Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”

“Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”

“Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”​—MAT. 28:19, 20.

NNWOM: 141, 97

1, 2. Asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 24:14 no, nsɛmmisa bɛn na ɛde aba?

SƐ NKURƆFO ne yɛn yɛ adwene oo, wɔsɔre tia yɛn denneennen oo, obiara nim sɛ Yehowa Adansefo ka asɛmpa no. Ebia woahyia nnipa bi wɔ asɛnka mu ama wɔaka sɛ wɔmpɛ yɛn nkyerɛkyerɛ, nanso wɔka sɛ adwuma no de, ɛno ara na yɛreyɛ no. Yenim sɛ Yesu ka too hɔ sɛ n’akyidifo bɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase so nyinaa. (Mat. 24:14) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛn na yɛreyɛ adwuma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no? Sɛ yɛka sɛ yɛn na yɛreyɛ adwuma no a, na yɛaka nea yɛnka anaa?

2 Asɔre pii kyerɛ sɛ wɔn nso reka asɛmpa no bi. Nanso mpɛn pii no, wobɛhwɛ na wɔredi wɔn ankasa ho adanse anaa wɔreka nea wɔkyerɛ sɛ Awurade ayɛ ama wɔn. Anyɛ saa nso a, na wɔreyɛ asɔre wɔ asɔredan mu, television so, anaa Intanɛt so. Ebinom nso de, adɔe a wɔyɛ nkurɔfo anaa nea wɔatumi ayɛ wɔ ayaresa ne nhomasua mu no, ɛno na wɔka ho asɛm. Sɛ yɛhwɛ adwuma a Yesu kae sɛ n’akyidifo nyɛ no a, wohwɛ a, ɛno na wɔreyɛ yi?

3. Sɛnea Mateo 28:19, 20 kyerɛ no, nneɛma nnan bɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo yɛ?

3 Wohwɛ a, na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no tena ase dwudwo wɔn ho twɛn ma nkurɔfo mmom ba wɔn nkyɛn? Dabida! Yesu sɔre fii awufo mu no, ɔne n’asuafo pii kasae, na ɔde too wɔn anim sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . , monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Nneɛma nnan na ɛsɛ sɛ yetu ho anammɔn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo asuafo, bɔ wɔn asu na yɛkyerɛkyerɛ wɔn. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ? Yesu kae sɛ: “Monkɔ”! Bible ho ɔbenfo bi kaa saa ahyɛde yi ho asɛm sɛ: “‘Monkɔ’ no kyerɛ sɛ, abɔnten so oo, ɛpo agya oo, ɛyɛ gyidini biara asɛde sɛ ɔka asɛmpa no bi.”​—Mat. 10:7; Luka 10:3.

4. Sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ “nnipa yifo” a, ɛkyerɛ sɛn?

4 Bere a Yesu kae sɛ n’akyidifo nyɛ nnipa yifo no, nea na ɔreka ara ne sɛ ankorankoro biara bɛyɛ ne de? Anaa na ɔrekyerɛ sɛ ahyehyɛde anaa kuw bi na ɛbɛka asɛmpa no? Esiane sɛ onipa baako ntumi nka asɛm no nkyerɛ “aman nyinaa” nti, na ebehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma nnipa pii yɛ saa adwuma no. Saa na na Yesu rekyerɛ bere a ɔkae sɛ n’asuafo mmɛyɛ “nnipa yifo” no. (Kenkan Mateo 4:18-22.) Mpataayi a Yesu kaa ho asɛm no, ɛnyɛ nea onipa baako de nam tua darewa ano to nsu mu twɛn kosi sɛ apataa bi bɛba abɛsɔ nam no. Mmom nea na ɔreka ne asau a yɛde yi mpataa. Ɛno de, ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ nnipa bebree na wɔbom twe, efisɛ egye ahoɔden.​—Luka 5:1-11.

