Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena na Ɔredi Onyankopɔn Nkurɔfo Anim Nnɛ?

Hena na Ɔredi Onyankopɔn Nkurɔfo Anim Nnɛ?

‘Monkae wɔn a wodi mo anim no.’—HEB. 13:7.

NNWOM: 125, 43

1, 2. Bere a Yesu kɔɔ soro no, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ n’asomafo no dwinnwen ho?

NÁ Yesu asomafo no gyina Ngo Bepɔw no so rehwɛ ewim haa. Ná ɛnkyɛe koraa na wohui sɛ wɔama wɔn wura ne wɔn adamfo Yesu so kɔ soro ama omununkum akata ne ho. (Aso. 1:9, 10) Ná Yesu de bɛyɛ mfe mmienu akyerɛkyerɛ wɔn, ahyɛ wɔn nkuran, adi wɔn anim. Nanso afei de, na onni wɔn nkyɛn bio. Dɛn na na wɔbɛyɛ?

2 Ná Yesu ama n’akyidifo no ahyɛde bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa adwuma no? Ɛwom sɛ na Yesu ahyɛ wɔn bɔ sɛ ɛrenkyɛ wobenya honhom kronkron. (Aso. 1:5) Nanso, sɛ wobetumi aka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa a, na wobehia akwankyerɛ ne nhyehyɛe pa. Bere a na Yehowa pɛ sɛ ɔkyerɛ ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no kwan na ɔma wonya nhyehyɛe pa no, ɔde nnipa na edii dwuma sɛ n’ananmusifo. Enti, ɛbɛyɛ sɛ asomafo no dwinnwen ho sɛ, ‘Yehowa bɛpaw ɔkannifo foforo saa bere yi anaa?’

3. (a) Bere a Yesu kɔɔ soro no, gyinae titiriw bɛn na asomafo anokwafo no sii? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Bere a Yesu kɔɔ soro no, anni nnawɔtwe mmienu na n’asuafo no yɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu, na wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Ɛno akyi no, wɔpaw Matia sii Yuda Iskariot ananmu sɛ ɔsomafo a ɔto so 12. (Aso. 1:15-26) Adɛn nti na na ɛho hia asomafo no ne Yehowa sɛ wɔpaw obi si Yuda Iskariot ananmu? Matia a wɔpaw no no boa ma wodii ahiade bi ho dwuma wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. * Yesu ampaw n’asomafo no sɛ wɔmmɛka ne ho mma wɔnyɛ asɛnka adwuma no kɛkɛ, na mmom ɔpaw wɔn sɛ wommedi dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Ná ɛyɛ adwuma bɛn? Na ɔkwan bɛn so na Yehowa nam Yesu so boaa asomafo no ma wɔyɛɛ saa adwuma titiriw no? Ɛnnɛ nso, nhyehyɛe a ɛte saa bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu? Dɛn na yɛbɛyɛ de ‘akae wɔn a wodi yɛn anim no,’ ne titiriw no, wɔn a wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?—Heb. 13:7; Mat. 24:45.

ƆKANNIFO A ANIWA NHU NO DI KUW BI A ANIWA HU ANIM

4. Adwuma bɛn na asomafo no ne mpanyimfo foforo bi a na wɔwɔ Yerusalem wɔ asomafo no bere so yɛe?

4 Asomafo no fii ase dii Kristofo asafo no anim wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. Saa bere no, “Petro ne dubiako no sɔre gyinae,” na wɔkaa nokwasɛm a egye nkwa kyerɛɛ nnipadɔm bi a na wɔn mu bi yɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo. (Aso. 2:14, 15) Wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo. Ɛno akyi no, wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no ‘kɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ maa asomafo no nkyerɛkyerɛ.’ (Aso. 2:42) Asomafo no na na wɔhwɛ asafo no sikasɛm so. (Aso. 4:34, 35) Wɔn ara nso na wɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo no nyaa wɔn honhom fam ahiade. Wɔkae sɛ: “Yebetu yɛn ho asi hɔ ama mpaebɔ ne Onyankopɔn asɛm no nkyerɛkyerɛ.” (Aso. 6:4) Afei nso, wɔsomaa Kristofo a wɔn ho akokwaw kɔɔ nsasesin foforo mu ma wɔkɔtrɛw asɛmpaka adwuma no mu. (Aso. 8:14, 15) Akyiri yi, wɔde asafo no mu mpanyimfo foforo a wɔasra wɔn bɛkaa asomafo no ho ma wɔn nyinaa hwɛɛ asafo ahorow no so. Saa kuw yi na wɔde akwankyerɛ maa asafo ahorow no nyinaa.—Aso. 15:2.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron maa akwankyerɛ kuw no nyaa tumi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na abɔfo yɛe de boaa akwankyerɛ kuw no? (d) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan?

