Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtwee Wɔn Ho Fii Atoro Som Ho

Wɔtwee Wɔn Ho Fii Atoro Som Ho

“Mumfi ne mu, me man.”​—ADI. 18:4.

NNWOM: 101, 93

1. Dɛn na na Onyankopɔn nkurɔfo begyina so anya anidaso sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Babilon Kɛse no ho, na nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

ADESUA a edi wei anim mu no, yehuu nea ɛyɛe a Kristofo anokwafo kɔɔ Babilon nkoasom mu. Nanso anigyesɛm ne sɛ, na wɔrentena nkoasom mu daa. Sɛ obiara rentumi nne ne ho mfi wiase atoro som ahemman no tumi ase a, ɛnde anka Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ “Mumfi ne mu, me man” no bɛyɛ nea mfaso nni so. (Kenkan Adiyisɛm 18:4.) Yɛpɛ sɛ yehu bere a Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho koraa fii Babilon nkoasom mu! Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yebua nsɛmmisa a edidi so yi: Gyinae bɛn na Bible Asuafo no de akokoduru sii wɔ Babilon Kɛse no ho ansa na afe 1914 reba? Wiase Ko I no mu no, na yɛn nuanom no mmɔdenbɔ te sɛn wɔ asɛnka adwuma no ho? Ateɛteɛ ne nteɛso a na anuanom hia saa bere no nti na na wɔwɔ Babilon nkoasom mu anaa?

“BABILON AHWEASEƐ”

2. Gyinae bɛn na Bible Asuafo a wodi kan no sii wɔ atoro som ho?

2 Aka mfe kakra ma Wiase Ko I no asi no, Charles Taze Russell ne ne mfɛfo no hui sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no, ɛnyɛ ɛno na Kristoman mu asɔre ahorow no kyerɛkyerɛ. Ɛno nti, wogyinaa ntease a na wɔwɔ saa bere no so sii gyinae sɛ wɔne atoro som renyɛ hwee bio. November 1879 mu tɔnn na wogyinaa Kyerɛwnsɛm no so daa wɔn gyinabea adi pefee wɔ Zion’s Watch Tower nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Asɔre biara a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔbaabun a efĩ nkaa no a wɔde no ama Kristo aware, nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛne wiase no (aboa no) ayɛ baako na wiase no taa n’akyi de, ɛsɛ sɛ yɛkasa tia no sɛnea kyerɛwsɛm no frɛ no aguaman asɔre,” Babilon Kɛse no.​—Kenkan Adiyisɛm 17:1, 2.

3. Dɛn pɔtee na Bible Asuafo no yɛe a na ɛkyerɛ sɛ wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Ná mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn no nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wohui sɛ, sɛ wɔkɔ so taa atoro som ahyehyɛde ahorow no akyi a, wɔrennya Onyankopɔn nhyira. Enti, Bible Asuafo pii kyerɛw nkrataa de kɔmaa wɔn asɔre ahorow no sɛ wɔagyae asɔre no. Ebinom mpo kenkan wɔn nkrataa no wɔ asɔredan mu bere a na asɔremma no ahyiam. Mmeae a wɔamma wɔankenkan nkrataa no wɔ asɔredan mu no, ebinom de nkrataa no bi kɔmaa asɔreba biara. Ná wɔmpɛ sɛ wɔne atoro som yɛ biribiara bio! Sɛ ɛyɛ bere bi a na atwam a, anka nea wɔyɛe no betumi ama wɔakum wɔn mpo. Nanso, eduu bɛyɛ afe 1870 no, na aban a ɛwɔ Aman bi so ntaa asɔre no akyi sɛ kan no. Esiane sɛ na ɔmanfo a wɔwɔ aman a ɛte saa mu nsuro bio sɛ wɔbɛyɛ wɔn bɔne bi nti, wɔbɔɔ nyamesom ho nkɔmmɔ, na wotumi daa no adi pefee sɛ wɔne asɔre ahorow no nyɛ adwene wɔ nneɛma bi ho.

