Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebeyi Nipasu Dedaw no Agu a Yɛnkɔfa Bio

Sɛnea Yebeyi Nipasu Dedaw no Agu a Yɛnkɔfa Bio

“Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu.”​—KOL. 3:9.

NNWOM: 121, 142

1, 2. Nsɛm bɛn na nkurɔfo aka afa Yehowa Adansefo ho?

NNIPA pii ahu sɛ Yehowa nkurɔfo wɔ suban pa. Ɛho nhwɛso ni. Nhomakyerɛwfo Anton Gill kaa anuanom a na wɔwɔ Nasi Germany bere so ho asɛm sɛ: “Nasifo tuu wɔn ani sii Yehowa Adansefo so paa. . . . Eduu afe 1939 no, na wɔn mu 6,000 gu [nneduaban mu].” Nhomakyerɛwfo no de kaa ho sɛ, wɔtan Adansefo no ani denneennen deɛ, nanso wogyinaa ano. Ɔsan kae sɛ, Adansefo no yɛ “nkurɔfo a wodi nokware, na [wɔtɔ wɔn bo ase wɔ ahohia mu].” Saa ara nso na “wokuraa wɔn mũdi mu, na na wɔyɛ baako.”

2 Nnansa yi ara, South Africa nso, ebinom ahyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ suban a ɛyɛ fɛ saa ara. Bere bi a atwam no, na wɔmma Adansefo a wɔyɛ abibifo ne aborɔfo a wɔwɔ ɔman no mu mmɔ. Nanso Kwasida, December 18, 2011 no, anuanom bɛboro 78,000 bɛhyɛɛ agoprama kɛse a ɛwɔ Johannesburg so mã tiee dwumadi titiriw bi. Abibifo ne aborɔfo a wofi South Africa ne aman a ɛbɛn hɔ na wohyiaa mu. Ná ɛyɛ fɛ kwa! Mpanyimfo a wɔhwɛ agoprama no so baako kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ suban pa sei deɛ, minhuu bi wɔ agoprama yi so saa da. Mo ntadehyɛ ne mo ahosiesie ho twa. Moasiesie agoprama yi so kama. Wei nyinaa nka mfua, moyɛ nkurɔfo a munyiyi nnipa mu ampa.”

3. Sɛ yɛhwɛ ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa a, dɛn na ɛma yɛn deɛ no da nsow?

3 Nsɛm a ɛte saa a wɔn a wɔnyɛ Adansefo ka no ma yehu sɛ ahyehyɛde biara nni hɔ a ɛte sɛ yɛn deɛ no. Ɛda nsow ampa. (1 Pet. 5:9) Dɛn na ɛma yɛda nsow koraa wɔ ahyehyɛde foforo biara ho? Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron boa yɛn ma yɛyere yɛn ho ‘yi nipasu dedaw no gu,’ na ‘yɛhyɛ nipasu foforo’ no.—Kol. 3:9, 10.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn ntia?

4 Ɛnyɛ sɛ yeyi nipasu dedaw no gu hɔ a na asa, mmom ɛnsɛ sɛ yɛsan kɔfa bio. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi ayi nipasu dedaw no agu ne nea enti a ɛho hia sɛ yɛyɛ saa ntɛm. Yɛbɛsan ahu nea enti a sɛ obi atena bɔne mu sɛ dɛn ara mpo a, obetumi ayɛ nsakrae. Afei nso, wɔn a wɔde mfe pii atena nokware no mu no, yɛbɛhwɛ nea wobetumi ayɛ na wɔansan ankɔfa nipasu dedaw no. Nsɛm a ɛte saa a wɔkaakae yɛn no, adɛn nti na ɛho hia? Awerɛhosɛm ne sɛ ebinom a bere bi na wɔsom Yehowa de nneɛma adi agorɔ na wɔasan akɔfa wɔn kan abrabɔ no. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie kɔkɔbɔ yi: “Nea odwen sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.”—1 Kor. 10:12.

‘MUNKUM AGUAMAMMƆ’ HO AKƆNNƆ BIARA

5. (a) Ma nhwɛso fa kyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ yeyi nipasu dedaw no gu ntɛm. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Sɛ yɛhwɛ Kolosefo 3:5-9 a, nneyɛe bɛn na ɛyɛ nipasu dedaw no?

5 Sɛ w’atade yɛ fĩ na sɛ mpo emu bɔn a, dɛn na wobɛyɛ? Wubeyi atade a ayɛ fĩ no agu hɔ ntɛm ara. Saa ara na sɛ yehu sɛ yɛwɔ suban bi a Onyankopɔn kyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm yi fi yɛn akwan mu. Yɛpɛ sɛ yetie afotu a emu da hɔ a Paulo de maa Kristofo wɔ ne bere so no. Ɔkae sɛ: “Munyi ne nyinaa ngu.” Nneyɛe bɔne a Paulo bobɔɔ din no, momma yensusuw mmienu ho. Ɛno ne aguamammɔ ne afide.—Kenkan Kolosefo 3:5-9.

