Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ƐHE NA WUBETUMI ANYA AWERƐKYEKYE?

Sɛnea Onyankopɔn Kyekye Yɛn Werɛ

Sɛnea Onyankopɔn Kyekye Yɛn Werɛ

Ɔsomafo Paulo kaa sɛ, Yehowa * yɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1: 3, 4) Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ obiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi mmoa no. Sɛ yɛn haw te sɛ dɛn koraa a, yɛn soro Agya no betumi akyekye yɛn werɛ.

Nokwasɛm ni, sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn kyekye yɛn werɛ a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn fam de. Sɛ wopɛ sɛ dɔkota hwɛ wo yare a, gye sɛ woyɛ nhyehyɛe kohu no. Odiyifo Amos kaa sɛ: “Nnipa baanu betumi abom anantew bere a wɔnyɛɛ nhyehyɛe nhyiae?” (Amos 3:3) Wei nti Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8.

Yɛyɛ dɛn hu paa sɛ Onyankopɔn bɛbɛn yɛn? Nea edi kan koraa no, ɔno ankasa ato n’anom tuo mpɛn pii sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. (Hwɛ adaka mu asɛm “ Onyankopɔn Bɛkyekye Yɛn Werɛ”) Nea ɛto so mmienu ni. Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kyekyee nkurɔfo werɛ—wɔyɛ nnipa te sɛ yɛn ara, yɛne wɔn mu binom na ɛte na ebinom nso tenaa ase tete no.

Nnipa pii hyia ɔhaw na wɔhwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa. Ɔhene Dawid nso hyiaa bi na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ misu mefrɛ wo a, tie me nkotɔsrɛ nne.” Onyankopɔn tiei anaa? Yiw. Dawid toaa so sɛ: “Waboa me, enti me koma di ahurusi.”​—Dwom 28:2, 7.

NEA YESU YƐ DE KYEKYEE WƆN A NA WƆREDI AWERƐHOW NYINAA WERƐ

Nea na Onyankopɔn pɛ ne sɛ Yesu bedi dwuma titiriw bi de akyekye nnipa werɛ. Onyankopɔn de nneɛma pii hyɛɛ Yesu nsa. Emu bi ne sɛ, Yesu ‘bɛkyekyere koma a abubu’ na ‘wakyekye wɔn a wɔredi awerɛhow nyinaa werɛ.’ (Yesaia 61:1, 2) Sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm no, Yesu maa n’ani kuu nnipa a na ‘wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa wɔn nyinaa’ ho.​—Mateo 11:28-30.

Yesu nam akwan pii so kyekyee nnipa werɛ. Otuu ebinom fo, ɔne ebinom dii nsɛm ayamye so, na bere bi mpo ɔsaa ayarefo yare. Da bi, ɔkwatani bi srɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wopɛ nko ara a, wubetumi ama me ho afi.” Ɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ, na Yesu kaa sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” (Marko 1:40, 41) Na ɔkwatani no ho tɔɔ no.

Seesei, Onyankopɔn Ba no nni asase so na wakyekye yɛn werɛ. Nanso ne Papa Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no, da so ara kyekye nnipa a wohia awerɛkyekye no werɛ. (2 Korintofo 1:3) Ma yɛnhwɛ akwan titiriw nnan a Onyankopɔn fa so yɛ saa.

  • Bible. “Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”​—Romafo 15:4.

  • Onyankopɔn Honhom Kronkron. Yesu wui nna kakraa bi akyi no, Kristofo asafo ahorow no nyinaa nyaa asomdwoe. Dɛn ntia? Efisɛ “wɔde Yehowa suro ne honhom kronkron no awerɛkyekye nantewee.” (Asomafo Nnwuma 9:31) Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ adwuma, na ano yɛ den paa. Onyankopɔn betumi de aboa obiara wɔ tebea biara mu.

  • Mpaebɔ. Bible tu yɛn fo sɛ, “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho.” Na mmom, “Momfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban.”​—Filipifo 4:6, 7.

  • Wo Nuanom Kristofo. Sɛ wo ho kyere wo a, wobetumi akyekye wo werɛ efisɛ wɔyɛ wo nnamfo paa. Ɔsomafo Paulo kaa ne nnamfo ho asɛm sɛ ‘wɔyɛ aboafo wɔ ahokyere ne ahohia nyinaa mu.’​—Kolosefo 4:11; 1 Tesalonikafo 3:7.

Nanso ebia wobɛka sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na weinom nyinaa ayɛ yiye? Yɛadi kan aka nnipa bi ho asɛm. Ma yɛntɔ yɛn bo ase nsusuw ɔhaw ahorow a wɔfaa mu no ho. Sɛnea wohui sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so no, saa ara na wo nso wubehu sɛ Onyankopɔn da so ara di ne bɔhyɛ yi so: “Sɛnea ɔbarima bi maame kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkɔ so akyekye mo werɛ.”​—Yesaia 66:13.

^ nky. 3 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.