Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommma Mo Dɔ Ano Nnwo

Mommma Mo Dɔ Ano Nnwo

“Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso nti nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.”—MAT. 24:12.

NNWOM: 60, 135

1, 2. (a) Asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 24:12 no, henanom paa na na ɛfa wɔn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Asomafo Nnwuma nhoma no ma yehu sɛ tete Kristofo dodow no ara kɔɔ so daa ɔdɔ adi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

“BERE a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no fã bi ne sɛ, “nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mat. 24:3, 12) Asomafo no bere so no, Yudafo a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no maa ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ano dwoe.

2 Nanso, Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no dodow no ara kɔɔ so ‘kyerɛkyerɛe kaa Kristo ho asɛmpa.’ Wɔdaa no adi sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn mfɛfo Kristofo, ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo. (Aso. 2:44-47; 5:42) Nanso, Yesu akyidifo a na wɔwɔ asomafo no bere so no bi maa wɔn dɔ ano dwoe.

3. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Kristofo binom dɔ ano dwoe?

3 Asomafo no bere so no, Yesu Kristo a na wɔanyan no afi awufo mu kɔ soro no kasa kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.” (Adi. 2:4) Dɛn ne ade baako a ɛbɛyɛ sɛ ɛma wogyaw ɔdɔ a na wɔwɔ kan no? Ɛbɛyɛ sɛ wiase no adwene a esi honam nneɛma so no na enyaa Kristo asuafo a wɔtenaa ase tete no so nkɛntɛnso. (Efe. 2:2, 3) Sɛnea nneyɛe bɔne abu so wɔ nkurow akɛse pii mu nnɛ no, saa ara na na ɛte wɔ Efeso kurow no mu wɔ asomafo no bere so. Ná Efeso kurow no mufo di yiye paa, na wɔde wɔn ani sii afɛfɛde, ahomegye, ne asetena pa a wobenya so kɛse. Ɛda adi sɛ, anigyede a na kurow no mufo di akyi nti na amma wɔantumi anna ɔdɔ kann adi. Afei nso, na ahohwibra ne ɔbrasɛe abu so wɔ kurow no mu.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa dɔ ano adwo wɔ yɛn bere yi so? (b) Nneɛma mmiɛnsa bɛn ho na wobetumi asɔ yɛn dɔ ahwɛ?

4 Nkɔm a Yesu hyɛe sɛ nnipa dɔ ano bedwo no fa yɛn bere yi nso ho. Ɛnnɛ, ɔdɔ a nnipa wɔ ma Onyankopɔn ano dwo ara na ɛredwo. Nnipa ɔpepem pii adan wɔn akyi akyerɛ Onyankopɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ nnipa ahyehyɛde ahorow na ebesiesie adesamma haw ama yɛn. Enti, nnipa a wɔnsom Yehowa Nyankopɔn no dɔ ano dwo ara na ɛredwo. Nanso, sɛnea tebea ahorow a ɛkɔɔ so wɔ Efeso asafo no mu wɔ asomafo no bere so ma yehu no, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi agye wɔn ho adi dodo na wɔagyaagyae wɔn ho ama wɔn dɔ ano adwo. Afei, momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a wobetumi asɔ yɛn dɔ ahwɛ wɔ ho: (1) Ɔdɔ a yebenya ama Yehowa, (2) nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye a yebenya, ne (3) ɔdɔ a yebenya ama yɛn nuanom.

ƆDƆ A YEBENYA AMA YEHOWA

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

5 Ɛda a Yesu de ɔdɔ a ano bedwo ho kɔkɔbɔ mae no, na wadi kan asi ɔdɔ bi a ɛho hia sen biara so dua saa da no ara. Yesu kae sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan.” (Mat. 22:37, 38) Nokwarem no, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa a, ɛboa yɛn ma yedi Yehowa ahyɛde so, yekura yɛn mũdi mu, na ɛma yekyi bɔne. (Kenkan Dwom 97:10.) Nanso, Satan ne ne wiase no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no.

6. Ɔdɔ a nnipa wɔ ma Onyankopɔn ano adwo. Dɛn na afi mu aba?

