Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?

Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?

“Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”—1 YOH. 2:17.

NNWOM: 134, 24

1, 2. (a) Adɛn nti na yebetumi de wiase yi atoto ɔbɔnefo bi a wɔabu no kumfɔ ho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi a, ɔsoro ne asase sofo nyinaa bɛte nka sɛn?

“AKOA YI YƐ TEASEAWU!” Awɛmfo bi na wɔkaa saa asɛm yi. Ná wɔakoyi nsɛmmɔnedifo bi a ne ho yɛ hu afi afiase dan mu. Bere a wɔde ɔdeduani no rekɔ nyinaa, na wɔrekeka dade apon hwe mu wɔ n’akyi. Adɛn nti na awɛmfo a na wɔne ɔbarima no nam no kaa asɛm a ɛte saa? Sɛ wohwɛ ɔbarima a na awɛmfo no ne no nam no a, wuhu sɛ ɔte apɔw; ná onni nipaduam haw biara a ɛde no rebɛkɔ owu mu. Nanso, na awɛmfo no de no rekɔ ama wɔakokum no. Enti sɛ yɛbɛka a, na saa ɔbɔnefo a wɔabu no kumfɔ no awu awie ara ne sa. *

2 Ɔkwan bi so no, wiase a yɛte mu nnɛ yi te sɛ ɔbarima a na wɔabu no kumfɔ no. Wɔabu wiase bɔne yi kumfɔ dedaadaw. Seesei aka bere tiaa bi na wɔakum no anaasɛ wɔasɛe no. Bible ka sɛ: ‘Wiase no retwam.’ (1 Yoh. 2:17) Wiase a yɛte mu yi betwam ɔkwan biara so. Nanso, nsonsonoe titiriw bi da nea ɛbɛto wiase yi ne nea ɛbɛto ɔdeduani a yɛaka ne ho asɛm no ntam. Sɛ wɔrebekum ɔdeduani no a, ebinom betumi asɔre agyina aka sɛ wobuu ɔdeduani no atɛnkyea. Ebia wɔbɛhwɛ kwan sɛ wei bɛma wɔatwentwɛn kum a wɔpɛ sɛ wokum no no so. Nanso, wiase yi de, amansan Hene a obu atɛntrenee bere nyinaa no na wabu no fɔ. (Deut. 32:4) Ɛno nti, obiara rentumi nka sɛ wiase yi a wɔrebɛsɛe no no, wɔntwentwɛn so. Saa ara nso na obiara adwenem renyɛ no naa wɔ atemmu no ho. Sɛ wɔsɛe wiase bɔne yi a, ɔsoro ne asase sofo nyinaa begye atom koraa sɛ Yehowa abu atɛntrenee. Hwɛ ahotɔ kɛse a ɛbɛba!

3. Yɛrebesusuw nneɛma nnan bi a sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, ebefi hɔ ho. Ɛyɛ nneɛma bɛn?

3 Nneɛma bɛn saa na ɛka “wiase” a Bible ka sɛ ‘ɛretwam’ no ho? Nneɛma a ɛwɔ wiase a nnipa fa no sɛ ɛka asetena ho no, dodow no ara befi hɔ. Wei yɛ awerɛhosɛm anaa? Ɛnte saa koraa! Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma bɔne a wobeyi afi hɔ no yɛ “ahenni ho asɛmpa” no fã titiriw. (Mat. 24:14) Ɛnde, momma yɛnhwɛ nneɛma a ebefi hɔ bere a Onyankopɔn Ahenni no aba. Yɛrebesusuw nneɛma atitiriw nnan ho. Saa nneɛma no ne: nnebɔneyɛfo, ahyehyɛde ahorow a enni nokware, nneyɛe bɔne, ne tebea ahorow a ɛhaw adwene. Bere a yɛresusuw emu biara ho no, yɛbɛhwɛ (1) sɛnea saa nneɛma no haw yɛn asetena nnɛ, (2) nea Yehowa bɛyɛ wɔ saa nneɛma no ho, ne (3) sɛnea Yehowa de nneɛma pa besisi saa nneɛma no ananmu.

NNEBƆNEYƐFO

4. Dɛn na nnebɔneyɛfo yɛ a ɛhaw yɛn nnɛ?

4 Dɛn na nnebɔneyɛfo yɛ a ɛhaw yɛn nnɛ? Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paulo ka too hɔ sɛ, “mmere a emu yɛ den bɛba” wɔ yɛn bere yi so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.” (2 Tim. 3:1-5, 13) Saa nkɔmhyɛ no, wohwɛ a aba mu anaa? Nnebɔneyɛfo te sɛ asisifo a wɔn tirim yɛ den, wɔn a wɔyɛ nnipa mu nyiyim, ne nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu ayɛ yɛn mu pii bɔne. Saa nnebɔneyɛfo no mu bi di nsɛmmɔne ma obiara hu. Afoforo nso de, wɔyɛ nnaadaafo; wɔyɛ wɔn ho treneefo wɔ nnipa anim, anaa wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔwɔ adwempa de kata wɔn nneyɛe bɔne no so. Sɛ saa nnebɔneyɛfo yi mu bi nyɛɛ yɛn ankasa bɔne da mpo a, wɔn nneyɛe bɔne no haw yɛn. Sɛ yehu anaa yɛte awudisɛm a nnipa a wɔte saa yɛ no a, yedi yaw wɔ yɛn komam. Sɛ yɛte ayayade a nnebɔneyɛfo de yɛ mmofra, nkwakoraa ne mmerewa, ne wɔn a wonni kamafo no ho asɛm a, ehu ka yɛn paa. Suban a nnebɔneyɛfo da no adi no, ɛma wɔbɛyɛ te sɛ nea wɔnyɛ nnipa. Saa nkurɔfo no yɛ wɔn ade te sɛ nkekaboa, anaa adaemone mpo. (Yak. 3:15) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, asɛmpa a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no mma nsɛmmɔne a ɛte saa no nhyɛ yɛn so pii.

5. (a) Hokwan bɛn na ɛda so wɔ hɔ ma ankorankoro a wodi nsɛmmɔne? (b) Nnipa a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ so ara adi nsɛmmɔne no, awiei koraa no, dɛn na ɛbɛto wɔn?

5 Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Seesei, Yehowa ama nnebɔneyɛfo kwan sɛ wɔnsakra. (Yes. 55:7) Ankorankoro a wodi nsɛmmɔne no nnya nnyaa wɔn atemmu a etwa to. Mmom no, ɛyɛ wiase yi na wɔabu no fɔ. Nanso, ma yɛmfa no sɛ ɔdebɔneyɛfo bi ayɛ n’adwene sɛ ɔrensakra, na ɔkɔ so ara di wiase yi akyi kodu ahohiahia kɛse no mu. Dɛn na ɛbɛba no so? Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, obeyi nnebɔneyɛfo afi asase so korakora. (Kenkan Dwom 37:10.) Ebia nnebɔneyɛfo adwene bɛyɛ wɔn sɛ wobetumi aguan saa atemmu no. Abɔnefo pii asua sɛnea wɔyɛ bɔne wɔ sum ase. Saa wiase yi mu no, ɛte sɛ nea mpɛn pii no, nnebɔneyɛfo taa fa wɔn ho di wɔ wɔn nneyɛe bɔne ho a wommu wɔn atɛn, na wontwa so aba biara nso. (Hiob 21:7, 9) Nanso, Bible ma yehu sɛ: “[Onyankopɔn ani] tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu. Esum anaa esum kabii biara nni hɔ na abɔnefo ahintaw mu.” (Hiob 34:21, 22) Obiara nni hɔ a obetumi de ne ho asie Yehowa Nyankopɔn. Ɔdaadaafo biara nni hɔ a obetumi adaadaa Yehowa. Sɛnea Onyankopɔn hu ade kɔ akyiri paa no, ɛso bi nni. Enti esum kabii biara nni hɔ a ebetumi asiw kwan a ɛremma onhu nneɛma a ɛrekɔ so. Harmagedon akyi no, sɛ yɛhwehwɛ nnebɔneyɛfo tenabea a, yɛrenhu wɔn. Wɔbɛtɔre wɔn ase korakora!—Dw. 37:12-15.

6. Sɛ woyi nnebɔneyɛfo fi hɔ a, henanom na wɔbɛka? Adɛn nti na ɛno yɛ asɛmpa?

6 Sɛ woyi nnebɔneyɛfo fi hɔ a, henanom na wɔbɛka? Yehowa ahyɛ bɔ bi a ɛma yenya awerɛhyem. Ɔka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Saa dwom no san ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dw. 37:11, 29) Henanom ne “ahobrɛasefo” ne “treneefo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no? Ahobrɛasefo no yɛ wɔn a wofi wɔn komam gye Yehowa nkyerɛkyerɛ ne n’akwankyerɛ tom. Treneefo no nso ne wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so. Ɛnnɛ wiase yi mu no, nnebɔneyɛfo dɔɔso sen treneefo koraa. Nanso, wiase foforo a ɛreba no mu de, ɛremma sɛ ahobrɛasefo ne treneefo bɛdɔɔso asen abɔnefo, anaasɛ abɔnefo bɛdɔɔso asen ahobrɛasefo ne treneefo. Mmom no, ahobrɛasefo ne treneefo nkutoo na wɔbɛtena asase so. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔte saa no bɛma asase adan paradise!

AHYEHYƐDE AHOROW A ENNI NOKWARE

7. Ɔkwan bɛn so na ahyehyɛde ahorow a enni nokware no ama yɛn ho hiahia yɛn nnɛ?

7 Ɔkwan bɛn so na ahyehyɛde ahorow a enni nokware no ama yɛn ho hiahia yɛn nnɛ? Bɔne a ɛkɔ so wɔ wiase mu nnɛ no, emu dodow no ara mfi ankorankoro, na mmom efi ahyehyɛde ahorow. Wo de, ma yensusuw asɛm a edi hɔ yi ho nhwɛ. Nyamesom ahyehyɛde ahorow daadaa nnipa ɔpepem pii. Wɔnka Onyankopɔn ho nokwasɛm, na wɔkyerɛ sɛ Bible nyɛ nhoma a nnipa betumi de wɔn ho ato so. Saa ara na wɔnka asase ne adesamma daakye ho nokwasɛm. Nneɛma foforo pii nso wɔ hɔ a, wɔnka ho nokwasɛm nkyerɛ nnipa. Aban ahorow nso ɛ? Wopiapia nkurɔfo ma wodi ako, na wɔma awudisɛm kɔ so wɔ mmusua ntam. Wɔsan hyɛ ahiafo ne wɔn a wonni kamafo so. Wogye adanmude, woyiyi nnipa mu, na wɔnam saa a wɔyɛ so nya wɔn ho. Na nnwumakuw a wɔyɛ adifudepɛ nso ɛ? Wɔsɛe nneɛma a Onyankopɔn abɔ no. Wɔfom nneɛma a ɛwɔ asase mu ne nea ɛwɔ asase so, na wosisi ɔmanfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nnipa kakraa bi anya wɔn ho, na wɔama nnipa ɔpepem pii adi hia buruburoo. Akyinnye biara nni ho sɛ, amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no mu dodow no ara fi ahyehyɛde ahorow a enni nokware.

8. Ahyehyɛde ahorow bi wɔ hɔ nnɛ a, wɔ nnipa pii ani so no, ɛte sɛ nea ɛyɛ den. Nanso, Bible ka sɛ ebewie wɔn sɛn?

8 Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Wiase atumfoɔ no bɛtow ahyɛ aguaman a wɔfrɛ no Babilon Kɛse a egyina hɔ ma atoro som ahyehyɛde nyinaa no so. Ɛno na ebefi ahohiahia kɛse no ase. (Adi. 17:1, 2, 16; 18:1-4) Wɔbɛsɛe saa nyamesom ahyehyɛde no nyinaa pasaa. Na ahyehyɛde ahorow a aka a enni nokware no nyinaa nso ɛ? Ahyehyɛde ahorow pii wɔ hɔ nnɛ a, wɔ nnipa ani so no, ɛte sɛ nea ɛyɛ den. Bible de mmepɔw ne nsupɔw na egyina hɔ ma saa ahyehyɛde ahorow no. (Kenkan Adiyisɛm 6:14.) Onyankopɔn Asɛm no aka ato hɔ sɛ wobetutu nniso ahorow ne ahyehyɛde a ɛhyɛ wɔn ase nyinaa afi hɔ. Afei wɔbɛsɛe nniso ahorow a ɛwɔ wiase dedaw yi mu ne wɔn a wɔtaa wɔn akyi ma wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no nyinaa. Ɛno na ɛde ahohiahia kɛse no bɛba awiei. (Yer. 25:31-33) Ɛno akyi no, yɛrenhu ahyehyɛde a enni nokware biara bio!

9. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ nhyehyɛe pa bɛkɔ so wɔ asase foforo no so?

9 Sɛ woyi ahyehyɛde ahorow a enni nokware no fi hɔ a, dɛn na ebesi ananmu? Ahyehyɛde bi bɛka asase so wɔ Harmagedon akyi anaa? Bible ma yehu sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtena.” (2 Pet. 3:13) Ɔsoro dedaw no ne nniso ahorow a enni nokware no. Ɛnna asase dedaw no ne adesamma a nniso ahorow a enni nokware no di wɔn so. Wobeyi wɔn nyinaa afi hɔ. Dɛn na ebesi ananmu? Asɛm a ɛne “ɔsoro foforo ne asase foforo” no kyerɛ sɛ, yebenya nniso foforo ne adesamma abusua foforo. Adesamma abusua foforo no na nniso foforo no bedi wɔn so. Ahenni a Yesu Kristo di so no bɛda Yehowa Nyankopɔn a ɔnyɛ sakasaka Nyankopɔn no suban adi pɛpɛɛpɛ. (1 Kor. 14:33) Enti nhyehyɛe pa bɛkɔ so wɔ “asase foforo” no so. Saa bere no, wobenya mmarima a wɔyɛ treneefo ama wɔahwɛ atoto nneɛma. (Dw. 45:16) Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no na wɔbɛma saa mmarima no akwankyerɛ. Wo de, twa ho mfonini wɔ w’adwene mu hwɛ. Ahyehyɛde baako a entumi nni atoro da a baakoyɛ wom bɛba abesi ahyehyɛde a enni nokware no nyinaa ananmu!

NNEYƐE BƆNE

10. Nneyɛe bɔne bɛn na ɛtaa kɔ so wɔ baabi a wote no, na ɔhaw bɛn na ɛde ba wo ne w’abusua so?

10 Ɔhaw bɛn na nneyɛe bɔne de ba yɛn so nnɛ? Nneyɛe bɔne ahyɛ wiase a yɛte mu yi mu ma. Na ɛkame ayɛ sɛ atorodi, awudisɛm a ɛyɛ hu, ne ɔbrasɛe abu so wɔ wiase yi mu. Mpɛn pii no, ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛbɔ wɔn mma ho ban afi nneyɛe bɔne a ɛte saa no ho. Ɛte sɛ nea nnwumakuw a ɛyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani no rebɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛma nneyɛe bɔne ahorow nyinaa ayɛ fɛ na atwetwe nkurɔfo adwene. Wɔyɛ saa de di Yehowa gyinapɛn a ɛfa papa ne bɔne ho no ho fɛw. (Yes. 5:20) Nokware Kristofo ko tia nneyɛe a ɛte saa. Wɔyere wɔn ho paa sɛ wobekura wɔn mũdi mu na wɔako atia nneyɛe ahorow a ɛmma nkurɔfo mmu Yehowa gyinapɛn no.

11. Dɛn na yesua fi atemmu a Yehowa de baa Sodom ne Gomora so no mu?

11 Dɛn na Yehowa bɛyɛ afa nneyɛe bɔne ho? Ma yɛnhwɛ nea ɔyɛ faa bɔne a na ɛrekɔ so kɛse wɔ Sodom ne Gomora no ho. (Kenkan 2 Petro 2:6-8.) Nneyɛe bɔne a na ɛrekɔ so wɔ baabi a ɔtreneeni Lot ne n’abusua te no maa Lot ho hiahiaa no. Yehowa sɛee saa ɔmantam no nyinaa de sii nneyɛe bɔne a ɛrekɔ so wɔ hɔ no ano. Nanso, ɛnyɛ nneyɛe bɔne a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no nko ara nti na Yehowa de ɔsɛe no bae. Mmom, ‘ɔde yɛɛ sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba.’ Sɛnea Yehowa yii ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so no fii hɔ wɔ Lot bere so no, saa ara na obeyi nneyɛe bɔne a ɛrekɔ so nnɛ no afi hɔ bere a ɔde atemmu bɛba wiase bɔne yi so no.

12. Sɛ woyi wiase dedaw yi fi hɔ a, nneɛma a wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ no bi ne dɛn?

12 Dɛn na ɛbɛba abesi nneyɛe bɔne ananmu? Nneɛma a ɛyɛ anika na ɛbɛkɔ so wɔ Paradise asase so. Wo de, susuw adwuma a ɛyɛ anigye a yɛbɛyɛ de ama asase yi adan paradise no ho hwɛ. Anaa fa w’adwene bu adwuma a ɛyɛ anigye a yɛbɛyɛ de asisi adan a yɛne yɛn adɔfo bɛtena mu no. Wo de hwɛ, yebenya hokwan ama nnipa ɔpepem pii a wɔanyan wɔn afi awufo mu no akwaaba, na yɛaboa wɔn ama wɔasua Yehowa akwan ne sɛnea Yehowa ne adesamma dii tete no ho ade. (Yes. 65:21, 22; Aso. 24:15) Nneɛma a yɛbɛyɛ wɔ hɔ no bɛma yɛn ani agye, na yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam nso!

TEBEA AHOROW A ƐHAW ADWENE

13. Atua a Satan, Adam, ne Hawa tewee no, tebea ahorow a ɛhaw adwene bɛn na akɔfa aba wiase nnɛ?

13 Ɛnnɛ, tebea ahorow a ɛhaw adwene no ka yɛn sɛn? Nnebɔneyɛfo, ahyehyɛde ahorow a enni nokware, ne nneyɛe bɔne a ɛrekɔ so no na ɛde asetena bɔne a ɛwɔ asase so nnɛ no aba. Yɛn mu hena na obetumi aka sɛ akodi, ohia, anaa nnipa mu nyiyim nteetee no da? Na yare ne owu nso ɛ? Saa tebea ahorow yi teetee yɛn nyinaa. Atua a abɔnefo baasa a wɔne Satan, Adam, ne Hawa tewee no na akɔfa tebea ahorow a ɛhaw adwene yi aba. Seesei, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi aguan ɔhaw a wɔn atuatew no de aba no.

14. Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ tebea ahorow a ɛhaw adwene a ɛrekɔ so no ho? Ma ɛho nhwɛso.

14 Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ tebea ahorow a ɛhaw adwene a ɛrekɔ so no ho? Ma yɛmfa akodi sɛ nhwɛso. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma akodi agyae koraa. (Kenkan Dwom 46:8, 9.) Na yare nso ɛ? Yehowa bɛpopa afi hɔ koraa. (Yes. 33:24) Owu nso ɛ? Yehowa bɛmene akosi daa! (Yes. 25:8) Obetu ohia ase. (Dw. 72:12-16) Saa ara na Yehowa bɛyɛ tebea ahorow a ɛhaw adwene na ɛma nnipa teetee nnɛ no nyinaa. Obeyi wiase nhyehyɛe yi “mframa” bɔne no mpo afi hɔ, efisɛ ebedu saa bere no, na wɔayi Satan ne n’adaemone no nkɛntɛnso bɔne nyinaa afi hɔ.—Efe. 2:2.

Twa wiase a ɔko, yare, ne owu nnim ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Harmagedon akyi no, nneɛma bɛn na yɛrenhu bio?

15 Wubetumi atwa wiase a ɔko, yare, ne owu nnim ho mfonini wɔ w’adwenem? Wo de, susuw ho hwɛ: Asraafo oo, po so asraafo oo, wim asraafo oo, yɛrenhu wɔn bio! Yɛrenhu akode anaa ɔko ho nkaedum biara bio. Ayaresabea, nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, anaa apɔwmuden nsiakyibaa nyinaa betwam. Saa ara na amukorabea, baabi a wɔdeda amu, afunsiesiefo, ne amusiei nso befi hɔ! Esiane sɛ nsɛmmɔnedifo nni hɔ bio nti, yɛrenhia nnwumakuw a wɔyɛ nneɛma a nkurɔfo de bɔ wɔn ho ban ne mfiri a ɛma yehu sɛ nsɛmmɔnedifo bi aba baabi a yɛwɔ. Polisifo nso, yɛrenhia wɔn bio! Ebia yɛrenhia nkrado anaa nsafe mpo bio! Dadwen a ahyɛ yɛn adwene ne yɛn koma so nnɛ no nyinaa befi hɔ koraa.

16, 17. (a) Wɔn a wobetwa Harmagedon no, ahotɔ bɛn na wobenya? Ma ɛho nhwɛso. (b) Dɛn na yɛbɛyɛ na sɛ saa wiase bɔne yi twam a, yɛakɔ so atena ase?

16 Sɛ woyi tebea ahorow a ɛreteetee yɛn no fi hɔ a, sɛn na asetena bɛyɛ? Ɛyɛ den sɛ yebetumi de yɛn adwene abu. Yɛatena saa wiase dedaw yi mu araa ama akokwaw yɛn. Enti yɛn werɛ betumi afi sɛnea nneɛma a ɛhaw adwene no reteetee yɛn. Nhwɛso bi ni. Nnipa a wɔte bɛn keteke gyinabea a keteke di hɔ akɔneaba no, etumi ba sɛ ebedu bere bi no, na dede a keteke no yɛ no nhaw wɔn bio. Saa ara na nnipa a wɔte bɛn sumina nso, sɛ wɔtena hɔ kyɛ a, etumi ba sɛ ebedu bere bi no, na pampan no nhaw wɔn bio. Nanso, sɛ woyi saa nneɛma bɔne no nyinaa fi hɔ a, wo de, hwɛ ahotɔ paa a ɛbɛba!

17 Dɛn na ɛbɛba abesi dadwen ne ateetee a yɛrefa mu nnɛ no ananmu? Dwom 37:11 ma yɛn mmuae. Ɛka sɛ: ‘Wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’ Kyerɛwsɛm yi, ɛnka wo koma anaa? Asetena a ɛte saa na Yehowa pɛ sɛ wunya. Enti, nna a edi akyiri yi a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no, yɛ nea wubetumi biara bata Yehowa Nyankopɔn ne n’ahyehyɛde no ho! Ma w’ani nkũ anidaso a wowɔ no ho, dwinnwen ho, ma ɛntena w’adwene ne wo komam sɛ biribi a ɛwɔ hɔ paa, na yi wo yam ka ho asɛm kyerɛ afoforo! (1 Tim. 4:15, 16; 1 Pet. 3:15) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔresɛe wiase dedaw a wɔabu no kumfɔ yi a, wɔrensɛe wo nka ho. Mmom, wobɛtena ase na woagye w’ani akosi daa!

^ nky. 1 Mfe bi a atwam no, na asɛm a yɛaka wɔ nkyekyɛm yi mu no kɔ so wɔ afiase ahorow bi mu wɔ United States amantam bi mu.