Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Koma Si Honhom Fam Ademude So

Fa Wo Koma Si Honhom Fam Ademude So

“Faako a mo ademude wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ.”—LUKA 12:34.

NNWOM: 153, 104

1, 2. (a) Honhom fam ademude mmiɛnsa bɛn na Yehowa de ama yɛn? (b) Ɛdɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

YEHOWA yɛ ɔdefo sen obiara. Ɔsoro oo, asase so oo, obiara nto no. (1 Be. 29:11, 12) Ɔyɛ Agya a ne yam ye, enti honhom fam ahode a ɔwɔ no, obiara a ɛsom bo ma no no, ɔma no bi kwa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ama yɛn honhom fam ademude pii! Ebi ne: (1) Onyankopɔn Ahenni, (2) yɛn asɛnka adwuma a egye nkurɔfo nkwa, ne (3) nokware a ɛsom bo wɔ n’Asɛm mu no. Nanso yɛanhwɛ yiye a, anisɔ a yɛwɔ ma saa ademude yi betumi afi yɛn mu, na yɛatow akyene baabi. Sɛ yɛmpɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma ademude no so tew a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma yiye. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɛho anigye a yɛwɔ no, daa yɛhyɛ mu gya. Yesu kae sɛ: “Faako a mo ademude wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ.”—Luka 12:34.

2 Momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ na yɛanya anisɔ ama Ahenni no, asɛnka adwuma no, ne nokware no. Yɛbɛsan ahwɛ nea yɛbɛyɛ na anisɔ no ano ammrɛ ase. Bere a yɛresusuw ho no, dwinnwen ho hwɛ nea w’ankasa wubetumi ayɛ na anisɔ a wowɔ ma saa honhom fam ademude no ayɛ kɛse.

ONYANKOPƆN AHENNI TE SƐ AHENE ANAA AHWENEƐ A NE BO YƐ DEN

3. Ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no, dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wanya ahweneɛ a ne bo yɛ den no? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Kenkan Mateo 13:45, 46. Yesu maa mfatoho bi. Ná ɛfa oguadini bi a ɔrehwehwɛ nhweneɛ ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na oguadini yi de mfe pii atotɔ nhweneɛ atɔn. Nanso da bi, okohuu ahweneɛ baako bi a ɛso bi nni. Ɛmaa n’ani gyei paa. Sɛ na obetumi atɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa. Wunhu sɛ na ahweneɛ no som bo ma no paa?

4. Sɛ yɛn ani gye Onyankopɔn Ahenni no ho paa te sɛ nea na oguadini no ani gye ahweneɛ no ho a, ɛdɛn na yɛbɛyɛ?

4 Ɛdɛn na yebetumi asua afi Yesu asɛm yi mu? Nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no, ɛte sɛ ahweneɛ a ne bo yɛ den. Yɛahu sɛ na oguadini no ani gye ahweneɛ no ho paa. Sɛ yɛn nso yɛn ani gye Ahenni no ho saa a, ɛnde yɛde biribiara bɛbɔ afɔre abɛyɛ Ahenni no nkoa, na yɛremma biribiara ntwe yɛn mfi ho. (Kenkan Marko 10:28-30.) Yɛnhwɛ nnipa mmienu bi a wɔyɛɛ saa.

5. Ɛdɛn na Sakeo yɛe de kyerɛe sɛ na ɔpɛ Onyankopɔn Ahenni no paa?

5 Yɛnhwɛ Sakeo. Ná ɔyɛ towgyeni panyin a wabɔ nkurɔfo apoo abɛyɛ ɔdefo. (Luka 19:1-9) Nanso bere a saa nipabɔnefo yi tee sɛ Yesu reka Ahenni no ho asɛm no, ohui sɛ Ahenni no som bo paa. Enti ntɛm ara otuu anammɔn bi. Ɔkae sɛ: “Hwɛ! Awurade, mede m’ahode fã ma ahiafo na biribiara a mede nkontompo agye afi obi hɔ no, merebɔ ho mpɛn anan ama no.” Sika a na wabɔ nkurɔfo apoo anya no, ɔsan de ne wuranom ade maa wɔn, na wamma n’ani ammere nkurɔfo ade bio.