6 Ɔdɔ ho adwene a nnipa a wɔwɔ wiase yi mu wɔ no nteɛ. Sɛ́ anka nnipa bɛdɔ Ɔbɔadeɛ no, wɔabɛyɛ “ahopɛ” mmom. (2 Tim. 3:2) Wiase a Satan di so yi hyɛ “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” no ho nkuran. (1 Yoh. 2:16) Ɔsomafo Paulo bɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma a ɔhonam pɛ. Ɔkae sɛ: “Adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu . . . efisɛ adwene a esi honam nneɛma so no yɛ ɔtan a wɔtan Onyankopɔn.” (Rom. 8:6, 7) Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔde wɔn bere nyinaa adi ahonyade anaa nna ho akɔnnɔ akyi no, ansi wɔn yiye, na wɔapira wɔn ho kɛse.—1 Kor. 6:18; 1 Tim. 6:9, 10.

7. Ɔhaw ahorow bɛn na Kristo akyidifo hyia nnɛ?

7 Aman bi so no, nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ, ne wɔn a wogye adannandi di no keka nsɛm bi a ebetumi ama ɔdɔ a obi wɔ ma Onyankopɔn no ano adwo. Ebetumi nso ama obi anya adwene sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nkurɔfo a wɔte saa no ama nnipa pii anya adwene sɛ, wɔn a wonnim nyansa anaa wonni nimdeɛ na wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Bere koro no ara, nnipa pii de obu kɛse ma nyansahufo. Saa a wɔyɛ no ayi nkurɔfo adwene afi yɛn Bɔfo no so. (Rom. 1:25) Sɛ yetie nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a, ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho, na ebetumi nso ama yɛn dɔ ano adwo.—Heb. 3:12.

8. (a) Tebea ahorow a etumi bu nnipa abam bɛn na Yehowa nkurɔfo pii rehyia? (b) Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ Dwom 136?

8 Sɛ yɛn abam bu a, ebetumi ama yɛn gyidi nso ayɛ mmerɛw, na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ano adwo. Wiase bɔne a Satan di so yi mu no, ɛtɔ da a, yɛn nyinaa tumi hyia tebea ahorow a ebu yɛn abam. (1 Yoh. 5:19) Ebia seesei nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, yare, anaa sikasɛm mu ahokyere ama yɛrehyia ɔhaw pii. Anaa ebia ɛhaw yɛn sɛ yentumi nyɛ nneɛma bi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Saa ara na sɛ yɛhwɛ nneɛma bi kwan na yɛn nsa nka a, ɛno nso tumi haw yɛn. Afei nso, yɛn ankasa mmerɛwyɛ tumi haw yɛn. Nanso, sɛ yehyia tebea ahorow a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka anaa yenya adwene da sɛ Yehowa agyaw yɛn. Mmom no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ɔdɔ a ɛnsa da a Yehowa wɔ ma yɛn no ho na ɛkyekye yɛn werɛ. Awerɛkyekyesɛm a ɛte saa no bi wɔ Dwom 136:23. Ɛka sɛ: ‘Nea ɔkaee yɛn wɔ yɛn abɛbrɛsɛ mu no, n’adɔe wɔ hɔ daa.’ Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adɔe wɔ hɔ daa ma n’asomfo. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa tie yɛn “nkotɔsrɛ,” na ɔbɛyɛ yɛn abisade ama yɛn.—Dw. 116:1; 136:24-26.

9. Dɛn na ɛhyɛɛ Paulo den ma ɔkɔɔ so kuraa ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no mu?

9 Sɛnea odwontofo no yɛe no, Paulo nso dwinnwen sɛnea Yehowa boa n’asomfo daa no ho ma ɛhyɛɛ no den. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?” (Heb. 13:6) Ahotoso a Paulo nyae sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo wɔ ɔdɔ mu no boaa no ma ogyinaa nsɛnnennen a na ɔrehyia no ano. Wamma tebea ahorow a ɛhaw adwene no anhyɛ ne so. Nokwasɛm ne sɛ, bere a na Paulo da afiase no, ɔkyerɛw nkrataa dodow bi a na emu nsɛm hyɛ nkuran paa. (Efe. 4:1; Filip. 1:7; Filem. 1) Nokwarem no, bere a na Paulo refa sɔhwɛ a emu yɛ den mu mpo no, ɔkɔɔ so kuraa ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no mu. Dɛn na ɛhyɛɛ no den ma otumi yɛɛ saa? Paulo kɔɔ so de ne ho too “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu” no so. (2 Kor. 1:3, 4) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paulo na yɛakɔ so ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu ayɛ den?

