Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’

Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’

“Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho.”—DW. 146:9.

NNWOM: 84, 73

1, 2. (a) Sɔhwɛ ahorow bɛn na yɛn nuanom mmarima ne mmea binom hyia? (b) Nsɛmmisa bɛn na wei ma ɛsɔre?

ONUA bi a wɔfrɛ no Lije kae sɛ: “Bere a ɔmanko fii ase wɔ Burundi no, na yɛn abusua no wɔ ɔmansin nhyiam ase. Yehui sɛ nkurɔfo de mmirika reguan, na na wɔretotow atuo. Me ne me nuanom a na yɛyɛ 11 ne yɛn awofo guan peree yɛn nkwa. Yɛn nneɛma kakraa bi pɛ na yetumi de guanee. Awiei koraa no, m’abusuafo no bi tumi koduu atubrafo atenae bi a ɛwɔ Malawi. Efi Burundi rekɔ saa atubrafo atenae hɔ bɛboro akwansin 1,000 (kilomita 1,600). Yɛn a yɛaka no de, yɛbɔ hwetee.”

2 Ɛnnɛ, atubrafo a ɔko anaa ɔtaa ama wɔaguan afi wɔn afie wɔ wiase nyinaa dodow bɛboro 65,000,000. Wei ne atubrafo dodow a ɛsen biara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ. * Yehowa Adansefo mpempem pii ka saa atubrafo no ho. Atubrafo no bebree adɔfo awuwu na ɛkame ayɛ sɛ wɔahwere wɔn ahode nyinaa nso. Nsɛnnennen bɛn bio na wɔn mu binom ahyia? Bere a yɛn nuanom mmarima ne mmea yi refa sɔhwɛ ahorow mu no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn ama ‘wɔde anigye asom Yehowa’? (Dw. 100:2) Na ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so aka asɛmpa no akyerɛ atubrafo a wonnya nhuu Yehowa no?

ATUBRAFO ASETENA

3. Dɛn na ɛmaa Yesu ne n’asuafo no pii bɛyɛɛ atubrafo?

3 Bere a Yehowa bɔfo bi bɔɔ Yosef kɔkɔ sɛ Ɔhene Herode pɛ sɛ okum Yesu no, abofra Yesu ne n’awofo kɔyɛɛ atubrafo wɔ Egypt. Wɔtenaa hɔ kosii sɛ Herode wui. (Mat. 2:13, 14, 19-21) Mfe pii akyi no, ɔtaa maa Yesu asuafo a wɔtenaa ase tete no “bɔ hwetee Yudea ne Samaria nsase nyinaa so.” (Aso. 8:1) Ná Yesu nim sɛ n’akyidifo no mu pii beguan afi wɔn afie. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔtaa mo wɔ kurow biako mu a, munguan nkɔ foforo mu.” (Mat. 10:23) Ɛnyɛ mmerɛw da sɛ obi beguan afi ne fie.

4, 5. Asiane ahorow bɛn na ebetumi ato atubrafo bere a (a) wɔreguan? (b) wɔte atubrafo atenae?

4 Asiane betumi ato atubrafo bere a wɔreguan anaa bere a wɔte atubrafo atenae. Lije nuabarima kumaa Gad ka sɛ: “Yɛnantew twaa kwan nnawɔtwe pii, na yehuu afunu ɔhaha pii wɔ kwan so. Ná madi mfe 12. Me nan honhonoe paa ma meka kyerɛɛ m’abusuafo sɛ wonnyaw me hɔ nkɔ. Ná me papa mpɛ sɛ obegyaw me ama atuatewfo no, enti ɔboaa me. Nea yehia ɛda biara na na yedwen ho. Enti yɛbɔɔ Yehowa mpae, na yɛde yɛn ho too no so. Ɛtɔ da a, na mango a esisi kwan ho so aba nkutoo na yedi.”—Filip. 4:12, 13.

