Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TETE WƆ BI KA

“Ahenni Adawurubɔfo a Mowɔ Britain​—Monkanyan Mo Ho!!”

“Ahenni Adawurubɔfo a Mowɔ Britain​—Monkanyan Mo Ho!!”

NÁ ƐYƐ amanneɛbɔ a emu yɛn den paa: “Ahenni Adawurubɔfo a Mowɔ Britain​—Monkanyan Mo Ho!!” (Informant, * December 1937, London de) Asɛmti ketewa bi a ɛkanyan adwene de kaa ho sɛ: “Mfe Du Ni, Yennyaa Nkɔso Titiriw Biara.” Nea wɔde sii wei so dua ne mfe du asɛnka ho akontaabu a wɔde baa kratawa no anim pɛɛ no. Ná asɛnka akontaabu no fi afe 1928 kosi afe 1937.

AKWAMPAEFO DƆƆSO DODO ANAA?

Dɛn na na ama asɛnka adwuma no nnya nkɔso ntɛmntɛm wɔ Britain? Ɛda adi sɛ na asafo ahorow no “atɔ apẽ.” Nea enti a na aba saa ne sɛ, botae a na wɔde asi wɔn anim mfe pii a atwam no, ɛno ara na na wodi akyi. Afei nso, na baa dwumadibea no asi gyinae sɛ akwampaefo bɛyɛ 200 pɛ na wobenya asasesin ama wɔayɛ mu adwuma wɔ ɔman no mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo a wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ nsasesin a atew ne ho mu, na ɛnyɛ asafo ahorow mu. Baa dwumadibea no ka kyerɛɛ anuanom a na wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma no sɛ, wɔrennya asasesin mma wɔn wɔ Britain. Enti wɔhyɛɛ anuanom nkuran sɛ wɔnkɔyɛ akwampae adwuma no wɔ Europa aman no bi so. Anigyesɛm ne sɛ, akwampaefo pii fii Britain kɔɔ aman bi te sɛ France kɔyɛɛ akwampae adwuma. Ɛwom sɛ na wɔnte ɛhɔ kasa papa anaasɛ na wɔnte koraa de, nanso wɔkɔe.

“AMANNEƐBƆ A EMU YƐ DEN”

Afe 1937 Informant no de botae bi sii wɔn ani so maa afe 1938 ɔsom afe no de sɔɔ wɔn ho hwɛe: Nnɔnhwerew ɔpepem baako! Sɛ ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 15 yɛ asɛnka adwuma bosome biara, na ɔkwampaefo biara de nnɔnhwerew 110 yɛ saa a, na ɛrenyɛ den koraa sɛ wobedu saa botae no ho. Nyansahyɛ a wɔde mae no bi ne sɛ, wɔbɛyɛ asɛnka akuw ho nhyehyɛe ma wɔde nnɔnhwerew nnum ayɛ asɛnka adwuma no nna bi. Ná wɔde wɔn adwene besi sankɔhwɛ ahorow a wɔbɛyɛ so, ne titiriw no, anwummere anwummere wɔ nnawɔtwe no mu.

Akwampaefo a wɔyɛ nsi de anigye yɛɛ asɛnka adwuma no

Anuanom pii ani gyee asɛnka adwuma no a wɔsan hyɛɛ mu den no ho. Hilda Padgett * kae sɛ: “Ná saa amanneɛbɔ a emu yɛ den no fi asafo ti, na na yɛn mu dodow no ara rehwɛ kwan sɛ biribi a ɛte saa bɛba. Ɛbae no, ankyɛ koraa na yenyaa nkɔso pii.” Onuawa E. F. Wallis nso kae sɛ: “Nnɔnhwerew nnum a wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nyɛ asɛnka adwuma no, na eye paa! Anigye bɛn na ɛsen sɛ wubetu nna bi asi hɔ de ayɛ Awurade adwuma wɔ bere bi mu? . . . Yɛbɛba fie no na yɛabrɛ de, nanso na yɛn ani agye papaapa!” Aberante Stephen Miller hui sɛ ehia sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no, enti ogyee ɔfrɛ no so. Ná biribiara nsiw no kwan, enti na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mu! Ná ohu sɛ anuanom dodow bi tena sakre so de da mũ nyinaa kɔyɛ asɛnka adwuma no. Edu ahohuru bere a, anwummere anwummere na wɔkɔbɔ kasa a wɔakyere agu mpaawa so kyerɛ nkurɔfo. Wɔde nsi ne ahokeka de nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw agu nkrataa so faa mmɔnten so, na wɔde nsɛmma nhoma nso dii adanse wɔ mmɔnten so.