5 Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no hui sɛ Yehowa Nyankopɔn nam wɔn Kannifo Yesu so na ɛrekyerɛ akwankyerɛ kuw no kwan. Dɛn na ɛma wonyaa saa gyidi no? Nea edi kan, honhom kronkron maa akwankyerɛ kuw no nyaa tumi. (Yoh. 16:13) Wohwiee honhom kronkron guu Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa so, nanso asomafo ne mpanyimfo foforo a na wɔwɔ Yerusalem no de, ɛsan ma wonyaa tumi a wɔde bedi asafo no anim sɛ ahwɛfo. Nhwɛso bi ni. Afe 49 Y.B. mu no, honhom kronkron kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan ma wosii gyinae bi faa twetiatwa ho. Asafo ahorow no de akwankyerɛ a wɔde maa wɔn no yɛɛ adwuma, na ‘wɔkɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.’ (Aso. 16:4, 5) Sɛ yɛhwɛ krataa a akwankyerɛ kuw no nam so de gyinae a wosii no kɔmaa asafo ahorow no a, ɛma yehu nso sɛ akwankyerɛ kuw no daa Onyankopɔn honhom aba te sɛ ɔdɔ ne gyidi adi.—Aso. 15:11, 25-29; Gal. 5:22, 23.

6 Nea ɛto so mmienu, abɔfo boaa akwankyerɛ kuw no. Ansa na wɔrebɔ Kornelio asu sɛ Amanaman muni a ontwaa twetia a odii kan bɛyɛɛ Kristoni no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma nkɔfrɛ ɔsomafo Petro. Ɛwom sɛ na Kornelio ne mmarima a wɔwɔ n’abusua mu no ntwaa twetia de, nanso bere a Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ ɔne n’abusua no, wohwiee honhom kronkron guu wɔn so. Wei maa asomafo no ne anuanom a aka no gye toom sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ Amanaman mufo a wontwaa twetia ba Kristofo asafo no mu. (Aso. 11:13-18) Afei nso, na abɔfo taa asɛnka adwuma a akwankyerɛ kuw no rehwɛ so no akyi denneennen, na wɔboa ma enyaa nkɔso ntɛmntɛm. (Aso. 5:19, 20) Nea ɛto so mmiɛnsa, Onyankopɔn Asɛm no kyerɛɛ akwankyerɛ kuw no kwan. Kyerɛwnsɛm no na na ɛkyerɛ saa mpanyimfo a wɔde honhom asra wɔn no kwan. Sɛ wɔresisi gyinae a ɛfa Kristofo gyidi ho, anaa wɔde akwankyerɛ rema ahyehyɛde no a, ɛno ara na na ɛkyerɛ wɔn kwan.—Aso. 1:20-22; 15:15-20.

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu dii tete Kristofo no anim?

7 Ɛwom sɛ na akwankyerɛ kuw no wɔ tumi wɔ tete Kristofo asafo no mu de, nanso na wonim sɛ wɔn Kannifo ne Yesu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Kristo de] ebinom ama sɛ asomafo.” Ɔde kaa ho sɛ: ‘Momma yɛmfa ɔdɔ so nnyin wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne ti no mu.’ (Efe. 4:11, 15) Sɛ́ anka Yesu akyidifo no de ɔsomafo titiriw bi din bɛto wɔn ho so no, ‘wɔfrɛɛ asuafo no Kristofo wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase.’ (Aso. 11:26) Ɛwom, Paulo hui sɛ ehia sɛ wokura ‘nea wɔn nsa kae,’ anaa asomafo no nkyerɛkyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu. Ne nyinaa akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Nanso mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara [a akwankyerɛ kuw no muni biara ka ho] ti ne Kristo; . . . Kristo nso ti ne Onyankopɔn.” (1 Kor. 11:2, 3) Enti, na Kristo Yesu a wɔahyɛ no anuonyam a aniwa nhu no no na ɔredi asafo no anim wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ ne Ti no akwankyerɛ ase.

