Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Honhom Fam Aduan a Yehowa De Ma Yɛn no Nyinaa So Mfaso

Nya Honhom Fam Aduan a Yehowa De Ma Yɛn no Nyinaa So Mfaso

“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.”—YES. 48:17.

NNWOM: 117, 114

1, 2. (a) Yehowa Adansefo bu Bible sɛn? (b) Bible no fã bɛn na w’ani gye ho paa?

YEHOWA ADANSEFO ani gye Bible ho paa. Ɛma yɛn akwankyerɛ pa, na ɛma yenya awerɛkyekye ne anidaso. (Rom. 15:4) Yemmu Bible sɛ nnipa asɛm, na mmom “sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.”—1 Tes. 2:13.

2 Ɛyɛ ampa, yɛn mu biara wɔ Bible no fã a n’ani gye ho paa. Ebinom ani gye Nsɛmpa no ho, efisɛ emu na Yesu ma yehu Yehowa su yiye. (Yoh. 14:9) Afoforo nso pɛ Bible no afã a ɛyɛ nkɔmhyɛ te sɛ Adiyisɛm nhoma no, efisɛ Adiyisɛm nhoma no ma yehu “nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm.” (Adi. 1:1) Yɛn mu hena na Nnwom nhoma no nkyekyee ne werɛ da, na yɛn mu hena na onnyaa asuade bi mfii Mmebusɛm nhoma no mu pɛn? Momma yɛnka, Bible yɛ nhoma a eye ma obi biara.

3, 4. (a) Yebu yɛn nhoma ahorow no sɛn? (b) Nhoma ahorow bɛn na wɔyɛ ma nnipakuw pɔtee bi?

3 Esiane sɛ yɛn ani gye Bible ho nti, Bible ho nhoma a yɛn nsa ka no nso, yɛn ani gye ho. Yɛn ani gye nhoma, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nhoma foforo a Yehowa de ma yɛn no ho. Yenim sɛ honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no boa yɛn ma yɛn ani da hɔ wɔ Onyankopɔn som mu, ɛma yedidi yiye, na ‘yɛyɛ den wɔ gyidi mu.’—Tito 2:2.

4 Nhoma a wɔyɛ ma Yehowa Adansefo akyi no, yɛn nsa ka Bible ho nhoma bi a wɔyɛ ma nnipakuw pɔtee bi. Wɔhyɛ da kyerɛw nsɛm no bi de boa mmofra, na wɔkyerɛw bi nso de boa wɔn awofo. Nhoma dodow no ara a wotintim ne nsɛm a ɛwɔ yɛn wɛbsaet no, wɔhyɛ da kyerɛw no sɛnea ɛbɛboa wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso. Honhom fam aduan pii a yɛn nsa ka no kae yɛn sɛ, ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ ‘ɔbɛtow aman nyinaa pon’ no, wadi so.—Yes. 25:6.

5. Dɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ?

5 Yɛn mu bebree yam a anka yenya bere pii kenkan Bible ne Bible ho nhoma a yɛn nsa ka no. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ sɛ yɛtɔ ‘bere a yebenya biara’ de kenkan Bible na yɛde sua ade. (Efe. 5:15, 16) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi adi honhom fam aduan a yɛn nsa ka no nyinaa pɛpɛɛpɛ. Nanso asiane bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho. Ɛyɛ asiane bɛn?

6. Honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no, dɛn na ebetumi ama yɛahwere emu bi?

6 Anhwɛ a, yebetumi anya adwene sɛ honhom fam aduan bi remmoa yɛn. Adwene a ɛte saa betumi ama yɛahwere mfaso a ɛwɔ so. Sɛ ɛba sɛ nsɛm a Bible no fã bi ka mfa yɛn ho a, dɛn na yɛbɛyɛ? Anaa nsɛm a ɛwɔ Bible ho nhoma bi mu no, ɛnyɛ yɛn titiriw nti na wɔkyerɛwee nso ɛ? So yɛbɛkenkan nsɛm a ɛte saa biarabiara anaa yɛrenkenkan koraa? Sɛ yɛyɛ saa a, nsɛm bi a ɛso wɔ mfaso paa no, yebetumi ahwere. Dɛn na yɛbɛyɛ na asɛm a ɛte saa anto yɛn? Ɛnsɛ sɛ yɛtoto honhom fam aduan a yɛn nsa ka no biara ase. Adɛn ntia? Efisɛ ne nyinaa fi Onyankopɔn hɔ. Onyankopɔn nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.” (Yes. 48:17) Momma yensusuw nyansahyɛ mmiɛnsa bi ho. Ɛbɛboa yɛn ama Bible no afã nyinaa ne honhom fam aduan a yɛn nsa ka biara no, yɛanya so mfaso.

