Yosef yɛ Heli “ba,” efisɛ na waware Heli babea Maria. Enti na Luka reka Yesu anato a ɛnam ne maame Maria so wɔ “ɔhonam mu” ho asɛm. (Romafo 1:3) Ɛno nti, Bible ka Yesu anato ahorow mmienu a ɛho hia paa ho asɛm.

Tete no, ntama ne nnuru a wɔde hyɛ ntama bɛn na na ɛwɔ hɔ?

Ntama a wɔahyɛ no aduru a wohui wɔ ɔbodan mu a ɛbɛn po a awu. Wɔyɛe ansa na 135 Y.B.

Nguan, mmirekyi ne yoma nhwi titiriw na na wɔde yɛ ntama wɔ tete Israel ne aman a na ɛbemmɛn hɔ. Ntama dodow no ara, na wɔde mmoa nhwi na ɛyɛ. Bible taa ka nguan, nguan ho nhwi a wotwitwa ne ntama a wɔde aboa nhwi ayɛ ho asɛm. (1 Samuel 25:2; 2 Ahene 3:4; Hiob 31:20) Siwabiri yɛ afifide bi a na wɔde yɛ asaawa de nwene nwera, na na ɛnyɛ nã wɔ Egypt ne Israel mpɔtam. (Genesis 41:42; Yosua 2:6) Ɛbɛyɛ sɛ na Israelfo no nnua asaawa ankasa, nanso Bible ma yehu sɛ na wɔnwene ntamapa wɔ Persia, ebia na wɔde asaawa futuru na na ɛyɛ. (Ester 1:6) Ná sirikyi yɛ asikafo ntama a ne bo yɛ den, na ɛbɛyɛ sɛ aguadifo a na wofi China ne India mpɔtam hɔ na na wɔde ba.​—Adiyisɛm 18:11, 12.

Jesus and His World nhoma no ka sɛ: “Ntama a wɔde aboa nhwi ayɛ no, na ne kɔla gu ahorow; na ebi yɛ fitaa, nea ani dum, ne kɔla afoforo pii.” Ná wɔtaa hyɛ no aduru. Na wonya afasebiri aduru a wɔde hyɛ ntama fi ɛpo mu nwaw bi mu. Nnuru a wɔde hyɛ ntama no, na ebi nso yɛ kɔkɔɔ, akokɔsrade, bruu, ne tuntum. Na na wonya fi afifide ahorow ne mmoawammoawa mu.