Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Da so Ara Resesa W’abrabɔ?

Bible Da so Ara Resesa W’abrabɔ?

“Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.”—ROM. 12:2.

NNWOM: 61, 52

1-3. (a) Sɛ yɛbɔ asu wie mpo a, nsakrae bɛn na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ? (b) Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ nsakrae bi a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

BERE a Kevin [1] huu nokware no, ade a na ehia no paa ne sɛ ɔne Yehowa ntam bɛyɛ papa. Nanso mfe pii ansa na ɔrebɔ asu no, na ɔtow kyakya, nom sigaret, we nsa nom nnubɔne. Sɛ Onyankopɔn begye Kevin atom a, na ɛsɛ sɛ ogyae nneyɛe a Bible kasa tia no nyinaa. Ɔde ne ho too Yehowa so, na ɔmaa Yehowa Asɛm a etumi sesa nnipa no boaa no ma ogyaee.—Heb. 4:12.

2 Kevin bɔɔ asu wiei no, wanyɛ nsakrae biara bio wɔ n’abrabɔ mu anaa? Ɔyɛe, efisɛ na ɛho hia sɛ ɔyere ne ho bɛyɛ Kristoni papa. (Efe. 4:31, 32) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ohui sɛ ne koko haw no paa, na na ɛyɛ den sɛ obedi n’abufuw so. Kevin kae sɛ, “Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛɛ mmerɛw maa me koraa sɛ megyae suban bɔne a na mewom no sen m’abufuw no!” Nea ɛmaa Kevin tumi yɛɛ nsakrae ne sɛ ɔbɔɔ mpae denneennen, na ɔyeree ne ho suaa Bible no.

3 Sɛnea Kevin yɛe no, yɛn mu pii yɛɛ nsakrae akɛse ansa na yɛrebɔ asu. Yɛyɛɛ saa nsakrae no na ama yɛabɔ yɛn bra sɛnea Bible kyerɛ. Bere a yɛbɔɔ asu wiei no, yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nsakrae nketenkete na yɛatumi asuasua Onyankopɔn ne Kristo yiye. (Efe. 5:1, 2; 1 Pet. 2:21) Nanso ebia yɛahu sɛ yɛtaa kasa tia nkurɔfo, yesuro nnipa, yedi nkurɔfo ho nseku, anaa yɛwɔ mmerɛwyɛ afoforo bi. Ayɛ den ama wo sɛ wubegyae saa suban yi? Sɛ ɛte saa a, ebia wobɛka sɛ: ‘Nsakrae akɛse koraa mayɛ, na adɛn nti na nketenkete no ayɛ den ama me saa? Mɛyɛ dɛn ama Bible no aboa me ama manya nkɔso?’

NHWƐ KWAN SƐ WUBETUMI AYƐ BIRIBIARA PƐPƐƐPƐ

4. Adɛn nti na yɛrentumi nyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani wɔ biribiara mu?

4 Yɛn a yɛabehu Yehowa na yɛdɔ no no, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa yɛ nea ɛsɔ n’ani. Ɛwom, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa som Onyankopɔn, nanso yɛn sintɔ nti ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi yɛ nea ɔpɛ. Yɛn asɛm ayɛ te sɛ ɔsomafo Paulo. Ɔkae sɛ: “Ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ.”—Rom. 7:18; Yak. 3:2.

5. Nsakrae bɛn na yɛyɛe ansa na yɛrebɔ asu, nanso mmerɛwyɛ bɛn na ebia ɛda so ara rehaw yɛn?

5 Yɛagyae suban biara a ɛremma yɛmfata sɛ yɛbɛtena Kristofo asafo no mu. (1 Kor. 6:9, 10) Nanso mfomso da so ara wɔn yɛn ho. (Kol. 3:9, 10) Enti yɛbɔ asu wie tena asafo no mu mfe pii mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi ayɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Yɛbɛkɔ so ara adi mfomso, anya adwemmɔne ne akɔnnɔ bɔne, na nneɛma bi nso betumi atwe yɛn asan. Saa mmerɛwyɛ no bi betumi agye akongua ne yɛn atena mfe pii.

6, 7. (a) Yɛn sintɔ nyinaa akyi no, dɛn na ɛma yetumi ne Yehowa fa adamfo? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn?

6 Ɛnsɛ sɛ yɛma sintɔ a ɛwɔ yɛn ho no siw yɛn kwan sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo anaa yɛbɛkɔ so asom no. Momma yɛnhwɛ biribi: Bere a Yehowa twee yɛn baa ne nkyɛn no, na onim sɛ ɛtɔ da a, yebedi mfomso. (Yoh. 6:44) Onyankopɔn nim yɛn suban ne nea ɛwɔ yɛn komam, enti onim nneɛma a yɛn sintɔ nti ebetumi agyigye yɛn. Na onim sɛ ɛwom ara a yebetumi adi mfomso. Nanso, weinom nyinaa akyi no, Yehowa faa yɛn adamfo.

