Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wowɔ Atɛntrenee Ho Adwene a Yehowa Wɔ no Bi?

Wowɔ Atɛntrenee Ho Adwene a Yehowa Wɔ no Bi?

“Mɛbɔ Yehowa din . . . , ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu.”—DEUT. 32:3, 4.

NNWOM: 110, 2

1, 2. (a) Atɛnkyea bɛn na wobuu Nabot ne ne mmabarima no? (b) Suban mmienu bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

WO DE, hwɛ asɛm. Wɔatwa atoro de bɔne bi a emu yɛ duru ho sobo abɔ ɔbarima bi. Wogyinaa atosɛm a adansefo bi a wonim wɔn paa sɛ wɔyɛ ahuhufo kae so buu ɔbarima no fɔ. Wei maa n’abusuafo ne ne nnamfo ho dwiriw wɔn, na wɔn koma tui. Bere a wɔn a wɔdɔ atɛntrenee hui sɛ wɔrekum ɔbarima a ɔnyɛɛ bɔne biara ne ne mmabarima no, wo de, hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn. Nea yɛreka yi, ɛnyɛ anansesɛm. Wei yɛ asɛm a ɛtoo Yehowa somfo nokwafo Nabot a ɔtenaa ase wɔ Israel hene Ahab nniso ase no.—1 Ahe. 21:11-13; 2 Ahe. 9:26.

2 Adesua yi mu no, yebesusuw asɛm bi a ɛtoo Nabot ho. Yɛbɛsan asusuw asɛm bi a ɛtoo asafo mu panyin nokwafo bi a na ɔwɔ Kristofo asafo no mu wɔ asomafo no bere so ho. Saa panyin no dii mfomso kɛse bi. Bere a yɛresusuw Bible mu nsɛm yi ho no, yebehu sɛ ehia sɛ yenya ahobrɛase na ama yɛanya atɛntrenee ho adwene a Yehowa wɔ no bi. Yɛbɛsan ahu sɛ, sɛ yehu sɛ ntɛnkyea bi rekɔ so wɔ asafo no mu, na yeyi yɛn yam sɛ yɛde bɔne befiri a, na yɛresuasua atɛntrenee ho adwene a Yehowa wɔ no bi.

ATƐNKYEA BI

3, 4. Ná Nabot yɛ onipa bɛn, na adɛn nti na wantɔn ne bobeturo amma Ɔhene Ahab?

3 Ná Nabot di Yehowa nokware wɔ bere a na Israelfo dodow no ara resuasua Ɔhene Ahab ne ne yere Ɔhemmaa Yesebel ɔbɔnefo no. Ná saa Baal asomfo no mmu Yehowa anaa ne mmara. Nanso, na abusuabɔ a Nabot ne Yehowa wɔ no som bo ma no sen ne nkwa mpo.

4 Kenkan 1 Ahene 21:1-3. Bere a Ahab kae sɛ ɔbɛtɔ Nabot bobeturo no anaa ɔde bobeturo foforo a eye sen ne de no besi n’ananmu no, Nabot ampene. Adɛn ntia? Nabot kyerɛkyerɛɛ mu nidi mu sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim de m’agyanom agyapade ama wo.” Yehowa mmara a ɔde maa Israelfo no nti na Nabot ampene asɛm a Ahab kae no so no. Ná Yehowa mmara no kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ Israelfo tɔn wɔn abusuakuw agyapade korakora. (Lev. 25:23; Num. 36:7) Ɛda adi pefee sɛ, na Nabot wɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho no bi.

5. Dɛn na Yesebel yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum Nabot?

5 Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane sɛ Nabot amfa ne bobeturo no amma Ɔhene Ahab nti, Ahab ne ne yere yɛɛ nneɛma bi a ɛyɛ hu. Nea ɛbɛyɛ na Yesebel anya Nabot bobeturo no ama ne kunu nti, Yesebel ma wotwaa atoro too Nabot so ma wokunkum ɔne ne mmabarima. Dɛn na na Yehowa bɛyɛ wɔ atɛnkyea a ɛyɛ hu yi ho?

ONYANKOPƆN ATƐNTRENEE

6, 7. Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔdɔ atɛntrenee? Adɛn nti na wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ nea Yehowa yɛe no kyekyee Nabot abusuafo ne ne nnamfo werɛ?

6 Ntɛm ara na Yehowa somaa Elia ma okohyiaa Ahab. Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ ɔyɛ owudifo, na ɔyɛ ɔkorɔmfo nso. Atemmu bɛn na Yehowa kae sɛ ɔde bɛba Ahab so wɔ nea ɔyɛe no ho? Yehowa sii gyinae sɛ, sɛnea wokum Nabot ne ne mmabarima no, saa ara na na wobekum Ahab, ne yere, ne ne mmabarima.—1 Ahe. 21:17-25.

