Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ Ahenni no, na Ɛnyɛ Nneɛma

Hwehwɛ Ahenni no, na Ɛnyɛ Nneɛma

Monkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni, na wɔde saa nneɛma yi bɛka mo ho.’—LUKA 12:31.

NNWOM: 40, 98

1. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nea yehia ne nea yɛpɛ mu?

WƆTAA ka sɛ onipa ahiade yɛ kakraa bi, na nea ɔpɛ de, enni ano. Ɛte sɛ nea nnipa pii ntumi nhu nsonsonoe a ɛwɔ nneɛma a wohia ne nea wɔpɛ mu. Ɛnde, nsonsonoe bɛn na ɛwom? “Ahiade” yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wunya, efisɛ woanya a, worentumi ntena nkwa mu. Aduan, ntade, ne baabi a obi de ne ti bɛto yɛ nneɛma a yehia wɔ asetena mu. Biribi a “yɛpɛ” nyɛ ade a yɛannya a yɛrentumi ntena nkwa mu, nanso yenya a, yɛn ani begye.

2. Nneɛma a nnipa pɛ no, ebi ne nea ɛwɔ he?

2 Nneɛma a nnipa pɛ gu ahorow. Enti baabi a obi te na ɛbɛkyerɛ nea ɔpɛ. Aman a wonnyaa nkɔso pii so no, ebia nea obi pɛ ara ne sɛ obenya sika atɔ fon, moto, anaa asase ketewa bi. Sɛ obi te ɔman a edi yiye mu a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɔntɔ ntade a ne bo yɛ den, ofie kɛse, anaa kar a ne bo yɛ den. Sɛnea ɛte biara, asiane wom paa sɛ yɛbɛma adedodowpɛ asum yɛn afiri ama yɛahwehwɛ nneɛma pii. Sɛ onipa no wɔ sika a ɔde bɛtɔ oo, sɛ onni bi oo, asiane wɔ ne nyinaa mu.

HWƐ YIYE NA ADEDODOWPƐ HO AFIRI ANYI WO

3. Dɛn ne adedodowpɛ?

3 Dɛn ne adedodowpɛ? Ɛne sɛ obi de n’adwene besi honam fam nneɛma so asen honhom fam de so. Nneɛma a obi de gyigye n’ani, nea ɔde di kan wɔ n’asetenam, ne nea ɔde n’ani si so na ɛma yehu sɛ adedodowpɛ afiri ayi no anaa. Onipa a adedodowpɛ afiri ayi no no, nea ɔwɔ biara nsɔ n’ani. Ɛnyɛ obi a ɔwɔ sika pii anaa ɔtotɔ nneɛma a ne bo yɛ den nko ara na yɛbɛka sɛ ɔpɛ adedodow. Ahiafo mpo betumi ayɛ wɔn a wɔpɛ adedodow. Ɛba saa a, Ahenni no a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ no kan no, wobɛhwɛ na wɔabu wɔn ani agu so.—Heb. 13:5.

4. Ɔkwan bɛn so na Satan de “aniwa akɔnnɔ” yɛ adwuma?

4 Satan nam aguadi a ɛrekɔ so wɔ ne wiase yi mu so daadaa yɛn. Ɔma yenya adwene sɛ, sɛ yɛn ani begye wɔ asetena mu a, gye sɛ yenya nneɛma pii. Satan aben wɔ sɛnea ɔde “aniwa akɔnnɔ” daadaa nnipa mu. (1 Yoh. 2:15-17; Gen. 3:6; Mmeb. 27:20) Ɛnnɛ, wɔbɔ biribiara bi ho dawuru wɔ wiase. Ebi ye paa na mfaso wɔ so, na ebi nso wɔ hɔ a, mfaso biara nni so. Woatɔ biribi a wunhia pɛn? Ebia wuhui sɛ wɔrebɔ ho dawuru anaa w’ani bɔɔ so wɔ sotɔɔ bi mu. Akyiri yi, wuhui sɛ worenhia ade a wotɔe no wɔ w’asetenam da anaa? Nneɛma a ɛho nhia saa betumi akɔfa ɔhaw ne dadwen abɛto yɛn so. Ebetumi asum yɛn afiri na agye yɛn bere a yɛde sua Bible ne nea yɛde sua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam. Saa ara nso na ebetumi ama yɛn asɛnkakɔ ayɛ basaa. Momma yɛnkae sɛ, ɔsomafo Yohane bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam.”