“ADWUMA YI NYƐ NNIPA DEA”

8, 9. Efi afeha a ɛto so 19 no awiei reba no, dwuma titiriw bɛn na Onua Russell dii?

8 Wɔ afeha a ɛto so 19 awiei mu hɔ no, Charles Taze Russell ne wɔn a wɔka ne ho no mu bi yeree wɔn ho sɛ wɔbɛsan de nokware Kristosom asi hɔ bio. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ama nnipa a wɔka kasa ahorow pii ate nokware a ɛwɔ Bible mu ase no, wɔhyehyɛɛ adwumakuw bi a wɔtoo din Zion’s Watch Tower Tract Society de hyɛɛ mmara ase wɔ afe 1884 mu. Onua Russell na na ɔyɛ otitenani. * Ná ɔyɛ obi a ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ Bible sua mu. Ɔde akokoduru paa atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro ne ɔkra a enwu da ho ntama. Obehui sɛ Kristo bɛsan aba a aniwa nhu no, na “amanaman mmere a wɔahyɛ” no nso bɛba awiei afe 1914. (Luka 21:24) Onua Russell de ne bere, n’ahoɔden, ne ne sika mae koraa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa afoforo ama wɔate nokware a ɛwɔ Bible mu no ase. Ɛda adi pefee sɛ, wɔ saa bere titiriw no mu no, Yehowa ne Yesu a ɔyɛ asafo no ti no de Onua Russell yɛɛ adwuma.

9 Onua Russell anhwehwɛ anuonyam amfi nnipa hɔ. Wɔ afe 1896 mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛmpɛ sɛ nnipa bɛkotokotow yɛn ahoahoa yɛn, anaa wɔde nidi soronko bɛma nhoma a yɛkyerɛw no; saa ara na yɛmpɛ sɛ nkurɔfo bɛfrɛ yɛn Nea Nidi Sɛ No anaa Rabi. Saa ara nso na yɛmpɛ sɛ wɔde yɛn din bɛto nnipa bi anaa nnipakuw bi so.” Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Adwuma yi nyɛ nnipa dea.”

10. (a) Bere bɛn na Yesu paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (b) Kyerɛ sɛnea wɔde nkakrankakra ama yɛahu nsonsonoe a ɛda Akwankyerɛ Kuw no ne Ɔwɛn-Aban Asafo no ntam.

10 Onua Russell wu akyi mfe mmiɛnsa, wɔ afe 1919 no, Yesu paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. Dɛn nti na ɔpaw no? Ɔpaw no sɛ ɔmma n’asomfo “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Saa bere no mpo no, na anuanom a wɔasra wɔn a wɔwɔ yɛn adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York no mu kakraa bi siesie honhom fam aduan kyekyɛ ma Yesu akyidifo no. Afe 1940 akyi na yefii ase de asɛm a seesei yɛkyerɛ ase “akwankyerɛ kuw” no dii dwuma wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Saa bere no, na ntease a yɛwɔ ne sɛ akwankyerɛ kuw no ara ne Watch Tower Bible and Tract Society. Nanso afe 1971 no, wɔma ɛdaa adi sɛ ɛsono Akwankyerɛ Kuw no, ɛnna ɛsono Ɔwɛn-Aban Asafo no. Ɔwɛn-Aban Asafo no ne n’akwankyerɛfo no hwɛ nsɛm a ɛfa mmara ho nkutoo, na ɛnyɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ bɛma. Enti efi saa bere no, wotumi paw anuanom mmarima a wɔasra wɔn nanso wɔnyɛ Ɔwɛn-Aban Asafo no akwankyerɛfo mpo ma wɔbɛka Akwankyerɛ Kuw no ho. Nnansa yi, asafo mu mpanyimfo a wɔka “nguan foforo” no ho asom sɛ Ɔwɛn-Aban Asafo no ne nnwumakuw afoforo a Onyankopɔn nkurɔfo de di dwuma no akwankyerɛfo. Ɛno ama Akwankyerɛ Kuw no atumi de wɔn adwene asi Bible nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a wɔde ma so. (Yoh. 10:16; Aso. 6:4) July 15, 2013, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ Kristofo mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn, na wɔn na wɔbom yɛ Akwankyerɛ Kuw no.