NEA ƐBƐBOA WO MA WOANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO

7. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Bible no fã bi a yɛrekenkan mfa yɛn ho?

7 Nka sɛ nea merekenkan yi mfa me ho. Bible ka no pefee sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye.” (2 Tim. 3:16) Ɛwom, Bible no afã bi wɔ hɔ a mfiase no wɔkyerɛw maa ankorankoro anaa nnipakuw bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛde adwempa kenkan Kyerɛwnsɛm no. Onua bi kae sɛ: “Sɛ merekenkan Bible a, mema ɛtena m’adwene mu sɛ metumi anya asuade bi afi mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wei ma minya ntease bi a anka ɛbɛyɛ den sɛ menya no ntɛm.” Sɛ yɛrebɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ adwempa ne nyansa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ntease a Yehowa pɛ sɛ yɛn nsa ka no.—Esra 7:10; kenkan Yakobo 1:5.

Worenya Bible akenkan so mfaso paa? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

8, 9. (a) Sɛ yɛrekenkan Bible a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? (b) Nea wɔhwehwɛ sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ no, dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

8 Bisa nsɛm. Sɛ worekenkan Bible na wudu baabi a, twɛn kakra na bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Dɛn na saa asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi abɔ me bra? Mɛyɛ dɛn de aboa afoforo?’ Sɛ yesusuw nsɛmmisa a ɛte saa ho a, sɛnea ɛte biara, yebenya Bible akenkan so mfaso pii. Nhwɛso bi ni. Wo de, susuw Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma mmarima bi fata sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo no ho hwɛ. (Kenkan 1 Timoteo 3:2-7.) Esiane sɛ yɛn mu dodow no ara nyɛ asafo mu mpanyimfo nti, anhwɛ a yɛbɛka sɛ asɛm no mfa yɛn ho papa. Nanso sɛ yesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho kakra a, yebehu sɛ yɛn nyinaa betumi anya saa ahwehwɛde no so mfaso wɔ akwan pii so.

9 Dɛn na saa asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Yehowa ama yɛahu suban a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo da no adi. Wei kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ nnipa a wɔbɛpaw wɔn sɛ asafo mu mpanyimfo no yɛ wɔn a asɛm nni wɔn ho. Yehowa hwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo bɛyɛ nhwɛso pa. Yehowa ‘de n’ankasa Ba mogya na ɛtɔɔ’ asafo no, enti sɛnea mpanyimfo no ne asafo no mufo bɛtena no, wobebu ho akontaa. (Aso. 20:28) Yehowa pɛ sɛ, sɛ asafo mu mpanyimfo rehwɛ yɛn so a, yɛn bo tɔ yɛn yam. (Yes. 32:1, 2) Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a Yehowa pɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de bɔ wɔn bra no ma yehu sɛ odwen yɛn ho paa.

10, 11. (a) Sɛ yɛkenkan nea wɔhwehwɛ fi asafo mu mpanyimfo hɔ a, yɛbɛyɛ dɛn de saa asɛm no abɔ yɛn bra? (b) Yɛbɛyɛ dɛn de saa asɛm no aboa afoforo?

10 Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi abɔ me bra? Ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ asafo mu panyin hwehwɛ ne mu hwɛ sɛ ɔredi ahwehwɛde no so anaa? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa de hwehwɛ baabi a ehia sɛ ɔyere ne ho. Sɛ onuabarima bi “pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma” a, ehia sɛ osusuw saa ahwehwɛde no ho yiye, na ɔyɛ nea obetumi biara du ho. (1 Tim. 3:1) Nokwasɛm ne sɛ, ahwehwɛde a wɔabobɔ din wɔ kyerɛwsɛm no mu no, Yehowa pɛ sɛ Kristoni biara sua biribi fi mu. Nea wɔaka wɔ hɔ no mu dodow no ara, Yehowa pɛ sɛ Kristofo nyinaa di so. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da ntease adi na yɛma yɛn adwene mu da hɔ. (Filip. 4:5; 1 Pet. 4:7) Sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ “nhwɛso mma nguankuw no” a, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ na ‘yɛasuasua wɔn gyidi.’—1 Pet. 5:3; Heb. 13:7.

11 Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi aboa afoforo? Yebetumi de nea wɔhwehwɛ fi asafo mu mpanyimfo hɔ no aboa wɔn a wɔkyerɛ asɛmpa no ho anigye anaa yɛn Bible asuafo. Ɛbɛma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ Yehowa Adansefo asafo no mu mpanyimfo ne Kristoman asɔfo ntam. Afei nso, bere a yɛrekenkan ahwehwɛde no, yebetumi akae adwumaden a mpanyimfo no reyɛ wɔ yɛn asafo mu. Sɛ yesusuw nea wɔyɛ no ho a, ɛma yenya ‘obu ma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ yɛn mu’ no. (1 Tes. 5:12) Sɛ yɛda obu a emu dɔ adi kyerɛ ahwɛfo a wɔyɛ adwumaden yi a, yɛma wɔn ani gye paa.—Heb. 13:17.