5. Asɛm bɛn na ebetumi ato wɔn a wɔde wɔn bere pii hwehwɛ honam fam nneɛma no?

5 Satan pɛ sɛ yɛsom Ahonyade mmom sen sɛ yɛbɛsom Yehowa. (Mat. 6:24) Wɔn a wɔde wɔn ahoɔden nyinaa hwehwɛ ahonyade no, wonnya so mfaso biara. Wɔn abam tumi bu, na wɔn adwene tu fra. Afei nso, etumi ma wɔne Yehowa ntam sɛe. (1 Tim. 6:9, 10; Adi. 3: 17) Ɛte sɛ nea Yesu kaa ho asɛm wɔ ogufo ho mfatoho no mu no. Sɛ wogu Ahenni asɛm no wɔ ‘nsɔe mu a, nneɛma a aka ho akɔnnɔ mia asɛm no, na ɛnsow aba.’—Mar. 4:14, 18, 19.

6. Dɛn na yesua fi Baruk asɛm no mu?

6 Momma yɛnka odiyifo Yeremia kyerɛwfo Baruk ho asɛm kakra. Ná wɔahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem. Aka bere tiaa bi ama saa bere no adu no, Baruk fii ase ‘hwehwɛɛ nneɛma akɛse’; nneɛma a mfaso biara nni so. Nanso, ade baako a na anka ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ne nea na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no no. Ná Yehowa aka sɛ: “Mede wo kra bɛma wo sɛ asade.” (Yer. 45:1-5) Onyankopɔn anhyɛ bɔ sɛ, sɛ wɔresɛe kurow no a, ɔbɛkora agyapade biara so. (Yer. 20:5) Bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nneɛma pii. Sɛ yɛwɔ agyapade bi a yɛn ani gye ho paa anaa ɛsom bo sɛn mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔ ahohiahia kɛse no mu no, wɔbɛkora so aka yɛn nkwa ho.—Mmeb. 11:4; Mat. 24:21, 22; Luka 12:15.

7. Dɛn na yebesusuw ho, na adɛn ntia?

7 Asetena mu nneɛma a yɛbɛhwehwɛ no, Yesu de ho afotu pa maa yɛn. Sɛ yetie a, ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi nneɛma a ɛho hia paa so. Ɛbɛboa yɛn ama yɛakwati adedodowpɛ, na ɛremma yɛnkɔfa dadwen bi mmɛto yɛn so. Yesu de saa afotu no mae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mat. 6:19-21) Momma yɛnkenkan Mateo 6:25-34, na yensusuw ho. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so hwehwɛ Ahenni’ no, na ɛnyɛ nneɛma.Luka 12:31.

YEHOWA MA YENYA NEA YEHIA

8, 9. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma a yehia ho pii? (b) Dɛn na na Yesu nim wɔ nnipa ne nea wohia ho?

8 Kenkan Mateo 6:25. Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no no sɛ ‘wonnyae sɛ wodwinnwen wɔn kra ho’ no, asɛm a na ɔreka akyerɛ wɔn ara ne sɛ “wonnyae adwinnwen.” Ná wɔredwinnwen nneɛma a ɛho nhia ho. Ntease wom sɛ Yesu kaa saa asɛm no. Nneɛma a obi hia paa mpo no, sɛ odwinnwen ho tra so a, ebetumi ama n’adwene ayɛ no ntanta. Wei bɛma wayi n’adwene afi nneɛma a ɛho hia paa a ɛne Onyankopɔn som so. Ná Yesu dwen n’asuafo no ho araa ma ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn nnan wɔ adwinnwen ho, efisɛ na onim sɛ ebetumi apira wɔn.—Mat. 6:27, 28, 31, 34.

