Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

EBINOM GYE DI sɛ ɛyɛ tumi a Onyankopɔn di wɔ onipa komam; ebinom nso ka sɛ, ɛyɛ mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wɔde asomdwoe ne baakoyɛ bɛba wiase nyinaa. Wudwen wo sɛn?

NEA BIBLE NO KA

“Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da. . . . Ebebubu [nnipa] ahenni horow no nyinaa ama asã.” (Daniel 2:44) Enti Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?

Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛba?

WUBEBUA SƐN?

  • Obiara nnim

  • Ɛrenkyɛ

  • Ɛremma da

NEA BIBLE NO KA

“Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Sɛ wonya ka asɛmpa no wɔ baabiara wie a, Ahenni no bɛba abɛsɛe wiase nhyehyɛe nyinaa.

DƐN BIO NA BIBLE NO KA?

  • Obiara nni asase yi so a onim da pɔtee a Onyankopɔn Ahenni no bɛba.​—Mateo 24:36.

  • Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa Ahenni no bɛba.​—Mateo 24:3, 7, 12.