7 Awudisɛm a Ahab kɔfa bae no maa Nabot abusuafo ne ne nnamfo dii awerɛhow. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛma wonyaa awerɛkyekye kakra ne sɛ, wohui sɛ Yehowa ahu atɛnkyea no na wayɛ ho biribi ntɛm ara nso. Ne nyinaa mu no, biribi a na wɔnhwɛ kwan sii akyiri yi, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno sɔɔ wɔn ahobrɛase ne Yehowa mu ahotoso a wɔwɔ no hwɛe.

8. Dɛn na Ahab yɛe wɔ Yehowa atemmusɛm no ho, na dɛn na efii mu bae?

8 Bere a Ahab tee Yehowa atemmusɛm no ara pɛ na “osuan n’atade mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho; odii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantew awerɛhow mu.” Ahab brɛɛ ne ho ase! Dɛn na efii mu bae? Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa mmusu no mma wɔ ne nna mu. Ne ba nna mu na mede mmusu no bɛba ne fie.” (1 Ahe. 21:27-29; 2 Ahe. 10:10, 11, 17) Enti, Yehowa a “ɔhwehwɛ koma mu” no huu Ahab mmɔbɔ.—Mmeb. 17:3.

AHOBRƐASE BƆ YƐN HO BAN

9. Adɛn nti na na ahobrɛase bɛbɔ Nabot abusuafo ne ne nnamfo ho ban?

9 Asotwe a wɔamfa amma Ahab so wɔ ne bere so no kaa wɔn a na wonim bɔne kɛse a Ahab ayɛ no sɛn? Ɛyɛɛ te sɛ nea wɔtwee asotwe a wɔkae sɛ wɔde bɛba Ahab so no sanee, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno sɔɔ Nabot abusuafo ne ne nnamfo gyidi hwɛe. Sɛ ɛsɔɔ wɔn gyidi hwɛe a, ɛnde na ahobrɛase bɛbɔ wɔn ho ban ama wɔakɔ so de nokwaredi asom Yehowa, na wɔanya ahotoso sɛ Onyankopɔn ntumi mmu atɛnkyea da. (Kenkan Deuteronomium 32:3, 4.) Sɛ Yehowa nyan treneefo fi awufo mu a, Nabot, ne mmabarima no, ne wɔn abusuafo benya atɛntrenee a edi mũ. (Hiob 14:14, 15; Yoh. 5:28, 29) Afei nso, onipa a ɔbrɛ ne ho ase nim sɛ, “adwuma biara, nea ahintaw nyinaa, papa oo, bɔne oo, nokware Nyankopɔn no bebu ho atɛn.” (Ɔsɛnk. 12:14) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa rebu atɛn a, nneɛma a osusuw ho no bi wɔ hɔ a yennim. Enti, ahobrɛase bɛbɔ wɔn a wɔn ho nni asɛm no ho ban ama wɔakɔ so anya Yehowa mu gyidi.

10, 11. (a) Tebea ahorow bɛn na ebetumi asɔ atɛntrenee ho adwene a yɛwɔ no ahwɛ? (b) Akwan bɛn so na ahobrɛase bɔ yɛn ho ban?

10 Sɛ asafo mu mpanyimfo no si gyinae bi a wonte ase anaa ebia wo ne wɔn nyɛ adwene a, dɛn na wobɛyɛ? Nhwɛso bi ni. Sɛ ɔsom hokwan bi a w’ani kũ ho fi wo nsa a, dɛn na wobɛyɛ? Na sɛ obi a wodɔ no na ɔsom hokwan a ɛte saa fii ne nsa nso ɛ? Sɛ wotu wo kunu anaa wo yere, wo babarima anaa wo babea, anaa w’adamfo paa fi asafo no mu na wo ne mpanyimfo no nyɛ adwene a, dɛn na wobɛyɛ? Na sɛ mpanyimfo no ada mmɔborɔhunu adi akyerɛ ɔdebɔneyɛfo bi, na ɛyɛ wo sɛ mpanyimfo no dii mfomso nso ɛ? Tebea ahorow a ɛte saa betumi asɔ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu ahwɛ. Sɛ wuhyia sɔhwɛ a ɛte saa a, ɔkwan bɛn so na ahobrɛase bɛbɔ wo ho ban? Momma yensusuw nneɛma mmienu bi ho nhwɛ.

