Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Di Ne Nkurɔfo Anim

Yehowa Di Ne Nkurɔfo Anim

‘Yehowa bedi w’anim daa.’—YES. 58:11.

NNWOM: 152, 22

1, 2. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ wɔn a wodi Yehowa Adansefo anim ne wɔn a wodi ɔsom a aka anim no ntam? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?

“HENA ne mo kannifo?” Nkurɔfo taa bisa Yehowa Adansefo saa asɛm yi. Na ɛnyɛ nwonwa! Efisɛ ɔsom ahorow pii mu no, ɔbarima anaa ɔbea baako na ɔyɛ ɔkannifo anaa otitiriw. Nanso, yɛde anigye ka kyerɛ wɔn a wobisa saa asɛm no sɛ, ɛnyɛ onipa a ɔtɔ sin na ɔyɛ yɛn Kannifo. Mmom no, Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no na ɔyɛ yɛn Kannifo. Na Kristo nso Kannifo ne n’Agya Yehowa.—Mat. 23:10.

2 Nanso ɛnnɛ, mmarima bi wɔ hɔ a Bible frɛ wɔn “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” na wɔn na wodi Onyankopɔn nkurɔfo anim. (Mat. 24:45) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa ankasa na ɔnam ne Ba a aniwa nhu no no so redi yɛn anim? Adesua yi ne nea edi hɔ mu no, yebehu sɛnea Yehowa ama nnipa bi adi ne nkurɔfo anim mfe mpempem pii. Wɔ adesua mmienu no biara mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔtaa saa mmarima no akyi ampa. Ɛbɛma yɛahu sɛ efi teteete de besi nnɛ no, Yehowa na ɔyɛ ne nkurɔfo Kannifo ankasa.—Yes. 58:11.

HONHOM KRONKRON MA WONYAA TUMI

3. Dɛn na ɛmaa Mose nyaa tumi ma odii Israelfo no anim?

3 Honhom kronkron maa Onyankopɔn ananmusifo nyaa tumi. Sɛ yɛhwɛ Mose sei a, wɔpaw no sɛ onni Israelfo no anim. Dɛn na ɛboaa no ma otumi yɛɛ saa adwuma kɛse no? Yehowa ‘de ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu.’ (Kenkan Yesaia 63:11-14.) Esiane sɛ Yehowa de ne honhom kronkron hyɛɛ Mose mu ma onyaa tumi nti, ɛyɛ Yehowa na ɔkɔɔ so dii Ne nkurɔfo anim.

4. Dɛn na ɛmaa Israelfo no hui sɛ Onyankopɔn honhom wɔ Mose so? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Honhom kronkron yɛ tumi a aniwa nhu. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no hui sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ Mose so? Honhom kronkron boaa Mose ma ɔyɛɛ anwonwade pii. Ɛno na ɛboaa no ma otumi maa Farao huu Onyankopɔn din. (Ex. 7:1-3) Honhom kronkron san boaa Mose ma onyaa suban pa te sɛ ɔdɔ, odwo, ne abotare. Saa suban ahorow yi na ɛboaa Mose ma otumi dii Israelfo no anim. Ná Mose nte sɛ akannifo a wɔn tirim yɛ den na wɔyɛ pɛsɛmenkominya a na wɔwɔ aman foforo so no! (Ex. 5:2, 6-9) Ná adanse no da adi pefee: Ɛne sɛ, Yehowa na ɔpaw Mose sɛ onni Ne nkurɔfo anim.

5. Kyerɛ sɛnea Yehowa maa Israelfo mmarima foforo nyaa tumi ma wodii ne nkurɔfo anim.

5 Akyiri yi, Yehowa honhom kronkron maa mmarima foforo a Yehowa paw wɔn no nyaa tumi ma wodii ne nkurɔfo anim. Bible ka sɛ: “Nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma.” (Deut. 34:9, Akuapem Twi Bible) Ɛsan ka sɛ: “Yehowa honhom beduraa Gideon ho.” (Atem. 6:34) Afei nso, “Yehowa honhom sii Dawid so.” (1 Sam. 16:13) Saa mmarima yi nyinaa de wɔn ho too Onyankopɔn honhom so ma ɛboaa wɔn. Onyankopɔn honhom no ma wonyaa tumi de yɛɛ nneɛma a na anka wɔn ankasa rentumi mfa wɔn ahoɔden nyɛ. (Yos. 11:16, 17; Atem. 7:7, 22; 1 Sam. 17:37, 50) Ɛno nti, ɛfata paa sɛ wɔde nneɛma akɛse a wɔyɛe no ho ayeyi maa Yehowa.

