Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnkyerɛ Onyankopɔn Adom Ho Anisɔ

Momma Yɛnkyerɛ Onyankopɔn Adom Ho Anisɔ

“Yɛn nyinaa anya adom pii.”​—YOH. 1:16.

NNWOM: 95, 13

1, 2. (a) Yesu mfatoho a ɛfa bobeturo wura ho no, ka ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na mfatoho no ma yehu biribi fa ayamye ne adom ho?

DA KORO anɔpatutuutu, bobeturo wura bi kɔɔ gua so sɛ ɔrekɔpɛ apaafo ama wɔakɔyɛ adwuma wɔ ne bobeturo mu. Mmarima a onyaa wɔn no penee akatua a ɔkae sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wɔkɔyɛɛ adwuma no. Nanso esiane sɛ na afuw wura no hia adwumayɛfo pii nti, saa da no, ɔsan kɔɔ gua no so mpɛn pii sɛ ɔrekɔpɛ adwumayɛfo no bi aka ho. Wɔn a ɔbɔɔ wɔn paa anwummere no mpo, ɔkae sɛ ɔbɛma wɔn akatua a ɛfata. Eduu anwummere no, ɔboaboaa adwumayɛfo no nyinaa ano sɛ ɔrebetua wɔn ka. Akatua koro na ɔde maa wɔn mu biara. Wɔn a wɔyɛɛ adwuma nnɔnhwerew pii ne wɔn a wɔyɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ no nyinaa nyaa akatua koro. Bere a wɔn a wodii kan bɔɔ wɔn paa no huu saa no, wonwiinwii. Bobeturo wura no bisaa wɔn sɛ: ‘Adɛn, moampene akatua a mekae sɛ mede bɛma mo no so anaa? Enti minni hokwan sɛ mitua m’adwumayɛfo nyinaa ka sɛnea mepɛ? Papa a mereyɛ yi nti na mo ani abere anaa?’—Mat. 20:1-15.

2 Yesu mfatoho no ma yɛkae Yehowa su bi a Bible taa ka ho asɛm. Ɛno ne ‘n’adom.’ [1] (Kenkan 2 Korintofo 6:1.) Adwumayɛfo a wɔyɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ no, ɛte sɛ nea na ɛmfata sɛ wonya da koro akatua. Nanso bobeturo wura no daa ayamye soronko adi kyerɛɛ wɔn. Bible ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛ asɛmfua “adom” mu sɛ: “Nea ɛkyerɛ ara ne akyɛde a obi yi ne yam de ma, biribi a wɔde ma obi a wanyɛ ho adwuma anaa ɛmfata no.”

YEHOWA AKYƐDE A ƐSEN BIARA

3, 4. Adɛn nti na Yehowa adom adesamma nyinaa, na ɔyɛɛ no sɛn?

3 Kyerɛwnsɛm no ka “Onyankopɔn dom akyɛde” ho asɛm. (Efe. 3:7) Adɛn nti na Yehowa de saa “akyɛde” yi ma yɛn, na ɔyɛ no sɛn? Sɛ yetumi yɛ nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ a, ɛnde yebetumi aka sɛ ɛfata sɛ ɔda ayamye adi kyerɛ yɛn. Nanso, yentumi nyɛ saa. Ɛno nti, Ɔhene Solomon onyansafo no kae sɛ: “Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnk. 7:20) Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho,” na “bɔne akatua ne owu.” (Rom. 3:23; 6:23a) Ampa, yɛfata owu.

4 Nanso, Yehowa daa ne dɔ adi kyerɛɛ abɔnefo wɔ ɔkwan a ɛsen biara so. Yebetumi aka sɛ ɛyɛ adom a ɛso bi nni. Yehowa somaa “ne Ba a ɔwoo no koro” no baa asase so sɛ ommewu mma yɛn. Ɛno ne n’akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama yɛn. (Yoh. 3:16) Enti, Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ “wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri, owu amanehunu nti, na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owu ahwɛ ama onipa biara.” (Heb. 2:9) Ampa, “akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so” no.—Rom. 6:23b.