5. Nsɛmmisa nnan bɛn na ehia sɛ yenya ho mmuae, na adɛn ntia?

5 Ehia sɛ yenya nsɛmmisa nnan a edidi so yi ho mmuae. Ɛbɛma yɛahu wɔn a wɔreka asɛmpa no nnɛ ama Yesu nkɔmhyɛ no aba mu:

  • Yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka?

  • Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no?

  • Akwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so ka asɛmpa no?

  • Ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kodu he, na yɛbɛka akosi bere bɛn?

Yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu wɔn a wɔreyɛ nkwagye adwuma yi. Ɛbɛsan ahyɛ yɛn den ama yɛakɔ so aka asɛmpa no.​—1 Tim. 4:16.

ASƐM BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐKA?

6. Wobɛyɛ dɛn anya ahotoso sɛ, asɛm pɔtee a Yesu kae sɛ yɛnka no, ɛno ara na Yehowa Adansefo reka no?

6 Kenkan Luka 4:43. Yesu kaa “ahenni ho asɛmpa no,” na ɛno ara na ɔpɛ sɛ n’asuafo nso ka. Nnipakuw bɛn na wɔreka saa asɛmpa no akyerɛ “aman nyinaa”? Kyene anim da hɔ a, yɛmmɔ nkyɛn. Obiara nim sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔn a wɔsɔre tia yɛn mpo, ebinom gye tom. Nhwɛso bi ni. Ɔsɛmpatrɛwni bi a ɔyɛ ɔsɔfo ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ wakyin aman pii so. Ɔman biara a ɔbɛkɔ so no, obisa Adansefo a ɛwɔ hɔ sɛ, asɛm bɛn na wɔreka. Wunim mmuae a wɔde maa no? Ɔsɔfo no kae sɛ: “Gyimi nti, asɛm koro no ara na wɔn nyinaa kae. Wɔkae sɛ: ‘Yɛka Ahenni no ho asɛmpa.’” Ɛnyɛ “gyimi” na Adansefo no agyimi, na mmom sɛnea ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ no, wɔn nyinaa yɛɛ nokoro. (1 Kor. 1:10) Asɛm a Ɔwɛn-Aban bɔ no dawuru no, ɛno ara bi na na wɔreka. Ɛwɔ kasa 254 mu. Nea ɛba biara wotintim bɛyɛ ɔpepem 59. Ɛno ne nsɛmma nhoma a wɔkyekyɛ no pii sen nhoma biara wɔ wiase.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ asɛm a Yesu kae sɛ yɛnka no na Kristoman asɔfo no reka?

7 Ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na Kristoman asɔfo no ka. Sɛ asɔfo no ka Ahenni no ho asɛm mpo a, wɔn mu pii kyerɛ sɛ ɛyɛ atenka bi a ɛwɔ Kristoni biara mu anaa biribi a ɛwɔ ne komam. (Luka 17:21) Wɔmmoa nkurɔfo mma wɔnte ase sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɛwɔ soro a Yesu Kristo na odi so. Wɔnkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni na ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ, na saa Ahenni no beyi abɔnefo nyinaa afi asase so nnansa yi ara. (Adi. 19:11-21) Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛkae Yesu wɔ Buronya ne Easter bere. Sɛ Yesu bedi asase yi so a, nneɛma a ɔbɛyɛ no, wuhu sɛ asɔfo no nnim ho hwee. Esiane sɛ asɛm pɔtee a Yesu kae sɛ yɛnka no, wɔabu wɔn ani agu so nti, wohwɛ a, ɛyɛ nwonwa sɛ adwene a ɛsɛ sɛ yɛde ka asɛm no nso, wɔabu wɔn ani agu so?

ADWENE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐDE KA ASƐMPA NO?

