Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Hyɛ Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Mu Den Bere a Woresom Wɔ Ɔman Foforo So

Kɔ So Hyɛ Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Mu Den Bere a Woresom Wɔ Ɔman Foforo So

“Mede wo nsɛm asie me koma mu.”​—DW. 119:11.

NNWOM: 142, 92

1-3. (a) Ɛmfa ho sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn paa? (b) Nsɛnnennen bɛn na wɔn a wɔresua kasa foforo hyia, na nsɛmmisa bɛn na wei de ba? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ƐNNƐ, Yehowa Adansefo mpempem pii ayere wɔn ho reboa ama anisoadehu a ɛka sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” no aba mu. (Adi. 14:6) Woka wɔn a wɔresua kasa foforo no ho anaa? Woyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, anaa woresom wɔ ɔman bi a wohia mmoa so, anaa woafi ase rekɔ asafo nhyiam wɔ asafo bi a ɛwɔ wo man mu a wɔka kasa foforo mu?

2 Onyankopɔn asomfo de, ɛsɛ sɛ yɛma yɛne Yehowa abusuabɔ ho hia yɛn. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn abusuafo nso ne Yehowa ntam yɛ papa. (Mat. 5:3) Ɛtɔ da a, esiane sɛ yenni adagyew nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebegye bere asua ade yiye. Nanso, wɔn a wɔresom wɔ aman foforo so no de, wɔsan hyia nsɛnnennen foforo ka ho.

3 Kasa foforo a wɔn a wɔresom wɔ aman foforo so no resua da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ daa wosua honhom fam nneɛma a emu dɔ nso. (1 Kor. 2:10) Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa bere a wɔnte kasa a wɔka wɔ asafo nhyiam ase no yiye? Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Onyankopɔn Asɛm no adu wɔn mma komam?

BIRIBI A EBETUMI ASƐE YƐNE YEHOWA ABUSUABƆ

4. Dɛn na ebetumi asɛe yɛne Yehowa abusuabɔ? Ma ɛho nhwɛso.

4 Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm no ase wɔ kasa foforo mu a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa abusuabɔ. Afeha a ɛto so nnum A.Y.B. no, bere a Nehemia hui sɛ Yudafo a wofi Babilon bae no mma no bi ntumi nka Hebri kasa no, ɛhaw no paa. (Kenkan Nehemia 13:23, 24.) Esiane sɛ na saa mmofra no nte Onyankopɔn Asɛm no ase nti, na abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn ne Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no resɛe.​—Neh. 8:2, 8.

5, 6. Dɛn na awofo bi a wɔresom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu ahu, na dɛn na ɛde ɔhaw a ɛte saa aba?

5 Awofo bi a wɔyɛ Kristofo a wɔresom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu ahu sɛ, nokware no ho anigye a wɔn mma wɔ ano abrɛ ase. Nea ɛde ɔhaw yi aba ne sɛ, sɛ mmofra no kɔ Ahenni Asa so a, wɔnte nea wosua wɔ hɔ no ase yiye, enti ɛnka wɔn koma papa. Pedro [1] ne n’abusua tu fii South America kɔɔ Australia. Ɔkae sɛ: “Sɛ yɛretie Onyankopɔn asɛm a, ɛsɛ sɛ etumi ka yɛn koma.”​—Luka 24:32.

6 Sɛ yɛkenkan asɛm bi wɔ kasa a yɛte ase yiye mu a, ɛka yɛn koma paa sen sɛ yɛbɛkenkan wɔ kasa foforo mu. Afei nso, esiane sɛ ɛyɛ den sɛ yɛne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ kasa foforo no mu nti, yɛn abam betumi abu, na ɛbɛka yɛne Yehowa abusuabɔ. Enti bere a yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tena asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛne Yehowa abusuabɔ nso ho ban.​—Mat. 4:4.