Akwankyerɛ kuw no, afe 1950 mfe no mu

11. Ɔkwan bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no yɛ n’adwuma?

11 Akwankyerɛ Kuw no mufo bom sisi gyinae a ɛho hia. Wɔyɛ no sɛn? Nnawɔtwe biara wohyiam, na ɛno ma wotumi susuw nsɛm ho na ɛboa ma baakoyɛ tena wɔn mu. (Mmeb. 20:18) Esiane sɛ Akwankyerɛ Kuw no mufo mmu wɔn mu biara sɛ ɔkyɛn wɔn a wɔaka no nti, afe biara wɔsesa nea ɔyɛ guamtenani wɔ wɔn nhyiam ase no. (1 Pet. 5:1) Akwankyerɛ Kuw no boayikuw nsia no mu biara nso sesa wɔn guamtenani afe biara. Kuw no muni biara bu ne ho sɛ ɔka ‘asomfo’ a akoa nokwafo no ma wɔn aduan no ho, na ɔhyɛ akoa nokwafo no ase. Wɔn mu biara mmu ne ho sɛ ɔyɛ ɔkannifo wɔ ne nuanom mu.

Efi bere a wɔpaw akoa nokwafo no wɔ afe 1919 mu no, wama Onyankopɔn nkurɔfo honhom fam aduan (Hwɛ nkyekyɛm 10, 11)

‘HENA KORAA NE AKOA NOKWAFO NE ƆBADWEMMA NO?’

12. Akwankyerɛ Kuw no nka sɛ honhom kronkron nam wɔn so kasa, na saa ara nso na wɔnka sɛ wontumi nni mfomso. Sɛ saa a, nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

12 Akwankyerɛ Kuw no nka sɛ honhom kronkron nam wɔn so kasa, na saa ara nso na wɔnka sɛ wontumi nni mfomso. Ɛno nti, sɛ Akwankyerɛ Kuw no rekyerɛkyerɛ Bible mu asɛm bi mu anaa wɔde akwankyerɛ bi rema wɔ ahyehyɛde no mu a, wobetumi adi mfomso. Nokwasɛm ne sɛ, Watch Tower Publications Index no wɔ ɔfã bi a wɔato din “Beliefs Clarified” (ntease foforo a yɛanya wɔ yɛn gyidi ho). Wɔahyehyɛ nsakrae a yɛayɛ wɔ sɛnea yɛte Kyerɛwnsɛm no ase fi afe 1870 reba no nnidiso nnidiso wɔ saa ɔfã hɔ. * Nea ɛwom ne sɛ, Yesu anka sɛ n’akoa nokwafo no bɛma yɛn honhom fam aduan a ɛyɛ pɛ. Sɛ saa a, yɛbɛyɛ dɛn abua asɛm a Yesu bisae no? Obisae sɛ: ‘Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no?’ (Mat. 24:45) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Akwankyerɛ Kuw no ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no? Momma yɛnsan nhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛkyerɛɛ akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no kwan no.

13. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron aboa Akwankyerɛ Kuw no?

13 Honhom kronkron boa Akwankyerɛ Kuw no. Kyerɛwnsɛm no mu nokwasɛm a kan no na yɛnte ase no, honhom kronkron aboa Akwankyerɛ Kuw no ama wɔate ase. Nhwɛso bi ni. Wo de, ma yɛnhwɛ ntease foforo a yɛanya wɔ yɛn gyidi ho a yɛkaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi wei anim mu no. “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” saa no, onipa biara nni hɔ a obetumi aka sɛ ɔno na ohui na ɔkyerɛkyerɛɛ mu! (Kenkan 1 Korintofo 2:10.) Akwankyerɛ Kuw no ne ɔsomafo Paulo yɛ adwene wɔ nea ɔkyerɛwee no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Saa nsɛm yi nso na yɛka, na yɛmfa nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ.” (1 Kor. 2:13) Sɛ yɛhwɛ ɔwae a ɛkɔɔ so mfehaha pii ne honhom fam sum a ɛbae saa bere no a, dɛn paa na yebetumi aka sɛ aboa ama yɛanya Bible mu ntease ntɛmntɛm saa fi afe 1919? Yebetumi aka paa sɛ ɛyɛ honhom kronkron na ama aba saa.

