Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyankopɔn Asomdwoe Boro Adwene Nyinaa So’

‘Onyankopɔn Asomdwoe Boro Adwene Nyinaa So’

‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ho ban.’—FILIP. 4:7.

NNWOM: 112, 58

1, 2. Nsɛm bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Filipi a ɛma wɔde Paulo ne Silas koguu afiase? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

NÁ ƐYƐ anadwo kɔnkɔn. Asɛmpatrɛwfo mmienu bi gu afiase wɔ Filipi. Afiase a ɛhyɛ mfinimfini paa mu na na wogu. Asɛmpatrɛwfo yi ne Paulo ne Silas. Ná wɔabɔ wɔn mmaa akyekyere wɔn anan abɔ dua mu. Wɔda hɔ nyinaa na wɔn akyi da so tutu wɔn. (Aso. 16:23, 24) Nea esii no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔreso dae! Nea wohui ara ne sɛ nnipakuw bi abɛtow ahyɛ wɔn so. Wɔtwee wɔn kɔɔ gua so na atumfoɔ no dii wɔn asɛm a wɔantwentwɛn so koraa. Wosunsuan wɔn ntade mu, na wɔhwee wɔn paa! (Aso. 16:16-22) Nea ɛyɛ yaw koraa ne sɛ, na Paulo yɛ Roma man ba. Enti na anka ɛsɛ sɛ wodi n’asɛm yiye. *

2 Nea esii saa da no, bere a Paulo te sum mu hɔ nyinaa na ɔredwinnwen ho. Odwinnwen nnipa a wɔwɔ Filipi no ho. Nkurow a Paulo kɔɔ so nyinaa, na Yudafo hyiadan wɔ hɔ, nanso Filipi de na ebi nni hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yudafo pɛ sɛ wohyiam a, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ asubɔnten bi ho wɔ kurow no akyi. (Aso. 16:13, 14) Adɛn ntia? Kurow biara mu no, na wohia Yudafo mmarima du ansa na wɔanya hyiadan. Enti yemmisa sɛ, na Yudafo mmarima du mpo nni Filipi kurow no mu anaa? Ɛwom sɛ na Filipifo no nyɛ Roma man mma, nanso akyiri yi wonyaa saa hokwan no. Enti ɛda adi sɛ na wɔde hoahoa wɔn ho. (Aso. 16:21) Ebetumi aba sɛ ɛno nti na nnipa a wɔwɔ Filipi no ansusuw sɛ Paulo ne Silas a wɔyɛ Yudafo no betumi ayɛ Roma man mma no. Sɛnea ɛte biara no, na wɔabu wɔn atɛnkyea de wɔn akogu afiase.

3. Bere a wɔde Paulo kɔtoo afiase no, ɛbɛyɛ sɛ n’adwene tu frae. Adɛn ntia? Ne nyinaa mu no, suban bɛn na ɔdaa no adi?

3 Nsɛm a esisii asram kakraa bi a na atwam no, ebia na Paulo redwinnwen ɛno nso ho. Saa bere no, na ɔwɔ Asia Kumaa wɔ Aegean Po no agya. Paulo wɔ hɔ no, honhom kronkron siw no kwan mpɛn pii sɛ mma ɔnka asɛmpa no wɔ mmeae ahorow bi. Ná ɛte sɛ nea honhom kronkron repia no sɛ ɔnkɔ baabi foforo. (Aso. 16:6, 7) Ɛnde, ɛhe na na ɔbɛkɔ? Ɔwɔ Troa no, onyaa anisoadehu bi, na ɛma ohuu baabi a ɔbɛkɔ. Wɔka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu no mu sɛ: “Twa bra Makedonia.” Bere a Paulo huu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, ntɛm ara na osiim kɔe. (Kenkan Asomafo Nnwuma 16:8-10.) Ekowiee sɛn? Okoduu Makedonia no, ankyɛ na wɔde no kɔtoo afiase! Adɛn nti na Yehowa maa kwan maa asɛm a ɛte saa too Paulo? Ná ɔbɛda afiase akosi bere bɛn? Sɛ Paulo dwinnwenee saa nsɛm no ho mpo a, wamma ansɛe ne gyidi ne n’anigye. Ɔne Silas “bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ.” (Aso. 16:25) Onyankopɔn asomdwoe maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam na adwinnwen anhyɛ wɔn so.