Sɛ asafo mu mpanyimfo de gyinae bi a wɔasi to gua na wo ne wɔn nyɛ adwene a, dɛn na wobɛyɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 10, 11)

11 Nea edi kan, ahobrɛase bɛka yɛn koma ama yɛagye atom sɛ yennim nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa. Sɛ yɛte nka sɛ yenim asɛm bi mu yiye mpo a, Yehowa nkutoo na otumi hu nea ɛwɔ obi koma mu. (1 Sam. 16:7) Nokwasɛm turodoo yi a yebehu no bɛma yɛabrɛ yɛn ho ase, yɛagye atom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim, na yɛasesa adwene a yɛwɔ wɔ asɛm no ho. Nea ɛto so mmienu, sɛ wɔabu yɛn atɛnkyea paa mpo a, ahobrɛase bɛboa yɛn ama yɛayɛ osetie, na yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn Yehowa ama wasiesie atɛnkyea no. Sɛnea onyansafo no kyerɛwee no: ‘Ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye, na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye koraa; na ɔrentumi mma ne nna nyɛ tenten.’ (Ɔsɛnk. 8:12, 13) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛyɛ yɛn ade ahobrɛase mu a, ɛbɛboa yɛn nyinaa wɔ Onyankopɔn som mu.—Kenkan 1 Petro 5:5.

NYAATWOM BI A ƐKƆƆ SO

12. Asɛm bɛn na yɛrebesusuw ho, na adɛn ntia?

12 Kristofo a na wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Siria wɔ asomafo no bere so hyiaa tebea bi. Ɛsɔɔ ahobrɛase ne ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔde bɔne befiri no hwɛe. Momma yensusuw saa asɛm no ho na yɛnhwɛ sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ adwene a yɛwɔ wɔ bɔne fafiri ho mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn nso ama yɛahwehwɛ su a yɛda no adi wɔ bɔne fafiri ho mu, na ama yɛahu abusuabɔ a ɛwɔ bɔne fafiri ne Yehowa atɛntrenee mu yiye.

13, 14. Ɔsom hokwan ahorow bɛn na na ɔsomafo Petro wɔ, na dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru?

13 Ná ɔsomafo Petro yɛ asafo mu panyin a wonim no yiye wɔ Kristofo asafo no mu. Ná Petro yɛ Yesu adamfo, na na Yesu ama no adwuma titiriw bi. (Mat. 16:19) Sɛ nhwɛso no, afe 36 Y.B. no, Petro nyaa hokwan kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio ne ne fiefo. Ná saa da no yɛ da titiriw efisɛ na Kornelio yɛ Amanaman muni a ontwaa twetia. Bere a Kornelio ne ne fiefo nyaa honhom kronkron no, Petro kae sɛ: “Eyinom anya honhom kronkron sɛ yɛn ara, enti hena na obetumi asiw wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsu mmmɔ wɔn asu?”—Aso. 10:47.

14 Afe 49 Y.B. no, asomafo no ne mpanyimfo no hyiaam wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛhwɛ sɛ ebia ɛho behia sɛ Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no twa twetia anaa. Nhyiam no ase no, Petro de akokoduru kasae. Ɔkaee anuanom no sɛ, mfe bi a atwam no, Amanaman mufo a wontwaa twetia nyaa honhom kronkron akyɛde no. Adanse a Petro dii no boaa akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no paa ma wotumi sii gyinae. (Aso. 15:6-11, 13, 14, 28, 29) Ɛbɛyɛ sɛ Kristofo a na wɔyɛ Yudafo ne Kristofo a na wɔyɛ Amanaman mufo no nyinaa ani sɔɔ akokoduru a Petro de kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu no. Enti na ɛrenyɛ den koraa sɛ tete Kristofo no benya ɔbarima a ne ho akokwaw saa no mu ahotoso!—Heb. 13:7.

15. Bere a na Petro wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no, mfomso bɛn na odii? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

15 Bere a wowiee nhyiam a wɔyɛe afe 49 Y.B. no akyi bere tiaa bi no, Petro kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria. Bere a na Petro wɔ hɔ no, ɔne ne nuanom a wɔyɛ Amanaman mufo no bɔe a na biribiara nhaw no. Akyinnye biara nni ho sɛ, nimdeɛ ne osuahu a na Petro wɔ no boaa wɔn paa. Nanso, bere a mpofirim ara Petro ne wɔn annidi bio no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn, na ɛyɛɛ wɔn yaw paa. Asafo no mufo foforo a wɔyɛ Yudafo a na Barnaba mpo ka ho dii mfomso kodii Petro akyi. Dɛn na ɛmaa Kristoni a ne ho akokwaw a ɔyɛ asafo mu panyin no dii mfomso kɛse a ɛte saa? Ná saa mfomso no betumi de mpaapaemu aba asafo no mu. Nea ɛho hia paa no, sɛ asafo mu panyin bi ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, dɛn na yebetumi asua afi mfomso a Petro dii no mu ama aboa yɛn?

