Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munsiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm Wɔ Ɔdɔ Mu

Munsiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm Wɔ Ɔdɔ Mu

“Momma asomdwoe ntena mo ntam.”​—MARKO 9:50.

NNWOM: 39, 77

1, 2. Akasakasa a akɔ so wɔ nnipa ntam no, nea ɛwɔ he na ɛho asɛm wɔ Genesis nhoma no mu, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

AKASAKASA a akɔ so wɔ nnipa ntam a ɛho asɛm wɔ Bible mu no, woasusuw ho pɛn? Wo de, yɛnhwɛ Genesis nhoma no mu nsɛm a edi kan no kakra. Kain kum Habel (Gen. 4:3-8); Lamek kum aberante bi a ɔbɔɔ no (Gen. 4:23); akasakasa baa Abraham (Abram) mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam (Gen. 13:5-7); Hagar buu Sara animtiaa (Sarai), na Sara bo fuw Abraham (Gen. 16:3-6); Ismael maa ne nsa so tiaa obiara, na obiara nso maa ne nsa so tiaa no.​—Gen. 16:12.

2 Saa akasakasa a ɛkɔɔ so no, adɛn nti na Bible ka ho asɛm? Efisɛ ɛbɛboa nnipa a yɛnyɛ pɛ ama yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma asomdwoe tena yɛn ntam. Ɛsan ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so ama asomdwoe atena yɛn ntam. Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no, wɔte sɛ yɛn ara; ɔhaw a wɔfaa mu no, ɛno ara bi na yehyia. Enti sɛ yɛkenkan wɔn ho asɛm a, yesua biribi fi mu. Nea wɔyɛe no, yehu nea efii mu bae, enti sɛ yehyia tebea bi a, ebetumi aboa yɛn. Weinom nyinaa boa yɛn na sɛ nsɛm bi saa sisi a, yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ.​—Rom. 15:4.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm, ne ɔkwan a wobetumi afa so ayɛ saa. Afei nso, akasakasa a ɛba yɛne afoforo ntam no, yebehu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ama yɛasiesie. Wei bɛma yɛne yɛn yɔnko nnipa ne Yehowa Nyankopɔn ntam ayɛ kama.

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ ONYANKOPƆN ASOMFO SIESIE WƆN NTAM NSƐMNSƐM

4. Suban bɛn na atrɛw wiase nyinaa, na dɛn na ɛde aba?

4 Akasakasa ne nsɛmnsɛm a akɔ so wɔ nnipa ntam nyinaa, ne kɛse fi Satan. Ɔkae wɔ Eden sɛ onipa biara betumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. Afei nso, ɛnsɛ sɛ onipa hwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ papa ne bɔne ho. (Gen. 3:1-5) Nea ɛde aba de, enhia sɛ obi ka kyerɛ wo. Ɛnnɛ, nnipa a wɔmpɛ sɛ obi kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ ahyɛ wiase ma. Wei ama ahantan, pɛsɛmenkominya, ne nitan abu so wɔ wiase. Sɛ obi da saa su yi bi adi a, na wagye asɛm a Satan kae no atom sɛ ɛyɛ papa sɛ obiara yɛ nea ɔno ankasa pɛ. Nnipa a wɔte saa no asɛm ara ne sɛ, yɛ nea wo ho bɛtɔ wo, ɛnyɛ nea amanfo bɛka. Pɛsɛmenkominya a ɛte saa de akasakasa na ɛba. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, “obufufafo hwanyan ntɔkwaw mu, na obiara a ne koko haw no mmarato dɔɔso.”​—Mmeb. 29:22.

5. Sɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wonsiesie wɔne afoforo ntam akasakasa?

5 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnhwehwɛ asomdwoe. Sɛ ɛba sɛ wɔhwehwɛ asomdwoe na wɔn ho bɛkyere wɔn mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu. Yesu de sɛnea yesiesie akasakasa ne nneɛma a ebetumi de akasakasa aba ho afotu pa mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ wodwo, na wɔyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn bo fuw, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ntam akasakasa ntɛm, na wɔdɔ wɔn atamfo.​—Mat. 5:5, 9, 22, 25, 44.

6, 7. (a) Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛn ntam a, adɛn nti na ehia sɛ yesiesie no ntɛm? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nyinaa bisa wɔn ho?

6 Nneɛma a yɛyɛ de som Onyankopɔn te sɛ mpaebɔ, asafo nhyiam, asɛnka adwuma, ne nea ɛkeka ho nyinaa, sɛ yɛne nnipa antena asomdwoe mu a, ɛrenkosi hwee. (Mar. 11:25) Sɛ yɛamfa afoforo mfomso amfiri wɔn a, yɛrentumi nka sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo.​—Kenkan Luka 11:4; Efesofo 4:32.