5, 6. (a) Sɛ bɔne di yɛn so a, dɛn na efi mu ba? (b) Sɛ yɛhyɛ adom ase a, dɛn na ɛboa yɛn ma yɛyɛ?

5 Ɛyɛɛ dɛn na bɔne ne owu trɛw kaa nnipa nyinaa? Bible ka sɛ: ‘Ɛnam onipa biako, Adam, bɔne so na owu dii’ Adam asefo so “hene.” (Rom. 5:12, 14, 17) Nanso anigyesɛm ne sɛ, yɛpɛ a, yɛremma bɔne nni yɛn so bio. Sɛ yenya Kristo agyede afɔre no mu gyidi a, ɛnde na yɛde yɛn ho ahyɛ Yehowa adom ase. Ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi ayɛ yiye? Bible ka sɛ: “Bere a bɔne dɔɔso no, adom dɔɔso boroo so. Atirimpɔw bɛn ntia? Nea ɛbɛyɛ a sɛnea bɔne ne owu dii hene no, adom nso nam trenee so bedi hene, na ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so akowie daa nkwa mu.”—Rom. 5:20, 21.

6 Ɛwom sɛ yɛda so yɛ abɔnefo de, nanso ɛnsɛ sɛ yegyaagyae yɛn ho ma bɔne di yɛn so tumi. Sɛ mpo yɛyɛ bɔne a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ yɛn. Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, efisɛ munni mmara ase, na mmom adom ase.” (Rom. 6:14) Ɛno ma yɛbɛhyɛ adom ase. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛma yɛyɛ? Paulo kae sɛ: ‘Onyankopɔn adom kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.’—Tito 2:11, 12.

ADOM AKYƐDE NO ‘YƐ ADWUMA AKWAN HOROW SO’

7, 8. Sɛ yɛka sɛ Yehowa adom ‘yɛ adwuma akwan horow so’ a, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa.” (1 Pet. 4:10) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. (1 Pet. 1:6) Enti sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no, Onyankopɔn beyi ne yam aboa yɛn ama yɛatumi agyina ano bere nyinaa.

8 Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adom yɛ adwuma wɔ akwan horow so. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Adom a ahyɛ no mã nti, yɛn nyinaa anya adom pii afi ne hɔ.” (Yoh. 1:16) Esiane sɛ Yehowa da ayamye adi wɔ akwan horow so nti, yenya nhyira pii? Ebi ne sɛn?

9. Yɛyɛ dɛn nya Yehowa adom so mfaso, na dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ?

9 Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho, na yɛyere yɛn ho ko tia yɛn mmerɛwyɛ a, Yehowa adom nti, ɔde kyɛ yɛn. (Kenkan 1 Yohane 1:8, 9.) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho anisɔ na yɛhyɛ no anuonyam. Paulo kyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “[Yehowa agye] yɛn afi esum tumi ase de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahenni mu, na ɔno na yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafiri.” (Kol. 1:13, 14) Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yenya nhyira pii.

10. Onyankopɔn adom nti, nhyira bɛn na yenya?

10 Asomdwoe ba yɛne Onyankopɔn ntam. Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, wɔbɛwo yɛn no, na yɛyɛ Onyankopɔn atamfo. Paulo gyee saa asɛm yi toom, na ɔkae sɛ: “Bere a na yɛyɛ atamfo no wɔnam ne Ba no wu so pataa yɛne Onyankopɔn ntam.” (Rom. 5:10) Saa mpata no ma asomdwoe tumi ba yɛne Yehowa ntam. Paulo de hokwan yi totoo Yehowa adom ho sɛ: “Afei a wofi gyidi mu abu yɛn [Kristo nuanom a wɔasra wɔn] bem yi, momma yɛne Onyankopɔn nnya asomdwoe denam yɛn Awurade Yesu Kristo so, nea yɛnam ne so nso de gyidi anya adom a yegyina mu seesei yi mu kwan no; na momma yenni ahurusi wɔ Onyankopɔn anuonyam ho anidaso no mu.” (Rom. 5:1, 2) Nhyira bɛn ara ni!