WƆBƆƆ WƆNE YEHOWA ABUSUABƆ HO BAN

7. Dɛn na Babilonfo yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a Daniel begye wɔn amammerɛ ne wɔn som atom?

7 Bere a wɔde Daniel ne ne nnamfonom no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, Babilonfo no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma wɔagye wɔn amammerɛ atom. Ɛno nti wɔkyerɛɛ wɔn ‘Kaldeafo kasa.’ Afei nso, ahemfie panyin a na ɔhwɛ wɔn so no de Babilonfo din totoo wɔn. (Dan. 1:3-7) Edin a wɔde too Daniel no fa Bel ho. Bel yɛ Babilonfo nyame titiriw. Ɛbɛyɛ sɛ na Ɔhene Nebukadnesar pɛ sɛ Daniel gye di sɛ Babilonfo nyame no abrɛ Daniel Nyankopɔn Yehowa ase.—Dan. 4:8.

8. Bere a Daniel wɔ obi man so no, dɛn na ɛboaa no maa ɔne Yehowa abusuabɔ mu kɔɔ so yɛɛ den?

8 Ɛwom sɛ wɔmaa Daniel ɔhene nnuan sɛ onni de, nanso ‘osuaee ne komam’ sɛ ‘ɔrengu ne ho fĩ.’ (Dan. 1:8) Bere a Daniel wɔ obi man so no, esiane sɛ ɔkɔɔ so suaa ‘nhoma kronkron’ no wɔ ne kurom kasa mu nti, ɛboaa no maa ɔne Yehowa abusuabɔ mu kɔɔ so yɛɛ den. (Dan. 9:2) Ɛno nti, bere a wɔde no kɔɔ Babilon akyi bɛyɛ mfe 70 no, na wɔda so ara de ne Hebri din Daniel na ɛfrɛ no.—Dan. 5:13.

9. Sɛnea wɔada no adi wɔ Dwom 119 no, Onyankopɔn Asɛm no kaa dwom no kyerɛwfo no sɛn?

9 Onyankopɔn Asɛm no maa Dwom 119 kyerɛwfo no nyaa akokoduru daa ne ho adi sɛ ɔyɛ soronko. Wɔn a na wɔwɔ ahemfie no bi dii ne ho fɛw. (Dw. 119:23, 61) Nanso, ɔmaa Onyankopɔn asɛm kaa ne koma yiye.​—Kenkan Dwom 119:11, 46.

KƆ SO HYƐ WO NE YEHOWA ABUSUABƆ MU DEN

10, 11. (a) Sɛ yɛresua Onyankopɔn Asɛm no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae? (b) Yɛbɛyɛ dɛn adu yɛn botae no ho? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Ebia na yɛwɔ asɛyɛde pii wɔ asafo no ne yɛn honam fam adwuma mu ma enti yenni adagyew koraa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye bere sua ade na yɛyɛ abusua som nso. (Efe. 5:15, 16) Sɛ yɛresua ade a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebesua nkratafa dodow bi anaasɛ yebesua mmuae a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam ase. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm no aka yɛn koma na ahyɛ yɛn gyidi den.

11 Sɛ yebetumi adu yɛn botae no ho a, ehia sɛ yɛkari pɛ. Sɛ yɛresua ade a, ɛnsɛ sɛ yedwen nea yɛde bɛboa afoforo nkutoo ho, na mmom ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛde bɛboa yɛn ankasa ho nso. (Filip. 1:9, 10) Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ yɛresua nea yɛbɛka wɔ asɛnka mu, mmuae a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam ase, anaa nea yɛbɛka wɔ ɔkasa bi a yɛbɛma mu a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn ankasa de nea yɛrekenkan no bɛyɛ adwuma. Mfatoho bi ni: Ɛwom sɛ obi a ɔnoa aduan di kan ka aduan no hwɛ ansa na ɔde akɔma afoforo de, nanso aduan nkakrankakra a ɔka hwɛ no ara rentumi mmee no. Sɛ ɔpɛ sɛ onya apɔwmuden a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔno ankasa noa aduan a ahoɔden wom na odi. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ yesua Bible no daa. Sɛ yesua ade dwinnwen ho saa a, ɛbɛboa yɛn ankasa.