4. Wiase Ko I no mu no, na Onyankopɔn nkurɔfo ne Babilon Kɛse no ntam te sɛn?

4 Bible Asuafo no hui sɛ ɛnyɛ wɔn abusuafo, wɔn nnamfo, ne asɔremma no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔma wɔte sɛ wɔatwe wɔn ho afi atoro som ho. Ná ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hu sɛ Babilon Kɛse no yɛ ɔsom a abɔ aguaman! Enti efi December 1917 kosi afe 1918 mfiase no, Bible Asuafo mpem kakraa bi a na wɔwɔ hɔ saa bere no de nsi ne ahokeka kyekyɛɛ nkratawa mmaako mmaako 10,000,000. Ná asɛm bi a wɔato din “The Fall of Babylon” (Babilon Ahweaseɛ) wɔ kratawa no mu. Saa asɛm no paa Kristoman ho ntama. Ɛmaa asɔfo no bo fuwii paa. Nanso, Bible Asuafo no ammɔ hu. Wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma a ɛho hia yi. Ná wɔasi wɔn bo sɛ wobetie “Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Aso. 5:29) Dɛn na nea yɛaka yi nyinaa ma yehu? Ɛma yehu sɛ, ɛnyɛ ɔko no mu na Kristofo mmarima ne mmea bɛyɛɛ Babilon Kɛse no nkoa. Mmom no, saa bere no na wɔrede wɔn ho afi Babilon Kɛse no tumi ase, na na wɔreboa afoforo ma wɔn nso ayɛ saa ara.

WƆDE NSI YƐƐ ASƐNKA ADWUMA NO WƆ WIASE KO I NO MU

5. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛn nuanom de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Wiase Ko I no mu?

5 Mfe bi a atwam no, na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ Yehowa bo fuw ne nkurɔfo, efisɛ wɔamfa nsi ne ahokeka anyɛ asɛnka adwuma no wɔ Wiase Ko I no mu. Ɛno nti, yɛde too gua sɛ Yehowa maa Babilon Kɛse no de wɔn yɛɛ nkoa bere tiaa bi. Nanso, yɛn nuanom mmarima ne mmea anokwafo a na wɔsom Onyankopɔn wɔ afe 1914 kosi afe 1918 no kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ, Awurade nkurɔfo mu dodow no ara yɛɛ nea wobetumi biara maa asɛnka adwuma no kɔɔ so. Wei ho adanse a edi mũ wɔ hɔ. Yɛabehu nea ɛtoo Onyankopɔn nkurɔfo saa bere no yiye, na ama yɛate Bible mu nsɛm bi ase paa.

6, 7. (a) Nsɛnnennen bɛn na na ehia sɛ Bible Asuafo no di so wɔ Wiase Ko I no mu? (b) Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛ Bible Asuafo no de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no.

6 Nokwasɛm ne sɛ, Bible Asuafo a na wɔwɔ hɔ wɔ Wiase Ko I (1914-1918) no dii adanse kɛse saa bere no. Ná asɛnka adwuma no nyɛ mmerɛw saa bere no esiane nneɛma pii nti. Yɛbɛka emu mmienu ho asɛm. Nea edi kan koraa no, adwuma titiriw a na wɔyɛ saa bere no ne sɛ, na wɔkyekyɛ Bible ho nhoma ma nkurɔfo. Bere a wiase atumfoɔ no baraa The Finished Mystery nhoma no wɔ afe 1918 mfiase no, asɛnka adwuma no bɛyɛɛ den maa anuanom pii. Ná wonsuaa sɛnea wɔde Bible nkutoo bedi adanse, na sɛ yɛbɛka a, na The Finished Mystery nhoma no na na “ɛkasa” ma wɔn. Nea ɛto so mmienu ne Spania Influensa a ɛbae afe 1918 a ekunkum nnipa pii no. Yare a ɛyɛ hu yi trɛw kɔɔ mmeae pii, na ɛma ɛyɛɛ den sɛ adawurubɔfo no betumi akɔ baabiara a wɔpɛ. Nanso, weinom ne ɔhaw afoforo nyinaa akyi no, Bible Asuafo dodow no ara yɛɛ nea wobetumi biara maa asɛnka adwuma no kɔɔ so.