6. Adɛn nti na na Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo no nya obu ma akannifo a na wodi Israel anim no?

6 Dɛn na anka ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ de kyerɛ sɛ wogye di paa sɛ honhom kronkron na ɛmaa saa mmarima no nyaa tumi? Bere a nkurɔfo no nwiinwii tiaa Mose akanni no, Yehowa bisae sɛ: “Da bɛn koraa na ɔman yi de obu bɛma me?” (Num. 14:2, 11) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa na ɔpaw Mose, Yosua, Gideon, ne Dawid sɛ wɔnyɛ ɔno Yehowa a ɔyɛ wɔn Kannifo no ananmusifo. Bere a nkurɔfo no tiee saa mmarima no, na ɛyɛ Yehowa ankasa na wɔredi n’akyi sɛ wɔn Kannifo.

ABƆFO BOAA WƆN

7. Dɛn na abɔfo yɛ de boaa Mose?

7 Abɔfo boaa Onyankopɔn ananmusifo no. (Kenkan Hebrifo 1:7, 14.) Yehowa nam abɔfo so paw Mose, ɔma wɔboaa no, na ɔnam wɔn so maa no akwankyerɛ. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ [Mose] wɔ nkyɛkyerɛ mu no nsa so somaa [Mose] sɛ sodifo ne ogyefo.” (Aso. 7:35) Yehowa ‘nam abɔfo so’ de Mose Mmara no maa Mose ma ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfo no. (Gal. 3:19) Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Di ɔman no anim kɔ faako a makyerɛ wo no. Hwɛ, me bɔfo bedi w’anim.” (Ex. 32:34) Bible nka sɛ Israelfo no hui sɛ ɔbɔfo bi adan ne ho nipa reyɛ saa nnwuma no. Nanso, sɛnea Mose maa nkurɔfo no akwankyerɛ na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no ma ɛdaa adi pefee sɛ tumi bi a ɛboro nnipa de so na ɛboaa no.

8. Dɛn na abɔfo yɛe de boaa Yosua ne Hesekia?

8 Yosua na obesii Mose ananmu. “Yehowa safohene no” hyɛɛ Yosua den ma odii Onyankopɔn nkurɔfo anim ne Kanaanfo kɔkoe; na Israelfo no dii nkonim. (Yos. 5:13-15; 6:2, 21) Akyiri yi, wɔ Ɔhene Hesekia bere so no, Asiria asraafo pii yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so. Nanso anadwo koro pɛ, ‘Yehowa bɔfo fi kokunkum Asiriafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum.’—2 Ahe. 19:35.

9. Esiane sɛ na Onyankopɔn ananmusifo no wɔ sintɔ ahorow nti, na ɛnsɛ sɛ Israelfo no di wɔn akwankyerɛ akyi anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Nokwasɛm ne sɛ, sintɔ nni abɔfo ho, nanso mmarima a abɔfo no boaa wɔn no de, na sintɔ wɔ wɔn ho. Bere bi, Mose anyɛ Yehowa kronkron. (Num. 20:12) Yosua nso anhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ansa na ɔne Gibeonfo reyɛ apam. (Yos. 9:14, 15) Saa ara na bere bi nso, Hesekia “koma maa ne ho so.” (2 Be. 32:25, 26) Nanso, saa mmarima yi sintɔ nyinaa akyi no, na Yehowa hwehwɛ sɛ Israelfo no di wɔn akwankyerɛ akyi. Yehowa nam n’abɔfo a wɔwɔ tumi sen nnipa so boaa saa mmarima no. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa na na ɔredi ne nkurɔfo anim.

