Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?

W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?

“Monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”​1 KOR. 10:31.

NNWOM: 34, 61

1, 2. Adɛn nti na Yehowa Adansefo ma wɔn ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie yɛ papa bere nyinaa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ASƆRE mpanyimfo bi yɛɛ nhyiam, na atesɛm krataa bi a ɛwɔ Netherlands kaa ntade a na ɛhyehyɛ wɔn no ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ na ewim yɛ hyew nti, na asɔfo no hyehyɛ ntade a ɛmfata sɛ wɔde kɔ guabɔ ase. Nanso, sɛ Yehowa Adansefo reyɛ wɔn mantam nhyiam a, wɔrenhyɛ ntade a ɛte saa nkɔ ase. . . . Mmarimaa ne mmarima mpanyimfo no hyɛ kootu na wɔbɔ tae, na mmeawa ne mmea mpanyimfo no nso hyɛ skɛɛte a . . . ne tenten fata.” Nokwasɛm ne sɛ, nkurɔfo taa kamfo Yehowa Adansefo sɛ ‘wɔde fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.’ (1 Tim. 2:9, 10) Ɛwom sɛ mmea ho asɛm na na ɔsomafo Paulo reka de, nanso gyinapɛn a na ɔreka ho asɛm no fa Kristofo mmarima nso ho.

2 Yehowa nkurɔfo de, ntadehyɛ a ɛfata ho hia yɛn, na ɛho hia Onyankopɔn a yɛsom no no nso. (Gen. 3:21) Nea Kyerɛwnsɛm no ka fa ntadehyɛ ne ahosiesie ho no ma yehu paa sɛ amansan Hene no wɔ gyinapɛn a ɛfata a ɔpɛ sɛ n’asomfo anokwafo hwɛ so siesie wɔn ho. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yɛ nea yɛn ankasa ani gye ho nkutoo. Mmom, ɛsɛ sɛ ɛsɔ Awurade Tumfoɔ Yehowa nso ani.

3. Dɛn na Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ma yehu fa ntadehyɛ ho?

3 Nhwɛso bi ni. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no mu no, nsɛm bi wom a na ɛbɔ Israelfo no ho ban fi ɔbrasɛe a na abu so wɔ aman a atwa wɔn ho ahyia mu no ho. Mose Mmara no daa no adi sɛ Yehowa kyi ntade a sɛ obi hyɛ a, ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔyɛ ɔbarima anaasɛ ɔyɛ ɔbea. Ntade a ɛte saa bi wɔ hɔ nnɛ. Wɔkyerɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa tumi hyɛ bi. Sɛ obi hyɛ bi a, ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔyɛ ɔbarima anaasɛ ɔyɛ ɔbea. (Kenkan Deuteronomium 22:5.) Yebetumi agyina ntadehyɛ ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de mae no so ahu pefee sɛ Onyankopɔn ani nnye ho koraa sɛ ɔbarima bɛhyɛ ntade a ɛbɛma wasɛ ɔbea, anaa ɔbea bɛhyɛ ntade a ɛbɛma wasɛ ɔbarima.

4. Dɛn na ebetumi aboa Kristofo ma wɔasisi gyinae pa wɔ wɔn ahosiesie ho?

4 Nnyinasosɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a ɛboa Kristofo ma wosisi gyinae pa wɔ wɔn ahosiesie ho. Baabiara a obi te biara, sɛnea n’amammerɛ te biara, anaa sɛnea ɛhɔnom wim tebea te biara no, obetumi de saa nnyinasosɛm no ayɛ adwuma. Ɛho nhia sɛ wɔkyerɛkyerɛw ntade ne ahosiesie a ɛfata ne nea ɛmfata ma yɛn. Mmom, yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm yɛ adwuma. Na etumi boa yɛn ma yɛpaw ntade a yɛn ani gye ho na ɛfata nso. Momma yɛnhwɛ Bible mu nnyinasosɛm bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu “Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ” no bere a yɛresi ntade a yɛbɛhyɛ ho gyinae no.​—Rom. 12:1, 2.

“YƐDA YƐN HO ADI SƐ ONYANKOPƆN ASOMFO”

5, 6. Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie ka afoforo sɛn?

