Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ƐHE NA WUBETUMI ANYA AWERƐKYEKYE?

Yɛn Nyinaa Hia Awerɛkyekye

Yɛn Nyinaa Hia Awerɛkyekye

Woyɛ abofra no, wokae bere bi a wohwee ase? Ebia wo nsa ho twae anaa wo kotodwe anim wɔtree. Wokae sɛnea wo maame kyekyee wo werɛ no? Ebia ɔpopaa kuru no anim na ɔkyekyeree. Wusui, nanso sɛnea ɔkorɔkorɔɔ wo, na ɔfaa wo bɔɔ ne bo no maa wo ho tɔɔ wo. Saa bere a na woyɛ abofra no deɛ, sɛ wopɛ awerɛkyekye a, na ɛnyɛ den koraa.

Nanso sɛ yɛrenyin a, na nneɛma mu ayɛ den paa. Yɛn haw yɛ akɛse, na awerɛkyekye nso ho yɛ na. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔhaw a mpanyimfo hyia no, ɛnte sɛ abofra bi a wapira na ne maame akyekyere ne kuro na wafa no abɔ ne bo. Wo deɛ, susuw ɛho nhwɛso kakraa bi ho hwɛ.

  • W’adwuma afi wo nsa ama wo ho ayera wo pɛn? Julian ka sɛ bere a woyii no adi no, ne ho dwiriw no araa ma ɔyɛɛ basaa. Ɔkaa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahwɛ m’abusua? Mabiri me mogya ani ayɛ adwumaden mfe pii, adɛn nti na wɔte nka sɛ me so nni mfaso bio?’

  • Ebia w’aware agu ama w’adwene atu afra. Raquel aware gui no, nea ɔkae ni, “Abosome 18 ni na me kunu gyaw me hɔ mpofirim. Anokwa me werɛ howee paa. Ná ɛte sɛ nea obi de sekan atwa me komam mmienu. Ɛkɔɔ me ho paa na ɛmaa ehu kaa me.”

  • Ebia yare koankorɔ bi abɛtena wo so. Woapem so biara nanso wo ho ntɔɔ wo. Ɛtɔ da a wubetumi ate nka te sɛ agya panyin Hiob. Ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Mapo nkwa; merentena ase bio da.” (Hiob 7:16) Afei nso ebetumi aba sɛ wote nka te sɛ akwakoraa Luis a ɔwɔ ne mfe 80 mu no. Ɔkaa sɛ: “Ɛtɔ da a, mete nka sɛ nea aka ara ne owu.”

  • Wo dɔfo bi awu ama wuhia awerɛkyekye? Robert kyerɛ mu sɛ, “Me babarima bi kɔfaa wimhyɛn nyaa akwanhyia wui. Ahyɛase no, na ayɛ sɛ mereso dae. Ɛno akyi no, asɛm no yɛɛ me yaw paa. Bible ka saa yaw no ho asɛm sɛ, ɛte sɛ nea wɔde nkrante tenten bi ahwirew wo kra mu.”​—Luka 2:35.

Robert, Luis, Raquel, ne Julian nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ wɔn amanehunu no mu. Wunim nea ɔkyekyee wɔn werɛ? Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ankasa na ɔkyekyee wɔn werɛ. Ɔkwan bɛn so na ɔkyekye yɛn werɛ? Wo nso, wohwɛ a, Onyankopɔn betumi akyekye wo werɛ?