Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Dɛn Nti Na Yesu Huu Amane Na Owui?

Dɛn Nti Na Yesu Huu Amane Na Owui?

“Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”​—Romafo 5:12

Sɛ yebisa wo sɛ: “Wopɛ sɛ wotena ase daa” a, anka wubebua sɛn? Ebia nnipa dodow no ara bɛka sɛ wɔpɛ sɛ wɔtena ase daa, nanso wɔte nka sɛ onipa de, ɛyɛ dɛn ara wubewu. Wɔka sɛ owu da amansan kɔn mu.

Na sɛ yebisa wo sɛ: “Wopɛ sɛ wuwu nso ɛ?” Anka wubebua sɛn? Mpɛn pii no, nea nnipa dodow no ara bɛka ne sɛ wɔmpɛ sɛ wowu. Dɛn ntia? Sɛ obi redi abene anaa ɔrehu amane mpo a, ɔmpɛ sɛ obewu. Obiara pɛ sɛ ɔtena ase daa. Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn saa. Ɛka sɛ: “Ɔde bere a enni awiei ahyɛ [yɛn] komam.”​—Ɔsɛnkafo 3:11.

Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa biara nkyen boɔ. Ɛbaa no sɛn? Na dɛn na Onyankopɔn ayɛ wɔ asɛm no ho? Nea Bible ka wɔ asɛm no ho no bɛma w’ani agye, efisɛ ɛkyerɛ nea enti a Yesu huu amane na owui.

ƐBAA NO SƐN?

Wohwɛ Genesis ti 1 kosi 3 no a, wubehu sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wobetumi atena ase daa, na ɔkyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔakɔ so atena ase. Ɛsan kyerɛ nso sɛ Adam ne Hawa antie Onyankopɔn ma enti wɔhweree saa anidaso no. Bible no ka wei ho asɛm tiawa enti, ebinom bu no sɛ anansesɛm bi. Nanso sɛnea biribiara a ɛwɔ Nsɛmpa no mu ma yehu sɛ ɛyɛ nokware turodoo no, saa ara na Genesis kyerɛwtohɔ no nso te. *

Asoɔden a Adam yɛe no, dɛn na akɔfa aba? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛno nti ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Adam yɛɛ bɔne efisɛ wantie Onyankopɔn. Enti daa nkwa a Onyankopɔn de hyɛɛ Adam bɔ no bɔɔ no na akyiri yi owui. Esiane sɛ yɛyɛ n’asefo nti, ɔde ne bɔne no asan yɛn. Wei nti ama yare, nkwakoraabɔ, mmerewabɔ ne owu abɛsoɛ nnipa so. Nyansahufo ka sɛ awofo tumi de su ahorow bi wo wɔn mma. Ɛne nea enti a yewu ho nkyerɛkyerɛmu yi hyia. Nanso, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe bi a ɔde begye Adam asefo anaa?

NEA ONYANKOPƆN AYƐ

Nokwarem no, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɔde begye Adam asefo afi owu mu na ama wɔanya daa nkwa ho anidaso. Nhyehyɛe bɛn na Onyankopɔn yɛe?

“Bible ka wɔ Romafo 6:23 sɛ: “Bɔne akatua ne owu.” Wei kyerɛ sɛ bɔne na ɛkɔfaa owu bae. Wɔka sɛ oguan bɔ ka a, ɔde ne were na etua—Adam yɛɛ bɔne, enti owui. Yɛn nso yɛyɛ abɔnefo, ɛno nti na yewu no. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ nti na wɔwoo yɛn bɔne mu. Ɛno nti, Onyankopɔn fi ne pɛ mu somaa ne Ba Yesu bae sɛ ommegye yɛn mfi ‘bɔne so ka’ no mu. Ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi ayɛ yiye?

Yesu wu no yɛ akwannya a ɛbɛma yɛatena ase daa wɔ anigye mu

Ná Adam yɛ pɛ, na ɛnam asoɔden a ɔyɛe so na bɔne ne owu bae. Enti sɛ yɛbɛtetew yɛn ho afi bɔne ne owu ho a, na yebehia obi a ɔbɛyɛ osetie akosi owu mu. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na sɛnea onipa biako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo no, saa ara na obiakofo no setie bɛma nnipa bebree ayɛ treneefo.” (Romafo 5:19) Saa “obiakofo” no ne Yesu. Ofii soro baa asase so bɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ *, na obewu maa yɛn. Na wei bɛma Onyankopɔn abu yɛn sɛ atreneefo na yɛanya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa.