7 Ɔdɔ na ɛkaa Onyankopɔn maa ɔde akyɛde bi a ɛsom bo maa yɛn. Akyɛde a yɛreka ho asɛm yi ne ne Dɔba a ɔde no bɔɔ afɔre maa yɛn no. (Yoh. 3:16) Sɛ yɛyɛ bɔne na yegyina akyɛde a ɛsom bo yi so nu yɛn ho, na yɛsrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ yɛn adamfo. (Rom. 7:24, 25; 1 Yoh. 2:1, 2) Esiane sɛ yɛte nka sɛ yɛyɛ abɔnefo anaa yɛn ho ntew nti, agyede no ne emu nhyira no, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛboa yɛn anaa? Ɛsɛ sɛ yɛma ɛboa yɛn! Sɛ yɛamma ammoa yɛn a, ɛte sɛ nea yɛn nsa ho ayɛ fĩ nanso yɛmpɛ sɛ yɛde nsu hohoro. Yɛhwɛ mu koraa a, abɔnefo a wɔanu wɔn ho nti na Yehowa de agyede no mae. Ɛno nti, ɛwom sɛ yɛyɛ abɔnefo de, nanso agyede no betumi ama yɛne Yehowa akɔ so afa adamfo.—Kenkan 1 Timoteo 1:15.

8. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn mmerɛwyɛ so?

8 Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn mmerɛwyɛ so. Sɛ yɛne Yehowa adamfofa no bɛkɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua Onyankopɔn ne Kristo yiye, na yɛyɛ nneɛma a wɔpɛ. (Dw. 15:1-5) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nso sɛ yebedi yɛn mmerɛwyɛ so na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛatu ase koraa. Sɛ nnansa yi ara na yɛbɔɔ asu oo, sɛ yɛbɔɔ asu akyɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛma ‘wɔkɔ so siesie yɛn yiye.’—2 Kor. 13:11.

9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi akɔ so ahyɛ nipasu foforo no?

9 Sɛ yɛbɛkɔ so ama ‘wɔasiesie yɛn’ na yɛahyɛ “nipasu foforo” no a, ɛnsɛ sɛ yɛte tena. Paulo kaee ne mfɛfo asomfo sɛ: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia, a ɛresɛe wɔ ne nnaadaa akɔnnɔ mu no ngu; mmom no, momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu no.” (Efe. 4:22-24) Sɛ Bible ka sɛ yɛmma ‘wɔnkɔ so nyɛ yɛn foforo’ a, ɛkyerɛ sɛ nipasu foforo a yɛbɛhyɛ no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa. Saa asɛm yi hyɛ nkuran paa, efisɛ ɛma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛasom Yehowa akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, yebetumi akɔ so ahyɛ nipasu foforo no na ama yɛayɛ Kristofo papa. Ɛyɛ ampa, Bible betumi akɔ so asesa yɛn abrabɔ.

ADƐN NTI NA ƐYƐ DEN SAA?

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Bible aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ nsakrae, na nsɛm bɛn na yebetumi abisa?

10 Sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm akɔ so asesa yɛn abrabɔ a, gye sɛ yɛyere yɛn ho paa. Nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho? Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Yehowa hyira nea yɛyɛ so a, adɛn nti na ehia sɛ yɛbrɛ ansa na yɛanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu? Yehowa rentumi nyi suban bɔne ɛwɔ yɛn mu no mfi hɔ mma ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn sɛ yɛbɛda suban pa adi anaa?

11-13. Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛyere yɛn ho di yɛn mmerɛwyɛ so?

11 Sɛ yɛhwɛ amansan yi a, yehu sɛ Yehowa wɔ tumi paa. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔno na ɔbɔɔ owia na yenim sɛ ano yɛ den papaapa. Anibu biara mu no, hann ne ɔhyew a efi owia mu ba no, ɛnyɛ ano bi ni. Nanso ɔhyew no kakraa bi na yehia na ama yɛatumi atena asase yi so. (Dw. 74:16; Yes. 40:26) Sɛ ehia sɛ Yehowa ma n’asomfo tumi a, oyi ne yam ma wɔn bi. (Yes. 40:29) Onyankopɔn betumi ahyɛ yɛn den mpo ama yɛadi yɛn mmerɛwyɛ biara so. Ɔpɛ a ɔremma ɛnka yɛn ani ansa na yɛasiesie yɛn akwan. Ɛnde adɛn nti na ɔnyɛ saa?

12 Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛso bi nni. Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yebetie Onyankopɔn asɛm na yɛyere yɛn ho yɛ nea ɔpɛ a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no paa. Afei nso, yɛma ohu sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani na yegyina ne tumidi akyi. Satan aka sɛ Yehowa mfata sɛ odi yɛn so. Enti sɛ yefi yɛn pɛ mu yere yɛn ho gyina yɛn soro Agya no tumidi akyi a, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye, efisɛ ne yam ye na ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ paa. (Hiob 2:3-5; Mmeb. 27:11) Nanso sɛ Yehowa yi yɛn mmerɛwyɛ nyinaa fi yɛn so na wamma yɛammrɛ kakra a, dɛn na yɛde bɛkyerɛ sɛ yegyina ne tumidi akyi?