6, 7. (a) Yɛhwɛ Paulo asɛm no a, dɛn na ɛma yehu sɛ ehia sɛ yɛyere yɛn ho paa ansa na yɛatumi ayi nipasu dedaw no agu? (b) Ɔbra bɛn na na Sakura wom? Dɛn na ɛmaa no ahoɔden ma otumi gyaee?

6 Aguamammɔ. Kasa a wɔde kyerɛw Bible no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “aguamammɔ” no, nea ɛkyerɛ nso ne nnipa mmienu a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da ne mmarima a wɔne mmarima da anaa mmea a wɔne mmea da. Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ ‘wonkum’ wɔn “nipadua akwaa” wɔ “aguamammɔ” ho. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yeyi akɔnnɔ bɔne biara fi yɛn mu. Sɛnea Paulo kaa n’asɛm no ma yehu pefee sɛ ehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na ama yɛatumi ayi akɔnnɔ bɔne a ɛte saa afi yɛn mu. Nanso yebetumi ayɛ saa.

7 Sakura * fi Japan; yɛnhwɛ asetena a na ɔwom. Bere a ɔrenyin no, na ɔte nka sɛ ɔyɛ ankonam, na ɔnsɛ hwee. Odii mfe 15 no, ofii ase ne nkurɔfo pii dedae; na ɔte nka sɛ ɛremma ɔnyɛ ankonam. Ɔde aniwu kae sɛ, “Miyii nyinsɛn guu mprɛnsa.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mfiase no, sɛ me ne nkurɔfo nya nna mu kyɛfa a, na ɛma me koma tɔ me yam. Ɛba saa a, na mete nka sɛ me ho hia nkurɔfo na wɔdɔ me. Bere biara a me ne obi bɛda no, na mihu paa sɛ sɛɛ me ho nhia saa.” Sakura bɔɔ saa bra yi ara kosii sɛ odii mfe 23. Akyiri yi, ɔne Adansefo no fii ase suaa Bible. Ná Sakura ani gye nea ɔresua no ho. Saa bra a na Sakura rebɔ no maa n’ahonim buu ne fɔ na ɛhyɛɛ no aniwu. Nanso Yehowa boaa no ma otumi dii so. Afei nso, Yehowa boaa no ma otumi gyaee aguamammɔ no. Seesei, Sakura yɛ daa kwampaefo na ɔnte nka sɛ ɔyɛ ankonam bio. Mmom ɔka sɛ, “Da biara da mihu wɔ m’asetenam sɛ Yehowa dɔ me, na ama m’ani agye paa.”

SƐNEA YEBEDI NNEYƐE A ƐHO NTEW SO

8. Nneɛma bɛn saa na ebetumi ama yɛn ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn ani so?

8 Afide. Kasa a wɔde kyerɛw Bible no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “afide” no, ɛmfa aguamammɔ nko ara ho. Ɛtɔ da a ɛfa sigaretnom ne nsɛnkwaa a kasafĩ wom nso ho. (2 Kor. 7:1; Efe. 5:3, 4) Ɛsan nso kyerɛ nneyɛe a ɛho ntew a obi yɛ wɔ kokoam. Ebi ne sɛ obi bɛkenkan nhoma a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ anaasɛ ɔbɛhwɛ ponografi anaa aguamansɛm. Wei betumi ama obi de ne ho ahyɛ boasipem mu. Ɛyɛ suban a ɛho ntew.—Kol. 3:5. *

9. Sɛ obi nya ‘nna ho akɔnnɔ bɔne’ a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

9 Wɔn a wɔtaa hwɛ ponografi no nya ‘nna ho akɔnnɔ bɔne,’ na wei betumi ama nna ho nsɛm agye wɔn adwene. Wɔayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ wɔn a wɔahwɛ ponografi ama aka wɔn hɔ no yɛ wɔn ade te sɛ wɔn a asanom ne nnubɔnenom aka wɔn hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔhwɛ ponografi no twa aba bɔne. Ebi ne sɛ onipa no ani tumi wu pɔtɔɔ wɔ ne tirim, ɔkɔ adwuma a ontumi nyɛ adwuma, n’abusua nni anigye, awaregyae tumi ba, na otumi kum ne ho mpo. Ɔbarima bi a na ɔhwɛ ponografi gyaee hwɛ afe baako. Ɔkae sɛ: “Seesei masi me dedaw mu; masan anya obu ama me ho.”