12, 13. (a) Nnwinnade a yɛwɔ no, nhwehwɛmu bɛn na yebetumi de ayɛ? (b) Sɛ yehu nea ɛmaa wɔkyerɛw asɛm bi a, ebetumi ama yɛanya asuade bi a anka ɛbɛyɛ den sɛ yebehu no ntɛm. Ma ɛho nhwɛso.

12 Yɛ nhwehwɛmu. Nnwinnade a yɛwɔ no, yebetumi de ayɛ nsɛmmisa a edidi so yi ho nhwehwɛmu:

  • Hena na ɔkyerɛw Kyerɛwnsɛm no fã yi?

  • Ɛhe na wɔkyerɛw no, na wɔkyerɛw no bere bɛn?

  • Bere a wɔkyerɛw saa Bible mu nhoma no, nsɛntitiriw bɛn na esisii?

Sɛ yehu nsɛm a ɛte saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya asuade a anka ɛbɛyɛ den sɛ yebehu no ntɛm.

13 Yɛmfa Hesekiel 14:13, 14 sɛ nhwɛso. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Sɛ asase bi anni nokware na ɛyɛ me bɔne a, mɛteɛ me nsa wɔ so na mabubu dua a wɔde paanoo nkuruwankuruwa sensɛn so no; mɛma ɔkɔm aba so na matwa onipa ne aboa biara afi so. Na sɛ Noa, Daniel, ne Hiob wɔ hɔ a, anka mmarima baasa yi trenee nti, wobegye wɔn kra, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.” Sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu a, yebehu sɛ Hesekiel kyerɛw ne nhoma no fã yi bɛyɛ afe 612 A.Y.B. Saa bere no, na Noa ne Hiob awu dedaadaw, nanso na Onyankopɔn da so kae wɔn nokwaredi no. Daniel de, na ɔda so te ase. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yehowa kae sɛ Daniel yɛ ɔtreneeni te sɛ Noa ne Hiob no, ɛbɛyɛ sɛ na Daniel nnya nnii mfe 20 anaa na wadi mfe 20 ne kakra. Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ Yehowa hu n’asomfo a wodi nokware nyinaa, na n’ani wɔ wɔn so.—Dw. 148:12-14.

NYA ASAFO NHOMA NYINAA SO MFASO

14. Nhoma ne nsɛm a wɔkyerɛw ma mmofra no boa wɔn sɛn, na ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa afoforo nso? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

14 Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no nyinaa a, yenya so mfaso. Saa ara na yebetumi anya honhom fam aduan a yɛn nsa ka no nyinaa so mfaso. Ma yensusuw nhwɛso kakra ho nhwɛ. Nhoma ne video a wɔyɛ ma mmofra. Nnansa yi, wɔyɛ nhoma ne video pii ma mmofra. [1] Emu bi wɔ hɔ a, wɔyɛ no sɛnea ɛbɛboa mmofra ma wɔagyina atipɛnfo nhyɛso ano wɔ sukuu. Ebi nso wɔ hɔ a, ɔhaw ne nsɛnnennen a mmabun hyia no, ɛboa wɔn ma wogyina ano. Sɛ yɛn nyinaa kenkan nsɛm a ɛte saa a, mfaso bɛn na yebenya? Yɛkenkan a, ɛma yehu ɔhaw a yɛn mmofra no refa mu. Afei nso, ɛma yetumi boa wɔn, na yɛhyɛ wɔn nkuran.

15. Nsɛm anaa nhoma a wɔkyerɛw ma mmofra no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ani afi nso ani gye ho?

15 Ɛnyɛ mmofra nkutoo na wohyia ɔhaw a wɔka ho asɛm wɔ nhoma a wɔkyerɛw ma wɔn no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu, hyɛ yɛn ho so, ko tia atipɛnfo nkɛntɛnso bɔne na yɛtwe yɛn ho fi fekubɔne ne anigyede a ɛmfata ho. Enti wohwɛ a, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ani afi nya adwene sɛ, ɛyɛ animtiaabu sɛ wɔbɛkenkan nhoma ne nsɛm a wɔakyerɛw ama mmofra? Dabida! Ɛwom sɛ wɔkyerɛw nhoma ne nsɛm no sɛnea mmofra ani begye ho de, nanso nsɛm a ɛwom no gyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛboa mpanyin ne mmofra nyinaa so. Enti yɛn nyinaa betumi anya honhom fam aduan a ɛte saa so mfaso.