5 Onyankopɔn de honhom kaa ɔsomafo Paulo ma osii nnyinasosɛm titiriw a ɛwɔ 2 Korintofo 6:4 no so dua. (Kenkan.) Yɛn ahosiesie ma nkurɔfo hu nnipa ko a yɛyɛ. “Nea etua aniwa” na nnipa pii gyina so hu yɛn nipaban. (1 Sam. 16:7) Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo nti, sɛ yɛresiesie yɛn ho a, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn nko ara ne ntade a yɛn ani gye ho ne nea yɛhyɛ a yɛn ho bɛtɔ yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm no mu no ka yɛn ma yɛkwati ntade a ɛkyekyere yɛn papee, nea ɛma yɛn ho gu hɔ, anaa nea ɛkanyan nna ho akɔnnɔ. Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛma afoforo ahu yɛn adagyaw. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a sɛ afoforo hu yɛn a, ɛbɛma wɔn ho ayeraw wɔn anaa ɛbɛma wɔayi wɔn ani ato baabi.

6 Sɛ yɛn ho tew, yɛhyɛ ntade a ɛyɛ kama, na yesiesie yɛn ho yiye a, nkurɔfo benya obu ama yɛn sɛ yɛyɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa asomfo. Ebetumi ama wɔn ani agye Onyankopɔn a yɛsom no no ho. Afei nso, sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata a, ɛbɛma afoforo abu yɛn ahyehyɛde no. Na ebetumi ama wɔatie nkwagye asɛm a yɛka no.

7, 8. Bere bɛn paa na ehia sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata?

7 Yɛn Nyankopɔn Yehowa yɛ kronkron, na yɛpɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam na yɛma asɛmpa a yɛka no ho ba nyam. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. Saa ara na yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea ne afei nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu nso nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. (Rom. 13:8-10) Bere a ehia paa sɛ yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ yiye ne bere a yɛrekɔ asafo nhyiam, bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma, anaa bere a yɛreyɛ Kristofo nnwuma foforo. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ ‘nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.’ (1 Tim. 2:10) Nokwasɛm ne sɛ, ntade bi a ɛfata wɔ baabi no, ebia ɛremfata wɔ baabi foforo. Enti, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase baabiara hwɛ amammerɛ a ɛwɔ baabi a wɔte no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhyɛ ntade a ɛbɛhaw ɛhɔfo no.

8 Kenkan 1 Korintofo 10:31. Sɛ yɛkɔ amansin ne amantam nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade huhuuhu a aba so. Sɛ ahɔhodan mu (hotel) na yɛbɛkɔ akɔda a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ bere a yɛrekɔ hɔ ne bere a yɛrefi hɔ nyinaa, yɛn ahosiesie bɛyɛ nea ɛfata. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ntade a yɛhyɛ no yɛ nea ɛfata bere a yɛredwudwo yɛn ho ansa na yɛakɔ nhyiam no anaa bere a yɛapɔn no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi de anigye ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Na sɛ yenya hokwan bi sɛ yebedi adanse a, yɛde anigye ne ahokeka na ɛbɛyɛ saa.

W’ahosiesie bɛma nkurɔfo anya obu ama Onyankopɔn a woyɛ ne nanmusifo no anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 7, 8)

9, 10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asɛm a ɛwɔ Filipifo 2:4 no boa yɛn ma yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ yiye?

9 Kenkan Filipifo 2:4. Ehia sɛ Kristofo susuw sɛnea ntade a wɔhyɛ bɛka wɔn mfɛfo asomfo ho. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo bɔ mmɔden de Bible mu afotu a edi hɔ yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: ‘Enti, munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, ne nkate bɔne ho.’ (Kol. 3:2, 5) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛma ayɛ den ama yɛn mfɛfo asomfo sɛ wɔde saa afotu no bɛyɛ adwuma. Ebia anuanom mmarima ne mmea a wɔatwe wɔn ho afi aguamammɔ ho no da so ara reko tia akɔnnɔ bɔne. (1 Kor. 6:9, 10) Yɛpɛ sɛ ɔko no mu yɛ den ma wɔn anaa?

10 Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea hyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛboa ama abrabɔ a ɛho tew akɔ so atena asafo no mu. Enti sɛ yɛwɔ asafo nhyiam ase oo, sɛ yɛahyiam wɔ baabi foforo oo, saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw atade a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ. Nanso, yɛn nyinaa wɔ asɛyɛde sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama afoforo sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew, na wɔakɔ so ama wɔn nsusuwii, wɔn kasa, ne wɔn abrabɔ ho atew wɔ Onyankopɔn anim. (1 Pet. 1:15, 16) Ɔdɔ kann ‘nyɛ ade a ɛnsɛ, na ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia.’​—1 Kor. 13:4, 5.