ONYANKOPƆN ASƐM NO KYERƐƐ WƆN KWAN

10. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Mmara no kyerɛɛ Mose kwan?

10 Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ n’ananmusifo kwan. Bible frɛ Mmara a wɔde maa Israelfo no sɛ “Mose mmara.” (1 Ahe. 2:3) Nanso, Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa ankasa na na ɔyɛ Mmarahyɛfo, na Mose ankasa nso dii saa Mmara no so. (2 Be. 34:14) Bere a Yehowa maa Mose akwankyerɛ a ɔde bɛyɛ ntamadan no, “Mose yɛɛ nea Yehowa hyɛɛ no no nyinaa. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”—Ex. 40:1-16.

11, 12. (a) Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yosua ne ahene a wodii Onyankopɔn nkurɔfo so no yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ wɔn a wodii Onyankopɔn nkurɔfo anim no kwan?

11 Bere a Yosua bɛyɛɛ ɔkannifo no, na ɔwɔ Onyankopɔn Asɛm no bi. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so.” (Yos. 1:8) Akyiri yi, ahene a wobedii Onyankopɔn nkurɔfo so no nso yɛɛ saa ara. Ná ɛsɛ sɛ wɔkenkan Mose Mmara no da biara da, wɔkyerɛw bi fa, na ‘wodi mmara no mu nsɛm ne ahyɛde nyinaa so.’—Kenkan Deuteronomium 17:18-20.

12 Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ mmarima a wodii Onyankopɔn nkurɔfo anim no kwan? Momma yɛnhwɛ Ɔhene Yosia. Bere a wohuu nhoma bi a na Mose Mmara no wom no, Yosia kyerɛwfo fii ase kenkan kyerɛɛ no. * Dɛn na ɔhene no yɛe? Bible ka sɛ: “Bere a ɔhene tee mmara nhoma no mu nsɛm ara pɛ, osuan n’atade mu.” Nanso, wamma anso hɔ ara. Ɔyɛɛ nneɛma pii kaa ho. Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yosia kwan ma ofii ase ko tiaa abosonsom denneennen. Afei nso, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wodii Twam afahyɛ kɛse bi a na wonnii bi saa da. (2 Ahe. 22:11; 23:1-23) Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yosia ne akannifo foforo a na wodi nokware no kwan nti, wofii wɔn pɛ mu yɛɛ nsakrae wɔ akwankyerɛ a wɔde maa Onyankopɔn nkurɔfo no mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee kyerɛɛ wɔn. Saa nsakrae no maa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no tumi yɛɛ Yehowa apɛde.

13. Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ akannifo a wodii Onyankopɔn nkurɔfo anim ne akannifo a na wodi aman a wɔsom abosom anim no ntam?

13 Ná nsonsonoe kɛse paa wɔ saa ahene a wodii nokware no ne akannifo a na wodi aman foforo anim no ntam! Nnipa nyansa na na ɛkyerɛ akannifo a na wodi aman foforo anim no kwan, na na wonni nhyehyɛe pa biara nso. Kanaanfo akannifo ne wɔn manfo yɛɛ akyide pii. Akyide no bi ne mogyafra, mmarima a wɔne mmarima da, nnipa a wɔne mmoa da, mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre, ne abosonsom. (Lev. 18:6, 21-25) Afei nso, Babilonfo ne Egyptfo akannifo amfa ahotew ho mmara a edi mũ te sɛ nea Onyankopɔn de maa Israelfo no anyɛ adwuma. (Num. 19:13) Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no hui sɛ wɔn akannifo a na wodi nokware no hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma wɔn ho ntew wɔ honhom fam, abrabɔ fam, ne honam fam. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa na na ɔredi wɔn anim.

14. Adɛn nti na Yehowa teɛɛ wɔn a na wodi ne nkurɔfo anim no bi so?

14 Ɛnyɛ ahene a wodii Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no so no nyinaa na wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛɛ adwuma. Ahene a wɔantie Yehowa asɛm no annye akwankyerɛ a Onyankopɔn honhom kronkron, n’abɔfo, ne n’Asɛm no de maa wɔn no antom. Akannifo no bi nso wɔ hɔ a, Yehowa teɛɛ wɔn so anaasɛ oyii wɔn fii hɔ de afoforo sii wɔn ananmu. (1 Sam. 13:13, 14) Yehowa bere a ɛsɛ mu no, ɔpaw obi a na obetumi adi ne nkurɔfo anim yiye asen mmarima a na ɔde wɔn ayɛ adwuma no nyinaa.