Ná saa Bible Asuafo no yɛ nsi! (Hwɛ nkyekyɛm 6, 7)

7 Afe 1914 nkutoo no, Bible Asuafo a na wɔnnɔɔso no yii “Photo-Drama of Creation” sini a na wotwa no tiawa frɛ no Drama no kyerɛɛ nnipa bɛboro 9,000,000. Nnipa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho ne wɔn a wɔnkeka wɔn ho na na ɛwɔ sini no mu. Saa ara nso na na wɔte ɛnne nnyigyei wɔ sini no mu. Ná sini no ka nnipa asetena fi Adam so kosi Kristo Mfirihyia Apem nniso no awiei ho asɛm. Ɛde besi saa bere no, na nnipa ntumi nyɛɛ biribi a ɛte saa da. Wo de, susuw ho hwɛ. Nnipa dodow a wɔhwɛɛ sini no wɔ afe 1914 mu nkutoo no dɔɔso sen Ahenni adawurubɔfo dodow a wɔreyɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa nnɛ! Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ afe 1916 no, nnipa a wɔkɔɔ asafo nhyiam wɔ United States no dodow si 809,393. Wɔn dodow kɔɔ anim koduu 949,444 wɔ afe 1918 mu. Saa Bible Asuafo no de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no!

8. Bere a wiase ko a edi kan no rekɔ so no, ɛyɛɛ dɛn na anuanom no nsa kaa wɔn honhom fam ahiade?

8 Wiase ko a edi kan no mu no, anuanom a wodi asafo no anim no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma Bible Asuafo a na wɔahwete no honhom fam aduan, na wɔahyɛ wɔn nkuran daa. Wei hyɛɛ anuanom den ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no. Richard H. Barber a saa bere no na ɔde nsi ne ahokeka reyɛ asɛnka adwuma no kae sɛ: “Yetumi boaa ahwɛfo akwantufo kakra a na wɔwɔ hɔ saa bere no, na yɛkyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban. Ná wɔabara Ɔwɛn-Aban no wɔ Canada, nanso yetumi de bi kɔɔ hɔ. Mitumi de nhoma a wɔato din The Finished Mystery nketewa no bi menaa me nnamfo bi a na atumfoɔ no agye wɔn de no. Onua Rutherford kae sɛ yɛnyɛ amantam nhyiam ho nhyehyɛe wɔ nkurow bi mu wɔ United States atɔe fam, na yɛmma akasafo nkɔhyɛ anuanom nkuran.”

NÁ EHIA SƐ WOYIYI WƆN MU

9. (a) Afe 1914 ne afe 1919 ntam hɔ no, adɛn nti na na ehia sɛ wɔteɛteɛ Onyankopɔn nkurɔfo na wɔteɛ wɔn so? (b) Ɛwom sɛ na ehia sɛ wɔteɛ Bible Asuafo no so de, nanso dɛn na na ɛnkyerɛ?

9 Bible Asuafo no yɛɛ nneɛma bi wɔ afe 1914 ne afe 1919 ntam hɔ a na ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nhyia. Ɛwom sɛ na anuanom no wɔ koma pa de, nanso asɛm a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wiase atumfoɔ no, na wɔnte ase yiye. (Rom. 13:1) Enti, ɛnyɛ bere nyinaa na anuanom dodow no ara tumi twee wɔn ho fii ɔko no ho. Nhwɛso bi ni. Bere a United States ɔmampanyin hyɛe sɛ wɔatu May 30, 1918 asi hɔ sɛ ɛda a wɔde bɛbɔ mpae ahwehwɛ asomdwoe no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no kae sɛ Bible Asuafo no nso mmɔ mpae no bi. Anuanom binom de wɔn sika koguu sikakorabea sɛ wɔmfa mfaso a wobenya wɔ so no mmoa ɔko no, na wɔn mu kakraa bi mpo kɔɔ akono a na wokurakura atuo ne asekan. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ esiane sɛ na ehia sɛ wɔteɛteɛ Bible Asuafo no na wɔteɛ wɔn so nti, ɛyɛ saa bere no na wɔkɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon Kɛse no mu. Nokwasɛm ne sɛ, na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho. Yebetumi aka sɛ, bere a Wiase Ko I no rekɔ so no, na Bible Asuafo no atwe wɔn ho afi saa atoro som ahemman no ho awie ara ne sa.​—Kenkan Luka 12:47, 48.