9 Nea yebedi, nea yɛbɛnom, ne nea yɛbɛhyɛ no, adɛn nti na Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho? Wohwɛ a, saa nneɛma no nka asetenam nneɛma a ɛho hia paa no ho? Ɛka ho paa! Sɛ yenni sika a yɛde bɛtɔ saa nneɛma yi a, ɛrenhaw yɛn anaa? Ɛbɛhaw yɛn, na na Yesu nso nim saa. Ná Yesu nim nneɛma a nnipa hia da biara da. Nea ɛsen saa no, na onim sɛ “nna a edi akyiri” no mu no, ‘mmere mu bɛyɛ den.’ Wei kyerɛ sɛ, na n’asuafo a wɔbɛtena ase wɔ nna a edi akyiri no mu no ho bɛkyere wɔn. (2 Tim. 3:1) Nneɛma a na ɛde ahokyere bɛba nnipa pii so no bi ne adwuma a wonnya nyɛ, nneɛma bo a ɛbɛyɛ den, ɔkɔm, ne ohia fitaa. Ná Yesu nim nso sɛ ‘nkwa ho hia sen aduan, na nipadua sen atade.’

10. Bere a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛnea wɔmmɔ mpae no, dɛn na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu?

10 Ná Yesu adi kan aka akyerɛ n’atiefo no sɛ wɔnsrɛ wɔn soro Agya no ma ɔmma wɔn nea wohia. Ɔkae sɛ, wobetumi abɔ mpae sɛ: “Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.” (Mat. 6:11) Ɔsan kae akyiri yi sɛ: “Ma yɛn da yi aduan sɛnea yehia no da biara.” (Luka 11:3) Nanso saa afotu no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma a yehia gye yɛn adwene. Saa mpaebɔ a Yesu kyerɛe no mu no, nea ɔtwee adwene sii so paa ne sɛ, yɛnsrɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra. (Mat. 6:10; Luka 11:2) Nea ɛbɛyɛ na Yesu aka n’atiefo koma ato wɔn yam no, osii so dua sɛ Yehowa yɛ Ɔdemafo a obiara ne no nsɛ.

11, 12. Sɛnea Yehowa hwɛ ewim nnomaa no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Kenkan Mateo 6:26. Ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ ewim nnomaa.’ Ɛwom sɛ nnomaa yɛ abɔde a wosusua de, nanso wodi nnuaba, nkoekoemmoa, anaa mmoawammoawa pii. Yebetumi aka sɛ, sɛ anomaa bi kɛse te sɛ onipa a, anka obedidi asen no. Nnomaa nnɔw afuw, wongu aba, nanso wodidi. Yehowa ma wonya nea wohia biara. (Dw. 147:9) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ntetew aduan nhyɛ nnomaa anom. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa tu kɔhwehwɛ aduan, nanso aduan a wodi nyɛ na.

12 Ná Yesu nim sɛ ɛremma da sɛ ne soro Agya bɛma nnomaa anya wɔn ano aduan, na wahwɛ ama nnipa de abɔ wɔn. [1] (1 Pet. 5:6, 7) Ɛyɛ nokware sɛ, Yehowa rentetew aduan nhyɛ yɛn anom, nanso sɛ yedua yɛn nnɔbae a, obetumi ahyira so ama ayɛ yiye. Bio nso, obetumi aboa yɛn ama yɛanya sika atɔ yɛn ano aduan da biara. Sɛ yɛn ho kyere yɛn a, obetumi akã afoforo koma ama wɔne yɛn akyɛ nea wɔwɔ. Ɛwom sɛ Yesu anka baabi a nnomaa bɛda ho asɛm de, nanso Yehowa ama wɔn nyansa a ɛma wotumi nwene wɔn ankasa mmerebuw; nneɛma a wɔde yɛ nso abu so. Saa ara nso na Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛanya baabi a yɛne yɛn mmusua de yɛn ti bɛto.

