Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Mma

Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Mma

“Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.”—3 YOH. 4.

NNWOM: 88, 41

1, 2. (a) Ɔhaw bɛn na atukɔfo mma pii hyia? (b) Nsɛmmisa bɛn na adesua yi bɛma yɛanya ho mmuae?

JOSHUA ka sɛ: “Efi me mmofraase nyinaa, kasa a m’awofo a wɔyɛ atukɔfo ka no, ɛno ara na na meka wɔ fie ne asafo no mu. Nanso, bere a mifii sukuu ase no, m’ani begyee kasa a wɔka wɔ ɔman a yɛte mu no ho mmom. Mfe kakraa bi akyi no, na ɔman a yɛte mu no kasa nko ara na meka. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ m’awofo kasa mu a, na mente nea wɔka no ase. Ná m’awofo amammerɛ abɛyɛ ade foforo koraa ama me.” Nea ɛtoo Joshua no, ato nnipa pii.

2 Ɛnnɛ, nnipa bɛboro 240,000,000 na wɔatu afi ɔman a wɔwoo wɔn mu akɔtena ɔman foforo so. Sɛ woyɛ ɔwofo a woatu akɔ ɔman foforo so a, wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama wɔanya hokwan a ɛsen biara de asua Yehowa ho ade na wɔadɔ no, na ama wɔatumi akɔ so ‘anantew nokware no mu’? (3 Yoh. 4) Dɛn na afoforo nso betumi ayɛ de aboa?

AWOFO, MONYƐ NHWƐSO PA

3, 4. (a) Awofo bɛyɛ dɛn ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ awofo hwɛ kwan sɛ wɔn mma bɛyɛ?

3 Awofo, nhwɛso a mobɛyɛ ama mo mma ho hia paa na ama wɔatumi afa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Sɛ wo mma hu sɛ ‘wohwehwɛ Ahenni no kan’ a, ɛbɛma wɔasua sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so ama wɔanya nea wohia da biara. (Mat. 6:33, 34) Enti, nyɛ akɛsesɛm. Ma Yehowa som ho nhia wo nsen honam fam nneɛma, na mfa honam fam nneɛma nsesa Yehowa som. Bɔ mmɔden sɛ woremma ɛka mmene wo. Hwehwɛ “ademude wɔ soro,” kyerɛ sɛ, bɔ mmɔden sɛ wubenya Yehowa anim dom sen sɛ wobɛhwehwɛ “nnipa anuonyam.”—Kenkan Marko 10:21, 22; Yoh. 12:43.

4 Ɛnsɛ sɛ wosoa nnwuma pii gu wo ho so araa ma enti worennya wo mma ho adagyew mpo. Sɛ wo mma si gyinae sɛ wɔde Yehowa som bedi kan wɔ wɔn asetenam, na wɔrenhwehwɛ din anaa ahonyade mma wo anaa wɔn ho a, ma wonhu sɛ w’ani gye gyinae a wɔasi no ho. Ebinom wɔ adwene sɛ, ɛyɛ mmofra asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn awofo ma awofo no nya asetena pa. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristoni nya saa adwene a ɛmfata no bi. Kae sɛ, “ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma wɔn awofo, na mmom awofo na ɛsɛ sɛ wɔpɛ ade ma wɔn mma.”—2 Kor. 12:14.

AWOFO, MUNSUA KASA A MO MMA KA NA MONKYERƐ WƆN MO KUROM KASA

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo ka Yehowa ho asɛm kyerɛ wɔn mma?

5 Sɛnea Bible ka too hɔ no, nnipa “a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa” reba Yehowa ahyehyɛde no mu. (Sak. 8:23) Nanso, sɛ wo mma nte kasa a woka no yiye a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu nokware no. Wo mma na wɔyɛ wo Bible asuafo a wɔn ho hia paa, na sɛ wobenya daa nkwa a, gye sɛ wɔba ‘behu’ Yehowa. (Yoh. 17:3) Nea ɛbɛyɛ na wo mma atumi asua Yehowa nkyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ ‘woka ho asɛm’ bere biara a ɛfata.—Kenkan Deuteronomium 6:6, 7.