16. Ɔkwan bɛn so na wɔteɛɛ Petro so, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

16 Kenkan Galatifo 2:11-14. Nnipa ho suro na esum Petro afiri. (Mmeb. 29:25) Ná Petro nim adwene a Yehowa wɔ wɔ Amanaman mufo no ho. Nanso, na osuro sɛ anhwɛ a na Yerusalem asafo no mufo a wɔyɛ Yudafo a wɔatwa twetia no abu no animtiaa. Ɔsomafo Paulo a na ɔno nso wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Yerusalem afe 49 Y.B. ase no kaa Petro anim wɔ Antiokia, na ɔpaa Petro nyaatwom no ho ntama. (Aso. 15:12; Gal. 2:13) Kristofo a wɔyɛ Amanaman mufo a mfomso a Petro dii no haw wɔn no, na wɔbɛyɛ wɔn ade sɛn wɔ asɛm no ho? Ná wɔbɛma ato wɔn hintidua anaa? Yemmisa sɛ, mfomso a Petro dii no, na ɛbɛma ɔsom hokwan ahorow a ɛsom bo a ɔwɔ no afi ne nsa anaa?

FA BƆNE FIRI

17. Ɔkwan bɛn so na Petro nyaa Yehowa bɔne fafiri so mfaso?

17 Ɛda adi sɛ, Petro brɛɛ ne ho ase gyee nteɛso a Paulo de maa no no toom. Asɛm biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ ɔsom hokwan ahorow a na Petro wɔ no fii ne nsa. Nokwasɛm ne sɛ, akyiri yi mpo, Onyankopɔn honhom kaa Petro ma ɔkyerɛw nkrataa mmienu a ɛbɛyɛɛ Bible no fã. Krataa a ɛto so mmienu a Petro kyerɛwee no mu no, ɔkaa Paulo ho asɛm sɛ “yɛn nua dɔfo.” (2 Pet. 3:15) Ɛwom sɛ ebia mfomso a Petro dii no yɛɛ asafo no mufo a wɔyɛ Amanaman mufo no yaw de, nanso Yesu a ɔyɛ asafo no ti no kɔɔ so de Petro yɛɛ adwuma. (Efe. 1:22) Wei maa asafo no mufo nyaa hokwan suasuaa sɛnea Yesu ne n’Agya de bɔne firi no. Yennim nea asɛm no kowiei, nanso yegye di sɛ obiara amma Petro a ɔyɛ onipa a ɔtɔ sin no mfomso no anto no hintidua.

18. Tebea ahorow bɛn mu na ɛho behia sɛ yɛda atɛntrenee ho adwene a Yehowa wɔ no bi adi?

18 Asomafo no bere so no, na asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ pɛ nni Kristofo asafo no mu. Na saa ara nso na asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ pɛ nni Kristofo asafo no mu nnɛ, efisɛ “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yak. 3:2) Ebia ɛrenyɛ den koraa sɛ yebegye saa asɛm yi atom. Nanso, nea ɛyɛ den ne bere a sintɔ nti onua bi ayɛ yɛn ade ama ayɛ yɛn yaw. Ɛba saa a, yɛbɛda adwene a Yehowa wɔ wɔ atɛntrenee ho no bi adi anaa? Nhwɛso bi ni. Sɛ asafo mu panyin bi ka asɛm bi na ɛyɛ te sɛ nea onni wo ho adwempa a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ asafo mu panyin bi ka asɛm bi a wannwen ho yiye ma ɛhyɛ wo abufuw anaa ɛyɛ wo yaw a, wobɛma ato wo hintidua anaa? Sɛ́ anka wubenya adwene ntɛm ara sɛ onua no mfata sɛ ɔkɔ so som sɛ asafo mu panyin no, wobɛtɔ wo bo ase atwɛn Yesu a ɔyɛ asafo no ti no anaa? Wobɛbɔ mmɔden adwinnwen asɛm no ho yiye, na ebia wode w’adwene asi nokwaredi a onua no de asom mfe pii no so anaa? Sɛ onua a wayɛ wo bɔne no kɔ so som sɛ asafo mu panyin anaa mpo onya ɔsom hokwan foforo ka nea ɔwɔ no ho a, wo ne no bedi ahurusi? Sɛ wuyi wo yam de ne bɔne firi no a, na woreda adwene a Yehowa wɔ wɔ atɛntrenee ho no bi adi.—Kenkan Mateo 6:14, 15.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Nnipa a wɔdɔ atɛntrenee nyinaa hwɛ ɛda a Yehowa beyi ntɛnkyea a Satan ne ne wiase bɔne no de aba nnipa so afi hɔ koraa no kwan. (Yes. 65:17) Enkosi saa da no, momma yensi yɛn bo mfi ahobrɛase mu nnye yɛn ankasa sintɔ ntom, na yenyi yɛn yam mfa wɔn a wɔyɛ yɛn bɔne no bɔne mfiri wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreda adwene a Yehowa wɔ wɔ atɛntrenee ho no bi adi.