13. Dɛn na ɛma yehu sɛ yɛsom bo sen ewim nnomaa?

13 Yesu bisaa n’atiefo sɛ: “So monsom bo pii nsen [wim nnomaa]?” Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ koraa na ɔde ne nkwa ato hɔ ama adesamma. (Fa toto Luka 12:6, 7 ho.) Nnipa nkutoo na Kristo wu maa wɔn. Yesu anwu amma ewim nnomaa, na mmom owu maa yɛn na ama yɛanya daa nkwa.—Mat. 20:28.

14. Dɛn na onipa a odwinnwen rentumi nyɛ da?

14 Kenkan Mateo 6:27. Adɛn nti na Yesu kae sɛ obi a odwinnwen ntumi mfa basafa baako nka ne nkwa nna ho? Efisɛ sɛ yedwinnwen yɛn da biara da ahiade ho sɛnea ɛnsɛ a, ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma yɛn nkwa nna aware. Mmom, adwinnwen ntraso betumi ama yɛawu ntɛm.

15, 16. (a) Dɛn na yesua fi sɛnea Yehowa hwɛ wuram sukooko no mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho, na adɛn ntia?

15 Kenkan Mateo 6:28-30. Hena na sɛ ɔrekɔ asɛnka, asafo nhyiam, anaa nhyiam akɛse na ɔhyɛ ntade a ɛyɛ fɛ a, ɔmpɛ? Sɛ saa na ɛte mpo a, ɛsɛ sɛ ‘yedwinnwen ntade ho’ tra so anaa? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛm yi ho mmuae no, Yesu danee yɛn adwene kɔɔ Yehowa nsa ano adwuma so. “Wuram sukooko” yɛ fɛ, na yebetumi ahwɛ asua nneɛma pii. Bere a Yesu kaa sukooko ho asɛm no, ebetumi aba sɛ nhwiren a ɛyɛ fɛ te sɛ wuram sukooko ho asɛm na na ɔreka. Wuram sukooko nto asaawa, ɛmpam atade, na saa ara nso na ɛnwene ntama. Nanso, ne nhwiren yɛ fɛ paa, na ɛsɛ w’ani! Bible ka mpo sɛ: “Solomon anuonyam nyinaa akyi mpo no, wanhyehyɛ ne ho sɛ eyinom mu biako”!

16 Hyɛ asɛm a na Yesu reka no nsow. Ɔkae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ . . .  no atade a, so ɔrenhyɛ mo atade mmoro so, mo a mo gyidi sua?” Ná ɔbɛhyɛ wɔn ntade ama aboro so! Nanso na Yesu asuafo no gyidi sua. (Mat. 8:26; 14:31; 16:8; 17:20) Ná ehia sɛ wonya Yehowa mu gyidi ne awerɛhyem paa. Yɛn nso ɛ? Yehowa pɛ sɛ yɛn nsa ka nea yehia, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa nso. Yemmisa yɛn ho sɛ, yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa betumi ayɛ saa ama yɛn anaa?

17. Dɛn na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam?

17 Kenkan Mateo 6:31, 32. Wɔn a wɔde Ahenni no di kan wɔ wɔn asetena mu no, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no dwen wɔn ho. Nanso, “amanaman” no nni ne mu gyidi, na ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya “nneɛma a amanaman no di akyi denneennen” no nyinaa bi a, yɛne Yehowa ntam bɛsɛe. Mmom sɛ yɛyɛ yɛn fam de na yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetena mu a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia. “Onyamesom pa” nti, yɛma yɛn ani sɔ “aduan” a yɛwɔ ne “nea yɛde kata yɛn ho.”—1 Tim. 6:6-8.

WODE ONYANKOPƆN AHENNI DI KAN WƆ W’ASETENA MU?