12, 13. Wɔn a wɔsom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu no ahu sɛ, sɛ wosua ade daa wɔ wɔn kurom kasa mu a, ɛboa wɔn paa. Adɛn ntia?

12 Wɔn a wɔresom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu no pii ahu sɛ, sɛ wosua Bible daa wɔ ‘kasa a wɔde woo wɔn’ mu a, ɛboa wɔn paa. (Aso. 2:8) Asɛmpatrɛwfo a wɔreyɛ ɔsom adwuma no wɔ aman foforo so no mpo ahu sɛ, ntease kakra a wonya wɔ asafo nhyiam ase no nkutoo remmoa wɔn mma wɔn gyidi nkɔ so nyɛ den.

13 Alain asua Persia kasa bɛyɛ mfe nwɔtwe ni. Ɔka sɛ: “Sɛ meresua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase wɔ Persia kasa mu a, ɛyɛ a mede m’adwene si kasa no so mmom. Esiane sɛ mede m’adwene si kasa no a mepɛ sɛ mete no yiye so nti, Onyankopɔn Asɛm no a meresua no nka me koma yiye. Ɛno nti na migye bere sua Bible no ne asafo nhoma ahorow wɔ me kurom kasa mu no.”

DU WO MMA KOMA MU

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ, na adɛn ntia?

14 Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔde nkakrankakra bɛma Onyankopɔn Asɛm no adu wɔn mma koma ne wɔn adwene mu. Serge ne ne yere Muriel somee wɔ asafo bi a wɔka ɔman foforo so kasa mu bɛboro mfe mmiɛnsa. Wohui sɛ wɔn babarima a wadi mfe 17 no anni nnye asɛnkakɔ ne asafo nhyiam ho. Muriel kae sɛ: “Sɛ woka sɛ ɔmma yɛnkɔka asɛm no wɔ kasa foforo mu pɛ a, na ne bo afuw. Nanso, kan no na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka asɛmpa no wɔ Franse kasa mu. Ɛno ne yɛn kurom kasa.” Serge nso kae sɛ: “Bere a yehui sɛ kasa foforo no mma yɛn babarima no nnya nkɔso wɔ Yehowa som mu no, yɛsan kɔɔ asafo a na yɛwom no.”

Mommɔ mmɔden sɛ mobɛma Onyankopɔn Asɛm no adu mo mma komam (Hwɛ nkyekyɛm 14, 15)

15. (a) Nneɛma bɛn na ɛbɛma awofo bi asan akɔ asafo a wɔka kasa a wɔn mma te ase yiye mu? (b) Afotu bɛn na Deuteronomium 6:5-7 de ma awofo?

15 Nneɛma bɛn na ebetumi ama awofo bi asan akɔ asafo a wɔka kasa a wɔn mma te ase yiye mu? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wosusuw ho hwɛ sɛ wobenya bere ne ahoɔden a ɛbɛma wɔde Yehowa ho dɔ adua wɔn mma koma mu na bere koro no ara wɔakyerɛ wɔn kasa foforo no. Nea ɛto so mmienu, ebia wobehu sɛ wɔn mma ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ asɛnka, asafo nhyiam, anaasɛ wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ so atena asafo a wɔka ɔman foforo so kasa no mu. Ɛba saa a, ebia awofo a wɔyɛ Kristofo no besusuw ho sɛ wɔbɛsan akɔ asafo a wɔka kasa a wɔn mma no te ase yiye mu kosi sɛ wɔn mma no ase betim wɔ nokware no mu.​—Kenkan Deuteronomium 6:5-7.

16, 17. Awofo binom a wɔresom wɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu atumi akyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ saa?