6. Nsakrae bɛn na Rose yɛe a ɛma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no akoa, na adɛn nti na ɔyɛɛ saa?

6 Yɛnhwɛ ɔbea bi nso. Ɛha yi deɛ yɛbɛfrɛ no Rose. Bere bi a atwam no, na ɔda kuw bi ano. Ná kuw no pere fahodi ma mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da. Ɔno ara nso, na ɔne ɔbea da. Emu hɔ ara na ɔtee Ahenni ho asɛm no. Bere a Rose gu so resua Bible no, obehui sɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no som bo paa. Nanso ohui sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ n’asetenam. (1 Kor. 6:9, 10) Nea na ɔresua no kaa ne koma, enti ofii kuw no mu. Afei nso, ɔbea a na ɔne no da no, ɔne no twaam. Rose bɔɔ asu afe 2009, na afe a edi hɔ no ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Ná ɔdɔ Yehowa paa, na na Onyankopɔn Ahenni no nso da ne koma so. Enti wansosɔ honam akɔnnɔ biara so.—Mar. 12:29, 30.

7. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de yɛn koma nyinaa adɔ Onyankopɔn Ahenni no?

7 Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, yɛyɛɛ nsakrae pii ansa na yɛrebɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa. (Rom. 12:2) Nanso yenwiei. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ na biribiara annidi yɛn ase, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Ahenni no ano annwo. Nneɛma a ebetumi adidi yɛn ase no, ebi ne wiase ahonyade ho akɔnnɔ ne nna ho akɔnnɔ biara a ɛmfata. (Mmeb. 4:23; Mat. 5:27-29) Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so de yɛn koma nyinaa adɔ Onyankopɔn Ahenni no, Yehowa akyɛ yɛn ademude foforo a ɛsom bo paa.

YƐN ASƐNKA ADWUMA NO GYE NKURƆFO NKWA

8. (a) Adɛn nti na ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛn asɛnka adwuma no te sɛ ‘ademude wɔ anwenne mu’? (b) Ɛdɛn na Paulo yɛe a ɛkyerɛ sɛ na asɛnka adwuma no da ne koma so?

8 Yenim sɛ Yesu ama yɛn adwuma sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no nkyerɛ nkurɔfo na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn. (Mat. 28:19, 20) Ɔsomafo Paulo hui sɛ asɛnka adwuma no som bo paa. Ɔkae sɛ, apam foforo no ho asɛm a ɔreka no te sɛ ‘ademude wɔ anwenne mu.’ (2 Kor. 4:7; 1 Tim. 1:12) Ɛwom, yɛyɛ anwenne a yɛtɔ sin kɛkɛ, nanso asɛm a yɛka no betumi ama yɛne nkurɔfo a wotie yɛn no anya daa nkwa. Ná Paulo nim wei, enti ɔkae sɛ: “Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama me ne afoforo anya mu kyɛfa.” (1 Kor. 9:23) Anokwa, na asɛnka adwuma no da Paulo koma so! Enti ɛkaa no ma ɔyeree ne ho boaa nkurɔfo ma wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo. (Kenkan Romafo 1:14, 15; 2 Timoteo 4:2.) Esiane sɛ na n’ani gye asɛnka adwuma no ho nti, otumi gyinaa ɔsɔretia a ano yɛ den ano. (1 Tes. 2:2) Yɛn nso, ɛdɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye asɛnka adwuma no ho?

9. Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ asɛnka adwuma no da yɛn koma so?

9 Ade baako a Paulo yɛe de kyerɛe sɛ asɛnka adwuma no da ne koma so ni: Ɔde hokwan biara a onyae kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo. Yesuasua asomafo no ne tete Kristofo no, enti yɛka asɛmpa no wɔ bɔnnɔ so, baguam, ne afie afie. (Aso. 5:42; 20:20) Yɛhwehwɛ akwan a yɛde bɛka asɛm no akyerɛ nnipa bebree. Na sɛ yebetumi a, ebia yɛayɛ akwampaefo boafo anaa daa akwampaefo. Yebetumi nso asua kasa foforo, yebetumi atu akɔ kurow foforo so wɔ yɛn man mu, anaa ɔman foforo so mpo.—Aso. 16:9, 10.

