Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wokora Nyansa’ So Anaa?

‘Wokora Nyansa’ So Anaa?

ATETESƐM bi kyerɛ sɛ, na abarimaa hiani bi te akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri ase. Esiane sɛ na wɔn a wɔte akuraa no ase susuw sɛ n’adwene ntumi nkyere ade yiye nti, na wɔserew no. Sɛ ahɔho ba akuraa no ase a, na ɛhɔfo di abarimaa no ho fɛw kyerɛ wɔn. Ná wɔde sika mmienu kyerɛ no. Baako yɛ dwetɛ sika a ɛsõ, ɛnna baako yɛ sika kɔkɔɔ ketewa. Ná sika kɔkɔɔ ketewa no som bo sen dwetɛ sika no mmɔho mmienu. Ɛyɛ a wɔka kyerɛ abarimaa no sɛ: “Yi mu baako.” Wɔka saa a, na abarimaa no ayi dwetɛ no, na waguan kɔ.

Da koro, ɔhɔho bi bisaa abarimaa no sɛ, “Wunnim sɛ sika kɔkɔɔ no som bo sen dwetɛ no mmɔho mmienu?” Abarimaa no serewee, na ɔkae sɛ: “Minim.” Afei ɔhɔho no bisaa no sɛ: “Sɛ wunim a, adɛn nti na ɛyɛ a wofa dwetɛ no? Sɛ wofa sika kɔkɔɔ no a, wo sika no bɛyɛ mmɔho mmienu!” Abarimaa no kae sɛ: “Sɛ mefa sika kɔkɔɔ no a, nkurɔfo no begyae saa agorɔ a wɔne me di no. Wunim dwetɛ sika dodow a manya?” Suban a abarimaa a yɛreka ne ho asɛm yi daa no adi no betumi aboa mpanyin. Ɛno ne nyansa.

Bible ka sɛ: “Kora nyansa ne adwempa. Ɛno na wobɛnantew dwoodwoo wo kwan so, na wo nan rempem biribi.” (Mmeb. 3:21, 23) Enti sɛ yehu “nyansa” na yehu sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma a, ɛbɔ yɛn ho ban. Ɛbɛboa yɛn na yɛanhintiw wɔ Onyankopɔn som mu, na ama yɛatutu yɛn “nan” yiye.

DƐN NE NYANSA?

Ɛsono nyansa, ɛnna ɛsono nimdeɛ ne ntease. Obi a ɔwɔ nimdeɛ boaboa nsɛm ano. Obi a ɔwɔ ntease tumi hu sɛnea asɛm bi fa asɛm foforo ho. Nanso, obi a ɔwɔ nyansa de, otumi de nimdeɛ ne ntease bom yɛ adwuma ma mfaso ba so.

Nhwɛso bi ni. Obi betumi de bere tiaa bi akenkan Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ate ase. Sɛ obi ne no reyɛ Bible adesua a, obetumi ama mmuae kama. Ebia obefi ase akɔ asafo nhyiam, na wama mmuae a ɛtɔ asom mpo. Weinom nyinaa bɛkyerɛ sɛ ɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, ɛkyerɛ sɛ wanya nyansa anaa? Ɛnkyerɛ saa ankasa. Ebia ɔyɛ obi a n’adwene kyere ade ntɛm. Nanso, sɛ ɔde nokware no bɔ ne bra, na ɔde nimdeɛ ne ntease yɛ adwuma yiye a, na ɔrenya nyansa. Sɛ osisi gyinae na ɛkɔ yiye, na ɛda adi sɛ odi kan susuw nneɛma ho kɔ akyiri a, obiara behu sɛ ɔde nyansa yɛ adwuma.

Mateo 7:24-27 ka mfatoho bi a Yesu mae ho asɛm. Ná ɛfa mmarima baanu bi a wɔn mu biara sii fie ho. Yesu kae sɛ baako yɛ “ɔbadwemma.” Saa ɔbarima no dwenee nea ebetumi asi daakye ho, na osii ne fie no wɔ ɔbotan so. Ɔhwɛɛ ade kɔɔ akyiri, na ɔfaa ho adwene. Wannya adwene sɛ, sɛ osi ne fie no wɔ anhwea so a, ɔremmɔ ka pii anaa obewie ntɛm. Ɔyɛɛ n’ade nyansam, na odwenee nea ɛbɛba daakye ho. Enti bere a mframa bi a ano yɛ den bɔe no, ne fie no ammubu. Afei yemmisa sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn anya suban pa a ɛne nyansa na yɛakora so?