8. Adwene a ɛmfata bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no?

8 Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka asɛmpa no? Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛka asɛmpa no agyigye sika anaa yebesisi adan akɛse. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mat. 10:8) Ɛnyɛ papa sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm pɛ sika. (2 Kor. 2:17) Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no de pɛ mfaso. (Kenkan Asomafo Nnwuma 20:33-35.) Akwankyerɛ a emu da hɔ yi nyinaa akyi no, asɔre dodow no ara ayera kwan de Onyankopɔn asɛm ayɛ sikapɛ. Ebinom nso yɛ nnwuma a ɛbɛma wɔanya sika. Ɛsɛ sɛ wotua wɔn asɔfo ne nnipa pii a wɔyɛ adwuma wɔ asɔre no mu ka. Kristoman asɔfo no pii ahyɛ ada so.​—Adi. 17:4, 5.

9. Dɛn na Yehowa Adansefo ayɛ de akyerɛ sɛ wɔde adwene pa na ɛka asɛmpa no?

9 Sɛ ɛba kɔlɛhyen a, wuhu Yehowa Adansefo sɛn? Ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na Adansefo no de yɛ wɔn som adwuma no. (2 Kor. 9:7) Wɔnto kɔlɛhyen wɔ Ahenni Asa so anaa wɔn nhyiam akɛse ase. Nanso, afe a etwaam nkutoo no, Yehowa Adansefo de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem 1.93 na ɛyɛɛ asɛmpaka adwuma no, na bosome biara wɔne nnipa bɛboro ɔpepem 9 na esua Bible no a wonnye sika biara. Anwonwasɛm ne sɛ, wontua Yehowa Adansefo ka wɔ asɛmpaka adwuma a wɔyɛ no ho. Ɛnhaw wɔn nso sɛ wɔn ankasa betua ɛka biara wɔbɔ wɔ asɛnka adwuma no ho. Bere a nhwehwɛmufo bi reka asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nea esi wɔn ani so ara ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ . . . Wonni asɔfo, na ɛno mma wɔmmɔ ka pii.” Sɛ saa a, ɛnde adwene bɛn na yɛde ka asɛmpa no? Nea ɛwom ara ne sɛ, yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa, enti yefi yɛn pɛ mu na ɛka asɛmpa no. Sɛnea yetu yɛn ho ma ka asɛmpa no, ɛma asɛm a ɛwɔ Dwom 110:3 no ba mu. (Kenkan.)

AKWAN BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐFA SO KA ASƐMPA NO?

Yɛka asɛmpa no wɔ baabi a nnipa wɔ biara (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Akwan bɛn na Yesu ne n’asuafo no faa so kaa asɛmpa no?

10 Akwan bɛn na Yesu ne n’asuafo no faa so kaa asɛmpa no? Wɔkɔɔ baabi a nnipa wɔ biara; mmɔnten so ne afie mu. Asɛmpaka adwuma no fã bi ne sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo fie akɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ nkwa. (Mat. 10:11; Luka 8:1; Aso. 5:42; 20:20) Sɛnea asuafo no de ntoboase kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara no kyerɛ sɛ na wɔnhwɛ nnipa anim.

11, 12. Asɛmpaka adwuma no, sɛ wode Kristoman mufo toto Yehowa Adansefo ho a, wuhu no sɛn?

