Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena ne Ɔbonsam?

Hena ne Ɔbonsam?

Hena ne Ɔbonsam?

WUBEBUA SƐ Ɔbonsam yɛ . . .

  • Honhom abɔde?

  • Subammɔne a ɛwɔ obi mu?

  • Obi a nnipa bɔ wɔn tirim ka sɛ ɔwɔ hɔ?

NEA BIBLE NO KA

Ɔbonsam ne Yesu bɔɔ nkɔmmɔ na ‘ɔsɔɔ no hwɛe.’ (Mateo 4:1-4) Enti Ɔbonsam nyɛ subammɔne a ɛwɔ obi mu anaa obi a nnipa bɔ wɔn tirim ka sɛ ɔwɔ hɔ. Mmom ɔyɛ honhom abɔde a ne tirim yɛ den.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?

  • Mfiase no na Ɔbonsam yɛ ɔbɔfo pa, nanso “wannyina nokware no mu.” (Yohane 8:44) Ɔbɛyɛɛ ɔtorofo na ɔtew atua tiaa Onyankopɔn.

  • Abɔfo foforo nso tew atua kaa Satan ho.​—Adiyisɛm 12:9.

  • Ɔbonsam afura nnipa pii ani ma wonhu sɛ ɔwɔ hɔ ankasa.​—2 Korintofo 4:4.

So Ɔbonsam betumi adi nnipa so?

EBINOM KA SƐ ɛnyɛ nokware sɛ Ɔbonsam betumi adi nnipa so, na afoforo nso suro sɛ ahonhommɔne betumi abɛtena wɔn mu. Wo nso ɛ?

NEA BIBLE NO KA

“Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Ɔbonsam wɔ nnipa so tumi kɛse, nanso ɛnyɛ obiara na ɔwɔ no so tumi.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?

  • Ɔbonsam daadaa nkurɔfo na ama wanya nnipa pii adi wɔn so.​—2 Korintofo 11:14.

  • Ɛtɔ mmere bi a ahonhommɔne tumi de nnipa bi yɛ nea wɔpɛ​—Mateo 12:22.

  • Onyankopɔn bɛboa wo ma woatumi ‘asiw Ɔbonsam kwan.’​—Yakobo 4:7.