6. Sɛ wo mma sua wo kurom kasa a, mfaso bɛn na wobenya? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Wo mma betumi asua kasa a wɔka wɔ ɔman a mote mu no wɔ sukuu ne mpɔtam a mote no. Nanso, wo kurom kasa de, gye sɛ wohyɛ da ne wɔn ka bere nyinaa ansa na wɔatumi asua. Sɛ wo mma te wo kurom kasa no a, ɛbɛma wɔatumi aka wɔn komam asɛm akyerɛ wo. Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara. Mfaso foforo wɔ wo kurom kasa a wo mma bɛte no so. Sɛ mmofra tumi ka kasa mmienu a, ɛboa wɔn ma wotumi dwinnwen nneɛma ho yiye, na ɛma wotumi ne nnipa ahorow nyinaa bɔ. Ebetumi nso aboa wɔn ama wɔatumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Carolina awofo yɛ atukɔfo. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me anika paa sɛ mewɔ asafo a ɛka ɔman foforo so kasa mu. M’ani gye paa sɛ mereboa wɔ baabi a mmoa ho hia.”

7. Sɛ w’abusua no mufo bi nte wo kurom kasa anaa kasa a wɔka wɔ ɔman a mote mu no a, dɛn na wobɛyɛ?

7 Sɛ atukɔfo mma sua ɔman a wɔte mu no amammerɛ ne wɔn kasa a, ebedu baabi no na wɔn mu bi ani nnye ho papa sɛ wɔbɛka wɔn awofo kurom kasa. Ebinom mpo de, wɔn werɛ tumi fi wɔn awofo kurom kasa koraa. Awofo, sɛ saa na mo mma te a, mubetumi abɔ mmɔden asua ɔman a mote mu no kasa kakra anaa? Sɛ wote nkɔmmɔ a wo mma bɔ ase, wote nneɛma a wɔde gyigye wɔn ani ase, wote nneɛma a wosua wɔ sukuu ase, na wutumi ne wɔn akyerɛkyerɛfo bɔ nkɔmmɔ a, ɛbɛboa wo paa ama woatumi atete wɔn ama wɔabɛyɛ Kristofo. Nokwasɛm ne sɛ, egye bere, mmɔdenbɔ, ne ahobrɛase na ama woatumi asua kasa foforo. Nanso, ma yɛmfa no sɛ biribi nti wo ba abɛdan mum. Anka, woremmɔ mmɔden sɛ wubesua mum kasa na ama woatumi ne no abɔ nkɔmmɔ anaa? Saa ara na ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo ba a kasa foforo na otumi ka no yiye no. Ɛnte saa anaa? *

8. Sɛ wuntumi nka kasa a wɔka wɔ ɔman a wote mu no yiye a, dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi aboa wo mma?

8 Nokwasɛm ne sɛ, ebia ɛbɛyɛ den ama awofo binom a wɔyɛ atukɔfo sɛ wɔbɛka kasa foforo a wɔn mma ka no yiye. Ɛno betumi ama ayɛ den ama awofo no sɛ wɔbɛboa wɔn mma ama wɔanya “nkyerɛwee kronkron no” mu nimdeɛ a emu dɔ. (2 Tim. 3:15) Sɛ worehyia ɔhaw a ɛte saa mpo a, wubetumi aboa wo mma ama wɔabehu Yehowa na wɔadɔ no. Shan yɛ asafo mu panyin seesei. Ɔkaa ne suahu sɛ: “Ná yɛn maame yɛ ɔbaatankoro. Ná ɔnte kasa a me ne me nuabeanom ka no yiye. Saa ara na na yɛn nso yɛnte ne kurom kasa a ɔka no yiye. Nanso, na yehu sɛ osua ade, ɔbɔ mpae, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛyɛ abusua som nnawɔtwe biara. Ɛno ma yebehui sɛ, Yehowa a yebehu no no ho hia paa.”

9. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa mmofra a ehia sɛ wɔne wɔn sua ade wɔ kasa mmienu mu?

9 Mmofra binom wɔ hɔ a, ebehia sɛ wɔne wɔn sua Yehowa ho ade wɔ kasa mmienu mu. Saa kasa yi ne kasa a wɔka wɔ sukuu, ne kasa a wɔka wɔ fie. Ɛno nti, awofo binom de nhoma, nneɛma a yɛbɔ tie, ne video ahorow a ɛwɔ kasa mmienu no nyinaa mu kyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ atukɔfo nya bere pii ma wɔn mma na wɔbɔ wɔn ho mmɔden ansa na wɔatumi aboa wɔn mma ama wɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den.

ASAFO A ƐKA KASA BƐN NA ƐSƐ SƐ MOKƆ MU?

10. (a) Hena na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔkyerɛ kasa a abusua no bɛkɔ asafo nhyiam wom? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wasi gyinae?