10. Bere a Irene yeree ne ho kaa asɛmpa no denneennen no, nhyira bɛn na onyae?

10 Wo deɛ, yɛnhwɛ onuawa sigyani bi a ɔwɔ United States. Yɛfrɛ no Irene. Ná ɛda ne koma so paa sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔka Russia kasa wɔ ɔman no mu. Enti afe 1993 no, ɔkɔkaa kuw bi a wɔde Russia kasa yɛ adesua ho wɔ New York City. Ná adawurubɔfo bɛyɛ 20 pɛ na ɛwɔ kuw no mu. Irene de bɛyɛ mfe 20 na aka asɛm no denneennen akyerɛ nkurɔfo a ɛka Russia kasa. Ɔkae sɛ: “M’ano ntɔɔ Russia kasa no so.” Nanso nsi ne ahokeka a Irene ne afoforo de reka asɛm no, Yehowa ahyira so. Yɛrekasa yi, yɛwɔ asafo nsia wɔ New York City a wɔka Russia kasa. Nnipa a Irene ne wɔn suaa ade no, emu 15 abɔ asu. Ebi yɛ adwuma wɔ Betel, ebi yɛ akwampaefo, na ebi nso yɛ asafo mu mpanyimfo. Irene kae sɛ, “Na mewɔ botae pii a anka metumi de asisi m’ani so. Nanso minnye nni sɛ anka emu biara bɛma m’ani agye asen sei.” Ampa, asɛnka adwuma no da ne koma so paa!

Asɛnka adwuma no da wo koma so anaa, na nnawɔtwe biara ɛdɛn na woyɛ de kyerɛ saa? (Hwɛ nkyekyɛm 11, 12)

11. Sɛ yehyia ɔtaa na yɛkɔ so ka asɛm no a, adepa bɛn na efi mu ba?

11 Sɛ asɛnka adwuma no da yɛn koma so a, ɔtaa biara a yebehyia no, yɛbɛkɔ so aka asɛm no sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (Aso. 14:19-22) Efi afe 1930 kosi afe 1944 no, yɛn nuanom a ɛwɔ United States hyiaa ɔsɔretia a ano yɛ hyew paa. Nanso wogyinaa pintinn, na wɔkɔɔ so kaa asɛm no te sɛ Paulo. Ná anuanom mpɛ sɛ atumfoɔ no tiatia wɔn fahodi so, enti wɔde nsɛm no pii kɔɔ asɛnnibea. Afe 1943 no, Onua Nathan H. Knorr kaa nkonim bi a anuanom dii wɔ U.S. Asɛnnibea Kunini no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ mo mmɔdenbɔ na ama yɛadi nkonim bebree. Wo a woyɛ ɔdawurubɔfo no, sɛ woankɔ so anka asɛm no a, anka yɛn asɛm biara ankopue Asɛnnibea Kunini. Nanso esiane sɛ wo ɔdawurubɔfo no, ne anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa akɔ so aka asɛm no nti na yɛadi ɔtaa so nkonim. Awurade nkurɔfo akɔ so agyina wɔn nan so pintinn, ɛno nti na yɛanya fahodi yi.” Anuanom a ɛwɔ aman horow so agyina pintinn saa ara, na wɔadi nkonim pii wɔ asɛnnibea. Ampa, asɛnka adwuma no da yɛn koma so a, yetumi di ɔtaa so nkonim.

12. Sɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ w’asɛnka adwuma?

12 Asɛnka adwuma no, sɛ yebu no sɛ efi Yehowa hɔ na ɛyɛ ademude a ɛsom bo a, yɛremfa nhyɛ yɛn tirim sɛ nnɔnhwerew a yebenya nti na yɛkɔ asɛnka. Mmom, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara adi “asɛmpa no ho adanse fefeefe.” (Aso. 20:24; 2 Tim. 4:5) Ɛnde yɛkɔ asɛnka a, ɛdɛn na yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo? Yɛnhwɛ ademude foforo a Onyankopɔn de ama yɛn.