4, 5. (a) Adɛn nti na yebetumi ate nka te sɛ Paulo? (b) Ɛbaa no sɛn na Paulo tebea sesae mpofirim?

4 Nea ɛtoo Paulo no bi ato wo pɛn anaa? Ebia bere bi ɛyɛɛ wo sɛ womaa Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛɛ wo kwan, nanso nneɛma ankɔ yiye sɛnea wohwɛɛ kwan no. Ɛno akyi no, ebia wuhyiaa nsɛnnennen anaa tebea foforo bi ma enti na ehia sɛ woyɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ w’asetena mu. (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ wokae nea esii no a, ebia wubebisa nea enti a Yehowa maa kwan maa nneɛma bi kɔɔ so. Sɛ saa a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woanya Yehowa mu ahotoso kɛse na woagyina ɔhaw a ɛte saa ano? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yɛntoa Paulo ne Silas asɛm no so.

5 Bere a Paulo ne Silas reto ayeyi dwom no, nneɛma bi a wɔnhwɛ kwan koraa sisii. Mpofirim ara asasewosow kɛse bi sii. Afiase apon no nyinaa buebuei. Nkɔnsɔnkɔnsɔn a na egu nneduafo no nyinaa sansanee. Anka afiasehwɛfo no rebekum ne ho, nanso Paulo amma wanyɛ saa. Afiasehwɛfo no ne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu. Ade kyee no, ɔman mpanyimfo no somaa awɛmfo sɛ wonkoyi Paulo ne Silas mfi afiase. Awɛmfo no kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu dinn. Wɔkɔe no, wohui sɛ Paulo ne Silas yɛ Roma man mma. Bere a mpanyimfo no tee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wohui sɛ wɔadi mfomso kɛse. Enti, mpanyimfo no ankasa kɔsrɛɛ wɔn sɛ womfi hɔ nkɔ. Nanso Paulo ne Silas kae sɛ gye sɛ wɔkɔkra wɔn nuabea Lidia a wabɔ asu foforo no. Wɔkɔe no, wɔhyɛɛ anuanom no den. (Aso. 16:26-40) Hwɛ sɛnea biribiara sesae prɛko pɛ!

“ƐBORO ADWENE NYINAA SO”

6. Dɛn na yebesusuw ho?

6 Dɛn na yesua fi nsɛm a esisii no mu. Ɛne sɛ, Yehowa tumi yɛ nneɛma a yɛnhwɛ kwan. Enti sɛ yehyia ɔhaw a, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen haw yɛn ho. Paulo suaa biribi fii nsɛm a esisii no mu. Yehu wei wɔ ne krataa a akyiri yi ɔkyerɛw kɔmaa anuanom a wɔwɔ Filipi no mu. Ná ɛfa adwinnwen ne Onyankopɔn asomdwoe ho. Momma yenni kan nsusuw Paulo asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no ho. (Kenkan.) Yewie a, yɛbɛhwɛ nhwɛso ahorow bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛbɛma yɛahu sɛ Yehowa tumi yɛ ade a yɛnhwɛ kwan. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea “Onyankopɔn asomdwoe” betumi aboa yɛn ama yɛanya Yehowa mu ahotoso kɛse na yɛagyina ɔhaw ahorow ano.