Dɔ Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Yɛbɛyɛ dɛn ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu akɔ so ayɛ den?

10 Paulo ankasa kyerɛɛ ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu akɔ so ayɛ den. Ɔkyerɛw ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da.” Akyiri yi, ɔkyerɛwee sɛ: “Munkura mpaebɔ mu denneennen.” (1 Tes. 5:17; Rom. 12:12) Sɛ yɛbɔ mpae a, yɛne Onyankopɔn di nkitaho. Saa nkitaho no yɛ ade titiriw a ɛma yetumi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. (Dw. 86:3) Sɛ yegye bere de ka nea ɛwɔ yɛn tirim ne yɛn komam ankasa kyerɛ Yehowa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabɛn yɛn soro Agya a ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo” no kɛse. (Dw. 65:2) Afei nso, sɛ yehu sɛ Yehowa atie yɛn mpaebɔ a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. Ɛboa yɛn ma yehu paa sɛ “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dw. 145:18) Sɛ yenya ahotoso sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔrennyaw yɛn a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina yɛn gyidi ho sɔhwɛ foforo biara a yebehyia ano.

NOKWARE A ƐWƆ BIBLE MU NO HO ANIGYE A YEBENYA

11, 12. Yɛbɛyɛ dɛn anya nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye kɛse?

11 Kristofo de, yɛn ani gye nokware ho, na yegye tom. Onyankopɔn Asɛm no mu na yehu nokware no. Yesu bɔɔ n’Agya mpae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yoh. 17:17) Enti sɛ yɛn ani begye nokware no ho a, gye sɛ yenya nokware nimdeɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. (Kol. 1:10) Nanso, nimdeɛ a yebenya nko ara nnɔɔso. Momma yɛnhwɛ sɛnea odwontofo a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛw Dwom 119 no boa yɛn ma yehu nea ɛbɛma yɛn ani agye nokware a ɛwɔ Bible mu no ho. (Kenkan Dwom 119:97-100.) Yemmisa sɛ, so yegye bere dwinnwen nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho da mũ no nyinaa? Sɛ yedwinnwen akwan a yɛbɛfa so de nokware a ɛwɔ Bible mu no abɔ yɛn bra ama yɛanya so mfaso ho a, ɛbɛma yɛn ani asɔ nokware a ɛwɔ Bible mu no kɛse.

12 Odwontofo no kɔɔ so kae sɛ: “Hwɛ sɛnea wo nsɛm yɛ fremfrem wɔ me dodom, ɛsen ɛwo wɔ m’anom!” (Dw. 119:103) Saa ara na yɛn nso, yebetumi atɔ yɛn bo ase de anigye adi honhom fam aduan dɛdɛɛdɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no gyina Bible so siesie ma yɛn no. Yebetumi ama honhom fam aduan no akyɛ wɔ yɛn dodom, kyerɛ sɛ, yɛbɛtɔ yɛn bo ase akenkan nokware “nsɛm a ɛyɛ dɛ” no adwinnwen ho na yɛde aboa afoforo.—Ɔsɛnk. 12:10.

13. Dɛn na ɛboaa Yeremia maa n’ani gyee nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛboaa no?

13 Ná odiyifo Yeremia ani gye nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho. Onyankopɔn nsɛm no kaa Yeremia koma ma ɔkae sɛ: “Minyaa wo nsɛm, na midii; w’asɛm bɛyɛɛ ahurusi ne anigye wɔ me koma mu; wo din na ɛda me so, O Yehowa, asafo Nyankopɔn.” (Yer. 15:16) Yebetumi aka sɛ Yeremia dii Onyankopɔn nsɛm a ɛsom bo no, kyerɛ sɛ, ɔkenkan dwinnwen ho yiye. Ɛma onyaa anisɔ kɛse sɛ wanya hokwan sɛ wɔde Onyankopɔn din ato no so. So nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye a yɛwɔ no akanyan yɛn koma ama yɛahu sɛ ɛyɛ hokwan soronko na yɛanya sɛ Onyankopɔn din da yɛn so na yɛreka n’Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ awiei bere yi mu?