16 Ɛwom sɛ awofo binom ne wɔn mma wɔ asafo ne akuw a wɔka ɔman foforo so kasa mu de, nanso wɔafa akwan ahorow bi so de wɔn kurom kasa kyerɛkyerɛ wɔn mma. Charles yɛ agya a ɔwɔ mmabea baasa a wɔadi fi mfe 9 kosi 13. Wɔwɔ kuw bi a wɔka Lingala kasa mu. Ɔka sɛ: “Yesii gyinae sɛ, sɛ yɛne yɛn mma no resua ade anaasɛ yɛreyɛ abusua som a, yɛbɛyɛ no wɔ yɛn kurom kasa mu. Nanso, ɛyɛ a yɛde Lingala kasa bobɔ asɛm a yɛbɛka no so, na ɛno nso na yɛde di agorɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mma no betumi asua Lingala kasa no a ɛrenyɛ wɔn den.”

Mommɔ mmɔden sɛ mubesua kasa a wɔka wɔ baabi a mote no, na momma mmuae wɔ asafo nhyiam ase (Hwɛ nkyekyɛm 16, 17)

17 Kevin yɛ agya bi a ɔwɔ mmabea baanu a baako adi mfe nnum, ɛnna baako nso adi mfe nwɔtwe. Wɔwɔ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa mu. Esiane sɛ mmofra no nte kasa no yiye nti, Kevin ayɛ biribi a ɔde boa wɔn. Kevin ka sɛ: “Me ne me yere ne yɛn mmabea no sua ade wɔ Franse kasa a ɛyɛ yɛn kurom kasa mu. Yesii gyinae nso sɛ, bosome biara yɛbɛkɔ asafo nhyiam baako wɔ Franse kasa mu, na yɛde akwamma bere nso kɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛ wɔ yɛn kurom kasa mu.”

18. (a) Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ Romafo 15:1, 2 a ebetumi aboa wo ama woahu nea woyɛ a ɛbɛboa wo mma paa? (b) Nyansahyɛ ahorow bɛn na awofo binom de ama a ebetumi aboa wo? (Hwɛ awiei asɛm no.)

18 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ abusua biara asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ nea ɛbɛboa wɔn mma ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa. [2] (Gal. 6:5) Muriel a yɛadi kan afa n’asɛm aka no ka sɛ, ɔne ne kunu de nea wɔn ani gye ho too nkyɛn, na wɔyɛɛ nea ɛbɛboa wɔn babarima no ama ne gyidi ayɛ den. (Kenkan Romafo 15:1, 2.) Sɛ Serge dwen gyinae a wosii no ho a, otumi hu sɛ wosii gyinae pa. Ɔkae sɛ: “Bere a yɛsan kɔɔ asafo a wɔka Franse kasa mu no, yɛn babarima no gyidi yɛɛ den, na ɔbɔɔ asu. Seesei ɔyɛ daa kwampaefo. Ɔpɛ sɛ ɔsan kɔboa kuw bi a wɔka ɔman foforo so kasa mpo!”

MA ONYANKOPƆN ASƐM NNA WO KOMA SO

19, 20. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho?

19 Esiane sɛ Yehowa dɔ nnipa nti, wama yɛanya n’Asɛm Bible no bi wɔ kasa ɔhaha pii mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘nnipa ahorow nyinaa benya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’ (1 Tim. 2:4) Onim sɛ, sɛ nnipa betumi anya wɔn honhom fam ahiade a, ɛsɛ sɛ wɔkenkan Bible no wɔ kasa a wɔte ase yiye mu.

20 Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebesua honhom fam nneɛma a emu dɔ. Sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no daa wɔ kasa a yɛte ase yiye mu a, yɛn ankasa ne Yehowa abusuabɔ mu bɛyɛ den, na saa ara nso na yɛn abusuafo ne Yehowa ntam bɛyɛ papa. Yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛde Onyankopɔn nsɛm asie yɛn koma mu ampa.​—Dw. 119:11.

^ [1] (nkyekyɛm 5) Wɔasesa din ahorow no.

^ [2] (nkyekyɛm 18) Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible mu nnyinasosɛm a ebetumi aboa w’abusua a, hwɛ asɛm a wɔato din “Mmofra a Wɔtete Wɔn Wɔ Amannɔne​—Emu Nsɛnnennen ne Mfaso Ahorow” a ɛwɔ October 15, 2002, Ɔwɛn-Aban mu no.