Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntotoho a Ehia Paa sɛ Woyɛ

Ntotoho a Ehia Paa sɛ Woyɛ

WOYƐ Kristoni? Sɛ saa a, ɛnde woka nnipa bɛboro ɔpepepem mmienu a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ho. Ɛnnɛ, asɔre mpempem pii na ɛwɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɛsono nea wɔn mu biara kyerɛkyerɛ. Ebia yɛreka yi mpo, wo gyidi ne Kristofo afoforo deɛ nhyia. Enti nea wugye di ho hia paa? Sɛ wopɛ sɛ wobɔ wo bra sɛ Kristoni sɛnea Bible ka ho asɛm no a, ɛnde ɛho hia.

Yesu Kristo asuafo no na wodii kan frɛɛ wɔn “Kristofo.” (Asomafo Nnwuma 11:26) Saa bere no, na wonhia din foforo biara efisɛ na Kristosom mu mpaapaee. Yesu Kristo a ɔde Kristosom bae no nkyerɛkyerɛ a na wɔde yɛ adwuma nti, na wɔyɛ baako. Asɔre a wokɔ nso ɛ? Sɛ wode nea Kristo kyerɛkyerɛe ne nea na n’asuafo no gye di toto mo de ho a, ɛne no yɛ pɛ? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ saa na ɛte? Nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ, wode Bible no bɛtoto mo gyidi ne mo nkyerɛkyerɛ ho.

Wode hwɛ o, na Yesu Kristo bu Kyerɛwnsɛm no paa sɛ Onyankopɔn Asɛm. Ebinom a na wɔmfa Onyankopɔn Asɛm no nyɛ hwee na nnipa atetesɛm akyi na wodi no, ɔne wɔn anyɛ adwene. (Marko 7:9-13) Enti, yebetumi aka no pefee sɛ, Yesu akyidifo ankasa paa de, wɔde wɔn gyidi gyina Bible no so. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ, ‘Yɛn asɔre nkyerɛkyerɛ gyina Bible no so?’ Sɛ wubetumi abua saa asɛm yi a, gye sɛ wode nea w’asɔre kyerɛkyerɛ no toto nea Bible ka no ho.

Yesu kae sɛ, Onyankopɔn a yɛresom no no, ɛsɛ sɛ yɛsom no wɔ nokware mu. Saa nokware no wɔ Bible mu. (Yohane 4:24; 17:17) Ɔsomafo Paulo kae sɛ, sɛ yebenya nkwa a, gye sɛ yenya “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:4) Enti ɛho hia paa sɛ yɛma yɛn gyidi gyina nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no so efisɛ ɛno so na yɛn nkwagye gyina!

SƐNEA YƐDE YƐN GYIDI BƐTOTO NEA BIBLE KA HO

Yɛsrɛ wo, kenkan nsɛmmisa nsia ne ɛho mmuae a Bible de ma a ɛka asɛm yi ho no. Hyɛ kyerɛw nsɛm a wɔakyerɛw no nsow, na dwinnwen mmuae no ho. Afei bisa wo ho sɛ, ‘Nea Bible no reka ne nea m’asɔre kyerɛkyerɛ no hyia?’

Saa nsɛmmisa yi betumi aboa wo ma woayɛ ntotoho a ehia paa. Nneɛma foforo a w’asɔre kyerɛkyerɛ no, woayɛ krado sɛ wode bɛtoto nea Bible no ka ho? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahwehwɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no mu. Wubetumi ne Adansefo no mu baako asua Bible a wuntua hwee anaa woakɔ yɛn wɛbsaet, jw.org/tw.