Onyankopɔn adom no yɛ adwuma akwan horow so: Yenya hokwan te asɛmpa no (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no de “nguan foforo” no ba trenee mu?

11 Yebetumi abɛyɛ atreneefo. Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Nanso, odiyifo Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ awiei bere mu no, “mmadwemma no,” wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no, ‘de nnipa bebree bɛba trenee mu.’ (Kenkan Daniel 12:3.) Wɔnam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so ama “nguan foforo” no ɔpepem pii anya gyinabea pa wɔ Yehowa anim. (Yoh. 10:16) Yehowa adom nti na wɔanya gyinabea pa a ɛte saa. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ akyɛde ara kwa sɛ wɔnam Kristo Yesu agyede no so abu wɔn bem wɔ [Onyankopɔn adom] mu.”—Rom. 3:23, 24.

Yetumi bɔ mpae (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Sɛ yɛreka Onyankopɔn adom ho asɛm a, mpaebɔ ba mu sɛn?

12 Yɛnam mpaebɔ so tumi kɔ Onyankopɔn ahengua anim. Yehowa adom nti, yɛnam mpaebɔ so tumi kɔ ne soro ahengua no anim. Nokwarem no, Paulo frɛɛ Yehowa ahengua no “adom ahengua,” na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa “ahotoso” nkɔ ahengua no anim. (Heb. 4:16a) Yehowa nam ne Ba no so ama yɛanya saa hokwan yi. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɔno so na yɛnam kasa nnam so, na yɛnam ne mu gyidi a yɛwɔ no so tumi kɔ Onyankopɔn anim ahotoso mu.” (Efe. 3:12) Anokwa, Yehowa adom yɛn paa sɛ wama yetumi kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu!

Yenya mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn adom betumi aboa yɛn wɔ “bere a ɛsɛ mu”?

13 Yetumi nya mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu. Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ahotoso nkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu “na yɛanya mmɔborɔhunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:16b) Bere biara a yebehyia sɔhwɛ anaa nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn abrabɔ mu no, yebetumi asu afrɛ Yehowa sɛ onhu yɛn mmɔbɔ na ɔmmoa yɛn. Ɛwom sɛ yɛyɛ abɔnefo de, nanso otie yɛn sufrɛ. Mpɛn pii no, ɔnam yɛn mfɛfo Kristofo so na ɛboa yɛn. Ɛba saa a, “ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’”—Heb. 13:6.

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adom betumi ama yɛn koma atɔ yɛn yam?

14 Ɔma yenya awerɛkyekye, na yɛn koma tɔ yɛn yam. Nhyira kɛse a Yehowa adom nti yenya no baako ne sɛ, sɛ yɛn koma bubu a, ɔkyekye yɛn werɛ. (Dw. 51:17) Kristofo a na wɔrehyia ɔtaa wɔ Tesalonika no, Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Yɛn Awurade Yesu Kristo, ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔɔ yɛn na ɔmaa yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa wɔ adom mu no, ɔnkyekye mo koma werɛ, na ɔmma munnyina pintinn.” (2 Tes. 2:16, 17) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛahu sɛ Yehowa dwen yɛn ho! N’ayamye nti na ɔboa yɛn.

