Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Yehowa ‘remma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi.’ (1 Kor. 10:13) So wei kyerɛ sɛ Yehowa di kan hwɛ sɔhwɛ a yebetumi agyina ano ansa na wama aba yɛn so anaa?

Wo de, susuw nea adwene a ɛte saa kyerɛ ho hwɛ. Onua bi a ne babarima kum ne ho bisae sɛ: ‘Enti yɛn babarima a okum ne ho no, Yehowa dii kan hwɛe sɛ me ne me yere betumi agyina ano anaa? Ná Onyankopɔn adi kan ahu sɛ yebetumi agyina ano nti na ɔma esii anaa?’ So nnyinaso titiriw bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ Yehowa na ɔma nneɛma a ɛte saa sisi wɔ yɛn asetena mu?

Sɛ yɛhwɛ asɛm a Paulo kae wɔ 1 Korintofo 10:13 no yiye paa a, yehu sɛ: Biribiara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa di kan hwɛ sɔhwɛ a yebetumi agyina ano ansa na wama aba yɛn so. Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a ebetumi ama yɛaka saa.

Nea edi kan, Yehowa ama nnipa nyinaa kwan sɛ wotumi paw nea wɔpɛ. Ɔpɛ sɛ yɛn ankasa paw sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra. (Deut. 30:19, 20; Yos. 24:15) Sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkyerɛ yɛn anammɔn kwan. (Mmeb. 16:9) Nanso, sɛ yɛpaw kwammɔne a, ɛnde nea ɛbɛba biara, yɛn ara na yɛbɛsoa. (Gal. 6:7) Sɛ Yehowa ankasa na ɔpaw sɔhwɛ a ɛbɛba yɛn so a, anka ɛno renkyerɛ sɛ hokwan a ɔde ama yɛn sɛ yɛn ankasa betumi apaw nea yɛpɛ no, wagye afi yɛn nsam ara ne sa?

Nea ɛto so mmienu, Yehowa mmɔ yɛn ho ban mfi ‘asiane a ɛto yɛn bere a yɛnhwɛ kwan’ no ho. (Ɔsɛnk. 9:11) Ɛtɔ da a, yetumi hyia akwanhyia. Ebi wɔ hɔ a, ani yɛ nyan paa. Nea ɛma etumi ba saa ne sɛ, ɛtɔ da a na asɛm ne asɛm na ahyia. Yesu kaa aban bi a edwiriw guu nnipa 18 so ma wowuwui ho asɛm. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa saa nkurɔfo no wuwui. (Luka 13:1-5) Sɛ obi nya adwene sɛ Onyankopɔn di kan paw wɔn a wobenya nkwa ne wɔn a wobewu wɔ asiane bi mu a, wunhu sɛ ntease nnim koraa?

Nea ɛto so mmiɛnsa, nokwaredi ho ɔsɛmpɔw a asɔre no, yɛn mu biara ho wom bi. Kae sɛ, Satan abɔ nnipa a wɔsom Yehowa nyinaa sobo sɛ, sɛ wohyia sɔhwɛ a, wɔrenni Yehowa nokware, na mmom wobegyae wɔn mũdi mu. (Hiob 1:9-11; 2:4; Adi. 12:10) Enti, sɛ sɔhwɛ bi reba yɛn so, na Yehowa siw ano esiane sɛ ɔte nka sɛ ɛboro yɛn so nti a, wunnye nni sɛ ɛbɛma ayɛ sɛ gyama sobo a Satan abɔ sɛ pɛsɛmenkominya nti na yɛsom Onyankopɔn no yɛ nokware?

Nea ɛto so nnan, ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa de ne tumi a ɛma ohu nea ɛbɛto yɛn daakye no di dwuma. Sɛ obi ka sɛ Yehowa di kan paw sɔhwɛ a yebehyia a, na ɔrekyerɛ sɛ Yehowa nim nea ebesi wɔ yɛn asetenam daakye nyinaa. Nanso, adwene a ɛte saa nni nnyinaso biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn betumi ahu nea ebesi daakye. (Yes. 46:10) Nanso, Bible ma yehu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɔde ne tumi a ɛma ohu nea ebesi daakye no di dwuma. (Gen. 18:20, 21; 22:12) Esiane sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ankasa paw nea yɛpɛ nti, ɛnyɛ bere nyinaa na ɔde ne tumi a ɛma ohu nea ebesi daakye no di dwuma. So ɛnyɛ saa na Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔbɛhyɛ yɛn ama yɛayɛ biribi, na ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ bere nyinaa no bɛyɛ?—Deut. 32:4; 2 Kor. 3:17.

Ɛnde, dɛn na na Paulo rekyerɛ bere a ɔkae sɛ ‘Onyankopɔn remma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi’ no? Ɛnyɛ nea Yehowa di kan yɛ ansa na sɔhwɛ bi aba ho asɛm na na Paulo reka. Mmom no, na ɔreka nea Yehowa yɛ bere a yɛrehyia sɔhwɛ. Asɛm a ɔsomafo no kae no ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, obeso yɛn mu ama yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia wɔ asetenam no ano. (Dw. 55:22) Awerɛkyekyesɛm a Paulo kae yi gyina nokwasɛm mmienu bi so.

Nea edi kan ne sɛ, sɔhwɛ a ɛto yɛn no, “ɛto nnipa nyinaa.” Wei kyerɛ sɛ, sɔhwɛ a ɛto yɛn no, ebi to nnipa nyinaa. Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, yebehu sɛ sɔhwɛ a yehyia no mmoro yɛn ahoɔden so. (1 Pet. 5:8, 9) Paulo kaa sɔhwɛ ahorow a Israelfo no hyiae wɔ sare no so ho asɛm wɔ 1 Korintofo ti 10 no mfiase. Ɛno akyi ansa na ɔrebɛka asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 13 no. (1 Kor. 10:6-11) Ná saa sɔhwɛ ahorow no mu biara mmoro nnipa ahoɔden so. Saa ara nso na na ɛnyɛ nea ɛkyɛn so a na Israelfo a wodi nokware no rentumi nnyina ano. Paulo kaa no mpɛn nnan sɛ “wɔn mu binom” anyɛ osetie. Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane sɛ Israelfo binom amfa wɔn ho anto Onyankopɔn so nti, wodii akɔnnɔ bɔne akyi.

Nea ɛto so mmienu ne sɛ, “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.” Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no dii a, yehu sɛ Yehowa yi n’adɔe adi kyerɛ “wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so no.” (Deut. 7:9) Ɛsan ma yehu sɛ, Onyankopɔn hyɛ bɔ a odi so bere nyinaa. (Yos. 23:14) Yehowa adi nokware fi teteete. Ɛno nti, wɔn a wɔdɔ no na wotie n’asɛm no betumi anya ahotoso sɛ, sɔhwɛ a wobehyia no, Yehowa bedi bɔhyɛ a ɛwɔ afã mmienu yi so: (1) Sɛ wohyia sɔhwɛ bi a, ɔrenhwɛ mma emu nyɛ den araa nkodu baabi a wɔrentumi nnyina ano, afei (2) ‘ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a wɔde befi mu.’

Yehowa ‘kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu’

Sɛ wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no hyia sɔhwɛ a, ɔkwan bɛn so na Yehowa ma kwan bɛda ho ma wɔn? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa pɛ a, obetumi ayi sɔhwɛ a yehyia no afi hɔ. Nanso, kae asɛm a Paulo kae yi: “[Yehowa bɛma] kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.” Ɛno nti, mpɛn pii no, sɛnea Yehowa ‘ma kwan bɛda sɔhwɛ ho’ ne sɛ, ɔma yɛn nea yehia na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ no ano. Sɛnea Yehowa betumi ama kwan abɛda sɔhwɛ ho no bi ni. Ma yɛnhwɛ:

  • “Ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Kor. 1:3, 4) Yehowa betumi ama yɛn asom adwo yɛn na waka yɛn koma ato yɛn yam. Obetumi ayɛ saa denam n’Asɛm no, ne honhom kronkron, ne honhom fam aduan a akoa nokwafo no de ma yɛn no so.—Mat. 24:45; Yoh. 14:16; Rom. 15:4.

  • Ɔnam ne honhom kronkron so betumi ama yɛn akwankyerɛ. (Yoh. 14:26) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, honhom no betumi aboa yɛn ama yɛakae Bible mu nsɛm ne nnyinasosɛm na ama yɛahu anammɔn pa a ɛsɛ sɛ yetu.

  • Obetumi ama n’abɔfo aboa yɛn.—Heb. 1:14.

  • Obetumi afa yɛn nuanom Kristofo so aboa yɛn. Ebia ɔbɛma wɔaka nsɛm bi na wɔayɛ nneɛma bi a ‘ɛbɛhyɛ yɛn den.’—Kol. 4:11.

Enti sɛ yɛbɔ nea yɛaka yi nyinaa mua a, dɛn na asɛm a Paulo kae wɔ 1 Korintofo 10:13 no kyerɛ? Ɛne sɛ, Yehowa nni kan nhwɛ sɔhwɛ a yebetumi agyina ano ansa na wama aba yɛn so. Nanso, sɛ yehyia sɔhwɛ wɔ yɛn asetenam a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ: Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa a, ɔremma sɔhwɛ no mmoro nea nnipa betumi agyina ano so. Mmom no, bere nyinaa ɔbɛma kwan abɛda ho na ama yɛatumi agyina ano. Hwɛ sɛnea saa asɛm yi yɛ awerɛkyekye fa!