10. Ribeiro hwɛɛ Ponografi ma ɛkaa ne hɔ. Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyaee?

10 Nnipa pii a wɔhwɛ ponografi no, ɛyɛ den ma wɔn paa sɛ wobegyae. Nanso yɛhwɛ nea ɛtoo Ribeiro a ofi Brazil no a, ɛma yehu sɛ obi betumi agyae. Ribeiro tew ne ho fii n’abusua ho bere a na onnya nnii mfe aduonu. Bere bi akyi no, ɔne adwumakuw bi a wɔde nkrataa dedaw san yɛ nkrataa foforo kɔyɛɛ adwuma. Ɛhɔ na ofii ase hwɛɛ ponografi. Ɔkae sɛ: “Nkakrankakra mehwɛɛ ponografi araa ma ɛkaa me hɔ. M’ani begyee ho araa ma me yam a anka ɔbea a na me ne no te no afi fie ama manya kwan ahwɛ ponografi ho video.” Afei da koro bi a Ribeiro wɔ adwumam no, ohuu nhoma bi a wɔato din Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba. Ná ɛfra nhoma bi a esum hɔ a wɔrebɛyɛ ho adwuma mu. Oyii nhoma no kenkanee. Nea osuae no kaa no ma ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible. Nanso ɛkyɛe paa ansa na ɔretumi agyae saa subammɔne no. Awiei koraa no, dɛn na ɛboaa no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mebɔɔ mpae, misuaa Bible, na midwinnwen nea misuae no ho. Minyaa anisɔ kɛse maa Onyankopɔn su ahorow. Afei deɛ, minyaa Yehowa ho dɔ kɛse, na ponografi ho akɔnnɔ a ɛwɔ me mu no ano brɛɛ ase.” Tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ne ne honhom kronkron boaa Ribeiro ma oyii nipasu dedaw no gui, na ɔbɔɔ asu. Seesei ɔsom sɛ asafo mu panyin.

11. Sɛ obi hwɛ ponografi a, dɛn na ehia sɛ ɔyɛ na ama watumi agyae?

11 Ribeiro suaa Bible, nanso na ɛnyɛ ɛno nko ara na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama watumi agyae ponografi a ɔhwɛ no. Ná ɛsɛ sɛ ogye bere dwinnwen Bible mu nsɛm ho ma ɛka ne koma. Bere a ɔbɔɔ mpae na odwinnwen Bible mu nsɛm ho no, ɛma onyaa Onyankopɔn ho dɔ kɛse. Ɛboaa no ma otumi yii ponografi ho akɔnnɔ no fii ne mu. Sɛ obi nya Yehowa ho dɔ kɛse na okyi bɔne a, ɛno paa na ebetumi aboa no ama wagyae ponografi no hwɛ.—Kenkan Dwom 97:10.

YI ABUFUW, KASATIA, NE ATORODI FI W’AKWAN MU

12. Dɛn na ɛboaa Stephen ma oyii abufuw ne kasatia fii n’akwan mu?

12 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔn bo fuw ntɛmntɛm. Ɛba saa a, wɔkasa tia afoforo. Sɛ obi suban te saa a, ɛmmoa mma anigye mma n’abusua mu. Stephen fi Australia; ɔwɔ mma. Ɔka sɛ: “Ná metaa ka kasafĩ paa. Asɛm ketewaa bi mpo a na me bo afuw denneennen. Me ne me yere ntam tetew mprɛnsa, na na yɛregyae aware ara ne sa.” Emu hɔ ara na Adansefo no ne awarefo no fii ase suaa Bible. Bere a Stephen de Bible mu afotu yɛɛ adwuma no, ɛboaa wɔn sɛn? Ɔka sɛ: “Yɛn abusua asetena bɛyɛɛ krabɛhwɛ. Yehowa aboa ama seesei manya asomdwoe ne akomatɔyam paa. Nanso bere bi a atwam deɛ, na abufuw bi a ɛte me mu no, ɛreyɛ ara ni na me koko apae.” Ɛnnɛ, Stephen yɛ asafo mu somfo, na ne yere nso de mfe pii ayɛ daa akwampae adwuma. Stephen asafo mu mpanyimfo ka sɛ: “Stephen mpɛ ne ho asɛm, ɔpɛ adwuma, na ɔbrɛ ne ho ase nso.” Mpanyimfo no nkae da koro koraa a wɔahu sɛ Stephen bo afuw. Stephen de wei hoahoa ne ho anaa? Ɔka sɛ: “Saa nhyira fɛfɛɛfɛ a manya yi, sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔboaa me ma mesesaa me suban koraa a, anka emu biara nni hɔ a me nsa bɛka.”

13. Adɛn nti na abufuw yɛ hu saa? Ɛho kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ Bible mu?

13 Edi sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ abufuw, nkekawmu ne kasatia ho. (Efe. 4:31) Awerɛhosɛm ne sɛ suban a ɛte saa taa kowie basabasayɛ mu. Wiase no deɛ, sɛ obi bo fuw a, wommu no sɛ biribi a ɛyɛ nwonwa, nanso abufuw nhyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam. Nnipa pii a na wɔwɔ saa subammɔne yi bi no, woyi guu hɔ ansa na wɔretumi ahyɛ nipasu foforo no.—Kenkan Dwom 37:8-11.