10 Sɛ “ahɔho” nte mmɛn Adansefo a wɔka wɔn kurom kasa a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ asafo nhyiam wɔ asafo a ɛka ɔman a wɔte mu no kasa. (Dw. 146:9) Nanso, sɛ asafo bi a ɛka wo kurom kasa bɛn baabi a wote a, ɛma asɛmmisa bi sɔre. Ɛne sɛ: Asafo a ɛka kasa bɛn na sɛ w’abusua no kɔ mu a ɛbɛboa mo? Ɛsɛ sɛ abusua ti no tɔ ne bo ase susuw asɛm no ho, ɔbɔ ho mpae, na ɔne ne yere ne ne mma nyinaa dwinnwen ho. Sɛ abusua ti no yɛ weinom nyinaa wie a, ɛsɛ sɛ osi gyinae. (1 Kor. 11:3) Nneɛma bɛn na abusua ti no begyina so asi asɛm no ho gyinae? Nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa no? Momma yensusuw ebi ho nhwɛ.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na kasa a wɔka wɔ asafo nhyiam ase no boa abofra ma ɔte nea ɛkɔ so wɔ hɔ no ase? (b) Adɛn nti na mmofra binom mpɛ sɛ wosua wɔn awofo kurom kasa?

11 Ɛsɛ sɛ awofo susuw nea wɔn mma hia ankasa ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho kasa a wɔka wɔ asafo nhyiam ase no, sɛ abofra betumi ate nokware no ase yiye a, ɛnyɛ nnɔnhwerew kakra a yɛde sua Yehowa ho ade wɔ asafo nhyiam ase nnawɔtwe biara no nko ara na ɛbɛboa no. Nanso, susuw asɛm yi ho hwɛ: Sɛ wɔyɛ asafo nhyiam wɔ kasa a mmofra te no yiye paa mu a, nhyiam no ase nko ara a mmofra no wɔ mpo ma wotumi sua nneɛma pii. Ɛtɔ da a, na awofo no nnim mpo sɛ wɔn mma no te nneɛma ase saa. Nanso, sɛ mmofra kɔ asafo nhyiam wɔ asafo a wɔka kasa a wɔnte ase yiye mu a, wɔrente nneɛma ase saa. (Kenkan 1 Korintofo 14:9, 11.) Bio nso, sɛ kasa bi yɛ abofra bi kurom kasa mpo a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ ɛno ne kasa a ɛma ɔte nneɛma ase, anaa mpo ɛno ne kasa a ɛka ne koma. Nokwasɛm ne sɛ, mmofra binom wɔ hɔ a, wosua sɛnea wɔde wɔn awofo kurom kasa bɛma mmuae, ayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow, na wɔde ama ɔkasa ahorow. Nanso, ebetumi aba sɛ nsɛm a wɔka no mfi wɔn komam ankasa.

12 Afei nso, ɛnyɛ kasa nko ara na etumi kanyan abofra koma ma ɔyɛ ade. Saa na ɛtoo Joshua a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no. Joshua nuabea Esther ka sɛ, “sɛ mmofra nkumaa ani gye wɔn awofo kurom kasa ho a, ɛma wɔn ani gye wɔn awofo amammerɛ ne wɔn som nso ho.” Enti sɛ mmofra nte wɔn awofo amammerɛ ase yiye a, ebia wɔn ani rennye ho sɛ wobesua wɔn awofo kurom kasa ne ɔsom a wɔwɔ mu ho ade. Sɛ ɛba saa a, dɛn na awofo a wɔyɛ atukɔfo betumi ayɛ?

13, 14. (a) Adɛn nti na awarefo bi a wɔyɛ atukɔfo ne wɔn abusua kɔɔ asafo bi a wɔka ɔman a wɔte mu no kasa mu? (b) Dɛn na awofo no yɛe a ɛmaa wɔn gyidi kɔɔ so yɛɛ den?

13 Awofo a wɔyɛ Kristofo ma nkɔso a wɔn mma benya wɔ Onyankopɔn som mu ho hia wɔn sen nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho. (1 Kor. 10:24) Samuel a ɔyɛ Joshua ne Esther papa no ka sɛ: “Me ne me yere de yɛn ani too fam hwɛɛ kasa a sɛ yɛn mma no sua nokware no wom a ɛka wɔn koma, na yɛbɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa. Mmuae a yenyae no, ɛnyɛ ɛno na na yɛn ani gye ho. Nanso, bere a yehui sɛ yɛn mma no nnya asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ yɛn kurom kasa mu no so mfaso ahe biara no, yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ asafo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa mu. Ná yɛbom kɔ asafo nhyiam ne asɛnka daa. Afei nso, na yɛto nsa frɛ yɛn nnamfo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa ma wɔne yɛn bedidi, na na yɛne wɔn tutu akwan kɔhwehwɛ mmeaemmeae kogye yɛn ani. Weinom nyinaa boaa yɛn mma no ma wohuu anuanom yiye. Na ɛma wohui sɛ Yehowa yɛ wɔn Nyankopɔn, na ɔsan nso yɛ wɔn Agya ne wɔn Adamfo. Ná wei ho hia yɛn koraa sen sɛ wɔbɛte yɛn kurom kasa no yiye.”