Ma w’ani nnye nokware a ɛwɔ Bible mu no ho (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Yɛbɛyɛ dɛn anya nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye kɛse?

14 Bible ne yɛn Bible ho nhoma a yɛkenkan akyi no, dɛn bio na yebetumi ayɛ ama yɛanya nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye kɛse? Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye kɛse. Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no a yɛde sua Bible nnawɔtwe biara no, ɛno ne ɔkwan titiriw a wɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn. Sɛ yɛbɛte Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a yesua no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yedi kan sua asɛm a yebesusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua biara ase no yiye. Ɔkwan baako a yebetumi afa so asua asɛm a yebesusuw ho no yiye ne sɛ yɛbɛkenkan Bible mu nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu biara. Seesei, wubetumi atwe Ɔwɛn-Aban no bi wɔ kasa pii mu wɔ jw.org anaasɛ wubetumi akenkan wɔ JW Library so. Ebi wɔ hɔ a ɛma wutumi bue kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ adesua asɛm no mu kenkan no ntɛm ara. Nanso, ɔkwan biara a yɛbɛfa so no, nea eye paa ne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase akenkan kyerɛw nsɛm biara a wɔatwe adwene asi so wɔ adesua asɛm no mu na yɛadwinnwen ho. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye kɛse.—Kenkan Dwom 1:2.

ƆDƆ A YEBENYA AMA YƐN NUANOM

15, 16. (a) Sɛnea Yohane 13:34, 35 kyerɛ no, asɛyɛde bɛn na yɛwɔ? (b) Onyankopɔn ne Bible ho anigye a yɛwɔ no fa ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no ho sɛn?

15 Anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 13:34, 35.

16 Ɔdɔ a yebenya ama yɛn nuanom mmarima ne mmea no fa ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ho. Nokwasɛm ne sɛ, yɛrentumi nka sɛ yɛdɔ Yehowa bere a yɛtan yɛn nuanom. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no.” (1 Yoh. 4:20) Afei nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom no fa Bible ho anigye a yɛwɔ no ho. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yefi yɛn komam tie ahyɛde a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn nuanom.—1 Pet. 1:22; 1 Yoh. 4:21.

Dɔ wo nuanom mmarima ne mmea (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Nneɛma a yɛbɛyɛ de ada ɔdɔ adi no, ebi ne sɛn?

17 Kenkan 1 Tesalonikafo 4:9, 10. Nneɛma pa a yɛbɛyɛ de ada ɔdɔ adi wɔ yɛn asafo mu no, ebi ne sɛn? Ebia na onua anaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim hia kar a ɔbɛfa akɔ Kristofo nhyiam. Ebia na ehia sɛ yɛboa okunafo bi ma osiesie ofie a ɔte mu no. (Yak. 1:27) Anuanom mmarima ne mmea a wɔn abam abu, wɔn a wɔahaw, anaa wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ afoforo no, sɛ wɔyɛ mmofra oo, sɛ wɔn mfe akɔ anim oo, ɛsɛ sɛ yenya bere ma wɔn, yɛhyɛ wɔn nkuran, na yɛkyekye wɔn werɛ. (Mmeb. 12:25; Kol. 4:11) Sɛ yɛde nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yedwen yɛn nuanom a “yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no” ho paa a, yɛma wohu ankasa sɛ yɛdɔ wɔn.—Gal. 6:10.

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie akasakasa nketenkete a ɛsɔre wɔ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ntam no?

18 Bible ka too hɔ sɛ, wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” mu no, nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya ne anibere. (2 Tim. 3:1, 2) Enti ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no yere yɛn ho ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn nuanom no yɛ kɛse. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma nokware a ɛwɔ Bible mu no ho anigye a yɛwɔ no nso yɛ kɛse. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a, akasakasa nketenkete betumi asɔre wɔ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ntam. Nanso, sɛ yɛma ɔdɔ kanyan yɛn na yesiesie akasakasa biara a ɛsɔre no wɔ ɔdɔ mu a, hwɛ sɛnea asafo no mufo nyinaa ani begye! (Efe. 4:32; Kol. 3:14) Enti, mommma yɛmma yɛn dɔ ano nnwo da! Mmom no, momma yɛnkɔ so mma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom, ne Yehowa Asɛm no ho anigye a yɛwɔ no mu nyɛ den.