7 Ehia sɛ Kristoni biara dwen ho yiye na ofi ne komam de afoforo mfomso kyɛ wɔn. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ ɔne nnipa tena asomdwoe mu. Ɛyɛ a wufi wo komam de wo nuanom Kristofo mfomso kyɛ wɔn? Ebetumi aba sɛ wɔafom wo de, nanso w’ani gye ho sɛ wo ne wɔn bɛbɔ? Nea Yehowa pɛ ne sɛ n’asomfo de bɔne bɛkyɛ. Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode bɔne bɛkyɛ a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma womfa nkurɔfo bɔne nkyɛ wɔn! Yɛn soro Agya no betie mpae a ɛte saa na waboa wo.​—1 Yoh. 5:14, 15.

WUBETUMI ABU W’ANI AGU MFOMSO SO?

8, 9. Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Esiane sɛ nnipa nyinaa nyɛ pɛ nti, ɛnyɛ dɛn ara a obi bɛka asɛm bi anaa wayɛ biribi ma ahaw wo. Saa na wiase te; wuntumi nyɛ ho hwee. (Ɔsɛnk. 7:20; Mat. 18:7) Sɛ ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ? Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii: Adansefo bi kɔɔ apontow ase. Onuawa bi kyiaa anuanom mmarima baanu bi. Wɔn mu baako anni annye ɔkwan a onuawa no faa so kyiaa wɔn no ho. Bere a ɛkaa anuanom mmarima baanu no, nea asɛm no ahaw no no kasa tiaa onuawa no sɛ, wankyia wɔn yiye. Nanso onua a ɔka ne ho no ma ohui sɛ onuawa no de nokwaredi asom Yehowa mfe 40, na wafa ɔhaw pii mu, enti ogye di sɛ onuawa no nni wɔn ho adwemmɔne biara. Onua a asɛm no ahaw no no dwenee ho kakra, na ɔkae sɛ, “Ampa, nea woreka no yɛ nokware.” Ɛhɔ ara na asɛm de n’asɛm kɔe.

9 Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw wo a, wopɛ a na wobɛma wo bo afuw. Sɛ obi wɔ ɔdɔ a, obu n’ani gu bɔne nketenkete so. (Kenkan Mmebusɛm 10:12; 1 Petro 4:8.) Sɛ ‘wubu w’ani gu bɔne so’ a, Yehowa bu no sɛ ɛyɛ “anuonyam” ma wo. (Mmeb. 19:11; Ɔsɛnk. 7:9) Enti sɛ obi ne wo anni no yiye anaa obu wo animtiaa a, nea ɛsɛ sɛ wudi kan bisa wo ho ne sɛ: ‘Metumi abu m’ani agu so? Wei yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ mesosɔ so anaa?’

10. (a) Bere a nkurɔfo kasa tiaa onuawa bi no, dɛn na odii kan yɛe? (b) Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa onuawa no ma enti n’anigye ansɛe?

10 Sɛ obi kasa tia wo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubebu w’ani agu so. Yɛnhwɛ asɛm bi a ɛtoo ɔkwampaefo bi a yɛbɛfrɛ no Lucy. Asɛnka a ɔkɔ ne nneɛma a ɔde n’adagyew yɛ no, ná nkurɔfo keka ho nsɛm. Asɛm no haw Lucy maa ɔkɔhwehwɛɛ afotu fii anuanom a wɔn ho akokwaw nkyɛn. Lucy kae sɛ: “Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde maa me no boaa me ma minyaa adwene pa wɔ nsɛm a afoforo keka ho. Bio nso, ɛmaa mede m’adwene sii nea ne ho hia paa so. Ɔno ne Yehowa.” Lucy kenkan Mateo 6:1-4 ma ɛhyɛɛ no nkuran. (Kenkan.) Saa kyerɛwsɛm no maa Lucy hui sɛ, nea ɛho hia paa ne sɛ ɔbɛma Yehowa mmom ani agye. Ɔkae sɛ: “Sɛ afoforo keka me som adwuma ho asɛm mpo a, ɛnhaw me, efisɛ minim sɛ mereyɛ nea metumi biara ama Yehowa ani asɔ me.” Bere a Lucy susuw asɛm no ho saa no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obebu n’ani agu nsɛnkeka no so.