14 Samuel toaa so sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na me ne me yere gyidi akɔ so ayɛ den no, na me ne no san kɔ asafo nhyiam wɔ yɛn kurom kasa mu. Ná yenni adagyew koraa, na na yɛbrɛ nso. Nanso, yɛda Yehowa ase sɛ ohyiraa mmɔden ne afɔre a yɛbɔe no so. Seesei yɛn mma baasa no nyinaa resom Yehowa, na wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma.”

NEA MMOFRA BETUMI AYƐ

15. Onuawa bi a wɔfrɛ no Kristina tee nka sɛ, sɛ ɔkɔ asafo a wɔka ɔman a ɔte mu no kasa a, ɛbɛboa no. Adɛn ntia?

15 Sɛ mmofra nyinyin a, ebia wobehu sɛ, sɛ wɔkɔ asafo a wɔka kasa a wɔte ase paa mu a, ɛbɛma wɔatumi asom Yehowa yiye. Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ wɔn awofo adwene yɛ wɔn sɛ wɔn mma no nnɔ wɔn bio. Kristina ka sɛ: “Ná mete m’awofo kurom kasa kakra, nanso sɛ wɔde yɛ asafo nhyiam a, na mente ase koraa. Bere a midii mfe 12 no, mekɔɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ kasa a na wɔde kyerɛ yɛn ade wɔ sukuu no mu. Ɛno ne bere a edi kan koraa a mihui sɛ asɛm a na meretie no ne nokware no! Mifii ase bɔɔ mpae wɔ kasa a wɔde kyerɛ yɛn ade wɔ sukuu mu no mu, na ɛno nso boaa me paa. Afei de, na mitumi ka me komam asɛm kyerɛ Yehowa!” (Aso. 2:11, 41) Bere a Kristina nyinii no, ɔne n’awofo susuw asɛm no ho, na osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ asafo a wɔka ɔman a wɔte mu no kasa mu. Kristina ka sɛ: “Bere a misuaa Yehowa ho ade wɔ kasa a wɔde kyerɛ me ade wɔ sukuu mu no, ɛkanyan me ma mekekaa me ho.” Ankyɛ koraa na Kristina bɛyɛɛ daa kwampaefo, na n’ani agye paa.

16. Onuawa bi a wɔfrɛ no Nadia ani agye sɛ ɔkɔɔ so tenaa asafo a wɔka n’awofo kurom kasa mu. Adɛn ntia?

16 Mmofra, munyae a anka mowɔ asafo a wɔka ɔman a mote mu no kasa mu? Sɛ ɛte saa a, mummisa mo ho nea enti a mopɛ sɛ moyɛ saa. Sɛ mokɔ asafo a ɛte saa mu a, ɛbɛboa mo ama moabɛn Yehowa yiye anaa? (Yak. 4:8) Anaa mopɛ sɛ mufi asafo a wɔka mo awofo kurom kasa mu efisɛ mompɛ sɛ mo awofo behu nneɛma biara a moyɛ? Anaasɛ mompɛ sɛ moyere mo ho sua kasa a mo awofo ka anaa moyere mo ho wɔ Yehowa som mu? Seesei, Nadia som wɔ Betel. Ɔka sɛ: “Bere a me ne me nuanom dii mfe 13 ne akyi no, na yɛpɛ sɛ yefi asafo a wɔka yɛn awofo kurom kasa mu kɔ asafo a wɔka ɔman a yɛte mu no kasa mu.” Nanso, na Nadia awofo nim sɛ, sɛ wɔn mma no kɔ asafo a ɛte saa mu a, ɛremmoa wɔn mma wɔn gyidi nyɛ den. Nadia ka sɛ: “Seesei ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn awofo yeree wɔn ho kyerɛɛ yɛn wɔn kurom kasa, na wɔma yɛkɔɔ so tenaa asafo a wɔka wɔn kurom kasa no mu. Saa a wɔyɛe no ama yɛn gyidi ayɛ den paa, na ama yɛanya hokwan pii a yɛde bɛboa afoforo ama wɔahu Yehowa.”