18. Dɛn na Yehowa nim wɔ yɛn ho, na dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

18 Kenkan Mateo 6:33. Ɛsɛ sɛ Kristo asuafo de Ahenni no di kan wɔ wɔn asetena mu bere nyinaa. Sɛnea Yesu kae no, sɛ yɛyɛ saa a, “ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka” ho ama yɛn. Adɛn nti na ɔkaa saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Mateo 6:32 sɛ: “Mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo.” “Eyi nyinaa” a ɔkaa ho asɛm no ne nneɛma a yehia wɔ yɛn asetena mu. Nneɛma a yehia te sɛ aduan, ntade, ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto no, ansa na yɛn ankasa bedwen ho mpo no, na Yehowa ahu. (Filip. 4:19) Yɛn atade a ɛrebɛtetew mpo, onim. Afei nso, onim aduan a yedi a ɛbɛma yɛanya apɔwmuden. Saa ara na onim sɛnea yɛn abusua kɛse te ne baabi a yɛtena a, yɛn ho bɛtɔ yɛn. Yehowa bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia paa no.

19. Nea ebesi daakye no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde ɛho asɛm haw yɛn ho?

19 Kenkan Mateo 6:34. Momma yɛnhyɛ no nsow, Yesu kae bio sɛ: “Munnnwinnwen.” Yesu mpɛ sɛ yɛde nea ebesi ɔkyena ho asɛm haw yɛn ho. Ná ogye di paa sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. Sɛ obi dwinnwen nea ebesi daakye ho sɛnea ɛnsɛ a, ɔremfa ne ho nto Onyankopɔn so, na mmom obegye ne ho adi. Sɛ ɛba saa a, ebetumi ama ɔne Yehowa ntam asɛe.—Mmeb. 3:5, 6; Filip. 4:6, 7.

HWEHWƐ AHENNI NO KAN, NA YEHOWA DE NEA AKA BƐMA WO

Wubetumi ayɛ wo ho awiɛmfoɔ, na wode w’adwene asi Ahenni no so kɛse? (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. (a) Botae bɛn na wubetumi de asi w’ani so wɔ Yehowa som mu? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ wo ho awiɛmfoɔ?

20 Mfaso nni so sɛ yebepia Ahenni nneɛma agu nkyɛn na yɛakodi ahonyade akyi. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde botae sisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu. Sɛ nhwɛso no, wubetumi atu akɔ asafo bi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii mu anaa? Wubetumi ayɛ akwampae adwuma? Sɛ woyɛ ɔkwampaefo a, woasusuw ho sɛ wobɛkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu? Wubetumi afi wo fie de nna kakra akɔyɛ adwuma wɔ Betel anaa baabi a wɔkyerɛ kasa ase? Wubetumi akɔyɛ adwuma sɛ Adansi Atuhoamafo, na wode wo bere kakra akɔboa ama wɔasisi Ahenni Asa? Hwɛ nea wubetumi ayɛ de atwitwa nneɛma so na ama woatumi ayɛ Ahenni adwuma no pii. Adaka a wɔato din “ Sɛnea Wobɛyɛ Wo Ho Awiɛmfoɔ” no, fa mpaebɔ susuw ho. Ɛno akyi no, tu anammɔn a ɛbɛma woatumi ayɛ nea wode asi w’ani so no.

21. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woabɛn Yehowa kɛse?

21 Ntease wom paa sɛ, Yesu kae sɛ yɛnhwehwɛ Ahenni no, na ɛnyɛ nneɛma. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma da sɛ yebedwen nneɛma a yehia ho ama atra so. Yɛbɛn Yehowa kɛse efisɛ yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ yɛn. Sɛ yɛwɔ sika mpo a, yɛbɛhyɛ yɛn ho so, na yɛrenyɛ atotɔatotɔ. Ɛnnɛ, sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ a, ɛbɛboa yɛn ama ‘yɛaso nkwa ankasa’ a ɛreba no mu “denneennen.”—1 Tim. 6:19.

^ [1] (nkyekyɛm 12) Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a ɛtɔ da a Yehowa ma kwan ma Kristoni bi ano aduan bɔ no a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ September 15, 2014, Ɔwɛn-Aban, kr. 22 no.