14. Sɛnea Adiyisɛm 14:6, 7 kyerɛ no, dɛn na abɔfo yɛ de boa Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ?

14 Abɔfo boa Akwankyerɛ Kuw no. Ɛnnɛ, Akwankyerɛ Kuw no wɔ adwuma kɛse bi a wɔreyɛ. Ɛne sɛ, wɔn na wɔrehwɛ ama asɛmpakafo bɛboro ɔpepem nwɔtwe aka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ama adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no akɔ so yiye saa? Ade baako ne sɛ, abɔfo reboa wɔn. (Kenkan Adiyisɛm 14:6, 7.) Mpɛn pii na adawurubɔfo akɔ asɛnka akɔto nkurɔfo a na wɔrebɔ mpae ahwehwɛ mmoa! * Sɛ wohwɛ sɛnea asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no anya nkɔso ɛmfa ho sɛ wɔsɔre tia yɛn denneennen wɔ nsase bi so no a, yebetumi aka paa sɛ, sɛ ɛnyɛ tumi bi a ɛboro nnipa de so na ɛreboa yɛn a, anka ɛrentumi mma saa da.

15. Nsonsonoe bɛn na ɛda Akwankyerɛ Kuw no ne Kristoman akannifo ntam? Ma ɛho nhwɛso.

15 Onyankopɔn Asɛm no na ɛkyerɛ Akwankyerɛ Kuw no kwan. (Kenkan Yohane 17:17.) Ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii afe 1973. November 1 Ɔwɛn-Aban (Borɔfo de no yɛ June 1) no bisae sɛ: “Enti, . . . nnipa a wonnyaee tawanom no fata ma asubɔ?” Ɛmaa mmuae sɛ: “Adanse a efi Kyerɛwnsɛm mu no da no adi sɛ wɔmfata.” Ɔwɛn-Aban no twee adwene sii kyerɛw nsɛm pii a ɛfa asɛm no ho so, na ɛkyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wotu obi a ɔnom tawa, anaa sigaret, a onnyae no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:7; 2 Kor. 7:1) Ɔwɛn-Aban no san kae sɛ: ‘Eyi nyɛ mmɔden a obi rebɔ sɛ ɔbɛhyɛ afoforo ama wɔayɛ nea ɔno pɛ. Mmom, Onyankopɔn ankasa na wasi so dua denneennen wɔ n’Asɛm no mu.’ Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛto nea Onyankopɔn Asɛm no ka so koraa. Sɛ wɔyɛ saa na sɛ ɛbɛyɛ den paa ama ɔsom no mufo binom mpo a, wogyina Onyankopɔn Asɛm no akyi pintinn. Nyamesom ahyehyɛde foforo bɛn na ɛwɔ ɔpɛ a ɛte saa? Wɔkyerɛw nhoma bi faa ɔsom ahorow a ɛwɔ United States ho nnansa yi. Nhoma no ka sɛ: “Mpanyimfo a wodi Kristofo anim wɔ wɔn asɔre ahorow mu taa sakra wɔn nkyerɛkyerɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne gyidi ne adwene a wɔn asɔremma ne ɔmanfo dodow no ara kura no behyia.” Nanso, Akwankyerɛ Kuw no de, Onyankopɔn Asɛm no na wɔma ɛkyerɛ wɔn kwan, na ɛnyɛ adwene a nnipa dodow no ara kura na wogyina so sisi gyinae. Ɛnde hena paa na ɔredi Onyankopɔn nkurɔfo anim nnɛ?