SƐNEA AFOFORO BETUMI ABOA

17. (a) Henanom na Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔntete mmofra? (b) Awofo bɛyɛ dɛn anya mmoa de nokware no atete wɔn mma?

17 Awofo na Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nokware no ntete wɔn mma. Wamfa anhyɛ mmofra no nananom, anaa obi foforo biara nsa. (Kenkan Mmebusɛm 1:8; 31:10, 27, 28.) Nanso, ebia awofo a wɔnte kasa a wɔka wɔ ɔman a wɔte mu no behia mmoa na ama wɔatumi de nokware no adua wɔn mma koma mu. Sɛ awofo yɛ nhyehyɛe hwehwɛ mmoa a ɛte saa a, ɛnkyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma. Mmom no, mmoa a ɛte saa a wɔhwehwɛ no betumi aka nhyehyɛe a wɔayɛ de retete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” no ho. (Efe. 6:4) Sɛ nhwɛso no, awofo betumi ama asafo mu mpanyimfo aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ abusua som. Afei nso, wobetumi ama mpanyimfo no aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wobetumi anya nnamfo pa ama wɔn mma.

Sɛ mmofra ne awofo nyinaa ne asafo no bɔ a, wonya so mfaso (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na anuanom mmarima ne mmea a wɔdɔ Yehowa betumi aboa mmofra? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kɔ so yɛ?

18 Sɛ nhwɛso no, bere ne bere mu, awofo betumi ato nsa afrɛ mmusua foforo ama wɔabɛka wɔn ho na wɔabom ayɛ abusua som. Afei nso, mmofra sua nneɛma pii fi anuanom a wɔde Yehowa som di kan wɔ wɔn asetenam hɔ. Ebia anuanom a wɔte saa no ne mmofra no bɛkɔ asɛnka anaa wɔne wɔn bɛbom ayɛ nneɛma bi a ɛfata de agyigye wɔn ani. (Mmeb. 27:17) Shan a yɛfaa n’asɛm kae no ka sɛ: “Mekae anuanom mmarima a wɔmaa wɔn ani kũũ me ho no paa. Bere biara a wɔboaa me ma misiesiee dwumadi a mɛyɛ wɔ asafo nhyiam ase no, misuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ. Nneɛma a yɛbɔɔ mu yɛe de gyigyee yɛn ani no maa m’ani gyee paa.”

19 Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a awofo no bɛpaw wɔn sɛ wɔmmoa wɔn mma no, ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra no ma wonya obu ma wɔn awofo bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔka awofo no ho nsɛm a ɛfata kyerɛ mmofra no, na ɛnsɛ sɛ wogye awofo no asɛyɛde fi wɔn nsam. Bio, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔboa awofo no yɛ nneɛma biara a asafo no mufo ne wɔn a wonni asafo no mu bebu no sɛ nneyɛe bɔne. (1 Pet. 2:12) Ɛnsɛ sɛ awofo dan wɔn mma hyɛ afoforo nsa sɛ wɔmmoa wɔn mma wonhu nokware no bere a wɔn ankasa nyɛ hwee mfa mmoa mmofra no. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo no kɔ so ma wɔn ani di mmoa a wɔn nuanom Kristofo binom de rema wɔn mma no akyi. Na ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nso kɔ so kyerɛkyerɛ wɔn mma no.

20. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ama wɔabɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo?

20 Awofo, mommɔ mpae nhwehwɛ Yehowa mmoa, na mommɔ mmɔden nyɛ nea mubetumi biara. (Kenkan 2 Beresosɛm 15:7.) Ma adamfofa a wo ba ne Yehowa benya no ho nhia wo nsen nneɛma a w’ankasa ani gye ho. Yɛ nea wubetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn Asɛm no bedu wo ba koma mu. Kɔ so ara nya awerɛhyem sɛ wo ba betumi abɛyɛ Yehowa somfo nokwafo. Sɛ wo mma tie nea Onyankopɔn Asɛm no ka na wosuasua wo nhwɛso pa a, akyinnye biara nni ho sɛ, wobɛte nka te sɛ ɔsomafo Yohane. Ɔkaa wɔn a ɔboaa wɔn ma wosuaa nokware no ho asɛm sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.”—3 Yoh. 4.

^ nky. 7 Hwɛ asɛm a wɔato din “You Can Learn Another Language!” (Wubetumi Asua Kasa Foforo!) a epuee March 2007, Nyan! Borɔfo de no mu wɔ kr. 10-12.