16. Dɛn bio na yɛn nhoma ahorow no boa mmofra ma wɔyɛ?

16 Yɛn nhoma ahorow no boa mmofra ma wogyina ɔhaw a wohyia ano. Ɛsan boa wɔn ma wɔn gyidi yɛ den, na wɔbɛn Yehowa. (Kenkan Ɔsɛnkafo 12:1, 13.) Ebetumi aboa Kristofo a wɔn ani afi nso. Sɛ nhwɛso no, asɛm bi puei wɔ April 2009 Nyan! Borɔfo de no mu. Asɛm no ni: “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?” Nyansahyɛ pii wɔ saa asɛm no mu, na adaka bi wɔ mu a yebetumi atwa ahyɛ yɛn Bible mu na yɛahwɛ so de ayɛ yɛn Bible akenkan. Wɔn a wɔn ani afi nso anya saa asɛm no so mfaso anaa? Ɔbaa warefo bi a wadi mfe 24 a ɔwɔ mma kae sɛ: “Bere biara a mefi Bible akenkan ase no, na agye agu. Nyansahyɛ a ɛwɔ saa asɛm no mu no, misusuw ho yiye, na mede yɛɛ adwuma. Krataa a wɔkae sɛ wubetumi atwa ahyɛ wo Bible mu no reboa me paa. Seesei me ho pere me sɛ bere bɛso ma makenkan me Bible. Mahu sɛ Bible mu nhoma ahorow no mu nsɛm hyia, na ɛte sɛ nwentama a ɛyɛ fɛ. M’ani nnyee Bible akenkan ho sei da!”

17, 18. Yɛbɛyɛ dɛn anya nhoma anaa nsɛm a wɔkyerɛw ma ɔmanfo no so mfaso? Ma ɛho nhwɛso.

17 Nhoma a wɔkyerɛw ma ɔmanfo. Efi afe 2008 no, yɛn nsa aka Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom. Yehowa Adansefo titiriw na wɔkyerɛw ɛno ma wɔn. Na yɛn nsɛmma nhoma a wɔkyerɛw ma ɔmanfo no nso ɛ? Yɛkenkan a, yebetumi anya so mfaso anaa? Momma yɛnhwɛ asɛm bi. Fa no sɛ, da bi, ansa na wɔrebɛma baguam kasa no, wuhui sɛ obi a wotoo nsa frɛɛ no aba Ahenni Asa so. Sɛnea ɛte biara no, w’ani begye. Bere a ɔkasafo no rema ne kasa no nyinaa, ebetumi aba sɛ na woredwinnwen wo hɔho no ho. Wubedwen sɛnea ɔte nka wɔ kasa no ho, na saa ara na wubedwen sɛnea ebetumi aka n’abrabɔ nso ho. Esiane sɛ woresusuw saa nsɛm yi ho nti, ɔkasa no bɛka wo koma, na wubenya ho anigye kɛse.

18 Sɛ yɛkenkan nhoma anaa nsɛm a wɔakyerɛw ama ɔmanfo a, yebenya anigye a ɛte saa. Nhwɛso bi ni. Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no kyerɛkyerɛ Bible mu wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma akenkanfo a wɔnyɛ Adansefo no ate ase. Saa ara na nsɛm pii a yɛde gu jw.org no nso te. Nsɛm a ɛte saa no bi wɔ “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” ne “Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa” afã hɔ. Sɛ yɛkenkan saa nsɛm yi a, ɛbɛma nokware no ho anisɔ a yɛwɔ ayɛ kɛse. Afei nso, sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma a, yebetumi asua akwan foforo a yɛbɛfa so akyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu. Nyan! nso, gyidi a yɛwɔ sɛ nokware Nyankopɔn wɔ hɔ no, ɛhyɛ mu den bere nyinaa. Ɛsan boa yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu.—Kenkan 1 Petro 3:15.

19. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no?

19 Ampa, Yehowa ama yɛn honhom fam aduan pii a ɛbɛma yɛn nsa aka yɛn “honhom mu ahiade.” (Mat. 5:3) Momma yɛnkɔ so nni honhom fam aduan a yɛn nsa ka no nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛma Yehowa ahu sɛ yɛn ani sɔ ne nkyerɛkyerɛ no, na yebenya so mfaso pii.—Yes. 48:17.

^ [1] (nkyekyɛm 14) Honhom fam aduan a ɛte saa no bi ne Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 1 ne 2. Ebi nso ne “Mmofra Bisa Sɛ” a seesei ɛba Intanɛt so nkutoo no.