Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛtɔ Wo Bo Ase Atwɛn Anaa?

Wobɛtɔ Wo Bo Ase Atwɛn Anaa?

“Mo nso munnya ntoboase.”​—YAK. 5:8.

NNWOM: 114, 79

1, 2. (a) Dɛn na ebetumi ama yɛabisa sɛ: “Enkosi da bɛn”? (b) Sɛ yesusuw anokwafo a wɔtenaa ase tete no nhwɛso ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

“ENKOSI da bɛn?” Odiyifo Yesaia ne odiyifo Habakuk anokwafo no na wobisaa saa asɛm no. (Yes. 6:11; Hab. 1:2) Bere a Ɔhene Dawid rekyerɛw Dwom 13 no, ɔno nso bisae mpɛn nnan sɛ: ‘Enkosi da bɛn?’ (Dw. 13:1, 2) Yɛn Awurade Yesu Kristo mpo, bere a ebinom a wɔwɔ ne bere so annya ne mu gyidi no, obisaa saa asɛm no. (Mat. 17:17) Enti ɛtɔ da na yɛn nso yebisa asɛm a ɛte saa a, ɛnyɛ nwonwa.

2 Dɛn na ebetumi ama yɛabisa sɛ: “Enkosi da bɛn”? Ebia na obi abu yɛn atɛnkyea, anaa mmerewabɔ ne nkwakoraabɔ reteetee yɛn. Ebi nso a na yɛreko yare bi. Anaasɛ “mmere a emu yɛ den” yi ama yɛn ho hiahia yɛn. (2 Tim. 3:1) Ebetumi nso aba sɛ nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ no ama yɛrehaahae. Ne nyinaa mu no, biribi wɔ hɔ a ebetumi ahyɛ yɛn den. Ɛne sɛ, Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no nso bisaa asɛm koro no ara. Obiara anka wɔn anim sɛ wobisaa saa asɛm no!

3. Sɛ yehyia ɔhaw bi a emu yɛ den a, dɛn na ɛbɛboa yɛn?

3 Ɛnde, sɛ yehyia ɔhaw bi a emu yɛ den a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Yehowa honhom kaa osuani Yakobo a ɔyɛ Yesu nua no ma ɔkyerɛw asɛm bi maa yɛn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Enti anuanom, munnya ntoboase nkosi Awurade mmae.” (Yak. 5:7) Ampa, yɛn nyinaa hia ntoboase. Nanso, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ saa suban pa yi?

DƐN NE NTOBOASE?

4, 5. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ntoboase? (b) Osuani Yakobo ma yehu ade baako a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ ntoboase. Mfatoho bɛn na ɔde kyerɛɛ mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Bible ma yehu sɛ, honhom kronkron na ɛma obi nya ntoboase anaa abodwokyɛre. Sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, nnipa a wɔtɔ sin ntumi nnya ntoboase sɛnea ɛsɛ. Ntoboase yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Sɛ yɛwɔ ntoboase a, ɛma ɛda adi paa sɛ yɛdɔ no. Afei nso, sɛ yenya ntoboase a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo. Sɛ obi nni ntoboase koraa a, ebetumi ama ne dɔ ano adwo. Nanso sɛ ɔwɔ ntoboase a, ne dɔ bɛyɛ kɛse. (1 Kor. 13:4; Gal. 5:22) Yɛka sɛ obi wɔ ntoboase anaa abodwokyɛre a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa ahorow bi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obi a ɔwɔ ntoboase wɔ boasetɔ nso. Sɛ yɛwɔ boasetɔ na yehyia ɔhaw bi a, ɛboa yɛn ma yetumi de adwempa gyina ano. (Kol. 1:11; Yak. 1:3, 4) Afei nso, sɛ obi a ɔwɔ ntoboase rehu amane a, ɔnyɛ bi ntua ka. Ogyina pintinn ɛmfa ho nea ɛbɛto no biara. Bio nso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yemfi yɛn koma nyinaa mu ntwɛn. Yebehu ntoboase a yɛreka ho asɛm yi wɔ Yakobo 5:7, 8. (Kenkan.)

5 Adɛn nti na ehia sɛ yɛtɔ yɛn bo ase twɛn Yehowa? Yakobo de yɛn totoo okuafo ho. Okuafo yɛ adwumaden dua ne nnɔbae, nanso ɔrentumi nkyerɛ sɛ osu bɛtɔ anaa owia bɛbɔ. Afei nso, ɔrentumi nkyerɛ sɛ ne nnɔbae no bɛyɛ yiye anaa ɛrenyɛ yiye. Saa ara nso na ɔrentumi mma nnɔbae no nnyin ntɛmntɛm. Ogye tom sɛ ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase twɛn “asase so aba a ɛsom bo no.” Yɛn nso, bere a yɛretwɛn ama Yehowa bɔhyɛ nyinaa aba mu no, nneɛma pii wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee. (Mar. 13:32, 33; Aso. 1:7) Ɛsɛ sɛ yesuasua okuafo no na yɛtɔ yɛn bo ase twɛn.