5 Awiei koraa no, Lije abusuafo dodow no ara dii mfe pii wɔ Amanaman Nkabom atubrafo atenae ahorow. Nanso, na asiane wɔ hɔ. Seesei, Lije yɛ ɔmansin sohwɛfo, na ɔka sɛ: “Ná nnipa dodow no ara a wɔwɔ atenae hɔ no nni adwuma a wɔyɛ. Ná wodi nseku, wɔwe nsã, tow kyakya, bɔ korɔn, na na wɔn bra nso asɛe.” Ná ɛsɛ sɛ Adansefo a wɔwɔ atubrafo atenae hɔ de wɔn ho hyɛ asafo no dwumadi ahorow mu yiye na ama wɔatumi ako atia nneyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ no. (Heb. 6:11, 12; 10:24, 25) Nea ɛbɛyɛ na wɔn gyidi akɔ so ayɛ den no, wɔde wɔn bere dii dwuma yiye, na wɔn mu pii yɛɛ akwampae adwuma. Wonyaa adwempa, na wɔma ɛkɔɔ so tenaa wɔn adwenem sɛ, sɛnea Israelfo ankyinkyin sare no so afebɔɔ no, saa ara na wɔn nso rentena atubrafo atenae hɔ afebɔɔ.—2 Kor. 4:18.

DA ƆDƆ ADI KYERƐ ATUBRAFO

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn dɔ” kanyan Kristofo ma wɔboa wɔn nuanom a wɔwɔ ahohia mu? (b) Ma ɛho nhwɛso.

6 “Onyankopɔn dɔ” kanyan yɛn ma yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho, titiriw, wɔ ahohia bere mu. (Kenkan 1 Yohane 3:17, 18.) Bere a ɔkɔm bi sii asomafo no bere so no, asafo no yɛɛ nhyehyɛe kɔboaa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no. (Aso. 11:28, 29) Ɔsomafo Paulo ne ɔsomafo Petro nso tuu Kristofo fo sɛ wonnyigye wɔn ho ahɔho. (Rom. 12:13; 1 Pet. 4:9) Sɛ ehia sɛ Kristofo da ayamye adi kyerɛ anuanom a wɔabɛsra wɔn a, ɛnde sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔn nkwa da asiane mu anaa wɔn gyidi nti wɔretaa wɔn no!—Kenkan Mmebusɛm 3:27. *

7 Nnansa yi ara, ɔko ne ɔtaa a na ɛrekɔ so wɔ Ukraine apuei fam no maa Yehowa Adansefo mpempem pii guan fii wɔn fie. Wɔn a woguanee no, na wɔyɛ mmarima, mmea, ne mmofra. Awerɛhosɛm ne sɛ, wokunkum Adansefo no bi. Nanso, wɔn nuanom Adansefo a wɔwɔ Ukraine afã foforo gyee wɔn a woguanee no mu dodow no ara tenaa wɔn fie. Adansefo a wɔwɔ Russia nso gyee bebree tenaa wɔn fie. Anuanom a woguanee no mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu wɔ aman mmienu no mu efisɛ ‘wɔnyɛ wiase no fã.’ Wɔkɔ so de nsi ne ahokeka ‘ka asɛmpa no.’—Yoh. 15:19; Aso. 8:4.

BOA ATUBRAFO MA WƆNHYƐ WƆN GYIDI DEN

8, 9. (a) Nsɛnnennen bɛn na atubrafo betumi ahyia wɔ ɔman foforo so? (b) Adɛn nti na ehia sɛ yenya atubrafo ho abotare?

8 Atubrafo no bi wɔ hɔ a, wɔabɔ wɔn ahwete wɔ wɔn ankasa man mu. Afoforo pii nso akɔtena aman foforo so, na wonnim ɛhɔ asetena koraa. Ebia aban ahorow bɛma wɔn aduan, ntade, ne dabere. Nanso, ebia wɔrennya aduan a wɔpɛ nni. Atubrafo a wofi aman a ɛhɔ yɛ hyew mu no betumi ahyia awɔw bere a edi kan koraa wɔ wɔn asetena mu, na ebia wɔrenhu ntade a ɛfata sɛ wɔhyɛ. Na sɛ baabi a wofi no yɛ nkuraase a, ebia wɔrenhu sɛnea wɔde ɛnnɛ bere yi mu nnwinnade ne mfiri a yɛde yɛ ade wɔ fie no bedi dwuma.