‘MONKAE WƆN A WODI MO ANIM NO’

16. Dɛn ne ɔkwan baako a yebetumi afa so akae Akwankyerɛ Kuw no?

16 Kenkan Hebrifo 13:7. Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “monkae” no, ɛsan kyerɛ “ka ho asɛm.” Ɛno nti, ɔkwan baako a yebetumi ‘akae wɔn a wodi yɛn anim’ no ne sɛ yɛbɛka Akwankyerɛ Kuw no ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu. (Efe. 6:18) Wo de, susuw Akwankyerɛ Kuw no asɛyɛde ho hwɛ. Wɔn na wɔhwɛ ma yɛn honhom fam aduan, wɔhwɛ ma asɛnka adwuma no kɔ so wɔ wiase nyinaa, na wɔn na wɔhwɛ ntoboa a yenya no so. Ɛno nti, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn bere nyinaa!

17, 18. (a) Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yetie Akwankyerɛ Kuw no? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma a yɛyɛ no boa akoa nokwafo no ne Yesu?

17 Ɛnyɛ mpae nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ma Akwankyerɛ Kuw no. Mmom, ɛsɛ sɛ yetie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn nso. Akwankyerɛ Kuw no nam yɛn nhoma ahorow so ma yɛn akwankyerɛ. Wɔde akwankyerɛ no bi nso ma yɛn wɔ asafo nhyiam, amansin nhyiam, ne amantam nhyiam ase. Afei nso, Akwankyerɛ Kuw no na ɛpaw amansin so ahwɛfo, na amansin so ahwɛfo no nso apaw asafo mu mpanyimfo. Sɛ amansin so ahwɛfo ne asafo mu mpanyimfo di akwankyerɛ a Akwankyerɛ Kuw no de ma wɔn no so pɛpɛɛpɛ a, ɛkyerɛ sɛ wɔrekae Akwankyerɛ Kuw no. Sɛ yɛn nyinaa yɛ osetie ma mmarima a yɛn Kannifo Yesu nam wɔn so rekyerɛ yɛn kwan no na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛreda obu adi akyerɛ Yesu.—Heb. 13:17.

18 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so akae Akwankyerɛ Kuw no ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no. Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonsuasua wɔn a wodi wɔn anim no gyidi. Akoa nokwafo no abɔ Ahenni ho asɛmpa no ho dawuru denneennen, na wayɛ nea obetumi biara de atrɛw mu. Wei ma yehu sɛ, wɔwɔ gyidi a emu yɛ den. Nguan foforo a wɔreboa wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔayɛ saa adwuma titiriw no, woka wɔn ho anaa? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye paa sɛ wobɛte sɛ wo Kannifo Yesu reka sɛ: “Bere dodow a moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu biako no, moayɛ ama me.”—Mat. 25:34-40.

19. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wubedi yɛn Kannifo Yesu akyi?

19 Bere a Yesu san kɔɔ soro no, wannyaw n’akyidifo no hɔ kwa. (Mat. 28:20) Ná onim paa sɛ, bere a ɔwɔ asase so no, honhom kronkron, abɔfo, ne Onyankopɔn Asɛm no na ɛboaa no ma otumi dii Onyankopɔn nkurɔfo anim. Ɛno nti, mmoa koro no ara na ɔde ama akoa nokwafo a ɔwɔ hɔ nnɛ no. Akwankyerɛ Kuw no ‘di Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ.’ (Adi. 14:4) Ɛno nti, sɛ yetie wɔn akwankyerɛ a, na yɛretie yɛn Kannifo Yesu. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛkyerɛ yɛn kwan akɔ daa nkwa mu. (Adi. 7:14-17) Ɔkannifo a ɔyɛ onipa biara nni hɔ a obetumi ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa ama yɛn!

^ nky. 3 Ɛda adi sɛ, na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛpaw asomafo 12 ma wɔayɛ Yerusalem Foforo no “fapem dumien” no daakye. (Adi. 21:14) Enti, sɛ asomafo anokwafo no mu bi wie ne som adwuma wɔ asase so a, na ɛho renhia sɛ wɔpaw obi si n’ananmu.

^ nky. 8 Efi afe 1955 reba no, wɔbɛfrɛɛ saa adwumakuw no Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania.

^ nky. 12 Hwɛ ɔfã a wɔato din “Ntease Foforo a Yɛanya Wɔ Yɛn Gyidi Ho” wɔ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu.