Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”

“Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”

“Sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.”—MAT. 5:33.

NNWOM: 63, 59

1. (a) Dɛn na Ɔtemmufo Yefta ne Hanah mu biara yɛe? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

NÁ Yefta yɛ ɔkannifo a ɔwɔ akokoduru. Nanso, Hanah de, na ɔyɛ ɔbea warefo a ɔbrɛ ne ho ase. Ná Yefta yɛ ɔkatakyi kokodurufo. Nanso, Hanah de, na ɔyɛ ɔbea warefo ne ofiehwɛfo. Ná Ɔtemmufo Yefta ne Elkana yere Hanah nyinaa som Onyankopɔn koro. Nanso yemmisa sɛ, ɛno da nkyɛn a, nneɛma bɛn paa bio na na wodi nsɛ wom? Wɔn mu biara hyɛɛ Onyankopɔn bɔ, na wɔn baanu nyinaa dii ɛbɔ a wɔhyɛɛ Onyankopɔn no so pɛpɛɛpɛ. Mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔhyɛ Yehowa bɔ no betumi asuasua wɔn nhwɛso pa no. Nanso nsɛmmisa titiriw bi sɔre sɛ: Dɛn ne bɔhyɛ? Sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn bɔ a, aniberesɛm bɛn na ɛwom? Dɛn na yebetumi asua afi Yefta ne Hanah hɔ?

2, 3. (a) Dɛn ne bɔhyɛ? (b) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa ɛbɔ a yɛhyɛ Onyankopɔn ho?

2 Bible mu no, nea asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase bɔhyɛ no kyerɛ ne sɛ obi afi ne komam aka sɛ ɔbɛyɛ biribi ama Onyankopɔn. Onipa no ankasa na ofi ne pɛ mu ka sɛ ɔbɛyɛ adwuma bi ama Onyankopɔn, ɔde akyɛde bi bɛma no, ɔde ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn som adwuma bi mu, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho. Onii no ankasa na ofi ne pɛ mu hyɛ bɔ; obiara nhyɛ no. Nanso, Onyankopɔn ani so de, bɔhyɛ yɛ ade kronkron, na ɔhwɛ kwan sɛ nea ɔhyɛ bɔ no bedi so. Sɛ obi hyɛ bɔ a, Onyankopɔn ani so no, ɛte sɛ nea onii no aka ntam de rekyerɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaasɛ ɔrenyɛ dekode no. (Gen. 14:22, 23; Heb. 6:16, 17) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka a ɛma yehu sɛ, sɛ obi hyɛ Onyankopɔn bɔ a ɛyɛ aniberesɛm?

3 Mose Mmara no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi hyɛ Yehowa bɔ anaa ɔka ntam . . . a, ɛnsɛ sɛ obu so. Ɔnhwɛ nni nea waka no nyinaa so.” (Num. 30:2) Akyiri yi, Onyankopɔn honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua, efisɛ n’ani nnye nkwasea ho. Nea woahyɛ ho bɔ no, tua.” (Ɔsɛnk. 5:4) Yesu sii aniberesɛm a ɛwɔ ɛbɔ a yɛhyɛ mu so dua. Ɔkae sɛ: “Wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu, na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’”—Mat. 5:33.

4. (a) Sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn bɔ a, aniberesɛm bɛn na ɛwom? (b) Dɛn na yɛpɛ sɛ yesua fi Yefta ne Hanah hɔ?

4 Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛka sɛ yɛbɛyɛ biribi ama Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm paa. Sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ɛbɔ a yɛhyɛ Yehowa ho no ka abusuabɔ a yɛne no wɔ. Dawid kyerɛwee sɛ: “Hena na obetumi aforo Yehowa bepɔw, na hena na obetumi agyina ne kronkronbea hɔ? Nea ne nsam yɛ kronn, na ne koma mu tew, . . . nea ɔnkaa atoro ntam.” (Dw. 24:3, 4) Ɛbɔ bɛn na Yefta ne Hanah mu biara hyɛe? Ɛbɔ a wɔhyɛe no, na ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobedi so anaa?

ƐBƆ A WƆHYƐƐ ONYANKOPƆN NO, WODII SO PƐPƐƐPƐ

5. Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛe, na dɛn na efii mu bae?

5 Bere a Yefta ne Ammonfo a na wɔateetee Onyankopɔn nkurɔfo no rekɔko no, ɔhyɛɛ Yehowa bɔ. Yefta dii ɛbɔ a ɔhyɛe no so pɛpɛɛpɛ. (Atem. 10:7-9) Esiane sɛ na Yefta pɛ paa sɛ odi nkonim nti, ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: “Sɛ wode Ammonfo hyɛ me nsa, na mifi Ammonfo so ba asomdwoe mu a, obiara a obefi me fie abehyia me no bɛyɛ Yehowa dea.” Dɛn na efii ɛbɔ a ɔhyɛe yi mu bae? Yefta dii Ammonfo no so nkonim. Bere a odii nkonim na ɔreba fie no, ne babea a ɔda ne koma so na ofii adi behyiaa no. Ɛno nti nea ɛkɔbae ne sɛ, na Yefta babea no na ɔbɛyɛ “Yehowa dea.” (Atem. 11:30-34) Ná ɛbɛka Yefta babea no asetena sɛn?

6. (a) Ná ɛyɛ mmerɛw ma Yefta ne ne babea no sɛ wobedi ɛbɔ a Yefta hyɛɛ Onyankopɔn no so anaa? (b) Dɛn na Deuteronomium 23:21, 23 ne Dwom 15:4 ma wuhu fa ɛbɔ a obi hyɛ Onyankopɔn no ho?

6 Nea na Yefta babea no bɛyɛ de adi ɛbɔ a ne papa hyɛe no so ne sɛ ɔbɛkɔ akɔsom daa wɔ Yehowa asɔrefie hɔ. Wohwɛ a, Yefta annwen ho ansa na ɔrehyɛ bɔ no anaa? Dabi, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yefta nim sɛ onipa a obefi ne fie abehyia no no betumi ayɛ ne babea no. Sɛ na Yefta nim sɛ ne babea no na ɔbɛba abehyia no oo, sɛ na onnim oo, ɛyɛɛ den maa ɔne ne babea no nyinaa sɛ wobedi ɛbɔ a Yefta hyɛe no so. Ná ɛyɛ afɔrebɔ kɛse ma wɔn baanu nyinaa. Bere a Yefta huu ne babea no, “osuan n’atade mu,” na ɔkae sɛ ne koma abubu. Ne babea no nso ‘suu ne baabunyɛ.’ Adɛn ntia? Ná Yefta nni ɔbabarima. Afei, na ne babea a odi no bakoro no nso rentumi nware nwo mmanananom mma no da. Ná ɔkwan biara nni hɔ a Yefta betumi afa so ama n’abusua din atena hɔ. Saa ara nso na na onni obiara a ɔde n’agyapade begyaw no. Nanso, na ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw a ɛho hia Yefta ne ne babea no. Yefta kae sɛ: “Manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti mintumi nsan m’akyi.” Ne babea no nso kae sɛ: “Nea afi w’anom no, yɛ me saa ara.” (Atem. 11:35-39) Ná Yefta ne ne babea no yɛ anokwafo. Enti wɔanna annwen ho da sɛ wobebu ɛbɔ a wɔahyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no so ɛmfa ho nea ɛbɛto wɔn biara.—Kenkan Deuteronomium 23:21, 23; Dwom 15:4.

7. (a) Ɛbɔ bɛn na Hanah hyɛe, na adɛn nti na ɔhyɛɛ saa bɔ no? Dɛn na efii mu bae? (b) Ɛbɔ a Hanah hyɛe no, na ɛbɛka Samuel sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

7 Hanah nso yɛ onipa foforo a odii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no so pɛpɛɛpɛ. Ná Hanah repɛ awo, nanso na awo no mma. Afei nso, na wodidi no atɛm bere nyinaa. Wei maa Hanah ho yeraw no paa, na ne werɛ howee kɛse. Saa bere no na ɔhyɛɛ Yehowa bɔ no. (1 Sam. 1:4-7, 10, 16) Hanah kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.” * (1 Sam. 1:11) Yehowa tiee Hanah adesrɛ no, na ɔma ɔwoo n’abakan a na ɔyɛ ɔbabarima. Hanah ani gyei kɛse! Nanso, ne werɛ amfi ɛbɔ a na wahyɛ Onyankopɔn no. Bere a ɔwoo ne babarima no, ɔkae sɛ: “Yehowa nkyɛn na mesrɛɛ no.”—1 Sam. 1:20.

8. (a) Ɛyɛɛ mmerɛw maa Hanah sɛ obedi ɛbɔ a ɔhyɛe no so anaa? (b) Suban pa a Hanah daa no adi bɛn na asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 61 no ma wokae?

8 Bere a abarimaa Samuel dii bɛyɛ mfe mmiɛnsa a wotwaa no nufu no, ankyɛ na Hanah dii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Onyankopɔn no so pɛpɛɛpɛ. Amma ne tirim da sɛ ɔbɛyɛ biribi foforo. Hanah de Samuel kɔmaa Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ asɔrefie a na ɛwɔ Silo no. Hanah kae sɛ: “Abofra yi ho mpae na mebɔe sɛ Yehowa nyɛ m’abisade a mede too n’anim no mma me no. Na me nso mede no rema Yehowa. Ne nna a ɔde bɛtena ase nyinaa, mede no ama Yehowa.” (1 Sam. 1:24-28) Asɔrefie hɔ na “abofra Samuel nyinii Yehowa anim.” (1 Sam. 2:21) Nanso, wohwɛ a ɛyɛɛ mmerɛw maa Hanah anaa? Ɛwom sɛ na Hanah babarima kumaa no da ne koma so paa de, nanso afei de, na ɔrennya hokwan ne no mmɔ da biara wɔ ne mmofraberem. Wo de, hwɛ sɛnea na n’ani begyina sɛ obenya no aka no afam ne ho, ɔne no adi agorɔ, na watete no. Ɔbaatan pa biara ani gye ho sɛ obenya hokwan atete ne ba, na wahwɛ no ama wanyin. Ɛwom sɛ na Hanah nim wei nyinaa de, nanso wannu ne ho sɛ odii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Onyankopɔn no so. Ne koma dii Yehowa mu ahurusi.—1 Sam. 2:1, 2; kenkan Dwom 61:1, 5, 8.

Woredi ɛbɔ a woahyɛ Yehowa no so anaa?

9. Nsɛmmisa bɛn na aka a yɛrebesusuw ho?

9 Seesei a yɛabehu aniberesɛm a ɛwom sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn bɔ no, momma yensusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho nhwɛ: Ɛbɔ ahorow bɛn na Kristofo betumi ahyɛ? Afei nso, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi ɛbɔ ahorow a yɛhyɛ so?

ƐBƆ A WOHYƐE BERE A WUHYIRAA WO HO SO

Ɛbɔ a wohyɛe bere a wuhyiraa wo ho so (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Ɛbɔ a ɛho hia sen biara a Kristoni betumi ahyɛ ne nea ɛwɔ he, na dɛn na ɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ?

10 Ɛbɔ a ɛho hia sen biara a Kristoni betumi ahyɛ ne ɛbɔ a ɔhyɛ de hyira ne nkwa so ma Yehowa. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, onii no ankasa na ofi ne komam bɔ mpae hyɛ Yehowa bɔ sɛ, ɛmfa ho nea ebesi biara no, ɔbɛsom Onyankopɔn daa. Yesu kae sɛ, sɛ obi hyira ne ho so a, na ‘wapa ne ho akyi.’ Nea ɛkyerɛ ne sɛ, onii no de hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔno ankasa pɛ no ato hɔ, na wahyɛ bɔ sɛ ɔde Onyankopɔn apɛde mmom na ebedi kan wɔ biribiara a ɔyɛ wɔ n’asetenam mu. (Mat. 16:24) Ɛno nti, efi saa da no, ‘ɔyɛ Yehowa dea.’ (Rom. 14:8) Ɛsɛ sɛ obiara a wahyɛ bɔ de ahyira ne ho so ama Yehowa no fa ɛbɔ a wahyɛ no aniberesɛm paa sɛnea odwontofo no yɛe no. Odwontofo no kaa ɛbɔ a na wahyɛ Onyankopɔn no ho asɛm sɛ: “Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho? Metua me bɔhyɛ ade ama Yehowa, metua wɔ ne manfo nyinaa anim.”—Dw. 116:12, 14.

11. Ɛda a wɔbɔɔ wo asu no, dɛn na ɛkɔɔ so?

11 Woahyira wo ho so ama Yehowa, na wode nsu mu asubɔ ayɛ w’ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne anaa? Sɛ woayɛ saa a, ɛnde woayɛ ade paa! Sɛ wobɛkae a, ɛda a worebɔ asu a na wugyina adansefo bi anim no, wobisaa wo sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa, na wote ase sɛ “w’ahosohyira ne w’asubɔ no ma obiara hu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo, na wo ne Onyankopɔn ahyehyɛde a honhom kyerɛ no kwan no na ɛbɔ anaa”? Mmuae pefee a womae wɔ baguam no maa obiara a ɔwɔ hɔ hui sɛ woahyira wo ho so koraa, na ɛma ɛdaa adi sɛ wofata sɛ wɔbɔ wo asu sɛ obi a Yehowa apaw no sɛ ne somfo. Ɛbɛyɛ sɛ nea woyɛe no maa Yehowa ani gyei paa!

12. (a) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? (b) Su ahorow bɛn na Petro kae sɛ ɛsɛ sɛ yenya?

12 Asubɔ yɛ anammɔn a edi kan koraa a yetu sɛ yɛbɛsom Yehowa. Yɛbɔ asu wie a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn nokware na yɛbɔ yɛn bra sɛnea yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn sɛ yɛbɛyɛ no. Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Efi bere a mebɔɔ asu no, nkɔso bɛn na manya wɔ Onyankopɔn som mu? Mifi me koma nyinaa mu resom Yehowa anaa? (Kol. 3:23) Metaa bɔ mpae? Mekenkan Onyankopɔn Asɛm no daa? Mekɔ asafo nhyiam bere nyinaa? Mekɔ asɛnka daa sɛnea metumi? Anaasɛ nsi ne ahokeka a mede yɛ saa nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no, ano abrɛ ase ɔkwan bi so?’ Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛkɔ so de gyidi ka yɛn nimdeɛ, yɛn boasetɔ, ne yɛn nyamesom pa ho a, yɛrenyɛ mmerɛw wɔ Yehowa som mu.—Kenkan 2 Petro 1:5-8.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni a wahyira ne ho so abɔ asu ma ɛtena n’adwenem?

13 Sɛ yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn a, yɛrentumi ntwe saa bɔ a yɛhyɛe no nsan da. Sɛ Yehowa som fono Kristoni bi anaa ɔmpɛ sɛ ɔbɔ ne bra sɛ Kristoni bio a, ɔrentumi ntwe nsan nka sɛ wanhyira ne ho so ankasa ma enti n’asubɔ no nni mũ. * Ɛda adi pefee sɛ, ɔde ne ho mae sɛ obi a wahyira ne ho so koraa ama Onyankopɔn. Sɛ ɔyɛ bɔne bi a emu yɛ duru a, obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa ne asafo no. (Rom. 14:12) Ɛnsɛ sɛ yɛma wɔka fa yɛn ho da sɛ ‘yɛagyaw ɔdɔ a na yɛwɔ kan no.’ Mmom no, yɛpɛ sɛ Yesu tumi ka kyerɛ yɛn sɛ: “Minim wo nnwuma, ne wo dɔ ne gyidi ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na nea woyɛ seesei no sen kan de no.” (Adi. 2:4, 19) Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nni ɛbɔ a yɛhyɛe bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛma Yehowa ani agye paa.

ƐBƆ A WOHYƐE BERE A WOREWARE

Ɛbɔ a wohyɛe bere a woreware (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Dɛn ne ɛbɔ ahorow a ɛho hia paa a obi betumi ahyɛ no mu nea ɛto so mmienu, na adɛn ntia?

14 Ɛbɔ a obi hyɛ bere a ɔreware no, ɛno ne ɛbɔ ahorow a ɛho hia paa no mu nea ɛto so mmienu. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, aware yɛ kronkron. Ayeforokunu no ne ayeforo no nyinaa hyehyɛ wɔn ho bɔ wɔ Onyankopɔn ne adansefo bi anim. Wɔtaa hyɛ bɔ sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho, wɔn mu biara bɛhwɛ ne yɔnko yiye, na wɔada obu adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho. Wɔka sɛ wɔbɛyɛ saa “bere tenten a [wɔn] baanu bɛtena ase abom wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe no te no.” Ɛwom, ebia ebinom nka asɛm koro yi ara de, nanso wɔhyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ nnipa baanu a wɔreware no hyɛ bɔ no wie a, wɔde wɔn kyerɛ sɛ wɔyɛ okunu ne ɔyere. Na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ so atena sɛ awarefo wɔn nkwa nna a aka nyinaa. (Gen. 2:24; 1 Kor. 7:39) Ɛno nti, Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ okunu, ɔyere, anaa obi foforo biara tetew aware no mu. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wɔreware no nya adwene sɛ, ɛnyɛ ade a wobegyae aware da.—Mar. 10:9.

15. Adwene a ɛmfata a wiase no wɔ wɔ aware ho no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo nya bi?

15 Nokwasɛm ne sɛ, aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Nnipa baanu a wɔka bom sɛ awarefo no mu biara tɔ sin. Ɛno nti na Bible ka sɛ ɛtɔ da a, awarefo “ho behiahia wɔn” no. (1 Kor. 7:28) Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii a wɔwɔ wiase yi mu nni adwene a ɛfata wɔ aware ho. Sɛ nneɛma ankɔ yiye wɔ wɔn aware mu a, wɔpa abaw, na woguan gyaw wɔn ahokafo hɔ. Nanso, ɛnyɛ saa na Kristofo bu aware. Sɛ obi anni ɛbɔ a ɔhyɛe bere a ɔreware no so a, na wadi atoro akyerɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn nso de, okyi atorofo! (Lev. 19:12; Mmeb. 6:16-19) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wofam ɔyere ho anaa? Ɛnsɛ sɛ wotetew wo ho.” (1 Kor. 7:27) Paulo tumi kaa saa asɛm yi efisɛ na onim sɛ wɔn a wotwa wɔn ahokafo nkontompo na wogyae wɔn aware no nso, Yehowa kyi wɔn.—Mal. 2:13-16.

16. Dɛn na Bible ka fa awaregyae ne ntetewmu ho?

16 Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ade koro pɛ na Kyerɛwnsɛm no ma kwan sɛ ɔwarefo bi betumi agyina so atwa ɛbɔ a ɔhyɛe bere a na ɔreware no mu. Ɔkae sɛ, sɛ obi hokafo sɛe aware na ɔhokafo a ne ho nni asɛm no si gyinae sɛ ɔremfa ne hokafo no bɔne nkyɛ no a, ɛnde ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi agyae aware. (Mat. 19:9; Heb. 13:4) Na aware ntetewmu nso ɛ? Ɛno nso, Bible kyerɛkyerɛ mu pefee. (Kenkan 1 Korintofo 7:10, 11.) Bible nkyerɛ biribi a obi betumi agyina so atetew n’aware mu. Nanso, Kristofo binom a wɔyɛ awarefo agyina tebea ahorow bi so atetew wɔn aware mu. Tebea no bi ne bere a Kristoni bi te nka sɛ, sɛ ɔkɔ so ne ne hokafo a ɔyɛ no ayayade anaa ɔyɛ ɔwaefo no tena a, ebetumi de ne nkwa anaa ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no ato asiane mu paa. *

17. Dɛn na Kristofo a wɔyɛ awarefo betumi ayɛ ama wɔn aware atena hɔ daa?

17 Sɛ awarefo bi kɔ asafo mu mpanyimfo hɔ sɛ wɔrekogye afotu wɔ ɔhaw ahorow bi a asɔre wɔ wɔn aware mu ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ mpanyimfo no bisa wɔn sɛ, wɔahwɛ video a wɔato din Ɔdɔ Kann—Ɛne Deɛn? no nnansa yi anaa? Mpanyimfo no betumi asan abisa wɔn sɛ, wɔabom asua nhomawa a wɔato din W’abusua Betumi Anya Anigye no anaa? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔn saa nsɛm yi? Nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ne sɛ, saa nnwinnade no twe adwene si Onyankopɔn nnyinasosɛm a aboa awarefo pii ama wɔn aware asɔ no so. Awarefo bi kae sɛ: “Saa nhomawa yi a yɛresua no ama yɛn aware asɔ sen bere biara.” Ɔbea bi kae sɛ waware mfe 22, nanso na n’aware no reyɛ agu. Ɔkae sɛ: “Yɛn baanu nyinaa abɔ asu, nanso na ɛsono baabi a yɛn mu biara adwene nenam koraa. Video no baa ne bere mu paa! Seesei nneɛma rekɔ yiye ma yɛn ankasa.” Woaware anaa? Sɛ woaware a, ɛnde fa Yehowa nnyinasosɛm yɛ adwuma wɔ w’aware mu. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woadi ɛbɔ a wohyɛe bere a woreware no so, na wubenya anigye pii!

ƐBƆ A WOHYƐ BERE A WODE WO HO REHYƐ BERE NYINAA SOM ADWUMA TITIRIW MU

18, 19. (a) Dɛn na Kristofo pii a wɔyɛ awofo ayɛ? (b) Wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no, dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho?

18 Ade foforo a ɛsan ma Yefta ne Hanah di nsɛ no, wohyɛɛ no nsow? Ɛbɔ a Yefta hyɛe no maa ne babea no kɔyɛɛ ɔsom adwuma titiriw wɔ Yehowa asɔrefie. Na saa ara nso na ɛbɔ a Hanah hyɛe no maa ne babarima no kɔyɛɛ ɔsom adwuma titiriw wɔ Yehowa asɔrefie. Ná ɛyɛ asetena a abotɔyam wom ankasa. Ɛnnɛ, Kristofo pii a wɔyɛ awofo ahyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Wɔhyɛ wɔn mma no nkuran nso sɛ wɔmfa Onyankopɔn som adwuma no nni kan wɔ wɔn asetena mu. Mmofra a wɔatie saa afotu no fata nkamfo paa.—Atem. 11:40; Dw. 110:3.

Ɛbɔ a wohyɛe bere a wode wo ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma titiriw mu (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19 Seesei, Yehowa Adansefo a Wɔyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Titiriw Wɔ Wiase Nyinaa no dodow bɛyɛ 67,000. Ebinom yɛ adwuma wɔ Betel, na afoforo nso sisi adan. Ebinom wɔ ɔmansin adwuma no mu. Ebinom yɛ akyerɛkyerɛfo wɔ sukuu ahorow a wɔyɛ ma Yehowa Adansefo no mu, na afoforo nso yɛ akwampaefo atitiriw anaa asɛmpatrɛwfo. Afoforo hwɛ Nhyiam Asa anaa adan a wɔyɛ Bible sukuu ahorow wom so. Wɔn nyinaa de wɔn nsa ahyɛ “Osetie ne Awiɛmfoɔ Ho Bɔhyɛ” ase. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔagye atom sɛ wɔbɛyɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn na wɔaboa ama Ahenni adwuma no anya nkɔso. Saa ara nso na wɔn nyinaa agye atom sɛ wɔrenhwehwɛ asetenam nneɛma pii, na wɔrenyɛ honam fam adwuma biara bere a wommisaa hokwan. Ɛnyɛ anuanom a wɔatu wɔn ho ama no na wɔyɛ atitiriw. Adwuma a wɔyɛ no mmom na ɛyɛ titiriw. Wonim sɛ, bere tenten a wɔda so wɔ bere nyinaa som adwuma titiriw no mu no, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di ɛbɔ a wofi wɔn komam hyɛe no so, efisɛ ɛyɛ aniberesɛm paa.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ “da biara,” na adɛn ntia?

20 Bɔhyɛ ahorow a yɛasusuw ho yi, emu ahe na woahyɛ Onyankopɔn? Baako, mmienu, anaa mmiɛnsa no nyinaa? Ɛda adi paa sɛ, woabehu sɛ ɛbɔ ahorow yi mu biara a woahyɛ no, ɛsɛ sɛ wofa no aniberesɛm. (Mmeb. 20:25) Sɛ obi hyɛ Yehowa bɔ na wanni so a, nea ebetumi afi mu aba no yɛ hu paa. (Ɔsɛnk. 5:6) Enti momma yɛmfa anigye ‘nto dwom mma Yehowa din daa, na yentua yɛn bɔhyɛ ade da biara.’—Dw. 61:8.

^ nky. 7 Ɛbɔ a Hanah hyɛe no kyerɛ sɛ, na ne ba no bɛyɛ Nasirini ne nkwa nna nyinaa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ne ba no bɛyɛ obi a watu ne ho asi hɔ, ahyira ne ho so, na wɔayi no asi hɔ sɛ ɔde ɔsom kronn bɛma Yehowa.—Num. 6:2, 5, 8.

^ nky. 13 Sɛ yɛhwɛ anammɔn a asafo mu mpanyimfo tu de hwɛ sɛ obi fata sɛ wɔbɔ no asu ansa na wɔama onii no abɔ asu a, ɛbɛyɛ den paa sɛ obi bɛka sɛ n’asubɔ no nni mũ.

^ nky. 16 Hwɛ Nkekaho a wɔato din “Nea Bible Ka Wɔ Awaregyae ne Ntetewmu Ho” no. Ɛwɔ “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no mu.