10. Esiane sɛ Bible Asuafo bu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron nti, gyinae pintinn bɛn na wosii wɔ ho?

10 Ɛwom sɛ na Bible Asuafo no nte afã biara a Kristofo nnyina no ase yiye sɛnea yɛte ase nnɛ no de, nanso biribi wɔ hɔ a na wonim: Ɛne sɛ, Bible ka sɛ, ɛnsɛ sɛ obi kum ne yɔnko nipa. Enti ɛwom sɛ anuanom kakraa bi faa akode kɔɔ akono wɔ Wiase Ko I no mu de, nanso wosii gyinae pintinn sɛ wɔrenkum onipa biara. Wɔde anuanom binom a wosii gyinae sɛ wɔrenkum onipa biara no kogyinaa akono pɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobekunkum wɔn.

11. Bere a Bible Asuafo no gyinaa Kyerɛwnsɛm no so sii gyinae sɛ wɔrenkɔ ɔko no, dɛn na wiase atumfoɔ no yɛe?

11 Ɛwom sɛ gyinae a anuanom sii wɔ ɔko no mu no nyɛ nea na edi mũ paa de, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛhyɛɛ Ɔbonsam abufuw. Ɛno nti, Ɔbonsam nam ‘mmara so de ɔhaw baa’ wɔn so. (Dw. 94:20) Ɔsahene James Franklin Bell a na ɔyɛ U. S. Sraani ne Onua J. F. Rutherford ne Onua W. E. Van Amburgh bɔɔ nkɔmmɔ bi. Ɔsahene no kae wɔ nkɔmmɔ no mu sɛ U. S. man no Asoɛe a Ɛhwɛ Atɛntrenee Ho Nsɛm So no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde mmara bi bɛkɔ akɔto Mmarahyɛ Baguafo no anim ma wɔagye atom sɛ wommu obiara a ɔbɛka sɛ ɔremfa akode nkɔ ɔko no kumfɔ. Nea na ɔreka ne sɛ, Bible Asuafo no nti na na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ saa mmara no. Ná Ɔsahene Bell bo afuw paa, na ɔka kyerɛɛ Onua Rutherford sɛ: “Ɛwom sɛ [U.S. Ɔmampanyin] Wilson amma kwan ma wɔanhyɛ saa mmara no de, nanso yenim ɔkwan a yɛbɛfa so anya mo. Sɛnea ɛte biara, yebenya mo!”

12, 13. (a) Adɛn nti na wɔkyeree anuanom mpanyimfo baawɔtwe buu wɔn atɛn sɛ wɔnkɔda afiase mfe pii? (b) So afiasenna maa gyinae a na anuanom no asi sɛ Yehowa nkutoo na wobetie no no ano brɛɛ ase anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Atumfoɔ no nyaa kwan bi faa so yɛɛ nea na wɔpɛ sɛ wɔyɛ no. Wɔkyeree Onua Rutherford, Onua Van Amburgh, ne anuanom baasia a na wɔka wɔn ho no. Wɔn na na wɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo. Bere a ɔtemmufo a ɔredi wɔn asɛm no rebua wɔn fɔ no, ɔkae sɛ: “Nnaadaasɛm a saa mmarima yi reka fa nyamesom ho no yɛ hu sen German asraafo asafotow baako . . . Ɛnyɛ Aban mmaranimfo ne asraafo mpanyimfo nko na wɔkasa tia wɔn, na mmom wɔkasa tia asɔre nyinaa mu asɔfo nso. Ɛsɛ sɛ yɛtwe wɔn aso denneennen.” (Faith on the March, a A. H. Macmillan kyerɛwee, kr. 99) Na wɔtwee wɔn aso denneennen ampa. Wobuu Bible Asuafo baawɔtwe no atɛn sɛ wɔmfa wɔn nkogu afiase mfe pii wɔ Atlanta, Georgia. Nanso, bere a ɔko no baa awiei no, woyii sobo ahorow a wɔde bɔɔ wɔn no fii wɔn so.