9 Aban binom yɛ nhyehyɛe boa atubrafo ma wohu sɛnea wɔbɛtena ɔman foforo a wɔakɔ so no mu. Nanso, mpɛn pii no, sɛ aban ahorow no boa atubrafo no abosome kakraa bi a, na wɔagyaw wɔn sɛ wɔn ankasa nhwɛ wɔn ho. Wei betumi ayɛ ɔhaw ama wɔn paa. Wo de, hwɛ sɛ ɛho abehia sɛ ɛsɛ sɛ wusua kasa foforo ne amammerɛ foforo prɛko pɛ! Anaasɛ, hwɛ sɛ ɛsɛ sɛ wusua mmara foforo a ɛfa bere sodi, towtua, wo ho aka a wubetuatua, sukuukɔ ho ade, ne sɛnea wobɛteɛ wo mma so ho mpo. Wubetumi anya abotare aboa anuanom mmarima ne mmea a wɔrehyia nsɛnnennen a ɛte saa no na woadi wɔn ni anaa?—Filip. 2:3, 4.

10. Sɛ atubrafo ba baabi a yɛte a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn ama wɔn gyidi ayɛ den? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

10 Afei nso, ɛtɔ da a, atumfoɔ no ma ɛyɛ den ma yɛn nuanom a wɔyɛ atubrafo no sɛ wɔne asafo a ɛwɔ baabi a wɔakɔ no bɛbɔ. Nnwuma bi wɔ hɔ a, sɛ yɛn nuanom yɛ a, ɛremma wonnya kwan nkɔ asafo nhyiam. Nanso, aban nnwumakuw bi hunahuna yɛn nuanom sɛ, sɛ wɔanyɛ nnwuma a ɛte saa a, wɔremmoa wɔn anaa wɔrennye wɔn ntom sɛ atubrafo wɔ wɔn man no mu. Esiane sɛ wei ma ehu ka yɛn nuanom na wɔte nka sɛ wonni boafo biara nti, wɔn mu binom pene so yɛ nnwuma a ɛte saa. Enti sɛ yɛn nuanom a wɔyɛ atubrafo no ba yɛn man mu a, ehia paa sɛ yɛhwehwɛ wɔn ntɛm. Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho. Sɛ yɛda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn na yɛboa wɔn a, ebetumi ahyɛ wɔn gyidi den.—Mmeb. 12:25; 17:17.

BOA ATUBRAFO

11. (a) Nneɛma a edi kan a atubrafo hia no bi ne dɛn? (b) Dɛn na atubrafo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea afoforo yɛ ma wɔn?

11 Nea edi kan, yebetumi ama yɛn nuanom no aduan, ntade, anaa ahiade nketenkete foforo. * Nneɛma nketenkete te sɛ tae a yɛde bɛma onuabarima bi no betumi aboa no paa. Ɛsɛ sɛ atubrafo kyerɛ nneɛma ho anisɔ, na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ afoforo da sɛ wɔmma wɔn biribi. Sɛ atubrafo kyerɛ nneɛma ho anisɔ saa a, ɛbɛma anuanom a atubrafo no akɔsoɛ wɔn no ani agye wɔ nea wotumi yɛ ma atubrafo no ho. Nokwarem no, sɛ atubrafo no ammɔ wɔn ho mmɔden, na wɔhwɛ kwan sɛ afoforo bɛboa wɔn bere nyinaa a, ebetumi asɛe obu ne nidi a wɔwɔ. Ebetumi nso asɛe wɔne anuanom foforo ntam. (2 Tes. 3:7-10) Ne nyinaa mu no, ehia sɛ yɛboa atubrafo.

Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ atubrafo? (Hwɛ nkyekyɛm 11-13)

12, 13. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa atubrafo? (b) Ma ɛho nhwɛso.

12 Enhia sɛ yenya sika pii ansa na yɛatumi aboa atubrafo. Mmom no, nea atubrafo hia paa ne bere a yebenya ama wɔn, ne ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ wɔn. Mmoa no bi betumi ayɛ sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn baabi a wobenya bɔs anaa keteke akɔ baabi a wɔpɛ sɛ wɔkɔ. Afei nso, yebetumi aboa wɔn ama wɔahu baabi a wobenya aduan pa a ne bo nyɛ den atɔ. Anaa yebetumi akyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so anya nnwinnade ne mfiri bi ayɛ adwuma apɛ sika. Mfiri no bi ne afiri a wɔde pam ade anaa afiri a wɔde twa sare so. Nea ɛho hia paa no, wubetumi aboa wɔn ama wɔanya asafo a wɔaba mu no dwumadi mu kyɛfa kɛse. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa wo kar fa wɔn kɔ asafo nhyiam. Afei nso, kyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ mo asasesin no mu. Wo ne anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ atubrafo no nkɔ asɛnka.

13 Bere a mmabun baanan bi a wɔyɛ atubrafo kɔɔ asafo bi mu no, asafo mu mpanyimfo no bi kyerɛɛ wɔn karka, sɛnea wɔbɔ kɔmputa, sɛnea wɔkyerɛw adwuma ho nimdeɛ ne osuahu a obi wɔ, ne sɛnea wɔbɛhyehyɛ wɔn bere na ama wɔatumi asom Yehowa yiye. (Gal. 6:10) Ankyɛ na wɔn baanan nyinaa bɛyɛɛ akwampaefo. Saa akwankyerɛ a mpanyimfo no de maa wɔn, ne mmɔden a wɔn ankasa bɔe sɛ wɔde botae besisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu no boaa wɔn ma wonyaa nkɔso. Saa a wɔyɛe no nso ma wotumi twee wɔn ho fii Satan wiase no ho.

14. (a) Sɔhwɛ bɛn na ehia sɛ atubrafo ko tia? (b) Ma ɛho nhwɛso.

14 Sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ no, ehia sɛ Kristofo a wɔyɛ atubrafo ko tia sɔhwɛ ne nhyɛso a ɛbɛma ahonyade a wɔbɛhwehwɛ ho ahia wɔn asen wɔne Yehowa ntam abusuabɔ. * Bere a Lije a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no ne n’abusuafo reguan no, wɔn papa ma wonyaa gyidi ho asuade bi a wɔn werɛ amfi da. Lije kaa asuade a wɔn papa ma wonyae no ho asɛm sɛ: “Ɔtow nneɛma kakra a ɛho nhia pii a na yɛde reguan no gui mmaako mmaako. Awiei koraa no, ɔmaa bag a na hwee nnim bio no so kyerɛɛ yɛn, na ɔserew kyerɛɛ yɛn kae sɛ: ‘Moahu? Nneɛma a yɛatow agu no, emu biara nni hɔ a yehia ankasa!’”—Kenkan 1 Timoteo 6:8.

BOA ATUBRAFO MA WONNYA NNEƐMA A WOHIA PAA

15, 16. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa atubrafo ama (a) wɔn gyidi ayɛ den? (b) wɔanya awerɛkyekye?

15 Ehia sɛ yɛboa atubrafo ma wɔn gyidi yɛ den na wonya awerɛkyekye. Ɛno ho hia sen honam fam nneɛma a yɛde bɛma wɔn. (Mat. 4:4) Asafo mu mpanyimfo betumi aboa atubrafo ama wɔn nsa aka asafo nhoma wɔ wɔn kurom kasa mu. Wobetumi aboa wɔn nso ama wɔahu anuanom a wɔka wɔn kurom kasa. Atubrafo pii aguan agyaw wɔn abusuafo a na wɔbɛn wɔn paa, nnipa a na wɔne wɔn te mpɔtam, ne wɔn asafo ahorow hɔ. Ehia sɛ wohu sɛ wɔn mfɛfo Kristofo wɔ ayamhyehye ne ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi ma wɔn ho wɔn ho. Sɛ amma saa a, ebia wɔde wɔn ho bɛbɔ wɔn abusuafo a wonni asafo no mu anaa nkurɔfo a wɔne wɔn fi ɔman baako mu ho. (1 Kor. 15:33) Sɛ yɛma wɔte nka sɛ wɔka yɛn asafo no ho paa a, ɛma yenya hokwan boa Yehowa ma “ɔwɛn ɔhɔho.”—Dw. 146:9.

