Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmfua a Ná Ɛka Koma Paa!

Asɛmfua a Ná Ɛka Koma Paa!

“ƆBEA.” Sɛ Yesu ne mmea rekasa a, ɛtɔ da a saa na na ɔfrɛ wɔn. Nhwɛso bi ni. Bere a Yesu resa ɔbea bi a na ne mu akuntun mfe 18 yare no, ɔkae sɛ: “Ɔbea, wɔayi wo afi wo mmerɛwyɛ mu.” (Luka 13:10-13) Mmere a na wɔrekyerɛw Bible no, na wobu no sɛ nidi wom sɛ wɔbɛfrɛ obi saa. Yesu frɛɛ n’ankasa maame mpo saa. (Yoh. 19:26; 20:13) Nanso, na asɛmfua foforo bi wɔ hɔ a nidi wom koraa sen ɛno.

Bere a Bible reka mmea bi ho asɛm no, ɛde asɛmfua bi a ɛka koma paa dii dwuma. Yesu de saa asɛmfua no dii dwuma bere a na ɔne ɔbea bi a mogya atu no mfe 12 rekasa no. Wohwɛ sɛnea ɔbea no bɛn Yesu no a, wuhu sɛ wanni Onyankopɔn Mmara no so koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Mose Mmara no ka sɛ ɔbea biara a mogya retu no no ho ntew. Obi betumi aka sɛ, esiane tebea a na ɔbea no wom nti, na anka ɛnsɛ sɛ ɔkɔ nnipa mu. (Lev. 15:19-27) Nanso, na ɔbea no ho yeraw no. Nokwasɛm ne sɛ, “na wahu amane pii wɔ nnuruyɛfo bebree nsam na wahwere n’ahode nyinaa nanso hwee amfi mu amma, na mmom ɛyɛɛ kɛse.”​—Mar. 5:25, 26.

Enti ɔbea no yɛɛ brɛoo faa nnipadɔm no mu kosii Yesu akyi de ne nsa kaa n’atade nguguso ano. Amonom hɔ ara mogya a na ɛretu no no twae! Ɔbea no yam a, anka obiara anhu no, nanso Yesu bisae sɛ: “Hena na ɔde ne nsa kaa me?” (Luka 8:45-47) Ɛbaa saa no, ɔbea a na ehu aka no no de ahopopo bɛhwee Yesu anim kaa “mu nokware nyinaa kyerɛɛ no.”​—Mar. 5:33.

Nea ɛbɛyɛ na Yesu aka ɔbea no koma ato ne yam no, ɔkae sɛ: “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam!” (Mat. 9:22) Bible ho abenfo bi ka sɛ, Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔbabea” no yɛ kasakoa a wotumi de di dwuma de da “ayamye” adi kyerɛ obi. Yesu kaa ɔbea no koma too ne yam koraa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yare a emu yɛ den no nkɔ.”​—Mar. 5:34.

“Ɔbabea.” Saa na Boas a na ɔyɛ ɔdefo no frɛɛ Moabni Rut. Ná Rut nso yam betumi ahyehye no efisɛ na ɔresesaw atoko ase wɔ ɔbarima bi a onnim no afuw mu. Nanso Boas kae sɛ, “Me ba, tie nea mereka yi.” Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔnkɔ so nsesaw atoko ase wɔ n’afuw no mu. Rut kotow Boas sii ne ti ase, na obisaa Boas nea enti a ɔreda ayamye a ɛte saa adi akyerɛ ɔno a ɔyɛ ɔhɔho no. Boas san kaa Rut koma too ne yam. Ɔkae sɛ: “Nea . . . woyɛ maa w’ase [Naomi, okunafo] no, mate ne nyinaa.  . . Yehowa nhyira wo nea woyɛ biara mu.”​—Rut 2:8-12.

Hwɛ nhwɛso pa a Yesu ne Boas ayɛ ama Kristofo asafo no mu mpanyimfo! Ɛtɔ da a, mpanyimfo baanu betumi ahyia Kristoni bea bi a ehia sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no boa no na wɔhyɛ no nkuran. Sɛ mpanyimfo no di kan bɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ, na wɔyɛ aso tie wɔn nuabea no asɛm a, wobetumi agyina Onyankopɔn Asɛm no so aka wɔn nuabea no koma ato ne yam na wɔakyekye ne werɛ.​—Rom. 15:4.