BERE A WUNTUMI MMU W’ANI NGU BƆNE BI SO

11, 12. (a) Sɛ Kristoni bi adwene yɛ no sɛ ne nua “wɔ biribi tia” no a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Bere a asɛm bi sii no, Abraham dii ho dwuma sɛn, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yak. 3:2) Fa no sɛ woahu anaa woate sɛ asɛm bi a wokae anaa biribi a woyɛe ahaw onua bi. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Yesu kae sɛ: “Sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre.” (Mat. 5:23, 24) Sɛnea Yesu tu yɛn fo no, ɛsɛ sɛ wo ne wo nua no kɔkasa. Mma wo werɛ mmfi nea enti a worekɔ ne nkyɛn no. Ɛnyɛ sɛ worekɔkyerɛ no sɛ ɔno nso di fɔ wɔ asɛm no mu, na mmom wo botae ne sɛ worekogye wo mfomso atom na moasiesie mo ntam. Ade a ɛho hia yɛn paa ne sɛ yɛbɛma asomdwoe atena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam.

12 Sɛ Onyankopɔn asomfo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, Bible ma wohu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so siesie wɔn ntam. Momma yɛnhwɛ Abraham ne ne wɔfase Lot. Ná wɔn baanu nyinaa wɔ nyɛmmoa pii. Enti na mmoa no kyere so wɔ asase a wodidi so no so. Wei maa akasakasa baa Abraham mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Esiane sɛ na Abraham pɛ sɛ otwa akasakasa no so nti, ɔmaa Lot di kan paw baabi a ɔne n’abusua bɛtena. (Gen. 13:1, 2, 5-9) Abraham yɛɛ nhwɛso pa paa! Ɔhwehwɛɛ asomdwoe; wanyɛ nea ɛbɛma ne ho atɔ no. Ayamye a Abraham daa no adi no ma ɔhweree biribi anaa? Dabida. Bere a Abraham ne Lot tetew mu akyi bere tiaa bi no, Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ obehyira no paa. (Gen. 13:14-17) Dɛn na yesua fi asɛm yi mu? Sɛ yesiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm wɔ ɔdɔ mu na sɛ yɛhwere biribi mpo a, Onyankopɔn behyira yɛn. [1]

13. Bere a obi kekaa bi kyerɛɛ asafo mu panyin bi no, dɛn na ɔyɛe? Dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu?

13 Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii nnansa yi. Ɔpanyin foforo a ɔrebɛhwɛ nhyiam ase dwumadi bi so frɛɛ onua bi wɔ tɛlɛfon so bisaa no sɛ obetumi abɛboa adwuma no anaa. Onua no kekaa bi kyerɛɛ ɔpanyin no, na ɔde tɛlɛfon no too so. Sɛɛ na onua no anya ɔpanyin a kan no na ɔhwɛ dwumadi no so ho menasepɔw. Ɛwom sɛ asafo mu panyin no amma asɛm no anhaw no de, nanso wammu n’ani angu so. Dɔnhwerew baako akyi no, ɔpanyin no frɛɛ onua no bio. Ɔka kyerɛɛ onua no sɛ ɔne no nhyiae da. Enti ɔkae sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔmma wonhyia na wonsusuw asɛm no ho. Nnawɔtwe akyi no, wɔn baanu hyiaam wɔ Ahenni Asa bi so. Wɔbɔɔ mpae, na wɔde dɔnhwerew baako bɔɔ nkɔmmɔ. Onua no kaa nea ɛhaw no kyerɛɛ asafo mu panyin no. Asafo mu panyin no yɛɛ komm tiee onua no, na ɔne no susuw Bible mu nsɛm bi ho. Bere a wɔtetew mu no, na wɔn mu biara koma atɔ ne yam. Ɛno akyi no, onua no kɔboaa adwuma a wɔyɛe wɔ nhyiam no ase no. Seesei, ɛyɛ no dɛ paa sɛ asafo mu panyin no ne no kasae wɔ odwo ne ayamye mu.

ƐSƐ SƐ WOKA KYERƐ MPANYIMFO NO?

14, 15. (a) Asɛm a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no, bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma? (b) Anammɔn mmiɛnsa bɛn na Yesu kae sɛ yentu, na adwene bɛn ɛsɛ sɛ yɛde yɛ saa?

14 Akasakasa a ɛsɔre wɔ Kristofo ntam no, emu dodow no ara na wɔn a asɛm no fa wɔn ho no betumi asiesie wɔ kokoam, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso Yesu kae sɛ, nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ asafo no ba mu. (Kenkan Mateo 18:15-17.) Sɛ onua a wafom ne yɔnko no antie ne nua no asɛm, wantie adansefo no ne asafo no a, dɛn na wɔbɛyɛ no? Wobebu no sɛ “amanaman muni anaa towgyeni.” Sɛ ɛyɛ ɛnnɛ a, yɛbɛka sɛ, ɛsɛ sɛ wotu no. Aniberesɛm a ɛwɔ saa gyinae a wosi yi mu kyerɛ sɛ “bɔne” a ɔyɛe no nyɛ akasakasa biara kwa. Mmom no, (1) na ɛyɛ bɔne a anka ankorankoro betumi asiesie, nanso (2) na ɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a sɛ wɔanhwɛ ansiesie a wobetumi atu obi wɔ ho. Bɔne a yɛreka ho asɛm yi bi ne amimdi anaa ntwatoso a ebetumi asɛe obi din. Nanso bɔne a edidi so yi de, ɛnyɛ nea nnipa mmienu nko ara betumi aka ho asɛm: awaresɛe, mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, ɔwae, anaa abosonsom. Saa ara na bɔne ahorow bi nso wɔ hɔ a emu yɛ duru, na ebehia sɛ asafo mu mpanyimfo ba mu.