16 Ná abofra Yesu ne ne n’abusua ntumi nsan nkɔ wɔn kurom bere tenten a na wɔn a wɔretaa wɔn no da so di tumi no. Saa ara na atubrafo pii nso rentumi nkɔ wɔn kurom bere tenten a wɔn a wɔretaa wɔn no da so di tumi no. Afei nso, sɛnea Lije kae no: “Ɛyɛ den sɛ awofo pii a wohui sɛ wɔreto wɔn abusuafo mmonnaa na wɔrekunkum wɔn no bɛsan de wɔn mma akɔ mmeae a awerɛhosɛm a ɛte saa sisii no.” Sɛ anuanom a wɔwɔ aman a egye atubrafo mu no betumi aboa atubrafo a wɔafa awerɛhosɛm a ɛte saa mu no a, ɛsɛ sɛ wonya “tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene.” (1 Pet. 3:8) Ɔtaa ama atubrafo binom mpɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho akɔ afoforo ho, na ebia ɛbɛyɛ wɔn aniwu sɛ wɔbɛka amanehunu a wɔafa mu no ho asɛm, titiriw, bere a wɔn mma wɔ hɔ. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ me na mafa ɛyaw a ɛte saa mu a, sɛn na anka m’ani begye ho sɛ afoforo ne me bedi?’—Mat. 7:12.

SƐNEA YƐBƐKA ASƐMPA NO AKYERƐ ATUBRAFO A WƆNYƐ ADANSEFO

17. Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ atubrafo a, ɔkwan bɛn so na ɛma wonya abotɔyam?

17 Wɔabara asɛmpaka adwuma no wɔ aman a atubrafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii fi mu. Nanso, nsi a Adansefo a wɔwɔ aman a wogye atubrafo mu de ka asɛmpa no nti, atubrafo mpempem pii rete “ahenni no ho asɛm” nea edi kan koraa. (Mat. 13:19, 23) Nnipa pii a ‘wɔde nnesoa asoa wɔn’ renya awerɛkyekye ne abotɔyam wɔ yɛn asafo nhyiam ase. Nnipa a wɔte saa no ka no ntɛm ara sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”—Mat. 11:28-30; 1 Kor. 14:25.

18, 19. Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ atubrafo a, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ yɛn ade nyansam?

18 Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔka asɛmpa no kyerɛ atubrafo no yɛ “anifere,” na wɔma wɔn ‘ani tew.’ (Mat. 10:16; Mmeb. 22:3) Ɛsɛ sɛ wunya abotare tie atubrafo ma wɔka wɔn haw. Nanso, ɛnsɛ sɛ woma nkɔmmɔ no dan amanyɔsɛm. Fa akwankyerɛ a baa dwumadibea no de ama, ne nea atumfoɔ no de ama yɛ adwuma. Hwɛ sɛ woremfa w’ankasa anaa afoforo nkwa nto asiane mu da. Ɛsɛ sɛ wuhu adwene a atubrafo no wɔ wɔ ɔsom ho ne wɔn amammerɛ. Na ɛnsɛ sɛ woyɛ biribiara a ɛbɛhaw wɔn. Nhwɛso bi ni. Atubrafo a wofi aman bi so hwehwɛ sɛ mmea hyɛ ntade a ɛfata paa. Enti, sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ atubrafo a, hyɛ ntade a ɛrenhaw wɔn.