7. Bere a akyiri yi Paulo kyerɛw anuanom a wɔwɔ Filipi no, dɛn na na ɔpɛ sɛ wohu? Dɛn na yesua fi n’asɛm no mu?

7 Bere a anuanom a wɔwɔ Filipi no kenkan krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔkaee asɛm a ɛtoo Paulo no. Ɛbɛyɛ sɛ wɔkaee biribi foforo nso. Ɛne sɛ, na wɔn mu biara ani nna sɛ Yehowa betwitwa agye Paulo ne Silas saa. Dɛn paa na na Paulo pɛ sɛ wohu? Ɛno ara ne sɛ: Wonnyae adwinnwen, wɔmmɔ mpae, na wobenya Onyankopɔn asomdwoe. Hyɛ no nsow sɛ, ‘Onyankopɔn asomdwoe boro adwene nyinaa so.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Nsɛm asekyerɛfo bi kyerɛ “ɛboro adwene nyinaa so” ase sɛ, “yentumi mfa yɛn adwene mmu” anaa “ɛboro nnipa nhyehyɛe biara so.” Nea na Paulo reka akosi ara ne sɛ, “Onyankopɔn asomdwoe” yɛ nwonwa. Sɛ yehyia ɔhaw bi a, nnipa ani so de, ebetumi ayɛ sɛ anidaso asa. Nanso, ɛnyɛ saa na Yehowa hu no. Obetumi ayɛ nea yɛnhwɛ kwan koraa.—Kenkan 2 Petro 2:9.

8, 9. (a) Ɛwom sɛ wobuu Paulo ntɛnkyea wɔ Filipi de, nanso nneɛma pa bɛn na efii mu bae? (b) Adɛn nti na na anuanom a wɔwɔ Filipi no betumi agye adi sɛ Paulo nim nea ɔreka?

8 Nsɛm yi sisii no, na mfe du atwam. Nanso sɛ anuanom a wɔwɔ Filipi no dwinnwen nea efii mu bae no ho a, na ɛbɛhyɛ wɔn den. Nea Paulo kyerɛwee no, na ɛyɛ nokware. Ɛwom, Yehowa maa kwan ma wobuu Paulo ne Silas ntɛnkyea. Nanso ewiee ase no, ɛnam so ma wɔde ‘asɛmpa no ho anoyi mae, na wɔde sii hɔ wɔ mmara kwan so.’ (Filip. 1:7) Nea efii mu bae nti, na ɔman mpanyimfo a wɔwɔ Filipi no bɛhwɛ wɔn ho yiye na wɔanyɛ biribiara antia Kristofo asafo a wɔatew no foforo no. Esiane sɛ Paulo maa ɔman mpanyimfo no hui sɛ ɔyɛ Roma man ba nti, bere mpo a Paulo ne Silas fii Filipi no, ɛbɛyɛ sɛ oduruyɛfo Luka a na ɔne Paulo tutu akwan no kaa hɔ. Enti wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo wɔ Filipi no, na obetumi aboa wɔn.

9 Nokwasɛm ne sɛ, bere a anuanom a wɔwɔ Filipi no kenkan Paulo krataa no, na wonim sɛ ɛnyɛ obi a wasua nhoma te ne ɔfese na ɔrekasa. Ná Paulo afa abɛbrɛsɛ mu, nanso nea ɔyɛe no ma yehu sɛ na ɔwɔ “Onyankopɔn asomdwoe.” Nea ɛwom ne sɛ, bere a Paulo kyerɛw anuanom a wɔwɔ Filipi no, na wɔaka Paulo ahyɛ fie wɔ Roma ama awɛmfo rewɛn no. Nanso na ne nneyɛe kyerɛ sɛ “Onyankopɔn asomdwoe” wɔ ne so.—Filip. 1:12-14; 4:7, 11, 22.

“MUNNNWINNWEN BIRIBIARA NNHAW MO HO”

10, 11. Sɛ yehyia ɔhaw bi na ɛde adwinnwen bɛto yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

10 Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannwinnwen biribiara anhaw yɛn ho, na ama yɛanya “Onyankopɔn asomdwoe”? Asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no ma yehu sɛ, adwinnwen ano aduru ne mpaebɔ. Enti sɛ adwinnwen bi bɛtɔ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae. (Kenkan 1 Petro 5:6, 7.) Bɔ Yehowa mpae, na nya ahotoso paa sɛ odwen wo ho. Kae nea Yehowa ayɛ ama wo, na ‘da no ase.’ Sɛ yɛkae sɛ Yehowa tumi “yɛ ade ma ɛkyɛn nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa” a, ɛbɛma yɛanya ne mu ahotoso kɛse.—Efe. 3:20.

