Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akasakasa Ba Wo ne Afoforo Ntam a, Wubesiesie Ama Asomdwoe Aba Anaa?

Akasakasa Ba Wo ne Afoforo Ntam a, Wubesiesie Ama Asomdwoe Aba Anaa?

YEHOWA NYANKOPƆN mpɛ sɛ Kristofo toto asomdwoe ase. Ɔpɛ sɛ yɛma asomdwoe yɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam. Sɛ Yehowa asomfo yɛ saa a, ɛma wonya asomdwoe bebree. Wei twetwe nnipa a wɔpɛ asomdwoe ba Kristofo asafo no mu.

Nhwɛso bi ni. Ɔkɔmfo bi a na wagye din wɔ Madagascar hui sɛ asomdwoe wɔ Yehowa Adansefo mu. Ɔkaa no ne tirim sɛ: ‘Sɛ mepɛ sɛ mekɔ asɔre a, anka asɔre wei ara na mɛkɔ.’ Enti nkakrankakra ogyaee ahonhonsɛm no. Ɔbɔɔ mmɔden suaa Bible no, na ɔde abosome pii siesiee n’aware. Afei ɔbɛsom Yehowa, asomdwoe Nyankopɔn no.

Nnipa pii rehwehwɛ asomdwoe te sɛ saa ɔbarima no. Afe biara, wɔn mu mpempem pii ba Kristofo asafo no mu benya asomdwoe a wɔahwehwɛ abrɛ no. Nanso, Bible ma yehu pefee sɛ, sɛ “ahoɔyaw denneennen ne mansotwe” wɔ asafo no mu a, ebetumi asɛe nnamfo ntam, na ɛde ɔhaw aba. (Yak. 3:14-16) Anigyesɛm ne sɛ, Bible no ama yɛn afotu pa a ebetumi ama yɛakwati ɔhaw a ɛte saa, na yɛanya asomdwoe pii. Momma yɛnhwɛ nsɛm bi a esisii ne sɛnea Bible afotu boa ma wodii ho dwuma.

ƆHAW NE ANO ADURU

“Ná me ne onua bi yɛ adwuma, nanso na yɛnsen so koraa. Bere bi a na yɛreham no, nkurɔfo mmienu bepuee yɛn so.”—CHRIS.

“Ná me ne onuawa bi taa kɔ asɛnka. Nanso prɛko pɛ na otwaa yɛn nhyehyɛe no mu. Afei na ɔne me nkasa bio. Ná mente nea ɔreyɛ no ase.”—JANET.

“Ná yɛyɛ nnipa mmiɛnsa a yɛatwa atom rebɔ nkɔmmɔ wɔ fon so. Baako kaa baa-bae, enti na ɛyɛ me sɛ wafi ahama no so. Mekekaa ne ho nsɛm a ɛmfata kyerɛɛ nea ɔda so wɔ ahama no so no. Nanso, nea ɔkaa baa-bae no, sɛɛ na ɔda so gyina ahama no so.”—MICHAEL.

“Ná akwampaefo mmienu bi wɔ yɛn asafo mu. Nsɛmnsɛm bi baa wɔn ntam. Ná baako taa twiw ne yɔnko anim. Wɔn akasakasa no haw afoforo paa.”—GARY.

Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ nea yɛaka ho asɛm yi nyɛ asɛm biara. Nanso, na emu biara betumi ateetee wɔn a asɛm no asi wɔn ntam no. Ná ebetumi nso asɛe asafo no asomdwoe. Nanso anigyesɛm ne sɛ, saa anuanom mmarima ne mmea no de Bible afotu yɛɛ adwuma, na ɛmaa asomdwoe san baa wɔn ntam. Wohwɛ a, Bible afotu bɛn na wɔde dii dwuma ma ɛboaa wɔn?

“Monhwɛ na obiara bo ankofuw ne yɔnko wɔ kwan so.” (Gen. 45:24) Yosef nuanom resan akɔ wɔn papa nkyɛn no na ɔde saa afotu no maa wɔn. Afotu a Yosef de mae no, na nyansa wom paa! Sɛ obi anhyɛ ne ho so na ne bo fuw ntɛmntɛm a, ebetumi ahyɛ afoforo nso abufuw. Chris behuu ne haw. Ɛne sɛ, na ɔyɛ ahantan na na onnye akwankyerɛ ntom. Ná ɔpɛ sɛ ɔsesa ne suban. Enti onua a ɔne no hamee no, ɔpaa ne kyɛw. Afei ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ n’abufuw so. Onua a ɔne Chris yɛ adwuma no hui sɛ Chris rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nsakrae. Enti ɔno nso sesae. Seesei wɔn nyinaa abom de anigye resom Yehowa.

“Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa.” (Mmeb. 15:22) Janet hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔde kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka ne ‘tirim asɛm’ akyerɛ onuawa no. Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ no, Janet faa anifere kwan so bisaa onuawa no sɛ ɔmma onhu nea enti a ne bo afuw no. Mfiase no, anyɛ mmerɛw. Nanso obiara tɔɔ ne bo ase kasae, na nkakrankakra wotumi siesiee asɛm no. Onuawa no hui sɛ asɛm a aba no, sɛɛ na Janet ho nnim mpo. Onuawa no paa Janet kyɛw, na seesei wɔde baakoyɛ resom Yehowa.

“Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam.” (Mat. 5:23, 24) Ebia wokae sɛ Yesu de saa afotu yi mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Michael hui sɛ nsɛm a ɔkekae no nye koraa, enti ɔyɛɛ basaa. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesiesie ɔne ne nua no ntam. Enti Michael brɛɛ ne ho ase, na ɔkɔɔ ne nua a wafom no no nkyɛn kɔpaa no kyɛw. Dɛn na efii mu bae? Michael kae sɛ, “Me nua no fii ne komam de me mfomso kyɛɛ me.” Wɔn adamfofa no san sii ne dedaw mu.

“Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.” (Kol. 3:12-14) Ná akwampaefo mmienu a yɛaka wɔn ho asɛm no asom akyɛ. Asafo mu panyin bi yii ne yam boaa wɔn ma wosusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: ‘Yɛn ntam a ɛnnwo nti, sɛ afoforo botow a, eye anaa? Dɛn paa nti na yɛrentumi nnya yɛn ho abotare na yɛnkɔ so nsom Yehowa asomdwoe mu?’ Akwampaefo no de ɔpanyin no afotu yɛɛ adwuma. Seesei wɔn ntam ayɛ kama, na wɔabom reka asɛmpa no.

Sɛ obi yɛ biribi tia wo a, nea edi kan no, ɛbɛyɛ papa sɛ wode akwankyerɛ a Bible de ama wɔ Kolosefo 3:12-14 no bɛyɛ adwuma. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ obi yɛ biribi tia wɔn a, ahobrɛase nti, wotumi gyae ma ɛka. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebegyae ma aka nanso ɛyɛ den a, yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 18:15 no adi dwuma anaa? Afotu a Yesu de mae yi, ɛyɛ bere a obi ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia ne yɔnko na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Nanso, sɛ obi yɛ biribi tia yɛn a, yebetumi de ayɛ adwuma. Kɔ onua anaa onuawa no hɔ na wo ne no nkosusuw asɛm no ho na munsiesie. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda ayamye ne ahobrɛase adi.

Nokwasɛm ne sɛ, afotu pa pii wɔ Bible mu. Nanso sɛ ebetumi aboa yɛn a, gye sɛ yɛda “honhom no aba” adi. Ɛno ne, “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” (Gal. 5:22, 23) Sɛnea yɛde ngo gugu afiri mu ma ɛyɛ adwuma yiye no, saa ara na su pa yi boa ma yɛne afoforo tena asomdwoe mu.

SƐNEA OBIARA TE NO MA ASAFO NO MU YƐ ANIKA

Ɛsono sɛnea obiara suban te. Wei betumi ama yɛanya nnamfo pa. Nanso ebetumi nso ama yɛne afoforo ntam asɛe. Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw kaa wei ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi fɛre ade a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔne obi a ɔpɛ nnipa na n’ani gye ne ho bɛbɔ. Ebia wobɛka sɛ wei nyɛ asɛm biara nanso ebetumi de ɔhaw kɛse aba.” W’adwene yɛ wo sɛ nnipa a ɛsono wɔn suban bɔ a, ɛnyɛ dɛn ara nsɛmnsɛm bɛba wɔn ntam anaa? Ma yɛnhwɛ asomafo mmienu bi. Ná Petro suban te sɛn? Ebia wobɛka sɛ na ne ho pere no na ɔyɛ penpen. Yohane nso ɛ? Ebia yɛbɛka sɛ ɔyɛ obi a na ɔwɔ ɔdɔ na odwen asɛm ho ansa na wakasa. Ebetumi aba sɛ nneɛma bi a saa asomafo no yɛe nti na ɛma yenya adwene a ɛte saa. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛsono wɔn mu biara suban. Nanso wɔboom yɛɛ adwuma yiye. (Aso. 8:14; Gal. 2:9) Enti ɛnnɛ nso, Kristofo a ɛsono wɔn suban koraa betumi abom ayɛ adwuma.