15. Onyankopɔn adom nti, anidaso bɛn na yɛanya?

15 Yɛwɔ anidaso sɛ yebenya daa nkwa. Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, sɛ ɛkaa yɛn nko ara a, anka yenni anidaso biara. (Kenkan Dwom 49:7, 8.) Nanso Yehowa ama yɛanya anidaso a ɛso bi nni. Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ: “M’Agya no apɛde ne sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no benya daa nkwa.” (Yoh. 6:40) Ampa, daa nkwa anidaso no yɛ akyɛde. Ɛyɛ Onyankopɔn adom a wada no adi. Paulo ani gyee saa asɛm no ho, na ɔkae sɛ: “Wɔada Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye brɛ nnipa ahorow nyinaa no adi.”—Tito 2:11.

MFA ONYANKOPƆN ADOM HO NYƐ BƆNE

16. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo binom faa Onyankopɔn adom ho yɛɛ bɔne?

16 Ɛwom sɛ Yehowa adom ama yɛanya nhyira pii de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan susuw sɛ ɔpene biribiara a yɛyɛ so. Tete Kristofo binom yɛɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔbɛdan Onyankopɔn adom de ayɛ anoyi de abu ahohwibra.’ (Yuda 4) Ɛda adi sɛ, saa Kristofo a na wonni nokware no susuwii sɛ wobetumi ayɛ bɔne na wɔahwɛ kwan sɛ Yehowa de bɛkyɛ wɔn. Nea enye koraa no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛdaadaa wɔn nuanom ama wɔakɔka wɔn ho wɔ wɔn ahohwibra no mu. Saa ara na ɛnnɛ nso, obiara a ɔreyɛ saa no ‘asopa adom honhom no pasaa.’—Heb. 10:29.

17. Afotu a emu yɛ den bɛn na Petro de mae?

17 Ɛnnɛ, Satan adaadaa Kristofo binom ama wɔanya adwene sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo nti, wobetumi ayɛ bɔne na wɔafa wɔn ho adi. Nanso, ɛwom sɛ nea Yehowa pɛ ne sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn de, nanso ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyere yɛn ho ako atia yɛn mmerɛwyɛ. Ɔmaa Petro kyerɛwee sɛ: “Enti, adɔfo, esiane sɛ munim eyi dedaw nti, monhwɛ mo ho yiye na mmaratofo amfa wɔn nnebɔne no antwe mo ankɔ, na bere a moatim yi moanhwe ase. Dabida, na mmom monkɔ so nnyin wɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.”—2 Pet. 3:17, 18.

ONYANKOPƆN ADOM MA YENYA ASƐYƐDE

18. Esiane sɛ Yehowa adom yɛn nti, asɛyɛde ahorow bɛn na yɛanya?

18 Esiane sɛ yɛkyerɛ Yehowa adom ho anisɔ nti, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛde ɔdom akyɛde a yɛwɔ hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na yɛboa yɛn yɔnko nnipa. Akwan bɛn so? Paul bua sɛ: “Ɛnde esiane sɛ ɛsonsono yɛn akyɛde sɛnea adom a wɔde adom yɛn te nti, . . . sɛ ɛyɛ ɔsom adwuma a, momma yɛntena ɔsom adwuma no mu; anaa nea ɔkyerɛkyerɛ no, ma ɔntena ne nkyerɛkyerɛ no mu; anaa nea otu fo no, ma ɔntena n’afotu mu; . . . nea ohu mmɔbɔ no, ɔnyɛ no anigye so.” (Rom. 12:6-8) Esiane sɛ Yehowa adom yɛn nti, ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ Kristofo som adwuma no, yɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible no, yɛhyɛ yɛn mfɛfo Kristofo nkuran, na yɛde obiara a ɔfom yɛn bɔne kyɛ no.

19. Asɛyɛde a yɛwɔ bɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Esiane sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn ayamye ho anisɔ nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ‘di Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse fefeefe.’ (Aso. 20:24) Yebesusuw saa asɛyɛde yi ho akɔ akyiri wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ [1] (nkyekyɛm 2) Hwɛ asɛm “Undeserved kindness” (Adom) ho nkyerɛkyerɛmu wɔ “Glossary of Bible Terms” (Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu) a ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase Borɔfo de no mu no.