13 Bere a na anuanom baawɔtwe no wɔ afiase no, wokuraa Kyerɛwnsɛm mu ntease a na wɔwɔ no mu pintinn. Wɔkyerɛw krataa kɔmaa United States ɔmampanyin no sɛ: “Sɛnea wɔaka wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, Awurade apɛde ne sɛ, ‘Nni awu,’ enti [Amanaman Ntam Bible Asuafo] Kuw no muni biara a wahyira ne ho so ama Awurade a obefi ne pɛ mu abu ahosohyira apam a wayɛ no so no bɛhwere Onyankopɔn anim dom, na ebetumi de no akɔ ɔsɛe mu mpo. Enti kuw no mufo ahonim remma wɔn kwan mma wonkum nnipa.” Egye akokoduru paa na ama obi atumi aka asɛm a ɛte saa! Ɛda adi pefee sɛ, na anuanom no nyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyae wɔn mũdi mu!

AWIEI KORAA WONYAA AHOFADI!

14. Fa Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ nea ɛkɔɔ so wɔ afe 1914 kosi afe 1919 no mu.

14 Malaki 3:1-3 ka nea ɛkɔɔ so fi afe 1914 kosi afe 1919 mfiase ho asɛm. Ná bere adu sɛ woyiyi “Lewifo” a wɔasra wɔn no mu fĩ. (Kenkan.) Saa bere no, Yehowa Nyankopɔn a ɔne “Awurade nokwafo” no, ne Yesu Kristo a ɔne “apam bɔfo” no, baa honhom fam asɔrefie hɔ bɛhwɛɛ wɔn a na wɔresom wɔ hɔ no. Bere a Yehowa teɛɛ ne nkurɔfo so na ɔtew wɔn ho wiei no, na ne nkurɔfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɔde bɛma wɔn no. Afe 1919 mu no, wɔpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma gyidi fiefo honhom fam aduan. (Mat. 24:45) Afei na Onyankopɔn nkurɔfo ade wɔn ho afi Babilon Kɛse no tumi ase. Efi saa bere no, Yehowa adom nti, ne nkurɔfo anya Onyankopɔn apɛde ho nimdeɛ pii, na wɔanya ɔdɔ kɛse ama wɔn soro Agya no nso. Hwɛ sɛnea wɔn ani asɔ Yehowa nhyira kɛse! [1]

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ yɛade yɛn ho afi Babilon Kɛse no ho?

15 Ɛyɛ anigye paa sɛ yɛade yɛn ho afi Babilon Kɛse no nkoasom mu! Mmɔden a Satan abɔ sɛ ɔbɛpopa nokware Kristosom afi asase so koraa no ayɛ kwa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nea enti a Yehowa ama yɛade yɛn ho no. (2 Kor. 6:1) Nnipadɔm pii a wɔwɔ koma pa da so ara wɔ atoro som nkoasom mu. Ehia sɛ yɛboa wɔn ma wofi mu. Yebetumi akyerɛ wɔn kwan. Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yensuasua yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ afeha a etwaam no, na yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa mmoa wɔn mma wɔnne wɔn ho!

^ [1] (nkyekyɛm 14) Nsɛdi pii wɔ mfe 70 nkoasom mu a Yudafo no kɔe wɔ Babilon ne nea ɛtoo Kristofo wɔ ɔwae no akyi no mu. Nanso yentumi nka sɛ wɔ nkɔmhyɛ mu no, nkoasom mu a Yudafo no kɔe no gyina hɔ ma nea ɛtoo Kristofo no. Ade baako ne sɛ, nsonsonoe wɔ mfe dodow a Yudafo no dii wɔ nkoasom mu ne nea Kristofo no nso dii mu. Enti ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu sɛ biribiara a ɛtoo Yudafo no wɔ nkoasom mu no nso too Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ mfe a edii afe 1919 anim no mu.