14. Ebetumi ayɛ yiye sɛ obi a ɔyɛ basabasa betumi abɛyɛ obi a odwo anaa?

14 Yɛnhwɛ Hans; ɔyɛ asafo mu panyin wɔ Austria. Mpanyimfo ntam nkitahodifo a ɔwɔ Hans asafo mu ka sɛ: “Sɛ yɛka anuanom a wodwo paa a, Hans ka ho.” Nanso ɛnyɛ saa na na Hans te. Ofii ase wee nsa bere a na onnya nnii mfe aduonu. Ɛbaa saa no, n’asɛm yɛɛ basabasa. Bere bi a ɔnom nsa no, ne bo fuwii araa ma okum ɔbea a na ɔne no hyehyɛ hɔ. Enti wobuu no fɔ sɛ ɔnkɔda afiase mfe 20. Afiase a wɔde no toe no antumi ansesa ne subammɔne no. Bere bi akyi no, Hans maame ne asafo mu panyin bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkɔhwehwɛ Hans. Wei maa Hans fii ase suaa Bible. Hans kae sɛ: “Ná ɛnyɛ mmerɛw mma me koraa sɛ meyi me nipasu dedaw no agu. Bible mu nsɛm a ɛhyɛɛ me nkuran baako ne Yesaia 55:7. Ɛka sɛ: ‘Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan.’ Baako nso ne 1 Korintofo 6:11. Ɛka wɔn a wɔagyae wɔn subammɔne ho asɛm sɛ: ‘Saa na na mo mu binom te.’ Yehowa anya me ho abotare mfe pii, na ɔnam ne honhom kronkron so aboa me ama mahyɛ nipasu foforo no.” Hans bɔɔ asu wɔ afiase. Bere a ɔdaa afiase mfe 17 ne fã no, wogyaa no. Ɔka sɛ: “Meda Yehowa ase paa sɛ wahu me mmɔbɔ na ɔde me bɔne afiri me saa.”

15. Suban bɛn na abu so, nanso dɛn na Bible ka fa ho?

15 Kasatia da nkyɛn a, atorodi nso ka nipasu dedaw no ho. Nhwɛso bi ni. Ɛyɛ a nkurɔfo taa di atoro wɔ towtua ho. Ebinom nso yɛ bɔne a, wɔmpɛ sɛ wogye tom. Nanso Yehowa deɛ, ɔyɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dw. 31:5) Enti ɔpɛ sɛ ne somfo ‘biara ka nokware kyerɛ ne yɔnko,’ na ɔmpɛ sɛ ‘wodi atoro.’ (Efe. 4:25; Kol. 3:9) Ɛno nti, sɛ yɛka nokware na ɛbɛhyɛ yɛn aniwu anaa ɛbɛma yɛn ho akyere yɛn mpo a, ɛsɛ sɛ yɛka.—Mmeb. 6:16-19.

NEA ƐBOAA WƆN MA WOTUMI DII SO

16. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayi nipasu dedaw no agu?

16 Yɛn ankasa yentumi nyi nipasu dedaw no ngu; ɛboro yɛn ahoɔden so. Sakura, Ribeiro, Stephen, ne Hans a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ adesua yi mu no, wɔyeree wɔn ho paa ansa na wɔretumi agyae wɔn subammɔne no. Wɔmaa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ne ne honhom kronkron yɛɛ wɔn koma ne wɔn adwene mu adwuma. Ɛno boaa wɔn ma wotumi dii wɔn subammɔne so. (Luka 11:13; Heb. 4:12) Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible da biara dwinnwen ho, na yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa ne akokoduru a ɛbɛma yɛatumi de Bible mu afotu abɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa a, tumi a ɛwɔ Bible mu no bɛboa yɛn. (Yos. 1:8; Dw. 119:97; 1 Tes. 5:17) Afei nso, sɛ yesua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam a, Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron bɛboa yɛn. (Heb. 10:24, 25) Bio, honhom fam aduan a wɔnam akwan horow so de ma Onyankopɔn nkurɔfo wɔ wiase nyinaa nnɛ no, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebenya so mfaso.—Luka 12:42.

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayi nipasu dedaw no agu? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

17. Dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Yɛaka subammɔne bi ho asɛm wɔ adesua yi mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo yi gu hɔ na ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔfa bio. Nanso ɛno ara ne ade a ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom anaa? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nipasu foforo no nso. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nipasu foforo no afã ahorow bi a ehia sɛ yɛhyɛ no te sɛ atade daa.

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

^ nky. 8 Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 1, ti 25.