11 Nea Yehowa yɛ maa Paulo ne Silas wɔ Filipi no, na wɔn ani nna koraa. Yɛn nso, Yehowa betumi ayɛ biribi a yɛnhwɛ kwan koraa ama yɛn. Ebia ɛrenyɛ biribi a ɛkyɛn so, nanso nea ɔde bɛma yɛn biara bɛyɛ nea yehia. (1 Kor. 10:13) Wei nkyerɛ sɛ yɛmpɛ yɛn baabi ntena mma Yehowa nni ɔhaw no ho dwuma mma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn mpaebɔ ho adwuma. (Rom. 12:11) Yɛyɛ saa a ɛbɛkyerɛ sɛ nea yɛabɔ ho mpae no hia yɛn. Wei bɛma Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa betumi ayɛ aboro nea yebisa, nea yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ, ne nneɛma a yɛhwɛ kwan no koraa. Ɛtɔ da a, otumi yɛ nea yɛn ani nna koraa ma yɛn. Momma yɛnhwɛ nsɛm bi a esisii a Bible ka ho asɛm. Ɛbɛma yɛanya ahotoso kɛse sɛ Yehowa betumi ayɛ nea yɛnhwɛ kwan koraa ama yɛn.

NEA YEHOWA YƐE NO, NA WƆNHWƐ KWAN

12. (a) Dɛn na Ɔhene Hesekia yɛe bere a Asiria hene Senaherib hunahunaa no no? (b) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa dii ɔhaw no ho dwuma a, dɛn na yesua?

12 Sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, yehu sɛ Yehowa yɛɛ nneɛma pii a na nkurɔfo ani nna. Bere a Ɔhene Hesekia di Yuda so hene no, Asiria hene Senaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so. Ɔko faa Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no nyinaa ma ɛkaa Yerusalem pɛ. (2 Ahe. 18:1-3, 13) Afei Senaherib de n’ani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔhene Hesekia hui sɛ ɔhaw a ɛte saa rebobɔ ba. Dɛn na ɔyɛe? Ɔbɔɔ Yehowa mpae na ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Yehowa diyifo Yesaia hɔ. (2 Ahe. 19:5, 15-20) Afei nso, Hesekia tuaa sika a Senaherib kae sɛ obegye no de daa no adi sɛ ɔwɔ ntease. (2 Ahe. 18:14, 15) Afei bere a Hesekia hui sɛ Asiriafo no bɛka wɔn ahyem bere tenteenten no, ɔyɛɛ ahoboa. (2 Be. 32:2-4) Nanso ɛbaa no sɛn na ɔhaw no to twae? Anadwo baako pɛ, Yehowa somaa ɔbɔfo ma okokunkum Senaherib asraafo 185,000. Nokwasɛm ne sɛ, Hesekia mpo anhwɛ kwan sɛ biribi a ɛte saa besi!—2 Ahe. 19:35.

Dɛn na yesua fi nea ɛtoo Yosef no mu?​—Gen. 41:42 (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. (a) Nea ɛtoo Yosef no, dɛn na yesua fi mu? (b) Biribi sii Abraham yere Sara asetenam a na ɔnhwɛ kwan koraa. Ɛyɛ dɛn?

13 Ma yɛnhwɛ nea ɛtoo Yakob ba Yosef bere a na ɔyɛ aberante no. Bere a na Yosef da afiase amena mu wɔ Egypt no, wugye di sɛ onyaa adwene sɛ daakye ɔno na ɔbɛba abɛyɛ Egypt hene abadiakyiri anaa? Wohwɛ a na onim sɛ Yehowa nam ne so begye n’abusua nkwa wɔ ɔkɔm bere mu? (Gen. 40:15; 41:39-43; 50:20) Akyinnye biara nni ho sɛ, nea Yehowa yɛ maa Yosef no, na ɛboro n’adwene ne ne ntease so. Momma yɛnhwɛ Yosef nanabea Sara nso. Wohwɛ a na Sara a wabɔ aberewa no hwɛ kwan sɛ Yehowa bɛma ɔno ankasa awo ne yam ba, anaasɛ na ɔbɛfa ɔbabarima a n’abaawa awo ama no no saa ara? Nokwasɛm ne sɛ, Sara anna anso dae da sɛ ɔbɛwo Isak!—Gen. 21:1-3, 6, 7.

14. Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa mu?

14 Nokwarem no, yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa nam anwonwakwan so beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ ansa na wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no aba. Saa ara nso na yɛnhyɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ anwonwade bi wɔ yɛn asetena mu. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn a ɔboaa n’asomfo anwonwakwan so tete no, ɔno ara ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn, ɔnsesae. (Kenkan Yesaia 43:10-13.) Saa ahotoso no boa yɛn ma yenya Yehowa mu gyidi. Yenim sɛ obetumi ama yɛn nea yehia biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ n’apɛde yiye. (2 Kor. 4:7-9) Bible mu nsɛm a yɛasusuw ho yi, dɛn na yesua fi mu? Nea ɛtoo Hesekia, Yosef, ne Sara no ma yehu sɛ, sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɔhaw a ɛte sɛ bepɔw mpo, ɔbɛboa yɛn ama yɛadi so.

Sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɔhaw a ɛte sɛ bepɔw mpo, ɔbɛboa yɛn ama yɛadi so

15. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama “Onyankopɔn asomdwoe” akɔ so ayɛ adwuma wɔ yɛn so? Dɛn na ɛbɛma wei atumi ayɛ yiye?

15 Sɛ yehyia ɔhaw a, dɛn na ɛbɛma “Onyankopɔn asomdwoe” akɔ so ayɛ adwuma wɔ yɛn so? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa, yɛn Nyankopɔn ntam kɔ so yɛ papa. “Kristo Yesu so” nkutoo na yɛnam betumi ne Yehowa anya abusuabɔ a ɛte saa. Ɔno na ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre gyee yɛn. Agyede no yɛ Yehowa anwonwadwuma no baako. Yehowa de agyede no kata yɛn bɔne so, na ɛma yenya ahonim pa. Ɛsan ma yetumi bɛn no.—Yoh. 14:6; Yak. 4:8; 1 Pet. 3:21.

ƐBƐBƆ YƐN KOMA NE YƐN ADWENE NSUSUWII HO BAN

16. Sɛ yenya “Onyankopɔn asomdwoe” a, dɛn na efi mu ba? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Sɛ yenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no” a, dɛn na efi mu ba? Kyerɛwnsɛm no bua sɛ: ‘Ɛbɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.’ (Filip. 4:7) Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘bɔ ho ban’ no, na ɛfa asraafo ho. Wote saa asɛmfua no a, ɛkyerɛ sɛ asraafodɔm a tete no na wɔwɛn kurow a wɔabɔ ho ban ho asɛm na wɔreka. Ná Filipi yɛ kurow a wɔabɔ ho ban, na na asraafodɔm wɛn kurow no. Ná nnipa a wɔwɔ Filipi no nim sɛ asraafo rewɛn kurow no apon. Enti sɛ wɔda a, na wɔada. Yɛn nso, sɛ yenya “Onyankopɔn asomdwoe” a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam na ɛmma yennwinnwen. Yenim sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. (1 Pet. 5:10) Esiane sɛ yenim wei nti, ɛmma yɛn abam mmu anaa yennwinnwen.

17. Ɛmfa ho nea ɛbɛba daakye no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya ahotoso?

17 Ɛrenkyɛ, ahohiahia kɛse bi a ebi mmae da bɛba adesamma so. (Mat. 24:21, 22) Yɛn mu biara nnim nea ɛbɛto no saa bere no. Nanso, enhia sɛ yɛn mu biara ma wei gyaw no adwinnwen. Ɛnyɛ nea Yehowa bɛyɛ nyinaa na yenim, nanso yegye yɛn Nyankopɔn no di. Nneɛma a ɔyɛe tete no ama yɛahu sɛ ɛmfa ho nea ebesi biara no, Yehowa bɛma n’atirimpɔw aba mu. Ɛtɔ da a, otumi yɛ nea yɛnhwɛ kwan koraa. Bere biara a Yehowa bɛyɛ biribi saa ama yɛn no, yebenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.”

^ nky. 1 Ɛda adi sɛ na Silas nso yɛ Roma man ba.—Aso. 16:37.