19 Sɛnea Samariani yamyefo a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu yɛe no, yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa a wɔrehu amane, a wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso ka ho. (Luka 10:33-37) Ɔkwampa a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Asafo mu panyin bi a waboa atubrafo pii kae sɛ: “Ehia sɛ yɛka kyerɛ wɔn ntɛm ara sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa wɔn ama wɔate Onyankopɔn asɛm ase, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbrɛ wɔn honam fam nneɛma. Sɛ yɛanyɛ saa a, wɔn mu binom de wɔn ho bɛbɔ yɛn de ahwehwɛ honam fam mmoa.”

ANIGYESƐM A EFI MU BA

20, 21. (a) Sɛ yɛda Kristofo dɔ adi kyerɛ atubrafo a, adepa bɛn na efi mu ba? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Sɛ yɛda Kristofo dɔ adi kyerɛ “ahɔho” a, adepa fi mu ba. Onuawa bi kae sɛ, ɔtaa nti n’abusuafo guan fii Eritrea. Ne mma baanan de nnawɔtwe twaa kwan faa anhweatam so. Awiei koraa no, wokoduu Sudan a na wɔabrɛ paa. Onuawa no kae sɛ: “Anuanom a wɔwɔ hɔ no gyee wɔn te sɛ nea wɔyɛ wɔn abusuafo. Wɔmaa wɔn aduan, ntade, dabere, ne sika a wɔde bɛforo kar. Henanom bio na wobegye ahɔho atena wɔn fie esiane sɛ wɔne wɔn som Onyankopɔn koro ara nti? Yehowa Adansefo nkutoo na wɔbɛyɛ saa!”—Kenkan Yohane 13:35.

21 Mmofra pii a wɔne wɔn awofo kɔ mmeae foforo sɛ atubrafo ne atukɔfo no nso ɛ? Adesua a edi hɔ mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn nyinaa betumi aboa mmusua a ɛte saa ama wɔde anigye asom Yehowa.

^ nky. 2 Adesua yi mu no, yɛde asɛmfua “atubrafo” begyina hɔ ama nnipa a ɔko, ɔtaa, anaa atoyerɛnkyɛm ama wɔaguan afi wɔn fie. Atubrafo yi betumi ayɛ wɔn a wɔaguan afi wɔn fie akɔ ɔman foforo so anaasɛ wɔaguan kɔ wɔn ankasa man no fã foforo bi. UNHCR (Amanaman Nkabom Soafo Panyin a Ɔhwɛ Atubrafo Ho Nsɛm So) kyerɛ sɛ, ɛnnɛ, wɔ wiase nyinaa no, “nnipa 113 biara mu 1 aguan afi ne fie.”

^ nky. 6 Hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “Mommma Mo Werɛ Mmfi sɛ Mobɛda Ayamye Adi Akyerɛ Ahɔho” a epuee October 2016, Ɔwɛn-Aban mu wɔ kr. 8-12 no.

^ nky. 11 Sɛ atubrafo kɔ baabi a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no yɛ ntɛm de akwankyerɛ a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 8, nkyekyɛm 30 no yɛ adwuma. Sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wɔne asafo a otubrafo bi fi mu di nkitaho a, mpanyimfo no betumi afa jw.org so ne baa dwumadibea a ɛwɔ mpanyimfo no ankasa man mu adi nkitaho. Enkosi sɛ mpanyimfo no bɛte biribi afi asafo a otubrafo no fi mu hɔ no, wobetumi de anifere abisabisa otubrafo no nsɛm bi afa asafo a ofi mu ne n’asɛnka adwuma ho. Ɛno bɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea otubrafo no mmɔdenbɔ te wɔ Onyankopɔn som mu.

^ nky. 14 Hwɛ nsɛm a epuee April 15, 2014, Ɔwɛn-Aban mu wɔ kratafa 17-​26 a wɔato din, “Obiara Ntumi Nsom Awuranom Baanu” ne “Nya Akokoduru​—Yehowa Ne Wo Boafo!” no.