6. Dɛn na odiyifo Mika yɛe a yebetumi asua?

6 Nneɛma a ɛrekɔ so nnɛ no te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ odiyifo Mika bere so no. Mika tenaa ase wɔ ɔhemmɔne Ahas bere so. Saa bere no, na kɛtɛasehyɛ ne porɔwee abu so. Nokwasɛm ne sɛ, na nnipa no ‘yɛ bɔne frenkyemm.’ (Kenkan Mika 7:1-3.) Mika hui sɛ, nea ɛrekɔ so no, ɔno ankasa rentumi nyɛ ho hwee. Enti dɛn na ɔyɛe? Ɔkae sɛ: “Me de, Yehowa ara na mehwɛ no. Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn betie me.” (Mika 7:7) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yesuasua Mika na ‘yɛde ntoboase twɛn.’

7. Sɛ yɛretwɛn Yehowa a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtena hɔ kwa twɛn ma ne bɔhyɛ ahorow ba mu. Adɛn ntia?

7 Sɛ yɛwɔ gyidi te sɛ Mika a, yebefi yɛn pɛ mu atwɛn Yehowa. Yɛnte sɛ ɔdeduani bi a ɔda afiase retwɛn ama wɔakokum no. Amemenemfe na ɔdeduani no de twɛn; ɛnyɛ nea ɔpɛ ne sɛ obewu. Nanso yɛn deɛ yɛnte saa koraa! Yefi yɛn pɛ mu twɛn Yehowa efisɛ yenim sɛ obedi ɛbɔ a wahyɛ no so. Sɛ bere a ɛsɛ no du pɛ, ɔbɛma yɛn daa nkwa! Enti ‘yenya boasetɔ kosi ase, na yɛde anigye nya abodwokyɛre.’ (Kol. 1:11, 12) Nanso sɛ yɛamfa anigye antwɛn na yenwiinwii sɛ Yehowa yɛ nyaa dodo a, ɛremma Onyankopɔn ani nnye.​—Kol. 3:12.

ANOKWAFO BI A WƆTƆƆ WƆN BO ASE TWƐNEE

8. Sɛ yɛredwinnwen mmea ne mmarima anokwafo a wɔtenaa ase tete no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

8 Mmea ne mmarima a wɔtenaa ase no tɔɔ wɔn bo ase twɛn maa Yehowa bɔhyɛ ahorow baa mu. Sɛ yɛkae nea wɔyɛe no a, ɛbɛma yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn. (Rom. 15:4) Sɛ yɛredwinnwen nea wɔyɛe no ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae bere tenten a wɔde twɛnee, nea enti a wofi wɔn komam twɛnee, ne nhyira a wonyae.

Abraham twɛnee mfe pii ansa na wɔrewo ne mmanana Esau ne Yakob (Hwɛ nkyekyɛm 9, 10)

9, 10. Bere tenten sɛn na Abraham ne Sara de twɛn Yehowa?

9 Momma yɛnhwɛ Abraham ne Sara. Wɔka “wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no” ho. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ “bere a Abraham nyaa boasetɔ no,” ne nsa kaa bɔhyɛ bi. Ná Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obehyira no na wama n’asefo adɔɔso. (Heb. 6:12, 15) Adɛn nti na na ehia sɛ Abraham nya ntoboase? Ɛno ara ne sɛ, na ɛbɛkyɛ ansa na bɔhyɛ no aba mu. Apam a Yehowa ne Abraham yɛe no fii ase yɛɛ adwuma Nisan 14, 1943 A.Y.B. Ɛyɛ saa bere no na Abraham, Sara, ne wɔn fiefo twaa Asubɔnten Eufrate kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ɛno akyi, Abraham twɛnee mfe 25 ansa na ɔrewo ne ba Isak wɔ afe 1918 A.Y.B. Afei ɔsan twɛnee mfe 60 ansa na wɔrewo ne mmanana Esau ne Yakob wɔ afe 1858 A.Y.B.​—Heb. 11:9.