YEHOWA APAW ƆKANNIFO A ƆYƐ PƐ

15. (a) Dɛn na adiyifo no ka de kyerɛe sɛ ɔkannifo bi a ɔyɛ soronko reba? (b) Hena ne ɔkannifo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no?

15 Mfehaha pii na Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ ɔbɛpaw ɔkannifo bi a ɔyɛ soronko na ɔfata ama ne nkurɔfo. Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn beyi odiyifo te sɛ me afi wo nuanom mu ama wo; ɔno na muntie no.” (Deut. 18:15) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Onii no bɛyɛ “kannifo ne ɔsahene.” (Yes. 55:4) Yehowa de ne honhom kaa Daniel nso ma ɔkyerɛw “Mesia, Ɔkannifo no” a na ɔreba no ho asɛm. (Dan. 9:25) Awiei koraa no, Yesu Kristo ankasa kae sɛ ɔno ne Onyankopɔn nkurɔfo “Kannifo” no. (Kenkan Mateo 23:10.) Yesu asuafo no fii wɔn pɛ mu dii n’akyi, na wɔka sii so dua sɛ Yesu ne nea Yehowa apaw no no. (Yoh. 6:68, 69) Dɛn na ɛmaa asuafo no gye dii sɛ Yesu Kristo ne nea Yehowa nam ne so redi ne nkurɔfo anim?

16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron na ɛmaa Yesu nyaa tumi?

16 Honhom kronkron maa Yesu nyaa tumi. Bere a Osuboni Yohane rebɔ Yesu asu no, Yohane hui sɛ “ɔsoro abue, na honhom no resian aba [Yesu] so te sɛ aborɔnoma.” Ɛno akyi no, ‘honhom no hyɛɛ Yesu ma ɔkɔɔ sare so.’ (Mar. 1:10-12) Yesu asase so som adwuma no nyinaa mu no, Onyankopɔn honhom kronkron maa Yesu nyaa tumi de yɛɛ anwonwade, na ɛma ɔkasae sɛ obi a Onyankopɔn ama no tumi. (Aso. 10:38) Afei nso, honhom kronkron maa Yesu nyaa suban pa te sɛ ɔdɔ, anigye, ne gyidi a ɛyɛ den. (Yoh. 15:9; Heb. 12:2) Ɔkannifo foforo biara nni hɔ a Onyankopɔn honhom yɛɛ adwuma wɔ ne so kɛse te sɛ Yesu. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa na ɔpaw Yesu sɛ Ɔkannifo.

Bere a wɔbɔɔ Yesu asu akyi bere tiaa bi no, ɔkwan bɛn so na abɔfo boaa no? (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Dɛn na abɔfo yɛe de boaa Yesu?

17 Abɔfo boaa Yesu. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu akyi bere tiaa bi no, “abɔfo bae, na wofii ase som no.” (Mat. 4:11) Aka nnɔnhwerew kakraa bi ama Yesu awu no, “ɔbɔfo bi fi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no hyɛɛ no den.” (Luka 22:43) Ná Yesu wɔ ahotoso sɛ, bere biara a obehia mmoa na ama watumi ayɛ Onyankopɔn apɛde no, Yehowa bɛsoma abɔfo ama wɔabɛboa no.—Mat. 26:53.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yesu kwan wɔ n’asetena mu ne ne nkyerɛkyerɛ mu?