YƐN AKORADE DAN A NOKWARE AYƐ NO MÃ

13, 14. Ɛdɛn ne ‘akorade dan’ a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 13:52 no, na yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ no mã?

13 Honhom fam ademude a ɛtɔ so mmiɛnsa ne Bible mu nokware a yɛasua no. Yehowa ne Nyankopɔn a nokware nyinaa fi no. (2 Sam. 7:28; Dw. 31:5) Ɔyɛ Agya a ne yam ye, enti nokware a ɔwɔ no, ɔde bi ma nnipa a wosuro no no. Efi bere a yehuu nokware no, yɛaboaboa nokware pii ano afi n’Asɛm Bible mu, yɛn nhoma ahorow mu, amansin ne amantam nhyiam ase, ne asafo nhyiam a yɛkɔ no nnawɔtwe biara no. Bere a yegu so reboaboa ano no, yebenya nea Yesu frɛ no ‘akorade dan’ a nokware dedaw ne foforo ayɛ no mã. (Kenkan Mateo 13:52.) Sɛ yɛhwehwɛ nokware no te sɛ nea yɛrepɛ akorade a ahintaw a, Yehowa bɛboa yɛn na yɛn ‘akorade dan’ no, yɛanya nokware foforo a ɛsom bo ahyɛ no mã. (Kenkan Mmebusɛm 2:4-7.) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

14 Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa gye bere sua ade daa, na yɛtɔ yɛn bo ase yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne asafo nhoma mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛahu nokware “foforo,” kyerɛ sɛ, yebehu nneɛma bi a na yennim. (Yos. 1:8, 9; Dw. 1:2, 3) Ɔwɛn-Aban a edi kan koraa no, yetintim no July 1879. Ɛkae sɛ: “Nokware te sɛ nhwiren ketewa bi a esi kwae mu a atoro a ɛte sɛ nwura reyɛ agye afa. Sɛ wubehu nhwiren yi a, gye sɛ wotɔ wo bo ase hwehwɛ. . . . Sɛ wopɛ sɛ wotew nhwiren no a, gye sɛ wobɔ wo mu ase. Wunya baako a, mma wo tirim nyɛ wo dɛ. . . . Hwehwɛ bebree ka ho.” Aane, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ nokware pii de hyɛ yɛn akorade dan mã.

15. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nokware no bi yɛ “dedaw,” na emu nea ɛwɔ he na ɛsom bo ma wo paa?

15 Yɛne Onyankopɔn nkurɔfo fii ase suaa ade no, yehuu nokware a ɛsom bo pii. Yebetumi aka sɛ saa nokware no yɛ “dedaw.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a yɛretu anammɔn abɛyɛ Kristofo no na yehuu saa nokware no. Ná ɛda yɛn koma so paa. Saa nokware a ɛsom bo yi, ebi ne dɛn? Yehui sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, na ɔno na ɔma yɛn nkwa. Afei nso botae bi nti na ɔbɔɔ nnipa. Yesuae nso sɛ Onyankopɔn yii ne yam de ne Ba no bɛyɛɛ agyede sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtetew yɛn ho afi bɔne ne owu ho. Ɛnyɛ ɛno nko. Yehui nso sɛ ɔnam n’Ahenni no so bɛma amanehunu nyinaa to atwa, na yɛatena ase daa wɔ asomdwoe ne anigye mu wɔ Ahenni no ase.—Yoh. 3:16; Adi. 4:11; 21:3, 4.

16. Sɛ yenya ntease foforo wɔ nokware no ho a, ɛdɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

16 Ɛwom ara a, sɛnea yɛte Bible nkɔmhyɛ anaa kyerɛwsɛm bi ase no, wobetumi asakra mu. Ntease foforo bi ba saa a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua no yiye na yedwinnwen ho. (Aso. 17:11; 1 Tim. 4:15) Ɛnyɛ nsakrae akɛseakɛse a aba ntease foforo ne dedaw no mu nko ara na ɛsɛ sɛ yehu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase paa na yehu nsakrae nketenkete a aba no nso. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛde nokware foforo a yɛahu no asie yɛn akorade dan no mu yiye. Adɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yemia yɛn ani yɛ saa?