10 Asase a Abraham nyae no, na ne kɛse te sɛn? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “[Yehowa amma Abraham asase] sɛ agyapade, wannya ɔnammɔn biako mpo na mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapade, na n’akyi no ɔde bɛma n’asefo, nanso saa bere no na onni ba.” (Aso. 7:5) Bere a Abraham twaa Asubɔnten Eufrate no, mfe 430 twaam ansa na n’asefo rebɛyɛ ɔman ama wɔde saa asase no ama wɔn.​—Ex. 12:40-42; Gal. 3:17.

11. Adɛn nti na Abraham tɔɔ ne bo ase twɛn Yehowa, na nhyira bɛn na obenya?

11 Esiane sɛ na Abraham wɔ Yehowa mu gyidi nti, ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee. (Kenkan Hebrifo 11:8-12.) Ɛwom sɛ bɔhyɛ no nyinaa amma mu wɔ Abraham bere so deɛ, nanso ɔde anigye twɛnee. Sɛ wonyan Abraham ba paradise asase so a, wo deɛ hwɛ sɛnea n’ani begye! Ɛbɛyɛ no nwonwa sɛ obehu sɛ Bible mu nsɛm pii fa ɔne n’asefo ho. * Sɛ wonyan no na obehu sɛ Yehowa atirimpɔw a ɛfa aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, ɔka ho bi paa na ɛbaa mu a, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Ntoboase a onyae no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛte nka sɛ anyɛ kwa.

12, 13. Adɛn nti na na ehia sɛ Yosef tɔ ne bo ase, na suban pa bɛn na na ɔwɔ?

12 Abraham nanankansowa Yosef nso tɔɔ ne bo ase twɛnee. Ntɛnkyea a wobuu no no, na ani yɛ nyan paa. Bere a odii bɛyɛ mfe 17 no, ne nuanom tɔn no kɔɔ nkoasom mu. Ɛno akyi, wotwaa asɛm too ne so sɛ anka ɔreto ne wura yere mmonnaa. Wei ma wɔde no kɔtoo afiase de dade kyekyeree no. (Gen. 39:11-20; Dw. 105:17, 18) Nneɛma pa a ɔyɛe nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea wɔde bɔne mmom na etuaa no ka. Nanso mfe 13 akyi no, biribiara sesae ntɛmntɛm. Woyii no fii afiase, na wɔbɔɔ n’aba so ma ɔbɛyɛɛ Egypt hene abadiakyiri.​—Gen. 41:14, 37-43; Aso. 7:9, 10.

13 Wohwɛ a, ntɛnkyea a wobuu Yosef no maa ne bo fuwii anaa? Onyaa adwene sɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ama ne nsa asi fam anaa? Dabi. Dɛn na ɛboaa Yosef ma ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee? Ɛyɛ Yehowa mu gyidi a na ɔwɔ ntia. Ohui sɛ Yehowa nnyaee n’akyi di. Yehu wei wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no mu. Ɔkae sɛ: “Munnsuro; adɛn, metumi agyina Onyankopɔn ananmu anaa? Mo de, na anka mopɛ me bɔne, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afi mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa, sɛnea ada adi nnɛ yi.” (Gen. 50:19, 20) Ewiee ase no, Yosef hui sɛ eye paa sɛ ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee.

14, 15. (a) Ntoboase a Dawid nyae no, adɛn nti na ɛyɛ soronko? (b) Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee?

14 Wobuu Ɔhene Dawid nso ntɛnkyea mpɛn pii. Bere a ɔyɛ abofra no, Yehowa sraa no sɛ daakye ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene. Nanso, Dawid twɛnee bɛyɛ mfe 15 ansa na ɔrebedi ade wɔ n’abusuakuw mu. (2 Sam. 2:3, 4) Saa bere no, Ɔhene Saul a wanni nokware no tuu n’ani sii Dawid so, na na ɔpɛ no akum no. * Dawid kyinkyinii sɛ ɔkobɔfo. Ná otumi kopue obi man so. Ɛtɔ da nso a, wobɛhwɛ na wakɔtena abodan mu wɔ sare so. Bere a Saul wui wɔ ɔko mu mpo no, na ɛsɛ sɛ Dawid kɔ so twɛn bɛyɛ mfe nson ansa na watumi adi Israel man no nyinaa so hene.​—2 Sam. 5:4, 5.