MƐYƐ DƐN ANYA NYANSA?

Nea edi kan, hyɛ asɛm a Mika 6:9 ka no nsow. Ɛka sɛ: “Onyansafo besuro [Onyankopɔn] din.” Sɛ obi suro Yehowa din a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, obu Yehowa. Ɛsan kyerɛ sɛ, obenya osuro pa ama onii a ne din ne Yehowa no, na wanya obu ama ne gyinapɛn. Ansa na wubetumi abu obi no, ɛsɛ sɛ wuhu adwene a ɔwɔ wɔ nneɛma ho. Ɛno ansa na wubetumi de wo werɛ ahyɛ ne mu na woasuasua nneɛma pa a watumi ayɛ. Sɛ yesusuw sɛnea yɛn nneyɛe bɛka yɛne Yehowa abusuabɔ ho, na sɛ yegyina ne gyinapɛn so sisi gyinae a, ɛkyerɛ sɛ yɛrenya nyansa.

Nea ɛto so mmienu, Mmebusɛm 18:1 ka sɛ: “Nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ; ɔtwe ne ho fi nyansa nyinaa ho.” Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛbɛtwe yɛn ho afi Yehowa ne ne nkurɔfo ho. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛtwe yɛn ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛne nnipa a wosuro Onyankopɔn din na wobu ne gyinapɛn bɔ. Ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Ahenni Asa so daa na yɛne Kristofo asafo no hyiam bere nyinaa. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ yebue yɛn adwene ne yɛn koma mu, na yɛma nea yɛte wɔ hɔ no sian kɔ yɛn koma mu.

Nea ɛka ho ne sɛ yebefi yɛn koma mu abɔ Yehowa mpae. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛabɛn no paa. (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ yɛrekenkan Bible ne Bible ho nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ ama yɛn a, ɛsɛ sɛ yebue yɛn adwene ne yɛn koma mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛahu nea ebetumi afi yɛn nneyɛe mu aba daakye, na yɛagyina so asisi gyinae pa. Sɛ anuanom a wɔn ho akokwaw tu yɛn fo nso a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu gye tom. (Mmeb. 19:20) Sɛ yɛyɛ saa a, ‘yɛrentwe yɛn ho mfi nyansa nyinaa ho.’ Mmom no, yebenya nyansa pii.

NYANSA BƐBOA M’ABUSUA SƐN?

Nyansa betumi akora mmusua so. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ ɔyere nnya “obu kɛse” mma ne kunu. (Efe. 5:33) Dɛn na okunu yɛ a, ɛbɛma ne yere abu no kɛse? Sɛ ɔhyɛ ne yere anaa ɔteɛteɛ no sɛ ommu no a, ɛrenkosi hwee. Nea ɛbɛba ara ne sɛ, esiane sɛ ɔyere no mpɛ sɛ ɔne ne kunu benya akasakasa nti, sɛ ne kunu wɔ hɔ a ɔbɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ obu no. Na sɛ okunu no nni hɔ nso ɛ? So ɔyere no bɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ obu ne kunu? Anhwɛ a ɔrenyɛ. Enti ɛsɛ sɛ okunu no dwen nea ɔyɛ a ɛbɛma ne yere abu no daa ho. Sɛ ɔda honhom aba no adi, na oyi ne yam dɔ ne yere a, ɛbɛma ne yere anya obu kɛse ama no. Ne nyinaa mu no, sɛ okunu bi yɛ nea ɛbɛma wafata obu oo, sɛ wanyɛ oo, ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni nya obu ma no.​—Gal. 5:22, 23.

Bible san ka sɛ, ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere. (Efe. 5:28, 33) Ebia na ɔyere bi pɛ sɛ ne kunu dɔ no. Enti wobɛhwɛ no, nneɛma bi a ɛhaw adwene a ɛfata sɛ ɔma ne kunu hu anaa ɔte ho asɛm no, na ɔde resie no. Nanso, yemmisa sɛ, nyansa wom paa sɛ ɔbɛyɛ saa? Sɛ akyiri yi, okunu no hu anaa ɔte ho asɛm a, dɛn na ebesi? Wohwɛ a, ɔdɔ a ɔdɔ ne yere no bɛyɛ kɛse anaa? Ɛbɛyɛ den sɛ ɛbɛba saa. Enti, sɛ ɔyere hwehwɛ bere a ɛfata, na ɔtɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ nsɛm bi a ɛhaw adwene mu kyerɛ ne kunu a, ɛbɛma ne kunu no ahu sɛ ne yere no di nokware. Ɛno bɛma okunu no adɔ ne yere kɛse.