11 Dɛn paa na Kristoman asɔre ahorow no atumi ayɛ wɔ asɛmpaka adwuma no ho? Asɔremma dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛma asɔfo a wotua wɔn ka aka asɛm no akyerɛ wɔn. Sɛ́ anka Kristoman asɔfo bɛkɔ ‘akoyi nnipa’ no, ayɛ sɛ nea wɔn ani gye ho paa ne sɛ wɔbɛbɔ nnipa a wɔanya wɔn dedaw no ho ban. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a asɔfo binom tumi kanyan wɔn asɔremma sɛ wɔnkɔka asɛmpa no bi. Ebi ne asɛm bi a esii afe 2001 ahyɛase no. Pope John Paul II kyerɛw krataa bi kɔmaa n’asɔremma. Ɔkae sɛ: “Mfe pii ni na matwe adwene asi so sɛ momma yɛnkeka yɛn ho na yenkodi adanse. Seesei meresan asi so bio, momma yɛnkanyan yɛn ho na yɛmfa nsi ne ahokeka nkɔka asɛm no sɛnea Paulo yɛe no. Paulo kae sɛ: ‘Sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!’” Pope no toaa so sɛ: “Yɛrentumi nnan saa adwuma yi nto nnipa kakraa bi a ‘yɛatete wɔn’ so, na mmom ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo nyinaa yɛ saa adwuma yi bi.” Nanso nea ɔkae yi nyinaa akyi no, nnipa dodow sɛn na agye saa ɔfrɛ no so?

12 Yehowa Adansefo nso ɛ, wuhu wɔn sɛn? Wɔn nko ara na ɛkyerɛkyerɛ sɛ Yesu redi hene fi afe 1914. Sɛnea Yesu kae no, Adansefo no ntoto asɛnka adwuma no ase koraa. (Mar. 13:10) Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Yehowa Adansefo de, asɛnka adwuma no ho hia wɔn sen biribiara.” Ɔfaa Ɔdansefo bi anom asɛm kae sɛ: “Sɛ Adansefo no hyia obi a ɔkɔm de no, wayɛ ankonam anaa ɔyare a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa no, . . . nanso wɔmma wɔn werɛ mfi sɛ wɔbɛka wiase awiei a ɛreba ne nkwagye ho asɛm akyerɛ no.” (Pillars of Faith—American Congregations and Their Partners) Akwan a Yesu ne n’asuafo faa so kaa asɛm no, saa akwan no ara na Yehowa Adansefo nso fa so.

ƐSƐ SƐ YƐKA ASƐMPA NO KODU HE, NA ƐSƐ SƐ YƐKA KOSI BERE BƐN?

13. Ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kodu he?

13 Yesu kyerɛɛ baabi a yɛbɛka asɛmpa no akodu. Ɔkae sɛ yɛbɛka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa.” (Mat. 24:14) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ “aman nyinaa” asuafo. (Mat. 28:19, 20) Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ wiase baabiara.

14, 15. Baabi a Yesu kae sɛ yɛbɛka asɛmpa no akodu no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo ama saa nkɔmhyɛ no aba mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

14 Baabi a Yesu kae sɛ yɛbɛka asɛmpa no akodu no, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa Adansefo na ama saa nkɔmhyɛ no aba mu? Momma yensusuw nsɛm bi ho nhwɛ. Asɔreasɔre a ɛwɔ United States no, asɔfo dodow a ɛwɔ mu bɛyɛ 600,000. Nanso Yehowa Adansefo a ɛwɔ hɔ bɛyɛ 1,200,000. Roma Katolek Asɔre a ɛwɔ wiase nyinaa no, emu asɔfo bɛyɛ 400,000. Afei fa toto Adansefo a wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no dodow ho hwɛ. Wiase nyinaa, Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem nwɔtwe atu wɔn ho ama reka asɛmpa no. Wɔreka asɛm no wɔ nsase 240 so. Wei kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo reyɛ adwuma kɛse wɔ wiase, na ne nyinaa de ayeyi ne anuonyam brɛ Yehowa!​—Dw. 34:1; 51:15.