Informant no san de asɛm foforo yi too gua sɛ: “Yehia akwampaefo 1,000.” Wɔde asasesin ho akwankyerɛ foforo mae sɛ, afei de akwampaefo nkutoo rentew wɔn ho sɛ kan no. Mmom no, wɔne asafo ahorow no bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no. Wɔbɛboa asafo ahorow no na wɔahyɛ wɔn den. Joyce Ellis (née Barber) kae sɛ: “Ná anuanom dodow no ara ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkanyan wɔn ho na wɔyɛ akwampae adwuma. Ɛwom sɛ saa bere no na madi mfe 13 pɛ de, nanso na mepɛ sɛ mebɛyɛ ɔkwampaefo.” Onuawa Joyce duu ne botae no ho July 1940. Saa bere no na wadi mfe 15. Peter a akyiri yi ɔwaree Joyce no nso tee ɔfrɛ a ese “Monkanyan Mo Ho” no, na ɛkaa ne koma ma “ofii ase susuw akwampae adwuma ho.” June 1940, bere a na wadi mfe 17 no, ɔde sakre twaa akwansin 65 (kilomita 105) kɔɔ Scarborough kɔhyɛɛ akwampae adwuma ase wɔ hɔ.

Sɛ yɛreka akwampaefo foforo a na wɔwɔ ahofama saa bere no a, na Cyril ne Kitty Johnson ka ho. Wɔtɔn wɔn fie ne wɔn agyapade sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Cyril gyaee n’adwuma a na ɔyɛ, na bosome baako ntam wɔbɛyɛɛ akwampaefo. Ɔkae sɛ: “Yɛde ahotoso na esii saa gyinae no. Yefi yɛn pɛ mu na ɛyɛɛ saa, na na yɛn ani gye ho nso.”

WOBUEBUEE AKWAMPAEFO AFIE

Bere a akwampaefo no dodow kɔɔ anim ntɛmntɛm no, anuanom a wodi anim no hwehwɛɛ akwan a wobetumi afa so aboa wɔn. Ná Jim Carr yɛ dantaban somfo (nea seesei yɛfrɛ no ɔmansin sohwɛfo no) wɔ afe 1938 mu. Odii akwankyerɛ a wɔde mae sɛ wɔmpɛ mmeae a wɔde bɛyɛ akwampaefo afie wɔ nkurow akɛse mu no so. Wɔhyɛɛ akwampaefo akuw nkuran sɛ wɔntena fie koro mu na wɔmmom nyɛ ɔsom adwuma no. Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔremmɔ ka pii. Enti wɔhanee dan bi wɔ Sheffield, na wɔmaa onua bi a ne ho akokwaw hwɛɛ so. Asafo a ɛwɔ mpɔtam hɔ yii ntoboa de boae, na wɔde nkongua ne apon nso boae. Jim kae sɛ: “Obiara yɛɛ nea obetumi maa nneɛma kɔɔ yiye.” Akwampaefo du a wɔyɛ nsi na wɔtenaa fie hɔ, na wɔmaa wɔn ani kũũ honhom fam nneɛma ho paa. “Anɔpa biara sɛ akwampaefo no rebedidi a, na wosusuw daa asɛm ho. Ná wɔkɔyɛ asɛnka adwuma wɔ asasesin a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu da biara wɔ kurow no afã ahorow.”

Akwampaefo foforo pii de wɔn ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu wɔ Britain

Adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa gyee ɔfrɛ no so ma enti woduu botae a wɔde sii wɔn ani so no ho. Afe 1938 no, wɔde nnɔnhwerew ɔpepem baako na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no. Nokwasɛm ne sɛ, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wonyaa nkɔso wɔ ɔsom adwuma no afã ahorow nyinaa nso. Wɔ mfe nnum pɛ ntam no, ɛkaa kakra ma anka adawurubɔfo dodow a wɔwɔ Britain bu bɔɔ ho mmiɛnsa. Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no a Yehowa nkurɔfo san de wɔn ani sii so kɛse no hyɛɛ wɔn den ma wotumi gyinaa nsɛnnennen a na wobehyia wɔ ɔko mmere a na ɛda wɔn anim no ano.

Ɛnnɛ nso, bere a Onyankopɔn ko Harmagedon rebobɔ ba no, akwampaefo a wɔwɔ Britain no dodow renya nkɔanim bio. Mfe du a atwam no mu no, afe biara, akwampaefo dodow kɔ anim. Eduu October 2015 no, na akwampaefo a wɔwɔ Britain dodow adu 13,224. Saa akwampaefo yi ahu paa sɛ bere nyinaa som adwuma no yɛ adwuma a eye sen biara a wobetumi ayɛ wɔ wɔn asetenam no mu baako.

^ nky. 3 Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Yɛn Ahenni Som.

^ nky. 8 Onuawa Padgett asetenam nsɛm wɔ October 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no mu, kr. 19-24.