NEA ENTI A YESU HUU AMANE NA OWUI

Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu wu na ama yɛanya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa? Na ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no betumi ahyɛ ma Adam asefo atena ase daa. Nanso wanyɛ saa efisɛ na Onyankopɔn adi kan aka sɛ bɔne so akatua ne owu. Enti na ɔrentumi mmu n’ani ngu mmara a ɛte saa so. Ná ɛnyɛ mmara a sɛ obi ho kyere no a, obetumi apia ato nkyɛn. Onyankopɔn dɔ atɛntrenee, enti ɔkwan biara so, na ɛsɛ sɛ odi mmara a wahyɛ so.​—Dwom 37:28.

Bere a asɛm no sii no, sɛ Onyankopɔn buu n’ani gu mmara a wahyɛ so a, anka ɛbɛma nkurɔfo abu no sɛ obi a onsi pi; ɔka asɛm a onni so. Wo de ma yensusuw wei ho nhwɛ. Sɛ Onyankopɔn ka sɛ Adam asefo no mu bi fata sɛ onya daa nkwa a, yebetumi aka sɛ wabu atɛntrenee anaa? Sɛ ɔhyɛ bɔ a, yebetumi anya ahotoso sɛ obedi so? Bere a Onyankopɔn reyɛ yɛn nkwagye ho adwuma no, wammu n’ani angu atɛntrenee so. Wei ma yenya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa.

Yesu afɔrebɔ wu no nti, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛatumi atena ase daa wɔ Paradise asase so. Hwɛ asɛm a Yesu kae wɔ Yohane 3:16 no. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” Yesu wu no ma yehu sɛ ɛdan sɛ boɔ koraa Onyankopɔn bebu atɛntrenee, na ɛma yehu nso sɛ Onyankopɔn dɔ adesamma paa.

Wokenkan Nsɛmpa no a, wubehu sɛ Yesu huu amane na owuu owu yawyaw. Adɛn ntia? Ná Ɔbonsam aka sɛ, sɛ ɛkɔ onipa ani a, ɔbɛdan n’akyi akyerɛ Onyankopɔn. Yesu faa sɔhwɛ pii mu nanso odii Onyankopɔn nokware. Wei kyerɛ sɛ nea Ɔbonsam kae no yɛ atoro. (Hiob 2:4, 5) Wo de hwɛ oo, na bɔne nni Adam ho, nanso Satan tumi daadaa no ma ɔyɛɛ bɔne. Enti, anhwɛ a obi bɛka sɛ asɛm a Satan kae no yɛ nokware. Yesu nso na bɔne nni ne ho, nanso bere a ɔkɔɔ amanehunu kɛse mu no, wannan n’akyi ankyerɛ Onyankopɔn. (1 Korintofo 15:45) Nea Yesu yɛe no kyerɛ sɛ, na anka Adam nso betumi atie Onyankopɔn. Yesu atwa ɔsa pa ato hɔ ama yɛn, enti sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu a yebetumi asuasua no. (1 Petro 2:21) Esiane sɛ Yesu tiee Onyankopɔn wɔ biribiara mu nti, wɔama ne Ba no nkwa a owu nnim wɔ soro sɛ akatua.

NEA ƐBƐMA WOANYA NE WU NO SO MFASO

Obi ka sɛ Yesu anwu a, na ɔredi atoro. Ne wu no nti yebetumi anya daa nkwa. Wopɛ sɛ wotena ase daa? Yesu kyerɛɛ nea yebetumi ayɛ na yɛatena ase daa. Ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”​—Yohane 17:3.

Wɔn a wɔyɛɛ nhoma yi pɛ sɛ wusua Yehowa, nokware Nyankopɔn no, ne ne Ba Yesu Kristo ho ade pii. Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no ani begye sɛ wɔbɛboa wo. Afei nso wubetumi akɔ yɛn wɛbsaet wɔ www.pr418.com/tw na wubenya nsɛm pii.

^ nky. 8 Hwɛ asɛm a ɛne “The Historical Character of Genesis” wɔ Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 922. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 13 Onyankopɔn yii ne Ba Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu, na Onyankopɔn de ne honhom kronkron no bɔɔ ne ho ban ma enti wannya bɔne nkekae biara amfi Maria hɔ.​—Luka 1:31, 35.