18 Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ Yesu kwan. Yesu som adwuma no mfiase pɛɛ na ɔmaa Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ no kwan. (Mat. 4:4) Nokwarem no, odii Onyankopɔn Asɛm no so araa kosii sɛ owui wɔ asɛndua so. Asɛm a etwa to a ɔkae ansa na ɔrewu mpo no, na Mesia no ho nkɔmhyɛ mu nsɛm wom. (Mat. 27:46; Luka 23:46) Nanso, nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no de, sɛ ɛba sɛ Onyankopɔn Asɛm no ne wɔn ankasa atetesɛm nhyia a, na wobu wɔn ani gu Onyankopɔn Asɛm no so. Yesu faa Yehowa asɛm a ɔnam odiyifo Yesaia so de too gua no kaa akannifo a na wɔwɔ ne bere so ho asɛm sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.” (Mat. 15:7-9) Wohwɛ a, na Yehowa bɛpaw mmarima a wɔte saa no bi ama wɔadi ne nkurɔfo anim anaa?

19 Ɛnyɛ Yesu nneyɛe ho nko ara na ɔmaa Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ no kwan, na mmom ne nkyerɛkyerɛ mu nso. Sɛ nkurɔfo de ɔsom ho akyinnyegye bi begyigye Yesu a, na ɔmfa ne ho nto nyansa ne osuahu pii a ɔwɔ so. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no na ɔde kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Mat. 22:33-40) Saa ara nso na wanka asetena a na ɔwom wɔ soro anaa sɛnea wɔbɔɔ amansan yi ho nsɛm pii amfa annyigye n’atiefo ani. Mmom, nea ɔyɛe ne sɛ, “obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” (Luka 24:32, 45) Ná Onyankopɔn Asɛm no da Yesu koma so, na na n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛka mu asɛm akyerɛ afoforo.

20. (a) Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Onyankopɔn ase? (b) Ná ɛsono Yesu, ɛnna ɛsono Herode Agripa I koraa. Dɛn na saa nsonsonoe no ma yehu fa nnipa a Yehowa paw wɔn sɛ akannifo no ho?

20 Ɛwom sɛ Yesu kaa “nsɛm a ɛka koma” maa n’atiefo ho dwiriw wɔn de, nanso ɔde ho anuonyam nyinaa maa ne Kyerɛkyerɛfo Yehowa. (Luka 4:22) Bere a ɔdefo bi yɛe sɛ ɔbɛhyɛ Yesu anuonyam na ɔfrɛɛ Yesu sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no, Yesu fii ahobrɛase mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.” (Mar. 10:17, 18) Bɛyɛ mfe nwɔtwe akyi no, Herode Agripa I bɛyɛɛ Yudea hene anaa kannifo. Nanso ɔno de, na ɔnte sɛ Yesu koraa! Wɔ nhyiam titiriw bi ase no, Herode de “ahentade” hyehyɛɛ ne ho. Nnipadɔm a na wɔrebɔ gye ne so no teɛteɛɛm sɛ: “Onyame bi nne ni, ɛnyɛ onipa nne!” Ɛda adi sɛ Herode ani gyee anuonyam a na nkurɔfo no rehyɛ no no ho. Ɛno akyi no, asɛm bɛn na esii? Bible ka sɛ: “Ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo bɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam no amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoawa wui.” (Aso. 12:21-23) Akyinnye biara nni ho sɛ, obi a n’ani da hɔ biara nni hɔ a na obetumi aka sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔpaw Herode sɛ ɔkannifo. Nanso Yesu de, ɔde adanse a edi mũ mae sɛ Onyankopɔn na ɔpaw no sɛ ɔkannifo. Yesu hyɛɛ Yehowa anuonyam bere nyinaa sɛ, Yehowa na ɔyɛ ne nkurɔfo Kannifo Pumpuni.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Ná Yehowa pɛ sɛ Yesu yɛ ɔkannifo mfe pii. Yesu wusɔre akyi no, Yesu kae sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so. . . . Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:18-20) Seesei Yesu yɛ honhom a aniwa nhu no a ɔwɔ soro. Ɛnde, ɔbɛyɛ dɛn atumi adi Onyankopɔn nkurɔfo anim wɔ asase so? Henanom na Yehowa bɛma wɔasi Kristo ananmu wɔ asase so adi Yehowa nkurɔfo anim? Na Kristofo bɛyɛ dɛn ahu wɔn a wɔyɛ Yehowa ananmusifo no? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 12 Ɛbɛyɛ sɛ saa nhoma a wohui no ne nhoma a Mose ankasa kyerɛwee no.