Sɛnea woteɛ wo mma so nnɛ no bɛka wo ne wɔn nkitahodi daakye

Ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm na wɔma kwan ma wɔde Yehowa asɛm teɛ wɔn so. (Efe. 6:1, 4) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ awofo hyehyɛ biribiara ho mmara ma wɔn mma anaa? Sɛ mmofra nim mmara a awofo ahyehyɛ wɔ fie ne ɛho asotwe a, ɛno ara nnɔɔso. Ɔwofo pa bɛboa ne ba ama wahu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie.

Nhwɛso bi ni. Yɛmfa no sɛ abofra bi akasa animtiaabu so akyerɛ n’awofo mu baako. Sɛ ɔwofo no teɛ abofra no so denneennen, anaa ɔde abufuw twe n’aso a, ebia abofra no ani bewu anaa ɛbɛma waka n’ano atom. Nanso, ebia ɔde asɛm no bɛhyɛ ne mu, na ɔrenka nkɔ n’awofo no ho bio.

Awofo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade nyansa mu no bedi kan asusuw nteɛso a wɔde bɛma wɔn mma ne nsunsuanso a nteɛso no de bɛba mmofra no so daakye ho. Ɛnsɛ sɛ aniwu nti, awofo pere wɔn ho teɛ wɔn mma so. Ebia wobetumi de abofra no akɔ nkyɛn baabi, na wɔatɔ wɔn bo ase ne no asusuw nea asi no ho. Wobetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ abofra no sɛ, Yehowa hwɛ kwan sɛ obedi n’awofo ni ansa na asi no yiye daakye. Ɛba saa a, abofra no behu sɛ, sɛ otie n’awofo a, na ɔredi Yehowa ni. (Efe. 6:2, 3) Sɛ awofo yi wɔn yam yɛ saa a, ebetumi aka wɔn ba no koma. Ɛbɛma wahu sɛ n’awofo pɛ sɛ esi no yiye, na obebu wɔn paa. Enti sɛ akyiri yi, abofra no hia akwankyerɛ wɔ asɛnhia bi ho a, ɛrenyɛ den koraa sɛ obebisa awofo no.

Awofo binom te nka sɛ, sɛ wɔteɛ wɔn ba so a, ebetumi ayɛ abofra no yaw. Enti sɛ abofra no yɛ biribi a enye a, wɔnyɛ no hwee. Nanso, sɛ abofra no nyin a, ebewie no sɛn? Obesuro Yehowa na wahu sɛ nyansa wom sɛ obegye Onyankopɔn gyinapɛn atom anaa? Obebue ne koma ne n’adwene mu ama Yehowa, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afi Yehowa ne ne nkurɔfo ho?​—Mmeb. 13:1; 29:21.

Odwumfo a onim adwuma di kan dwen ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho. Omfiti prɛko pɛ nsensen anaa ommubu abo ho na ɔnhwɛ kwan sɛ obenya biribi pa bi afi nea ɔreyɛ no mu. Awofo pa de nnɔnhwerew pii sua ade, na wɔde Yehowa gyinapɛn yɛ adwuma. Enti ɛma wosuro Yehowa din. Sɛ awofo antwe wɔn ho amfi Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho a, wonya nyansa de hyɛ wɔn abusua den.

Da biara da, yesisi gyinae a ebetumi aka yɛn daakye. Sɛ́ anka yɛbɛpere yɛn ho asisi nneɛma bi ho gyinae no, adɛn nti na yɛntɔ yɛn bo ase nnwinnwen ho yiye? Ɛsɛ sɛ yesusuw nea ebetumi afi gyinae a yesisi mu aba daakye no ho yiye. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ, na yɛde Onyankopɔn nyansa yɛ adwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrekora nyansa so, na ɛbɛyɛ nkwa ama yɛn kra.​—Mmeb. 3:21, 22.