Ebia ɛho behia sɛ wo ne wo nua susuw asɛm no ho mpɛn dodow bi na ama woanya no (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15 Nea enti a Yesu de afotu yi mae ne sɛ yɛbɛboa yɛn nua no wɔ ɔdɔ mu. (Mat. 18:12-14) Nea edi kan, hwɛ sɛ mo mmienu nko ara besiesie asɛm no. Ebia ɛho behia sɛ wo ne nea wayɛ wo bɔne no susuw asɛm no ho mpɛn dodow bi. Sɛ ɛno anyɛ yiye a, wubetumi ama wɔn a wonim asɛm no aka wo ho, na mo ne nea wayɛ bɔne no asusuw ho. Afei nso, wubetumi ama afoforo a wobetumi akyerɛ sɛ onua no ayɛ bɔne anaa ɔnyɛɛ bɔne aka mo ho. Sɛ adansefo no boa mo ma mutumi siesie asɛm no a, “woanya wo nua.” Ansa na wode asɛm bi bɛkɔ akɔto mpanyimfo anim no, hwɛ sɛ woabɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wobɛboa nea wayɛ bɔne no.

16. Dɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ yɛde Yesu afotu no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ ɔdɔ na mfaso wɔ so?

16 Sɛ anuanom resiesie wɔn ntam akasakasa a, ɛntaa mma sɛ wobetu anammɔn mmiɛnsa a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 18:15-17 no nyinaa. Wei ye paa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yetumi siesie yɛn ntam nsɛmnsɛm ma enkodu baabi a ɛho behia sɛ wotu ɔbɔnefo a wannu ne ho no fi asafo no mu. Mpɛn pii no, ɔbɔnefo no gye ne mfomso tom na osiesie n’akwan. Ebia nea obi ayɛ no bɔne no behu sɛ ɛho nhia sɛ ɔtwe asɛm no mu, na ebia ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔde bɛkyɛ. Sɛnea ɛte biara no, asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛ, sɛ akasakasa sɔre anuanom ntam a, ɛnsɛ sɛ asafo no pere ne ho de ne ho kogye mu. Sɛ mpanyimfo no de wɔn ho begye asɛm bi mu a, gye sɛ wɔahu sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho no atu anammɔn mmienu a edi kan no. Anaa gye sɛ nea ɔrebɔ ne yɔnko sobo no de asɛm no ho adanse a edi mũ ama.

17. Sɛ yɛma “asomdwoe” tena yɛne afoforo ntam a, nhyira bɛn na yebenya?

17 Bere tenten a wiase bɔne yi nkɔɔ awiei no, nnipa da so ara tɔ sin, na yɛbɛkɔ so afom afoforo. Osuani Yakobo kae a ɔmmoa sɛ: “Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ a otumi to ne nipadua mũ no nyinaa nso nnareka.” (Yak. 3:2) Sɛ yebetumi asiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm a, gye sɛ yefi yɛn komam “hwehwɛ asomdwoe na di akyi.” (Dw. 34:14) Sɛ yɛma asomdwoe tena yɛne afoforo ntam a, yɛne yɛn nuanom Kristofo bɛtena fɛfɛɛfɛ, na yɛbɛboa ma asomdwoe atena asafo no mu. (Dw. 133:1-3) Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛne Yehowa, “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no,” ntam bɛyɛ kama. (Rom. 15:33) Wɔn a wosiesie wɔne afoforo ntam nsɛmnsɛm wɔ ɔdɔ mu no, wɔn na wonya saa nhyira yi.

^ [1] (nkyekyɛm 12) Wɔn a wɔne afoforo siesiee wɔn ntam nsɛmnsɛm no, wɔn mu binom nso na wɔn din didi so yi: Yakob, ne Esau (Gen. 27:41-45; 33:1-11); Yosef, ne ne nuanom (Gen. 45:1-15); ɛnna Gideon, ne Efraimfo. (Atem. 8:1-3) Ebinom a wɔyɛɛ nhwɛso pa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, ebia wo nso wunim wɔn mu bi.