Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Adwuma no Sõ”

“Adwuma no Sõ”

NÁ BERE aso sɛ wɔyɛ nhyiam titiriw bi wɔ Yerusalem. Ná Ɔhene Dawid aboaboa ne mpanyimfo, ahemfie mpanyimfo, ne ne nnɔmmarima nyinaa ano. Ɔde asɛm bi too gua maa wɔn a wɔahyiam no nyinaa ani gyei. Ɛne sɛ, na Yehowa apaw Dawid ba Solomon sɛ onsi ofie soronko bi a wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ hɔ. Onyankopɔn nam ne honhom so de ofie no ho nsusuwso maa Israel hene Dawid a na n’ani afi no, na ɔno nso de maa Solomon. Dawid kae sɛ: “Adwuma no sõ, efisɛ abankɛse no nyɛ onipa dea, na mmom Yehowa Nyankopɔn dea.”​—1 Be. 28:1, 2, 6, 11, 12; 29:1.

Ɛno akyi no, Dawid bisae sɛ: “Afei, hena na wayi ne yam sɛ ɔde biribi bɛhyɛ ne nsam ama Yehowa?” (1 Be. 29:5) Sɛ na wowɔ hɔ a, anka dɛn na wobɛyɛ? Anka asɛm no bɛka wo koma ama woaboa adwuma kɛse a wɔrebɛyɛ no? Israelfo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa. Nokwasɛm ne sɛ, ɔman no “dii ahurusi sɛ wofi wɔn pɛ mu de biribi aba, efisɛ koma nyinaa mu na wofi yii ntoboa maa Yehowa.”​—1 Be. 29:9.

Mfehaha pii akyi no, Yehowa de biribi a ɛsen asɔrefie no sii hɔ. Ɛno ne honhom fam asɔrefie kɛse no. Ɛyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɛma nnipa tumi fa Yesu afɔrebɔ no so som no. (Heb. 9:11, 12) Ɛnnɛ, ɔkwan bɛn na Yehowa nam so repata nkurɔfo aba ne nkyɛn? Ɔnam asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no so. (Mat. 28:19, 20) Asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no nti, afe biara yɛne nnipa ɔpepem pii sua Bible, asuafo mpempem pii bɔ asu, na yɛtew asafo ɔhaha pii nso.

Saa nkɔanim no nti, ɛho abehia sɛ yetintim Bible ho nhoma pii, yesisi Ahenni Asa foforo, na yesiesie nea yɛasisi dedaw no. Saa ara na ɛho abehia sɛ yɛpɛ mmeae a yɛde bɛyɛ amansin ne amantam nhyiam. Wunnye nni sɛ asɛmpa no a yɛreka akyerɛ obiara no yɛ adwuma kɛse a mfaso wɔ so?​—Mat. 24:14.

Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo dɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa, na wonim sɛ ehia sɛ wɔde nsi ne ahokeka yɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no nti, woyi wɔn yam ‘de biribi hyɛ wɔn nsam ma Yehowa,’ kyerɛ sɛ, wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa. Sɛ yɛde ‘yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,’ na yehu sɛnea wɔde nokwaredi ne nyansa de saa nneɛma no reyɛ adwuma a ɛsõ sen adwuma biara wɔ nnipa asetena nyinaa mu no a, ɛma yɛn ani gye paa!​—Mmeb. 3:9.