15 Adɛn nti na Dawid tɔɔ ne bo ase twɛnee? Dwom 13 mu no, Dawid bisae mpɛn nnan sɛ: ‘Enkosi da bɛn?’ Saa dwom no ara mu na ɔkyerɛɛ yɛn nea enti a ɔtoo ne bo ase twɛnee. N’anom asɛm ni: “Me de, w’adɔe so na mede me ho ato; ma me koma ani nnye wo nkwagye mu. Mɛto dwom ama Yehowa efisɛ ɔne me adi no yiye.” (Dw. 13:5, 6) Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛda adɔe adi akyerɛ no. Ɔde anigye hwɛɛ kwan sɛ Yehowa begye no, na nneɛma pa a Yehowa yɛ maa no no, odwinnwen ho. Enti, Dawid hui sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔbɛtwɛn.

Sɛ Yehowa ka sɛ yɛntɔ yɛn bo ase ntwɛn a, onim nea ɔreka. Ɔno ankasa nso tɔ ne bo ase twɛn

16, 17. Sɛ yɛreka sɛnea yɛtɔ yɛn bo ase twɛn a, nhwɛso pa bɛn na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn?

16 Sɛ Yehowa ka sɛ yɛntɔ yɛn bo ase ntwɛn a, onim nea ɔreka. Ɔno ankasa nso tɔ ne bo ase twɛn. Yɛreka obi a watɔ ne bo ase atwɛn paa a, ɔne Yehowa. (Kenkan 2 Petro 3:9.) Satan kae wɔ Eden turom sɛ Yehowa tumidi mfata. Nanso Yehowa de ntoboase atwɛn mfe mpempem pii sɛnea ɛbɛyɛ a obesiesie asɛm no korakora. ‘Ɔretwɛn’ sɛ bere bɛso ama watew ne din ho koraa. Wei bɛma “wɔn a wɔtwɛn no” no anya nhyira a ɛso bi nni.​—Yes. 30:18.

17 Yesu nso, ɔtɔ ne bo ase twɛn. Yesu kuraa ne mũdi mu kosii owu mu wɔ asase so. Afe 33 Y.B. no, ɔde ne ho kɔkyerɛɛ n’Agya sɛ wabɔ agyede afɔre no awie. Nanso, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn kosi afe 1914 ansa na wafi ase adi tumi. (Aso. 2:33-35; Heb. 10:12, 13) Bio nso, gye sɛ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei ansa na wɔasɛe n’atamfo nyinaa. (1 Kor. 15:25) Ebedu saa bere no, na Yesu atwɛn akyɛ. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ n’ani begye sɛ ɔtwɛnee.

DƐN NA ƐBƐBOA YƐN?

18, 19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn?

18 Nea yɛasusuw ho yi ama yɛahu sɛ ehia sɛ yɛn mu biara tɔ ne bo ase twɛn. Nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa? Bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma wo honhom kronkron. Kae sɛ abodwokyɛre anaa ntoboase yɛ honhom no aba. (Efe. 3:16; 6:18; 1 Tes. 5:17-19) Kotow srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na nya boasetɔ.

19 Kae nso sɛ, Abraham, Yosef, ne Dawid tɔɔ wɔn bo ase twɛn maa Yehowa bɔhyɛ ahorow baa mu. Nea ɛboaa wɔn ne sɛ, na wɔwɔ Yehowa mu gyidi. Afei, sɛnea Yehowa ne wɔn dii no ma wonyaa ne mu ahotoso. Ɛnyɛ nea ɛbɛboa wɔn nkutoo anaa nea ɛbɛma wɔn ho adwo wɔn na wɔde wɔn adwene sii so. Sɛ yedwinnwen sɛnea wɔn abrabɔ wiee wɔn no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ama yɛatɔ yɛn bo ase atwɛn.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

20 Enti sɔhwɛ anaa amanehunu biara a yebehyia no, yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛde ntoboase bɛtwɛn.’ Nea ɛwom ne sɛ, ɛtɔ da a yɛn nso yebetumi abisa sɛ: “O Yehowa, enkosi da bɛn?” (Yes. 6:11) Nanso Onyankopɔn honhom kronkron betumi ahyɛ yɛn den. Enti yɛn mu biara asi ne bo sɛ ɔbɛka Yeremia asɛm yi bi: “Yehowa ne me kyɛfa, ɛno nti na mede ntoboase bɛtwɛn no no.”​—Kwa. 3:21, 24.

^ nky. 11 Sɛ wohwɛ Genesis nhoma no a, ti ahorow 15 fa Abraham asetena ho. Afei nso, nnipa a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bɔɔ Abraham din bɛboro mpɛn 70.

^ nky. 14 Saul dii ade bɛyɛ mfe mmienu ne kakra, na ɛno akyi Yehowa poo no. Nanso Yehowa maa kwan ma ɔkɔɔ so dii ade mfe 38 ansa na ɔrewu.​—1 Sam. 13:1; Aso. 13:21.