17, 18. Honhom kronkron betumi aboa yɛn sɛn?

17 Yesu kae sɛ Onyankopɔn honhom betumi akaakae yɛn nneɛma a yɛasua. (Yoh. 14:25, 26) Sɛ yɛreka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a, wei betumi aboa yɛn sɛn? Wo deɛ, yɛnhwɛ onua bi a yɛfrɛ no Peter asɛm yi. Afe 1970 no, na wadi mfe 19, na na wafi ase reyɛ adwuma wɔ Britain Betel. Da bi, na Peter reka asɛm no wɔ afie afie, ɛnna ɔkɔtoo abasiriwa bi a n’abogyesɛ kuhaa. Obisaa abasiriwa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔte Bible ase anaa. Asɛm no pem abasiriwa no, na ɔka kyerɛɛ Peter sɛ Yudafo rabifo fie na ogyina no. Rabi no bisaa asɛm bi de sɔɔ Peter adwene hwɛe. Obisaa no sɛ, “Me ba, kasa bɛn na yɛde kyerɛw Daniel nhoma no?” Peter yii ano sɛ, “Wɔkyerɛw ne fã bi wɔ Aram kasa mu.” Peter kae sɛ: “Ɛyɛɛ rabi no nwonwa sɛ mitumi yii ano. Me ara mpo me ho dwiriw me! Meyɛɛ dɛn yii ano? Mekɔɔ fie no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a na aba atwam no, mede m’ani faa mu. Mihuu asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ wɔkyerɛw Daniel nhoma no wɔ Aram kasa mu.” * Ampa, nneɛma a yɛasua de asie yɛn akorade dan mu no, honhom kronkron betumi ama yɛakae.—Luka 12:11, 12; 21:13-15.

18 Sɛ nyansa a efi Yehowa hɔ no da yɛn koma so a, ɛbɛka yɛn ama yɛde nokware foforo ne dedaw nyinaa bi ahyɛ yɛn akorade dan no mã. Ampa, sɛ yɛkɔ so nya Yehowa nyansa ho anisɔ a, ebesiesie yɛn ama yɛayɛ akyerɛkyerɛfo pa.

BƆ W’ADEMUDE HO BAN

19. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn honhom fam ademude no ho ban?

19 Yɛahu wɔ adesua yi mu sɛ, ehia sɛ yɛn honhom fam ademude no, yɛkyerɛ ho anisɔ paa. Nanso Satan ne ne wiase no awe ahinam so sɛ anisɔ a yɛwɔ no, wɔbɛma ano abrɛ ase anaa adwudwo koraa. Satan betumi de nneɛma bi atwetwe yɛn. Ebi ne adwuma a sika wom, asetenam mu nneɛma akɛseakɛse a yebedi akyiri, anaa wiase ahonyade a yɛde bɛhoahoa yɛn ho. Wei betumi ayi yɛn. Ɔsomafo Yohane kae yɛn sɛ wiase yi ne n’akɔnnɔ retwam. (1 Yoh. 2:15-17) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bɔ yɛn honhom fam ademude no ho ban na yɛkɔ so kyerɛ ho anisɔ.

20. Ɛdɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ de abɔ wo honhom fam ademude no ho ban?

20 Si wo bo sɛ biribiara a ɛremma womfa wo koma nyinaa nnɔ Onyankopɔn Ahenni no, wubeyi afi w’abrabɔ mu. Kɔ so fa nsi ne ahokeka ka asɛm no, na anisɔ a wowɔ ma asɛnka adwuma a egye nkwa no, mma ano mmrɛ ase da. Kɔ so ara hwehwɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no. Woyɛ saa a, wobɛhyehyɛ “ademude . . . wɔ soro, faako a ɔkorɔmfo mmɛn ho na nwewee nsɛe no. Efisɛ faako a mo ademude wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ.”—Luka 12:33, 34.

^ nky. 17 Wodii kan kyerɛw Daniel 2:4b kosi 7:28 wɔ Aram kasa mu.