13 Enti Yehowa ka sɛ ‘yɛnyɛ nea yebetumi biara’ mfa nnya suban pa. (Kenkan 2 Petro 1:5-7; Kol. 3:12) Nsusuwii bɔne a ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn komam nyinaa, Yehowa pɛ sɛ yɛyere yɛn ho di so. (Rom. 8:5; 12:9) Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden yɛ saa na yehu sɛ Bible da so ara resesa yɛn abrabɔ a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam.

MA NYANKOPƆN ASƐM NKƆ SO NSESA WO

14, 15. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya suban a Yehowa ani gye ho? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Bible ne Mpaebɔ Sesaa Wɔn Abrabɔ.”)

14 Dɛn na yebetumi ayɛ de anya suban pa ama Yehowa ani agye? Ɛnyɛ nea yɛn adwene kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho di Onyankopɔn akwankyerɛ so efisɛ Romafo 12:2 ka sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.” Yehowa nam n’Asɛm ne honhom kronkron so boa ma yehu nea ɔpɛ na yɛyɛ. Ɛsesa yɛn abrabɔ ma yetumi di ne mmara so. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no bi ne sɛ yɛbɛkenkan Bible daa, adwinnwen emu nsɛm ho na yɛabɔ mpae ahwehwɛ honhom kronkron. (Luka 11:13; Gal. 5:22, 23) Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɔpɛ, na ɛbɛma yɛanya n’adwene. Ɛbɛma yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe asɔ Onyankopɔn ani. Ɛno mpo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na mmerɛwyɛ bi a ɛwɔ yɛn ho anyi yɛn.—Mmeb. 4:23.

Asafo nhoma mu nsɛm ne kyerɛw nsɛm bi ka yɛn mmerɛwyɛ ho asɛm. Sɛ yɛboaboa ano na yɛhwɛ mu a, ebetumi aboa yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15 Bible a yɛbɛkenkan daa akyi no, ɛsɛ sɛ yɛde asafo nhoma hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asuasua Yehowa suban pa. Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! ne kyerɛw nsɛm bi a ɛma yenya suban pa ma yetumi di mmerɛwyɛ pɔtee bi so no, ebinom ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛboaboa ano, na ɛwom ara wɔahwɛ mu.

16. Sɛ yɛantumi anyɛ nsakrae ntɛmntɛm a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu?

16 Sɛ wopɛ sɛ wunya Yehowa suban no bi na sɛ ɛmma ntɛm a, kae sɛ egye bere. Ɛmma prɛko pɛ; ɛyɛ nkakrankakra. Sɛ yɛpɛ sɛ Bible kɔ so boa yɛn ma yɛn abrabɔ yɛ papa a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase. Ahyɛase no, ebia ɛho behia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na ama yɛatumi ayɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ yɛnyɛ. Bere rekɔ so no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebenya Yehowa Nyankopɔn adwene na yɛayɛ nea ɔpɛ.—Dw. 37:31; Mmeb. 23:12; Gal. 5:16, 17.

KAE MMERE PA A ƐDA YƐN ANIM NO

17. Sɛ yedi Yehowa nokware a, asetena pa bɛn na yebenya daakye?

17 Awiei koraa no, Yehowa asomfo a wodi nokware bɛyɛ pɛ na wɔasom no afebɔɔ. Saa bere no, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebenya suban pa, mmom yɛde anigye kɛse paa na ɛbɛda suban pa adi. Ɛwom sɛ saa bere no nnya mmae de, nanso agyede no nti, yɛanya hokwan resom yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no. Seesei a bɔne wɔ yɛn ho mpo no, sɛ yɛkɔ so ma Onyankopɔn Asɛm sakra yɛn a, yebetumi asom no.

18, 19. Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Bible betumi akɔ so asakra yɛn abrabɔ?

18 Kevin a yɛadi kan aka ne ho asɛm no yeree ne ho denneennen sɛ obedi n’abufuw so. Ɔkenkan Bible dwinnwen emu nnyinasosɛm ho de bɔɔ ne bra, na otiee afotu a ne mfɛfo Kristofo de maa no. Mfe kakra akyi no, Kevin tumi yɛɛ nsakrae pii. Awiei koraa no wɔpaw no sɛ asafo mu somfo, na mfe 20 a atwam no, wasom sɛ asafo mu panyin. Ɛno mpo no, ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ na wanyɛ biribi a ɛbɛsɛe ɔne Yehowa ntam.

19 Kevin asɛm no ma yehu sɛ Bible boa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔkɔ so yɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu. Enti mommma yɛmmpa abaw. Momma yɛmma Onyankopɔn Asɛm no nkɔso nsakra yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa ntam bɛyɛ kama. (Dw. 25:14) Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, Yehowa bɛboa yɛn na ɛbɛma yɛahu paa sɛ Bible betumi akɔ so asesa yɛn abrabɔ.—Dw. 34:8.

^ [1] (nkyekyɛm 1) Wɔasesa din no.