Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Bible Aka?

Dɛn na Bible Aka?

Enti nnipa na ɛde nyamesom bae?

EBINOM GYE DI sɛ nnipa na ɛde nyamesom bae; afoforo nso adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn nam nyamesom so na ɛtwe nnipa bɛn no. Wo nso ɛ?

NEA BIBLE NO KA

“Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so” bi wɔ hɔ. (Yakobo 1:27) Ɔsom kronn anaa nokware som fi Onyankopɔn hɔ.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?

  • Sɛ ɔsom bi bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ egyina nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no so.—Yohane 4:23, 24.

  • Ɔsom a egyina nnipa nsusuwii so no nyɛ papa.—Marko 7:7, 8.

Ɛho hia sɛ yɛbɛdɔm ɔsom bi?

WUBEBUA SƐN?

  • Yiw

  • Dabi

  • Obiara ne n’adwene

NEA BIBLE NO KA

“Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam.” (Hebrifo 10:24, 25) Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo bom hyia.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?