ATADE BIARA WƆ BERE NE BAABI A ƐSƐ SƐ YƐHYƐ NO

11, 12. Sɛ yɛredwinnwen atade a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ ho a, dɛn na ɛyɛ papa sɛ yesusuw ho?

11 Sɛ Onyankopɔn asomfo resi atade a wɔbɛhyɛ ho gyinae a, wɔkae sɛ “ade biara ne adwuma biara wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 17) Ewim tebea anaa ewim nsakrae betumi ama yɛahu atade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ. Saa ara na baabi a yɛwɔ nso betumi akyerɛ atade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ. Nanso, ewim nsakrae nsesa Yehowa gyinapɛn.​—Mal. 3:6.

12 Mmeae a ewim yɛ hyew no, egye mmɔdenbɔ paa na ama yɛn ani ada hɔ na yɛahyɛ ntade a ɛfata na nidi wom. Enti, sɛ yɛanhyɛ ntade a ɛkyekyere yɛn papee anaa ɛyɛ hodwoo na ɛma yɛn ho gu hɔ a, yɛn nuanom mmarima ne mmea ani bɛsɔ. (Hiob 31:1) Afei nso, sɛ yɛregye yɛn ahome wɔ mpoano anaa yɛreboro nsu a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. (Mmeb. 11:2, 20) Sɛ mpo ntade a nnipa a wɔnyɛ Yehowa asomfo hyɛ de boro nsu no ma wɔn ho gu hɔ a, yɛn Yehowa asomfo de, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛbɛhyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔkronkronni a yɛdɔ no no anuonyam.

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 10:32, 33 no boa yɛn bere a yɛrepaw atade a yɛbɛhyɛ no?

13 Nnyinasosɛm foforo wɔ hɔ a ɛboa yɛn ma yɛhyɛ ntade a ɛfata. Ɛne sɛ, yedwen yɛn mfɛfo asomfo ne afoforo nyinaa ahonim ho. (Kenkan 1 Korintofo 10:32, 33.) Yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛhyɛ ntade a ɛrenhaw afoforo. Na ɛsɛ sɛ yɛfa saa asɛm no aniberesɛm paa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu.” Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ: “Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani.” (Rom. 15:2, 3) Nokwasɛm ne sɛ, nea na ɛho hia Yesu paa ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde na waboa afoforo sen sɛ ɔbɛyɛ nea ɔno ara pɛ. Enti sɛ yɛn ani gye nneɛma anaa ntade bi ho na yehu sɛ ɛremma nkurɔfo ntie asɛmpa a yɛka no a, ɛsɛ sɛ yegyae akyi di.

14. Awofo bɛyɛ dɛn atete wɔn mma ama wɔde wɔn ahosiesie ahyɛ Onyankopɔn anuonyam?

14 Kristofo a wɔyɛ awofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔtete wɔn mmusua ma wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. Ebi ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔne wɔn mma ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie bɛma Onyankopɔn koma atɔ ne yam. (Mmeb. 22:6; 27:11) Sɛ awofo yɛ nhwɛso pa ma wɔn mma na wofi ɔdɔ mu ma wɔn akwankyerɛ pa a, ebetumi ama wɔn mma no anya obu kɛse ama Onyankopɔn a yɛsom no a ɔyɛ kronkron no. Sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛnea wobenya ntade a ɛfata ne beae a wobenya bi a, eye paa! Wei kyerɛ sɛ, ɛnyɛ ntade a mmofra no ani gye ho kɛkɛ na wɔbɛhyɛ, na mmom nea ɛbɛma wɔatumi ahyɛ Yehowa Nyankopɔn a wɔyɛ n’ananmusifo no anuonyam.

HOKWAN A WOWƆ SƐ WOPAW NEA WOPƐ NO, FA DI DWUMA YIYE

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yɛpaw ntade a yɛhyɛ?

15 Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn akwankyerɛ pa a ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa a ɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nanso, yɛn ara na yɛpaw ntade a yɛhyɛ. Ɛsono nea obiara ani gye ho, na saa ara nso na ɛsono sɛnea yɛn mu biara sikasɛm te. Nanso, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn ntade ani tew kama, ɛnyɛ kyenkyenenn, ɛfata nea yɛreyɛ, na wogye tom wɔ beae a yɛwɔ no.

16. Adɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɔ mmɔden hyɛ ntade a ɛfata?

16 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya ntade a ɛfata. Ntade a aba so nko ara na wɔtɔn wɔ sotɔɔ pii mu. Enti, gye sɛ yɛbrɛ ansa na yɛanya skɛɛte, blouse, anaa kootu, ne hyɛɛt a ɛfata a ɛnkyekyere yɛn papee atɔ. Nanso, sɛ yɛbɔ mmɔden biara hwehwɛ ntade a ɛyɛ fɛ na ɛfata a, yɛn nuanom mmarima ne mmea behu, na wɔn ani bɛsɔ. Sɛ yɛbrɛ hwehwɛ ntade a ɛfata a, yɛbɛhyɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no anuonyam, na ɛno bɛma yɛn werɛ afi brɛ a yɛbrɛe no.

17. Dɛn na ɛbɛma onua bi agyaw abogyesɛ?

17 Ɛfata sɛ anuanom mmarima gyaw abogyesɛ anaa? Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ mmarima gyaw abogyesɛ. Nanso, Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase, na saa ara nso na wɔnhwehwɛ sɛ wodi so. (Lev. 19:27; 21:5; Gal. 3:24, 25) Mmeae bi wɔ hɔ a, ebia ɛhɔfo bu abogyesɛ a wɔatwitwa so fɛfɛɛfɛ sɛ ade a nidi wom, na ɛnyɛ ade a ɛremma nkurɔfo ntie Ahenni ho asɛmpa no. Nokwasɛm ne sɛ, asafo mu mpanyimfo binom agyaw abogyesɛ. Nanso, ebia anuanom binom beyi wɔn de. (1 Kor. 8:9, 13; 10:32) Mmeae bi nso, mmarima nnyaw abogyesɛ, na wobu no sɛ ɛmfata sɛ Kristofo begyaw abogyesɛ. Nokwarem no, mmeae a ɛte saa no, sɛ onua bi gyaw abogyesɛ a, ɛremma ne ntadehyɛ ne n’ahosiesie nhyɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɛbɛma wayɛ obi a asɛm wɔ ne ho.​—Rom. 15:1-3; 1 Tim. 3:2, 7.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Mika 6:8 bɛboa yɛn ma yɛn ntadehyɛ asɔ Onyankopɔn ani?

18 Yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔnhyehyɛ ntadehyɛ ne ahosiesie ho mmara pii mma yɛn. Mmom, ɔde yɛn pɛ ama yɛn sɛ yennyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a edi mũ so nsisi gyinae pa. Enti, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mu mpo, yebetumi ama ada adi sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase ne Onyankopɔn nantew.’—Mika 6:8.

19 Yɛde ahobrɛase gye tom sɛ Yehowa ho tew na ɔyɛ kronkron, na ne gyinapɛn ahorow ne n’akwankyerɛ ye ma yɛn paa. Nea ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase nso ne sɛ, yebenya obu ama afoforo nsusuwii ne sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho. Enti, sɛ yɛde Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra, na yɛanyɛ nneɛma a ɛbɛhaw afoforo a, na ‘yɛabrɛ yɛn ho ase ne Onyankopɔn renantew.’

20. Ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ka afoforo sɛn?

20 Ɛsɛ sɛ ntade a yɛhyɛ ma nkurɔfo hu pefee sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo. Ɛsɛ sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea ne afoforo hu paa sɛ yɛyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔteɛ no ananmusifo. Onyankopɔn gyinapɛn korɔn, na yɛn ani gye ho sɛ yɛde bɛbɔ yɛn bra. Anuanom mmarima ne mmea a wɔn ahosiesie ne wɔn abrabɔ pa twetwe nnipa a wɔwɔ koma pa ma wotie Bible mu asɛm a egye nkwa no fata nkamfo paa. Wɔn nneyɛe no hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma ne koma tɔ ne yam. Yehowa ‘fura nidi ne anuonyam,’ na sɛ yesisi gyinae pa wɔ yɛn ntadehyɛ mu a, yɛbɛkɔ so ahyɛ no anuonyam daa.​—Dw. 104:1, 2.