Ebia onua bi wɔ w’asafo mu a ne kasa ne ne nneyɛe yɛ wo ahi. Nanso wunim sɛ Kristo wu maa saa nipa no, enti ɛsɛ sɛ wodɔ no. (Yoh. 13:34, 35; Rom. 5:6-8) Ebia wobɛka sɛ, saa onipa no deɛ, woremfa no adamfo da, anaa wuhu no a wobɛpɛ baabi afa. Nanso bisa wo ho sɛ: ‘Me nua no reyɛ biribi a etia Kyerɛwnsɛm no anaa? Wahyɛ da paa na ɔpɛ sɛ ɔteetee me? Anaa sono na ɛsono yɛn mu biara suban?’ Afei, asɛm a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wubisa ni: ‘Suban pa bɛn na me nua no wɔ a metumi asuasua?’

Asɛmmisa a etwa to yi hia paa. Sɛ onipa no pɛ kasa na woyɛ dinn-dinn a, hwɛ sɛnea ɔhyɛ nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu a ɔmmrɛ no. Wubetumi ne no ayɛ nhyehyɛe akɔ asɛnka na woasua biribi afi ne hɔ. Sɛ onipa no yi ne yam kyɛ ade, na sɛ wuntumi nkyɛ ade saa a, adɛn nti na wunsuasua no na wummue wo nsam? Wubetumi akyɛ nkwakoraa ne mmerewa, ayarefo, anaa ahiafo ade ama w’ani agye. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, ɛwom sɛ ɛsono wo nua no suban na ɛsono wo deɛ, nanso sɛ obiara de n’adwene si ne yɔnko suban pa so a, mo ntam bɛyɛ kama. Ɛno nkyerɛ sɛ onipa no bɛyɛ wo yɔnko berɛbo. Nanso ebetumi ama moabɛn mo ho na ama moanya asomdwoe pii na atrɛw aka asafo no.

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛsono sɛnea Euodia ne Sintike nyinaa te. Nanso ɔsomafo Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ “wonnya adwenkoro Awurade mu.” (Filip. 4:2) Wo nso ɛ? Wobɛbɔ mmɔden ne wo nuanom anya adwenkoro na ama asomdwoe atena mo ntam?

AKASAKASA BA A, MONHWƐ NSIESIE

Sɛ wudua ade na woannɔw ho a, nwura begye afa. Saa ara na sɛ yenya nkurɔfo ho menasepɔw na yɛantu ase a, ebegye nsam. Sɛ wofa obi ho abufuw na egye agua wɔ wo koma mu a, ebetumi asɛe asafo no asomdwoe. Sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn nuanom a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara asiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm. Yɛyɛ saa a ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo akɔ so anya asomdwoe.

Sɛ akasakasa ba wo ne afoforo ntam na wobrɛ wo ho ase bɔ mmɔden siesie a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ wo nwonwa

 

Sɛ akasakasa ba yɛne afoforo ntam na yɛbɔ mmɔden sɛ yebesiesie a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ yɛn nwonwa. Hwɛ asɛm bi a ɛtoo Ɔdansefo bea bi. N’anom asɛm ni: “Ná onuawa bi yɛ me sɛ abofra. Ná ɛhaw me paa. Ne ho yɛɛ me ahi araa ma afei na mentew m’anim mma no. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Ommu me, enti me nso meremmu no.’”

Onuawa no dwenee nea na ɔreyɛ no ho. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ me nso mewɔ suban bi a enye, na wei haw me paa. Ná ɛsɛ sɛ mesesa me suban. Enti mekaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa. Afei metɔɔ biribi kɔkyɛɛ onuawa no, na mekyerɛw krataa kaa ho de paa ne kyɛw sɛ manyɛ no yiye. Yɛbam yɛn ho na yɛyɛe sɛ yebetwa asɛm no so. Efi saa bere no, yɛte hɔ fɛfɛɛfɛ.”

Nnipa hia asomdwoe papaapa. Nanso, sɛ ɛyɛ wɔn sɛ obi de wɔn anim betwitwiw fam anaasɛ obetumi agye wɔn dibea afi wɔn nsam a, na wɔafi ase reyɛ nneɛma bi a ɛremma asomdwoe ntena wɔn ntam. Saa na nnipa a wɔnsom Yehowa no bebree te, nanso Yehowa asomfo deɛ, ɛsɛ sɛ asomdwoe ne koroyɛ di hene wɔ yɛn mu. Yehowa de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mesrɛ mo sɛ monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo no, ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, na mo ne mo ho ntena ɔdɔ mu, na monyere mo ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:1-3) Saa “asomdwoe koroyɛ hama” no som bo paa. Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nhyɛ mu den.Akasakasa biara a ɛbɛba yɛne afoforo ntam no, momma yɛnhwɛ nsiesie.