15 Yehowa Adansefo de, yɛpɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa pii sɛnea yebetumi ansa na awiei no aba. Wei nti, sɛ yɛreka Bible ho nhoma a yɛkyerɛ ase tintim a, obiara mmɛn yɛn koraa. Yɛakyekyɛ nhoma, nkratawa, ne nsɛmma nhoma ɔpepem pii. Bio nso, yɛakyekyɛ nkrataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba ɔmantam nhyiam ne Nkaedi ase bebree. Yentwa bo nto emu biara so. Yɛayɛ nhoma ne video ahorow wɔ kasa bɛboro 700 mu. Yɛatintim Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no bɛboro ɔpepem 200 wɔ kasa bɛboro 130 mu. Afe a etwaa mu nkutoo no, yetintim Bible ho nhoma bɛyɛ ɔpepepem 4.5. Kasa bɛboro 750 na ɛwɔ yɛn wɛbsaet hɔ. Nyamesom kuw foforo bi wɔ hɔ a ɛreyɛ adwuma a ɛte saa anaa?

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn honhom wɔ Yehowa Adansefo so?

16 Yɛbɛka asɛmpa no akosi bere bɛn? Yesu kae sɛ asɛnka adwuma no bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa akosi nna a edi akyiri no mu, ‘ɛno ansa na awiei no aba.’ Nyamesom kuw bɛn bio na akɔ so aka asɛmpa no wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu? Nkurɔfo a yehyia wɔn asɛnka mu no, ebinom tumi ka sɛ: “Yɛn na honhom kronkron wɔ yɛn so, nanso adwuma no de, mo na moreyɛ.” Yemmisa sɛ, asɛnka adwuma a yɛakɔ so ayɛ no, ɛnkyerɛ sɛ yɛn na Onyankopɔn honhom wɔ yɛn so anaa? (Aso. 1:8; 1 Pet. 4:14) Ɛwom ara a nyamesom akuw bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no bere nyinaa no bi, nanso ɛnkyɛ na agye agu. Ebinom kyerɛ sɛ wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma, nanso ɛnkyɛ na wɔagyae akɔpɛ wɔn baabi atena. Ebinom nso kɔ afie afie, nanso wɔkɔ a, asɛm bɛn paa na wɔkɔka? Biribiara kyerɛ sɛ adwuma a Kristo hyɛɛ ase no, ɛnyɛ ɛno na wɔreyɛ no.

HENANOM PAA NA WƆREKA ASƐMPA NO NNƐ?

17, 18. (a) Ɛnnɛ yɛbɛyɛ dɛn ahu paa sɛ Yehowa Adansefo na wɔreka asɛmpa no? (b) Dɛn na ɛma yetumi kɔ so yɛ saa adwuma yi?

17 Enti ɛnnɛ, henanom paa na ɛreka Ahenni ho asɛmpa no? Yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ: “Ɛyɛ Yehowa Adansefo!” Adɛn nti na yebetumi de ahotoso aka saa? Efisɛ yɛn na yɛreka asɛm pɔtee a Yesu kae sɛ yɛnka no. Ɛno ne Ahenni ho asɛmpa no. Nkurɔfo nkyɛn a yɛkɔ no nso kyerɛ sɛ yɛn na yɛreka asɛm no sɛnea Yesu kae sɛ yɛnka no no. Yɛde adwempa na ɛreka asɛmpa no. Yɛnka asɛm no mfa mpɛ sika, na mmom ɔdɔ na ɛma yɛka asɛm no. Yɛaka asɛm no adu akyiri. Yɛde adu nnipa a wɔka kasa nyinaa nkyɛn wɔ aman nyinaa mu. Yɛbɛkɔ so ayɛ saa adwuma yi a yɛrennyae, na yɛbɛka ara akosi sɛ awiei no bɛba.

18 Adwuma a Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ nnɛ no yɛ nwonwa paa. Nanso dɛn na ɛma wotumi yɛ weinom nyinaa? Ɔsomafo Paulo maa saa asɛm yi ho mmuae wɔ krataa a ɔkyerɛw Filipifo no mu. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn na esiane nea ɛsɔ n’ani nti, ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ no na moayɛ nso.” (Filip. 2:13) Yɛbɔ mpae sɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no nkɔ so nhyɛ yɛn nyinaa den mma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nwie yɛn som adwuma no.​—2 Tim. 4:5.